Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Bolivia bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 6,701 ho amanneɛ July mu. Ɛmfa ho sɛ na awɔw wɔ hɔ no, asafo mu adawurubɔfo no nyaa nnɔnhwerew nkyekyem 14.2 wɔ asɛnka mu.
◆ Côte d’lvoire nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 3,070 July mu. Adawurubɔfo 717 na wɔyɛɛ akwampae adwuma, na ɛyɛ adawurubɔfo no mu 23%. Akwampaefo no reyɛ Bible adesua ahorow no mu 51%.
◆ Ecuador da so ara nya nkɔso fɛfɛ. Adawurubɔfo nkɔanim foforo 15,201 a wonyae wɔ July mu no yɛ afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 20%. Akwampaefo aboafo dodow boroo afe a etwaam no ɔsram koro no ara de so 66%.
◆ Nnipa 1,425 na wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam a wɔyɛe wɔ French Guiana no, na wɔbɔɔ 28 asu. Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 570.
◆ Guadeloupe bɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 12,339 na wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam horow, na wɔbɔɔ 308 asu. Sɛ wode eyi toto adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 5,980 no ho a, na eye koraa.
◆ New Zealand de adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 11,007 nyaa nkɔanim 10%.