Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/1 kr. 32
  • Momma Mo Kanea Nhyerɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Mo Kanea Nhyerɛn!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/1 kr. 32

Momma Mo Kanea Nhyerɛn!

AFEI de na bere aso sɛ akwakoraa no behu Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no! Na Simeon nam ɔsoro adiyi so nim sɛ “ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Yehowa Kristo no ansa.” (Luka 2:26, NW) Nanso hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a Simeon kɔɔ asɔrefi hɔ, na Maria ne Yosef de abofra Yesu too ne nsa so no! Oyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: “Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu . . . efisɛ m’ani ahu wo nkwagye . . . ɔkanea a ɛbɛma amanaman so atew na ɛbɛhyɛ wo man Israel anuonyam.”—Luka 2:27-32; fa toto Yesaia 42:1-6 ho.

Efi Yesu asubɔ so wɔ bere a na wadi mfe 30 kosi ne wu mu no, ɔdaa ne ho adi sɛ wiase “hann.” Wɔ akwan bɛn so? Ɔnam Onyankopɔn Ahenni ne N’atirimpɔw ahorow ho asɛm a ɔkae so maa honhom mu hann hyerɛn kɛse. Afei nso ɔpaa atoro som nkyerɛkyerɛ horow ho ntama, na ɔdaa esum nnwuma ahorow adi pefee. (Mateo 15:3-9; Galatifo 5:19-21) Enti na Yesu betumi aka ma afata sɛ: “Me ne wiase hann.”—Yohane 8:12.

Yesu wui wɔ afe 33 Y.B. mu. So kanea no dumii saa bere no? Dabi! Bere a na Yesu da so ara wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim.” (Mateo 5:16) Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu wu akyi no, n’akyidifo no maa kanea no kɔɔ so hyerɛnee.

Sɛ́ nnipa a wosuasua Yesu no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nam asɛnka adwuma no so da Yehowa hann adi. ‘Wɔnantew sɛ hann mma’ de da wɔn ho adi sɛ Kristofo abrabɔ ho nhwɛso pa.—Efesofo 5:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena