Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/1 kr. 29-31
  • Ahenni Asɛm Ho Ɔsatu a Ɛkɔɔ So Yiye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Asɛm Ho Ɔsatu a Ɛkɔɔ So Yiye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anigye mu a Wofi Boaa Ɔsatu No
  • Wɔkyerɛ Ho Anisɔ Ntɛm
  • Ɔmanfo Boa Ma Wɔkyekyɛ
  • Wɔammu Ani Angu Obiara So
  • Kratawa Ho Ɔsatu Titiriw a Efi Ase October 20 Kosi November 16!
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Monkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • ‘Yɛwɔ Pii Yɛ wɔ Awurade Adwuma no Mu’
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Yɛwɔ Adwinnade Foforo a Yɛde Befi Adesua Horow Ase!
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/1 kr. 29-31

Ahenni Asɛm Ho Ɔsatu a Ɛkɔɔ So Yiye

“DƐN Nti Na Ɔhaw Ahyɛ Asetra Mu Ma Saa?—Paradise a Ɔhaw Nnim Betumi Aba?” Ná eyi ne Ahenni Asɛm a Ɛto so 34, kratawa a ekura nkratafa anan a wɔkyekyɛɛ no wiase nyinaa wɔ kasa ahorow 139 mu wɔ April ne May mu wɔ afe a etwaam no asɛmti. “Afe yi mu nsɛntitiriw no biako” ne sɛnea Adansefo a wɔwɔ Jamaica kaa ɔsom mu ɔsatu yi ho asɛm. Adansefo a wɔwɔ Belgium frɛɛ no “ade a ɛde anigye abrɛ anuanom kɛse.” Wɔ Czech Adehyeman mu no, eyi ne bere a edi kan a Yehowa Adansefo nyaa hokwan de wɔn ho hyɛɛ Ahenni Asɛm kyekyɛ mu. Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔsatu no de nsiyɛ ne anigye honhom bae.” Wɔtee nsɛm a ɛtete saa ara fii nsase foforo pii so.

Ná Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 no wɔ asɛntitiriw bi ma wɔn a wosi apini di nkɔmmɔ esiane akyide a wɔyɛ no nyamesom din mu nti. (Hesekiel 9:4) Ná ekura awerɛkyekyesɛm ma wɔn a wɔahaw wɔ asetra mu esiane “mmere a emu yɛ den” a wontumi nyɛ ho hwee nti no. (2 Timoteo 3:1) Ɛretwe adwene asi Bible so no, kratawa no kyerɛe sɛ ɛnkyɛ koraa, wobedi asetra mu haw ahorow ho dwuma. Paradise a ɔhaw nnim bɛba ɔkwan biara so. (Luka 23:43) Nnipa pii a wɔkenkan Ahenni Asɛm no gyee emu nsɛm no toom. Ɔbarima bi a ɔwɔ Togo ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ: “Yɛrentumi nnye kyim wɔ nea moaka no ho.”

Nokwarem no, Ahenni Asɛm yi a wɔkyekyɛe no twee afoforo adwene wɔ ɔkwan soronko so. Wɔ Denmark no, ofiewura bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a na ɔde kratawa no rema no sɛ: “Seesei ara na mifii United States bae. Bere tiaa bi ansa na merefi hɔ no, obi maa me mo kratawa no bi. Afei ara na mabedu ha, na amonom hɔ ara wɔde kratawa koro no ara rema wɔ Denmark kasa mu!”

Anigye mu a Wofi Boaa Ɔsatu No

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa de anigye nyaa kratawa no kyekyɛ mu kyɛfa. Austria, El Salvador, Haiti, Hungary, Italy, ne New Caledonia, yɛ aman pii a wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara wɔ asram a na wɔrekyekyɛ Ahenni Asɛm no wom no mu bi.

Wɔ Zambia no, ɔmansin sohwɛfo bi atete ne babea Deborah a wadi mfe abiɛsa, sɛnea ɔde nhoma bɛma wɔ afie afie dwumadi mu. Bere a wɔreyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 ho ɔsatu no, Debora de kratawa no bɛboro 45 mae. Ne maame ne nnipa a wogyee Ahenni Asɛm fii Debora hɔ no mu bi fii Bible adesua ase.

Wɔ South Africa no, abeawa bi de kratawa no bi maa ne yɔnko sukuuni bi a wɔfrɛ no Cashia. Cashia kenkan kratawa no na ɔkae sɛ: “Eyi yɛ anigye dodo—asetra a enni awiei wɔ paradise asase so! Dɛn nti na wɔnkaa ho asɛm nkyerɛɛ me da?” Wofii Bible adesua ase. Wɔ dapɛn biako mu no, Cashia nyaa kratawa foforo. Ná nea ɛto so abien no fi n’adamfo Roma Katolekni bi a ɔte Cyprus, a ɔne no di akyerɛw hɔ. Cashia adamfo a ɔne no di akyerɛw no kyerɛkyerɛɛ nea enti a Roma Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ yɛ atoro mu kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔne Yehowa Adansefo sua Bible no. Nokwarem no, ɛno hyɛɛ Cashia bo a na wasi sɛ ɔbɛtoa n’adesua no so no mu den.

Abarimaa bi a wadi mfe du a ɔwɔ Switzerland ne ne maame yɛɛ adwuma boom wɔ kratawa no kyekyɛ mu. Ɔde bi maa ababaa bi, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkenkan no yiye. Ɔbea no bisaa abarimaa no sɛ ebia ogye nea mfonini a ɛwɔ kratawa no anim reka ho asɛm no di ankasa anaa—asetra a enni awiei wɔ asase so. Abarimaa no buaa dɛn? “Oo, yiw, migye di paa.” Afei ɔbea no daa no adi sɛ ɔrehwehwɛ nokware gyidi no efisɛ abirabɔ pii wɔ n’ankasa som mu dodo. Bere a wɔkɔyɛɛ sankɔhwɛ no, wofii Bible adesua ase.

Wɔkyerɛ Ho Anisɔ Ntɛm

Ɛtɔ mmere bi a, Ahenni Asɛm no ka wɔn a wɔkenkan no ma wɔkyerɛ ho anisɔ. Bere a abeawa bi a wadi mfe 11 kenkan kratawa no wiei no, ɔka kyerɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako sɛ na owiawia ade wɔ adetɔnbea. Ná abeawa no maame mpɛ sɛ ɔka asɛm no kyerɛ obiara, nanso nea abeawa no kenkanee no kaa n’ahonim, na ɔperee sɛ ɔbɛkɔ akohu adetɔnbea hɔ panyin no. Awiei koraa no, ne maame no penee so sɛ ɔbɛma ne babea no ne Ɔdansefo no akɔ adetɔnbea hɔ. Ɛyɛɛ ɔpanyin no nwonwa sɛ abeawa no kaa n’anom asɛm. Bere a ohui sɛ ɛyɛ Ahenni Asɛm no na ɛkaa no ma ɔyɛɛ n’ade wɔ saa kwan yi so no, ɔno ankasa gyee bi hwɛɛ nea ɛwom a ɛwɔ tumi saa no. Mprempren abeawa no renya nkɔso wɔ Bible adesua mu.

Ɔdansefo bi a ɔwɔ Cameroon de Ahenni Asɛm no bi maa ɔbarima bi na ɔka sɛ: “Bere a yɛsan kɔɔ hɔ no, yehui sɛ wasensan ase dedaw, na na ɔwɔ nsemmisa pii. Bere a onyaa mmuae a ɛma abotɔyam no, ɔkae sɛ: ‘Ɛyɛ nokware turodoo sɛ nyamesom ka ho bi na adesamma rebrɛ. Mo kratawa no aboa me ma mate nneɛma pii ase, nanso mepɛ sɛ mihu pii.’” Mprempren wɔne no sua Bible daa.

Ɔdansefo bi a na ɔreyɛ afie afie asɛnka wɔ Uruguay de kratawa no bi maa ɔbarima bi. Ɔdansefo no toaa n’afie afie asɛnka adwuma no so na ɔyɛɛ adan a ɛwowɔ hɔ no mu adwuma kosi sɛ oduu ɔbarima no afikyipon ano. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ ɔbarima no kura ne kratawa retwɛn no. Ná wakenkan dedaw na na ɔpɛ nsɛm pii. Wofii adesua ase amonom hɔ ara.

Ɔmanfo Boa Ma Wɔkyekyɛ

Wɔ Japan no, Ɔdansefo kumaa bi kɔɔ ɔbarima a ɔwɔ ne mfe 50 mu nkyɛn de kratawa no kɔkyerɛɛ no. Ɔbarima no bisae sɛ: “Sɛ muhyia nnipa a wɔn ani nhu ade a, moyɛ kratawa no dɛn?” Ɔdansefo no gye toom sɛ onnim. Ɔbarima no ka kyerɛɛ no sɛ ɔntwɛn kakra, na ɔkɔɔ dan mu bio. Ɔsan bae a na okura Ahenni Asɛm no bi, na ɔkae sɛ: “Me nsa aka saa kratawa no bi dedaw. Mihui sɛ nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛho hia na ɛwom, enti makyerɛw no anifuraefo nkyerɛwee mu. Mesrɛ wo fa eyi ma wɔn a wɔn ani afura.” Ná ɔbarima no de nnɔnhwerew pii akyerɛw Ahenni Asɛm no wɔ anifuraefo nkyerɛwee mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwere nea ɛwom no.

Wɔ Slovakia no, ɔbarima bi ani gyee kratawa no ho araa ma ɔma wɔde afiri yɛɛ 20 maa no, na ɔkyekyɛɛ nea wɔayɛ ama no yi. Ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Switzerland gyaw Ahenni Asɛm no bi maa abusua bi na ɔtoaa so yɛɛ adwuma wɔ ɔdan a abusua no te mu no abansoro so. Bere a osianee no, ohyiaa abarimaa bi a ofi abusua no mu, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no kratawa no 19 nka ho. Wɔ abarimaa no sukuu mu no, na wɔama sukuufo no dwumadi sɛ wɔnkyerɛw biribi mfa ɔhaw ahorow ne sɛnea wobenya ano aduru ho. Ná ɔpɛ Ahenni Asɛm no bi ama wɔn a ɔne wɔn wɔ adesuakuw biako mu no mu biara.

Wɔammu Ani Angu Obiara So

Wɔn a wonyaa ɔsatu no mu kyɛfa no bɔɔ mmɔden yiye hwɛ hui sɛ wɔremmu wɔn ani ngu obiara so. Wɔ New Caledonia no, na Adansefo baanu bi rekɔ kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri asasesin mu akɔkyekyɛ Ahenni Asɛm no. Bere a wɔrekɔ no, wohuu anammɔnkwan bi a na ɛte sɛ nea obiara mfa so, nanso wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔhwɛ sɛ ebia obi te agya anaa. Wogyaw kar no, na wɔnantew faa anammɔnkwan no so kɔfaa nsuten mu kosi sɛ awiei koraa no, wohuu ofie bi. Ná awarefo bi a wɔntee Yehowa Adansefo nka da te hɔ, na wogyee Ahenni Asɛm no bi. Akyiri yi adawurubɔfo no kɔyɛɛ sankɔhwɛ, na nea ɛyɛ nwonwa no, wohui sɛ awarefo no asiesie ɔkwan no ayeyɛ atwene nketewa pii sɛnea ɛbɛyɛ a Adansefo no betumi de wɔn kar afa so aba fie hɔ. Wofii daa Bible adesua ase.

Wɔ Poland no, na ɛsɛ sɛ Ɔdansefo bi twam wɔ beae bi a wɔresi dan ansa na ɔde Ahenni Asɛm no bi akɔma ofiewura bi. Adwumayɛfo no hwɛɛ no bere a ɔnam beae a wɔresi dan no resan aba no. Awiei koraa no, adwumayɛfo no mu biako frɛɛ no srɛɛ no sɛ ɔmmma ne werɛ mmfi wɔn. Bere a ɔkɔɔ wɔn hɔ no, wogyaee adwumayɛ tiee no yiye bere a ɔde kratawa no rema no. Wogyee Ahenni Asɛm no bi ne nsɛmma nhoma, na akyiri yi, bere a ɔsan kɔsraa wɔn no, wogyee nhoma.

Wɔkyekyɛɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 no ɔpepehaha pii wɔ kasa ahorow pii mu. Emu asɛm no anya nkurɔfo so tumi kɛse dedaw. Nnipa pii ahu sɛ paradise a ɔhaw nnim betumi aba. Yɛbɔ mpae sɛ komapafo bɛkɔ so atie na awiei koraa no, wɔabɛka “ahobrɛasefo” a ‘wobenya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu’ no ho.—Dwom 37:11.

[Kratafa 31 adaka]

Kɔ So Kyekyɛ Nsɛmma Nhoma!

Yetumi yɛɛ ɔsatu a ɛkɔɔ so yiye bi de kyekyɛɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 wɔ April ne May 1995 mu. Wɔ saa asram abien no mu no, wɔkyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no nso wɔ ɔkwan soronko so. Sɛ nhwɛso no, onua bi a ɔwɔ Czech Adehyeman mu bɔ amanneɛ sɛ wɔ April mu no, ɔde Ahenni Asɛm no 250 ne nsɛmma nhoma 750 mae. Wɔ Guadeloupe no, wɔde Memeneda, April 15 sii hɔ sɛ da titiriw a wɔde bɛkyekyɛ nsɛmma nhoma. Ɛkame ayɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara a ɔwɔ ɔman no mu nyaa ɔsom adwuma no mu kyɛfa saa da no! Slovakia nyaa nsɛmma nhoma kyekyɛ a ɛsen biara wɔ April mu. Amanneɛbɔ a ɛte saa ara fi aman foforo pii mu bae.

Ɛnde dɛn nti na womfa April ne May 1996 asram no nsi hɔ mma nsɛmma nhoma kyekyɛ soronko? Asafo ahorow betumi de nna titiriw bi asi hɔ de akyekyɛ nsɛmma nhoma. Ankorankoro betumi anya akwampae boafo adwuma no mu kyɛfa. Wɔ eyi ne akwan foforo so no, wobetumi ahyɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ ho nkuran, na ama asɛntitiriw a wɔaka wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 34 mu no akɔ so atrɛw. Ɛnde, sɛnea ɛbae afe a etwaam no, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira nsiyɛ honhom a yɛda no adi no so.—2 Timoteo 4:22.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena