Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/1 kr. 28
  • Nnipa a Bere Bi ná Wɔnka De Biakoyɛ Resom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa a Bere Bi ná Wɔnka De Biakoyɛ Resom Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wobetumi Ama Wiase no Ayɛ Biako?
    Nyan!—1994
  • Akodi Mu Yaw a Wobeyi Afi Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wonyaa Asomdwoe Wɔ Wiase A Basabasayɛ Wom Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
    So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/1 kr. 28

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nnipa a Bere Bi ná Wɔnka De Biakoyɛ Resom Yehowa

BRANKO ka sɛ: “Bere a edi kan a metee biribi faa Yehowa Adansefo ho ne bere a na meresom wɔ Bosnia sɛ ɔwɛmfo a wamia akode no.”a

Ná Branko rewɛn wɔ ayaresabea a wɔhwɛ apirafo no. Ná nnuruyɛfo no mu biako ne Adansefo no resua Bible, na bere bi a wɔreyɛ adwuma anadwo no, ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pii a wasua wɔ Bible no ho mu kyerɛɛ Branko.

Nea Branko tee saa anadwo no kanyan no ara ma ɔde n’akode guu hɔ ntɛm ara. Bere a ɔpɛ sɛ osua pii no, ɔhwehwɛɛ Adansefo no. Bere bi akyi a Branko kɔɔ Europa man foforo mu no, ɔkɔhwehwɛɛ Ahenni Asa, na ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ Yugoslavia no nhyiam. Ɛhɔ na Branko hyiaa Slobodan.

Ná Slobodan nso fi Bosnia, na na Branko som sɛ obi a watu ne ho ama wɔ ɔko koro no ara mu—nanso na ɔwɔ ɔfã foforo. Ná Slobodan ako ama Serbiafo atia Croatiafo. Bere a nnipa baanu no hyiae no, na Slobodan abɛyɛ Yehowa Dansefo a wabɔ asu. Ɔyɛe sɛ ɔne Branko a bere bi na ɔyɛ ne tamfo no besua Bible no. Bere a adesua no kɔɔ so no, Branko suaa Yehowa ho ade pii, na ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no yɛɛ kɛse. Eyi kanyan Branko ma ohyiraa ne nkwa so maa Ɔbɔadeɛ no. Wɔ October 1993 no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne.

Ɛyɛɛ dɛn na Slobodan bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Ná wadi kan afi akono wɔ Bosnia bere bi a atwam. Na wakenkan Adansefo no nhoma no bi, nanso bere a Adansefo baanu baa ne fie wɔ 1992 mfiase no ansa na anigye a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no yɛɛ kɛse. Hena na ɔkɔɔ Slobodan nkyɛn ne no kɔyɛɛ Bible adesua? Ɛyɛ Mujo, a ɔno nso fi Bosnia nanso wɔtetee no sɛ Kramoni no. Bere a Bible adesua no rekɔ so no, Mujo ne Slobodan a bere bi na wɔnka no gyee bere da biara de hyɛɛ wɔn gyidi den.

Akodi a ɛrekɔ so wɔ kan Yugoslavia no akunkum nnipa ɔpehaha pii. Nanso mprempren Branko, Slobodan, ne Mujo som sɛ bere nyinaa asɛmpakafo wɔ Yehowa Adansefo asafo biako mu. Wɔatumi adi mmusua kuw ne aman ntam nitan so, na mprempren wɔhwehwɛ asomdwoe bere a wɔde wɔn ho hyɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa ase no.

Nanso, dɛn na ɛde nsakrae a ɛte saa no bae? Ɛyɛ ɔdɔ a na wɔwɔ ma Yehowa, obu a wɔwɔ ma Bible, ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde Bible mu nokware bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no. Sɛnea Kyerɛw Kronkron no ka no, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”—Hebrifo 4:12.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔde din foforo asisi din ahorow ananmu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena