Wonyaa Asomdwoe Wɔ Wiase A Basabasayɛ Wom Mu
BOSNIA ne Herzegovina ɔko huhu no ho mfonini na ɛwɔ nsɛmma nhoma yi anim. Asomdwoe betumi atra beae a ɛte sɛɛ no? Nea ɛyɛ nwonwa no, mmuae no yɛ yiw. Bere a Roma Katolek, Apuei Fam Ortodɔks, ne Nkramofo a wɔwɔ asase a ɛso tebea yɛ awerɛhow so reko apere asasesin no, nnipa pii hwehwɛ asomdwoe, na ebinom anya.
Ná Djorem abusua no yɛ Yehowa Adansefo a wɔte Sarajevo. Wɔ kurow no mu basabasayɛ nyinaa mu no, na wɔkɔ wɔn afipamfo nkyɛn ne wɔn kɔbɔ Onyankopɔn Ahenni ho nkɔmmɔ. (Mateo 24:14) Dɛn ntia? Efisɛ na Djorem abusua no nim sɛ saa Ahenni yi wɔ hɔ ankasa, kyerɛ sɛ wɔde asi ɔsoro dedaw, na ɛno ne adesamma anidaso koro a ɛsen biara a ɛde asomdwoe bɛba. Yehowa Adansefo wɔ ahotoso a edi mũ wɔ nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “asomdwoe ho asɛmpa” no mu. (Efesofo 2:17) Esiane nnipa bi te sɛ Bozo ne Hena Djorem nti, nnipa pii renya asomdwoe wɔ Bosnia ne Herzegovina.
Nokware Asomdwoe Bɛba
Nsɛm pii wɔ hɔ a yɛbɛka afa Djorem abusua no ho. Nanso, ma yenni kan nka awarefo foforo bi a wonyaa awerɛhyem wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu ho asɛm. Wɔn din de Artur ne Arina. Ná wɔne wɔn mmammarima nkumaa te adehyeman bi mu wɔ kan Soviet Union asasesin mu. Bere a ɔmanko pae gui no, Artur ko maa ɔfã biako. Nanso, ankyɛ na obisaa ne ho sɛ, ‘Dɛn nti na mereko atia nkurɔfo a na wɔyɛ m’afipamfo yi?’ Ofii ɔman no mu, na wɔ nsɛnnennen pii akyi no, ɔne n’abusua ketewa no beduu Estonia.
Bere a Artur rekɔsra St. Petersburg no, ohyiaa Yehowa Adansefo na nea osua faa Onyankopɔn Ahenni ho no kaa no. Yehowa pɛ ne sɛ, ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn Ahenni no bɛyɛ tumi koro pɛ a edi adesamma so. (Daniel 2:44) Afei asase no bɛyɛ baabi a asomdwoe wɔ, na wɔrenni ɔmanko anaa amanaman ntam ako bio. Yesaia hyɛɛ saa bere no ho nkɔm sɛ: “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na Awurade hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”—Yesaia 11:9.
Bere a Artur huu daakye asase a asomdwoe wom ho mfonini wɔ nhoma bi a wɔde sua Bible a Ɔdansefo bi de kyerɛɛ no mu no, ɔkae sɛ na ɔte beae a ɛte saa ara. Nanso, seesei, ɔmanko asɛe no. Artur ne n’abusua nam Bible adesua a wɔne Yehowa Adansefo yɛ wɔ Estonia so resua Onyankopɔn Ahenni ho ade pii.
Asomdwoe a Wonya Wɔ Basabasayɛ Mu
Dwom 37:37 ka sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe.” Nokwarem no, ɛnyɛ daakye nko na nea ɔyɛ pɛ na ɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so no benya asomdwoe. Onya no seesei ara. Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ yiye? Susuw ɔbarima bi a wɔfrɛ no Paul suahu ho hwɛ.
Paul te aguanfo atrae bi a atew ne ho wɔ Ethiopia kesee fam atɔe, ɛwom sɛ ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu na ofi ankasa de. Wɔ ne man mu no, ohyiaa Yehowa Adansefo mu biako a na ɔyɛ adwuma ma adwumayɛkuw bi a etu pɛtro, na ɔbarima yi maa no nhoma bi a wɔde sua Bible, Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu.a Paul anhyia Ɔdansefo no bio, nanso osuaa nhoma no yiye. Ɔmanko ma oguan kɔɔ aguanfo atrae bi wɔ Ethiopia, na ɔkaa nea wasua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo wɔ hɔ. Kuw ketewa bi begyee eyi toom sɛ ɛne nokware no. Ankyɛ na wogyinaa nea wɔasua no so kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo wɔ atrae hɔ.
Paul kyerɛw kɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no ti kɔhwehwɛɛ mmoa. Ɛyɛɛ ɔsomfo a wɔmaa ofii Addis Ababa kɔɔ hɔ no nwonwa sɛ ohui sɛ nnipa 35 retwɛn no, na wɔayɛ krado sɛ wobesua Onyankopɔn Ahenni no ho ade pii. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔatumi aboa wɔn daa.
Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ nnipa te sɛ Paul wɔ asomdwoe? Ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn wɔ asetra mu, nanso wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi. Sɛ wiase yi mu basabasayɛ no ka wɔn a, wɔde Bible afotu yi di dwuma: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” Ɛno ama abotɔyam anigye a ɛho yɛ den nnɛ no. Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Filipifo asafo no fa wɔn ho: “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Nokwarem no, wɔte nka sɛ wɔne Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no wɔ abusuabɔ pa.—Filipifo 4:6, 7, 9.
Asomdwoe a Wonya Nnɛ
Yesu Kristo a wɔfrɛ no Bible mu sɛ “Asomdwoe-hene” no na wɔasi no Onyankopɔn Ahenni no so Hene. (Yesaia 9:6) Tete diyifo no ka faa ne ho sɛ: “Ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.” (Sakaria 9:10) Nsɛm a efi honhom mu te sɛ eyi no kaa ɔbarima bi a ne din de José asetra kɛse.
Bere bi, na José da afiase. Ná ɔyɛ omumɔyɛfo na wɔkyeree no bere a na ɔreyɛ ahoboa akɔsɛe polisifo atrae. Osusuwii sɛ basabasayɛ nkutoo na ɛbɛhyɛ aban no ma wama ne man mu tebea ayɛ papa. Bere a na ɔda afiase no, Yehowa Adansefo fii ase ne ne yere suaa Bible no.
Wogyaee José akyi no, ɔno nso suaa Bible no, na ankyɛ na nsɛm a ɛwɔ Dwom 85:8 fii ase baam wɔ ne ho: “Metie nea Onyankopɔn Awurade bɛka. Ampa, ɔka asomdwoesɛm kyerɛ ne man ne n’ahotefo.” Nanso, saa nkyekyem no de kɔkɔbɔ bi na ewie: “Mma wɔnnsan nnkɔ nkwaseade mu.” Enti, obi a ɔhwehwɛ Yehowa asomdwoe no renyɛ nea n’ankasa pɛ anaa nea etia N’apɛde.
Ɛnnɛ, José ne ne yere yɛ Kristofo asomfo. Wɔtwe afoforo adwene si Yehowa Ahenni so sɛ ɛno ne ɔhaw ahorow a kan no, José bɔɔ mmɔden sɛ ɔde atopae a n’ankasa ayɛ bedi ho dwuma no, ano aduru. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛto Bible no so, nea ɛka sɛ: “Nso Awurade bɛma papa” no. (Dwom 85:12) Nokwarem no, José kɔsraa polisifo atrae a ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsɛe hɔ no nnansa yi. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ mmusua a wɔwɔ hɔ no.
Nnipa a Wɔwɔ Asomdwoe
Bible ka wɔ Dwom 37:10, 11 sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!
Nanso, hyɛ no nsow sɛ “ahobrɛasefo” nkutoo na wobenya Yehowa asomdwoe no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ asomdwoe no sua sɛ wɔbɛyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe. Ná eyi te saa wɔ Keith a ɔte New Zealand no fam. Ná wɔka Keith ho asɛm sɛ “ɔbran a ɔte apɔw, ɔpɛ ntɔkwaw, ne akyinnyegye.” Ná ɔyɛ kuw bi muni na na ɔte ofie bi a ɛyɛ abandennen ankasa a turo wom na awɛmfo akraman abiɛsa kyinkyin hɔ wɛn hɔ na wɔpam wɔn a wonni ho kwan sɛ wɔba hɔ mu. Ná ne yere a ɔne no awo mmofra baasia no agyae no aware.
Bere a Keith hyiaa Yehowa Adansefo no, asɛmpa no nyaa ne so tumi kɛse. Ankyɛ na ɔne ne mma ne Adansefo no kɔɔ nhyiam ahorow. Oyii ne ti nhwi atenten a edu ne sisi akyi no, na ofii ase kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ ne kan ayɔnkofo no. Eyinom mu bi nso fii ase suaa Bible no.
Te sɛ nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no, Keith fii ase de ɔsomafo Petro nsɛm no dii dwuma: “Nea ɔpɛ sɛ ɔdɔ nkwa na ohu nna pa no, . . . Onkyi bɔne na ɔnyɛ papa, ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyiri.” (1 Petro 3:10, 11) Keith yere dedaw no penee so sɛ ɔbɛware no bio, na mprempren ɔresua sɛ ‘ɔbɛhwehwɛ asomdwoe na wadi akyi.’
Yehowa asomdwoe ayɛ nkwagye ama nnipa pii, a barima bi a wɔwoo no kan U.S.S.R., a bere bi na ɔyɛ mmirikatufo no ka ho. Saa ɔbarima yi nyaa nkonimbo wɔ Olympik akansi no mu, nanso ɔhawee na ofii ase nom nnubɔne ne mmosa. Wɔ mfe 19 a nsɛm pii sisii mu, a ebi ne mfe abiɛsa afiase a wɔde no too adwumayɛban mu wɔ Siberia, wia a owiaa ne ho faa hyɛn kɔɔ Canada, ne ne nnubɔne a anka ɛrekum no mprenu, akyi no, ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no ma onhu nokware atirimpɔw wɔ asetram. Bible adesua a Yehowa Adansefo a wɔka Russia kasa ne no yɛe no boaa no ma onyaa ne nsemmisa no ho mmuae. Ɛnnɛ, te sɛ afoforo ɔpepem pii no, asomdwoe wɔ saa ɔbarima yi ne Onyankopɔn ntam na ne ho adwo no.
Owusɔre Anidaso No
Awiei koraa no, momma yɛnsan nkɔ Bozo ne Hena Djorem so wɔ Sarajevo. Ná saa awarefo yi wɔ abeawa a wadi mfe anum, a wɔfrɛ no Magdalena. July a etwaam no, bere a wɔn baasa no refi fie akɔyɛ asɛnka adwuma no bio no, otuo bi a wɔtoe kum wɔn. Asomdwoe a wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo no nso ɛ? Otuo a ekum wɔn no kyerɛ sɛ na eyi nyɛ nokware asomdwoe?
Ɛnte saa koraa! Wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu no, asiane si. Atopae anaa atuo kum nkurɔfo. Nyarewa anaa akwanhyia kunkum afoforo. Mpanyinyɛ nso kunkum nnipa pii. Wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn asomdwoe no nkwati saa nneɛma yi, nanso nsɛm a ɛtete saa a ebetumi asisi no mma wɔnyɛ wɔn a wonni anidaso.
Yesu hyɛɛ n’adamfo Marta bɔ sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25) Djorem abusua no gyee eyi dii, sɛnea Yehowa Adansefo nyinaa gye di no. Na Djorem abusua no wɔ gyidi sɛ sɛ wowu mpo a, wobenyan wɔn aba asase a saa bere no, ɛbɛyɛ baabi a asomdwoe ankasa wɔ no so. Yehowa Nyankopɔn bɛpopa “wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:4.
Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔsee n’asuafo no sɛ: “M’asomdwoe na mede mema mo. . . . Mommma mo koma nntutu.” (Yohane 14:27) Yɛne Djorem abusua a na wɔwɔ saa asomdwoe no na ɛda adi sɛ wobenya no kɛse wɔ owusɔre no mu no ani gye. Yɛn ani gye ma wɔn a wɔsom Yehowa, asomdwoe Nyankopɔn, no nyinaa. Saafo no wɔ adwene mu asomdwoe. Wɔne Onyankopɔn ntam wɔ asomdwoe. Wɔma asomdwoe ba wɔne afoforo ntam. Na wɔwɔ anidaso wɔ daakye a asomdwoe bɛtra hɔ mu. Yiw, ɛwom sɛ wɔte wiase bi a basabasayɛ wom mu de, nanso wɔanya asomdwoe. Nokwarem no, wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu nyinaa no wɔ asomdwoe. Ɛmmra sɛ wo nso wubenya asomdwoe a ɛte saa.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wɔyɛe.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Ɛmfa ho sɛ wɔte wiase bi a basabasayɛ wom mu no, wɔanya asomdwoe