Asomdwoe Betumi Aba?
“BERE biara, ɔko kɔ so wɔ baabi. Ɛno ne adesamma awerɛhosɛm.” Saa awerɛhosɛm yi puei wɔ Newsweek nsɛmma nhoma no mu krataa bi a ne kenkanfo bi kyerɛwee no mu. Wugye di? Ɔko yɛ ade a wontumi nkwati, na asomdwoe yɛ ade a wontumi nnya? Sɛ yegyina abakɔsɛm so hwɛ asɛm no a, ɛyɛ den sɛ yebebua nsemmisa abien yi sɛ yiw. Wɔ kyerɛwtohɔ a wɔakora so nyinaa mu no, adesamma adi ako atoatoa so, na akodi sɛee ade kɛse bere a nnipa nyaa akwan a etu mpɔn a wɔfa so kunkum wɔn ho wɔn ho no.
Afeha a ɛto so 20 yi nyɛɛ soronko. Nokwarem no, emu na wɔadi ako a mogyahwiegu a ɛsen biara wom, na wɔasan ahu biribi foforo nso. Mfe 50 a atwam ni, United States maa nuklea bere no fii ase denam atom atopae abien a ɔtow too Japan no so. Wɔ mfe 50 mu fi saa bere no, amanaman no aboaboa nuklea akode pii a ebetumi asɛe nnipa mpɛn pii ano. So awiei koraa no, nuklea akode a wɔayɛ no bɛma nnipa agyae akodi? Nokwasɛm no de mmuae ma. Efi 1945 no, nnipa ɔpepem pii awu wɔ akodi mu—ɛwom sɛ ebesi nnɛ no, wɔntow nuklea atopae no bio de.
Dɛn nti na adesamma abusua no pɛ akodi saa? Encyclopedia Americana ka adesamma abusua no ho nneɛma bi a ɛde akodi aba wɔ abakɔsɛm mu. Ebi ne nyamesom ho koma a wonnya, abusua mu nyiyim, amammerɛ mu nsonsonoe, amammui adwene a enhyia (te sɛ Komunism ne nniso a ɛma ankorankoro buebue wɔn nnwuma), ɔmampɛ ne ɔman tumidi ho nkyerɛkyerɛ no, sikasɛm, ne sraadi a wɔagye atom kɛse. Sɛ wokenkan saa nneɛma a wɔabobɔ din no a, wuhu biribi wom a ebetumi asakra nnansa yi ara? So amanaman no rensi wɔn bo denneennen sɛ wɔbɛkora wɔn tumidi so? Nnipa bɛba abɛyɛ wɔn a wɔmpɛ abusua nyiyim pii? Wɔn a wɔyɛ nyamesom ho katee no bɛyɛ fakaa kakra? Eyi yɛ ade a entumi nyɛ yiye koraa.
Enti, anidaso biara nni hɔ koraa sɛ da bi nneɛma bɛyɛ yiye na daa asomdwoe aba? Yiw, anidaso wɔ hɔ. Ɛmfa ho sɛ basabasayɛ wɔ saa wiase yi mu no, yebetumi anya asomdwoe nnɛ mpo. Nnipa ɔpepem pii anya. Ma yɛnka saa nnipa yi kakraa bi ho asɛm nkyerɛ wo na hwɛ nea wɔn suahu ahorow no betumi akyerɛ ama wo.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Background cover and page 32: Reuters/Bettmann
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Reuters/Bettmann