Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/15 kr. 4-6
  • Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adamfofa Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu
  • Sɛnea Wɔfa Nnamfo
  • Adamfofa a Wɔkora So
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?
    Nyan!—1996
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/15 kr. 4-6

Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ

ADAMFOFA ho akwanside ahorow wɔ hɔ. Nokwarem no, Bible ka siei sɛ “nna a edi akyiri” yi mu no, nkurɔfo renna ɔdɔ, tema, ne nokwaredi adi. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:12) Tebea horow yi de ankonamyɛ kɛse a ɛso bi mmae da aba. Obi kae sɛ: “Me mpɔtam hɔ te sɛ Noa adaka no. Sɛ wonyɛ ɔwarefo a, wuntumi ntra mu.” Yentumi nka sɛ ankorankoro biara a ɔyɛ ankonam no na ɔma ɛba saa. Wɔ wiase mmeae bi no, nneɛma a ɛma ɛyɛ den sɛ nkurɔfo bɛfa nnamfo akyɛ no bi ne tu a nkurɔfo taa tu fi baabi a wɔte, mmusua mu a ɛtetew, nkuropɔn a emufo mpɛ nnipa na emu yɛ hu, ne adagyew a ɛso atew kɛse ma wotumi hu no.

Nnipa dodow a kuropɔn muni betumi ahyia wɔn nnɛ wɔ dapɛn biako mu no dɔɔso sen wɔn a afeha a ɛto so 18 muni a ɔtraa akuraase no hyiaa wɔn afe biako mu anaa ne nkwa nna nyinaa mu! Nanso, nnipa ntam abusuabɔ taa yɛ aniani de nnɛ. Nnipa pii ma fekubɔ ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegye wɔn ani di wɔn ti. Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ayɔnkofo bɔne a wɔne wɔn di bere a mfaso biara nni so no te sɛ nsɔe a wɔde sɔ gya. Ɔsɛnkafo 7:5, 6 ka sɛ: “Onyansafo animka tie ye sen sɛ obi tie nkwasea dwonto. Na sɛ nsɔe turuturuw ɔsɛn ase no, sɛ ɔkwasea serew te ne no. Eyi nso yɛ ahuhude.” Nsɔe tumi dɛre buruburuw bere tiaa bi, nanso emu gya nnɔɔso sɛ ɛbɛma yɛn ho ayɛ yɛn hyew. Ɔkwan a ɛte saa so no, ayɔnkofo a wɔreyɛ dede serew no betumi agyigye yɛn ani bere tiaa bi, nanso wontumi nyi ankonamyɛ nyinaa mfi hɔ, na wonni hia a yehia nnamfo pa no ho dwuma.

Ɛsono sɛ obi nko te na ɛsono ankonamyɛ. Ɛtɔ da bi a ehia sɛ yɛn nkutoo tra na yegye yɛn ahome na yɛnam saayɛ so atumi ayɛ pii ama yɛn nnamfo. Sɛ nnipa pii te ankonamyɛ nka a, wɔdan kɔ mfiri a wɔde gyigye wɔn ani so ntɛm ara. Nhwehwɛmu bi daa no adi sɛ nneɛma a nkurɔfo taa de di ankonamyɛ ho dwuma paa no biako ne television hwɛ. Nanso, nhwehwɛmufo no kae sɛ television a wɔhwɛ kyɛ ka nneɛma a enye koraa a yebetumi ayɛ bere a yɛayɛ ankonam no ho. Ɛde akwadworɔ, anihaw, ne nsusuwii hunu ba, na ɛbɛyɛ biribi a enye a wɔde si fekuw a wɔne nnipa foforo bɛbɔ tẽẽ no ananmu.

Nokwarem no, sɛ yɛde bere a yɛn nkutoo te hɔ no di dwuma ɔkwampa so a, ɛso betumi aba mfaso kɛse. Ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛkenkan ade, akyerɛw nkrataa, ayeyɛ nneɛma, na yɛagye yɛn ahome. Ɔkwampa a yebetumi afa so de bere a yɛn nkutoo te hɔ no adi dwuma no bi ne sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae, asua Bible, na yɛadwennwen ho. (Dwom 63:6) Eyinom yɛ akwan a yɛbɛfa so abɛn Yehowa Nyankopɔn, nea ɔbɛba abɛyɛ yɛn Adamfo a ɔsen biara no.

Adamfofa Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu

Ɛwom sɛ eye sɛ yɛne nnipa pii bɛfa nnamfo de, nanso Bible kae yɛn sɛ “adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ne ho sen onua.” (Mmebusɛm 18:24) Yɛn nyinaa hia nnamfo kakra a yɛne wɔn bedi atirimsɛm a wodwen yɛn ho ankasa, a wɔn adamfofa no ma yɛn anigye, ahoɔden, ne asomdwoe. Bere a nnamfo pa a ɛtete saa ho betumi ayɛ na no, wɔka tete nhwɛso ahorow bi ho asɛm a ɛda nsow wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, na ayɔnkofa a ɛda nsow da Dawid ne Yonatan ntam. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Dɛn nti na wɔn adamfofa no kyɛe?

Ade biako ne sɛ, na Dawid ne Yonatan wɔ ahiade koro. Nea ɛsen biara no, na wɔn baanu nyinaa wɔ ahofama a emu dɔ ma Yehowa Nyankopɔn. Bere a ohuu Onyankopɔn mu gyidi a Dawid wɔ ne nneɛma a ɔyɛ de bɔɔ Yehowa nkurɔfo ho ban no, “na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Samuel 18:1) Enti ɔdɔ a nnamfo bi wɔ ma Onyankopɔn no ka wɔn bom.

Na Yonatan ne Dawid yɛ ankorankoro a wɔyɛ nnam a wɔde Onyankopɔn nnyinasosɛm bɔɔ wɔn bra. Enti na wobetumi abu wɔn ho wɔn ho. (1 Samuel 19:1-7; 20:9-14; 24:6) Nokwarem no, sɛ yɛwɔ nnamfo a wosuro Onyankopɔn a Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan a, ɛnde yɛanya nhyira.

Nneɛma foforo ka ho na Dawid ne Yonatan adamfofa no kɔɔ so. Na wɔn adamfofa no yɛ nea nokwaredi wom na nnaadaa nnim, na wɔn mu biara nyaa ne yɔnko mu ahotoso. Yonatan fi nokwaredi mu de Dawid ahiade dii ne de anim. Wanyɛ ahoɔyaw esiane sɛ na wɔde ahenni no ahyɛ Dawid bɔ nti; mmom no, Yonatan hyɛɛ no nkuran nkate fam ne honhom fam. Na Dawid gyee ne mmoa no toom. (1 Samuel 23:16-18) Dawid ne Yonatan faa akwan a ɛne Kyerɛwnsɛm hyia so daa sɛnea obiara te nka wɔ ne yɔnko ho adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho. Na wɔn adamfofa pa no gyina nokware anisɔ ne ɔdɔ so. (1 Samuel 20:41; 2 Samuel 1:26) Wɔn ntam antetew esiane sɛ mmarima baanu no nyinaa kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware nti. Nnyinasosɛm a ɛtete saa a yɛde bedi dwuma no betumi aboa yɛn ma yɛahyɛ adamfofa pa a ɛtete saa mu den akora so.

Sɛnea Wɔfa Nnamfo

Worepɛ nnamfo pa? Ebia ɛho nhia sɛ wobɛkɔ akyiri. Wɔn a wuhyia wɔn daa no bi betumi ayɛ wo nnamfo, na ebia wobehia w’adamfofa. Nyansa wom sɛ yɛde ɔsomafo Paulo afotu a ese “montrɛw mo mu” no bedi dwuma wɔ yɛn mfɛfo Kristofo ho titiriw. (2 Korintofo 6:11-13) Nanso, sɛ mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wubenya adamfo no nkowie ayɔnkofa a emu yɛ den mu a, ɛmma no nhaw wo. Adamfofa taa gye bere, na ɛnyɛ ayɔnkofa nyinaa na emu bɛyɛ den pɛpɛɛpɛ. (Ɔsɛnkafo 11:1, 2, 6) Nokwarem no, sɛ yebenya adamfofa pa a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya, na ehia sɛ yetie Yesu afotu yi: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Mateo 7:12.

Henanom na wohia w’adamfofa? Wɔn a wo ne wɔn bɔ tipɛn no pa ho a, nnipa a woanyin sen wɔn anaasɛ wɔanyin sen wo nso ɛ? Na Dawid ne Yonatan, Rut ne Naomi, ne Paulo ne Timoteo nyinaa yɛ nnamfo a na mfe a wɔadi mmɛn ho. (Rut 1:16, 17; 1 Korintofo 4:17) Wubetumi atrɛw w’adamfofa mu ma aka akunafo ne asigyafo nso? Afei nso susuw wɔn a wɔabɛtra mo mpɔtam hɔ foforo no ho. Ebia wɔnam tu a wɔatu afi baabi a wɔte anaa wɔn asetra kwan a wɔasesa no so ahwere wɔn nnamfo dodow no ara anaa wɔn nyinaa. Ɛntwɛn mma afoforo nka mma wo ho ansa. Sɛ woyɛ Kristoni a, wo ne nkurɔfo mfa nnamfo a ɛkyɛ denam Paulo afotu yi a wode bedi dwuma so: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.”—Romafo 12:10.

Yebetumi abu adamfofa sɛ ɛyɛ adema. Yesu kae sɛ sɛ yɛma a, nkurɔfo bɛma yɛn. Ɔdaa no adi nso sɛ anigye wɔ ɔma mu sen ogye. (Luka 6:38; Asomafo no Nnwuma 20:35) Woahyia nnipa a wogu ahorow? Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam horow ada no adi sɛ nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ betumi afa nnamfo pa a wɔne wɔn bɛbɔ akyɛ bere a Onyankopɔn som si wɔn nyinaa ani so no.

Adamfofa a Wɔkora So

Awerɛhosɛm ne sɛ ɛtɔ da bi a, wɔn a wobu wɔn ho sɛ nnamfo no tumi pira wɔn yɔnko. Nsekudi, obi kokoam asɛm a wɔda no adi, anisɔ a wɔnkyerɛ—eyinom ka nneɛma a sɛ obi a wubuu no sɛ ɔyɛ adamfo pa yɛ a, ɛbɛyɛ wo yaw paa no ho. Dɛn na wubetumi ayɛ wɔ tebea a ɛtete saa ho?

Yɛ nhwɛso pa. Yɛ nea wubetumi biara fa kwati sɛ wobɛma obi adi ɛyaw a ɛnsɛ. Wɔ mmeae bi no, nkurɔfo taa di wɔn nnamfo sintɔ ahorow ho fɛw. Nanso atirimɔdensɛm anaa nnaadaasɛm a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ ‘agodie’ mpo remma nnamfo ntam abusuabɔ mu nyɛ den.—Mmebusɛm 26:18, 19.

Bɔ mmɔden ma wo ne afoforo ntam adamfofa ntra hɔ. Ɛtɔ da bi a sɛ nnamfo hwehwɛ pii fi wɔn ho wɔn ho hɔ a, ɛmma ntease nyɛ adwuma wɔ nsɛm bi mu. Ebia adamfo bi a ɔyare anaa ɔhaw kɛse bi agye n’adwene no rentumi nna animtew adi te sɛ nea ɔyɛ daa no. Enti wɔ mmere a ɛte saa mu no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte n’ase na boa no.

Munni nsɛnnennen ho dwuma ntɛmntɛm na yɛ no ayamye mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monyɛ saa wɔ kokoam. (Mateo 5:23, 24; 18:15) Hwɛ hu sɛ w’adamfo no nim sɛ wopɛ sɛ wo ne no kɔ so nya abusuabɔ pa. Nnamfo pa de wɔn ho wɔn ho mfomso firi. (Kolosefo 3:13) Wobɛyɛ adamfo a ɔte saa—nea ɔfam ho sen onua?

Adamfofa ho nsɛm a yɛbɛkenkan asusuw ho no yɛ mfiase kɛkɛ. Sɛ yɛayɛ ankonam a, momma yɛnyɛ nea ɛfata wɔ ho, na yɛrenyɛ ankonam nkyɛ. Sɛ yɛyere yɛn ho a, yebetumi anya nnamfo pa. Yebetumi ne wɔn mu bi anya abusuabɔ soronko. Nanso obiara ntumi nsi Onyankopɔn, Adamfo a ɔsen biara, no ananmu. Yehowa nkutoo na obetumi ahu yɛn, ate yɛn ase, na waboa yɛn akosi ase. (Dwom 139:1-4, 23, 24) Afei nso, n’Asɛm no de daakye ho anidaso nwonwaso ma—wiase foforo a wobetumi anya nnamfo pa daa.—2 Petro 3:13.

[Kratafa 5 mfonini ahorow]

Dawid ne Yonatan nyaa adamfofa pa, na yɛn nso yebetumi ayɛ saa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena