Ntrɛwmu a Ɛnam Yehowa Nhyira So
ƆDAN so hyira dwumadi a ɛkɔɔ so September 18, 1995, anwummere no sii so dua nokwarem sɛ Yehowa Nyankopɔn ahyira n’Adansefo ntrɛwmu a ɛrekɔ so wɔ beae a wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ wɔ Brooklyn, New York no so.
Nnipa bɛboro 6,000 na wotiee ɔdan so hyira dwumadi no. Wohyiaam wɔ Brooklyn, beae a dwumadi no kɔɔ so ankasa ne mmeae foforo nso, a Yehowa Adansefo adwumayɛbea akɛse a ɛbɛn Patterson ne Wallkill, New York, ne wɔn baa dwumadibea a ɛbɛn Toronto, Canada no ka ho. Wɔn a na wonni Brooklyn no tee dwumadi no denam telefon so.
Dwumadi a Ɛka Koma
Betelfo, sɛnea wɔfrɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no, a na wɔretie dwumadi no yɛ wiase nyinaa Betel abusua no mufo a wɔboro 16,400 no mu fã kɛse no ara. Saafo no som wɔ aman horow bɛyɛ ɔha mu, beae a wotintim Bible ho nhoma na wɔyɛ nnwuma ahorow ma Yehowa Adansefo asafo horow bɛboro 78,600 a ɛwɔ wiase nyinaa no.
Ná akwanhwɛ no yɛ kɛse bere a wɔde dwom fii dwumadi no ase anwummere 6:30 na Karl Klein bɔɔ mpae no. Dwumadi no guamtrani, Lloyd Barry, de nsɛntiaa bi a ɛfa nea ɛda no kyerɛ ho maa obiara akwaaba anigye so. Albert Schroeder ne yɛn kɔɔ dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban adesua no mu na afei Daniel Sydlik kasae wɔ asɛmti “Yɛn Som Adwuma Kronkron Wɔ Betel” ho. Wɔn a wodii kan bɛkasae wɔ dwumadi yi mu nyinaa yɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo.
Dwumadi no fã abien a edi hɔ—“Yɛn Adan Ho Ahiade a Ɛreyɛ Kɛse Ho Dwuma a Yedi, 1974-1995,” ne “Betel Adan Asiesie ne Adansi Wɔ Brooklyn Ho Nsɛntitiriw”—kaa adan a wohyiraa so no si ne ne tɔ ho nsɛntitiriw. Nsɛm no twee adwene sii ɔdan a wosi wiee nnansa yi ara a seesei Betelfo bɛyɛ apem te mu no so. Saa fie a ne tenten yɛ mita 115 wɔ 90 Sands Street yi bɔ adwinnan ahorow a wotintim nhoma wɔ mu no mu.
Wɔde ɔdan so hyira kasa a Ɔwɛn Aban Asafo no titrani Milton Henschel mae no kaa dwumadi no ho. Osii Bible mu nnyinasosɛm a enti wɔrehyira adan a wɔde bedi dwuma wɔ Yehowa som mu so no so dua. Bere a wɔtoo dwom wiei no, Carey Barber a ɔno nso yɛ Sodikuw muni no de mpaebɔ wiee dwumadi no. Nanso dɛn ne dwumadi no mu nsɛntitiriw no bi?
Adan a Wohyiraa So
Betel Fie sohwɛfo, George Couch kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, efi bere a etwa to a wohyiraa Betel fie so wɔ Brooklyn wɔ May 2, 1969 mu no, wɔde adan 17 na abɛka ho.a Ná eyinom yɛ adan a wɔasisi no foforo anaa nea wɔatɔ asiesie. Afie 17 yi ne adan nketewa abien ankasa—a wɔtɔe wɔ 1940 mu a wosiesiei sɛ Betel adan no—ne adwinnan ne adwumayɛbea adan a wɔasi anaa wɔatɔ fi bere a wohyiraa Yehowa Adansefo adwumayɛbea so wɔ March 15, 1982 mu no na wohyiraa so.b
Adan a wohyiraa so no mu nea ɛso sen biara ne nea ɛwɔ 360 Furman Street no. Wosii wɔ 1928 mu na Yehowa Adansefo tɔe wɔ March 15, 1983 mu na wosiesiee no koraa. N’afanan nyinaa yɛ mita 93,000 anaa nea ɛreyɛ adu hekta 9. Adan foforo a wɔde kaa ɔdan so hyira dwumadi no ho ne adwinnan a ɛwɔ 175 Pearl Street ne ɔdan a wɔde kar sisi mu a wosii no nnansa yi ara no.
Nea Enti a Adan Pii Ho Hia
Wɔ 1969 mu, bere a wohyiraa Brooklyn Betel dan a etwa to so no, na Adansefo dodow a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa wɔ wiase nyinaa no dodow a ɛsen biara no si 1,336,112. Nanso wɔ 1995 mu no, na 5,199,895 na wɔreyɛ saa, nea ɛboro ne mmɔho abiɛsa ne fã so! Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi Bible ho nhoma dodow a wohia ho dwuma no, Brooklyn Betel abusua no mufo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ daa no dodow akɔ anim fi 1,042 wɔ 1969 mu akosi nea ɛboro 3,360, a seesei wɔte adan 22 mu!
George Couch bɔɔ sɛnea wodii adan foforo a ɛho behiae no ho dwuma fi 1974 kosi 1995 ho nkɔmmɔ. Wɔ 1970 mfe no mfiase mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Betel abusua a na ɛrenyin no benya baabi atra no, Yehowa Adansefo gyee adan horow a na ɛwɔ Towers Hotel mu no pii tuaa ho ka. Wɔ December 1973 mu no, Nathan Knorr a na saa bere no ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kyerɛw Betel Adwumayɛbea no ne mpanyimfo a wɔhwɛ Towers so no sɛ Asafo no ayɛ nhyehyɛe sɛ ‘wobetu afi Towers Hotel hɔ ansa na October 1, 1974 adu.’
Onua Couch kae sɛ ne ho dwiriw no efisɛ na baabiara nni hɔ a Betel abusua a wɔte Towers no bɛkɔ akɔtra. Wɔn a wɔhwɛ Towers so no nso ho dwiriw wɔn efisɛ na adan ka a Asafo tua no so na wɔde wɔn ani to na ama wɔatumi atuatua wɔn ho aka. Nea ɛbae ne sɛ, wɔn a wɔhwɛ Towers so no hyɛɛ Yehowa Adansefo no nkuran sɛ wɔntɔ ahɔhodan no. Wɔkae sɛ: “Moadɔɔso fi bere a yɛbaa mpɔtam ha, ma enti muhia dan no.”
Asafo ananmusifo no mmuae ne sɛ: “Nkurɔfo ayɛ mu ma. Sɛ yɛtɔ a, yɛbɛpɛ sɛ yɛde yɛn ankasa nkurɔfo kɔtra mu.”
Wɔn a wɔhwɛ Towers so no hyɛɛ yɛn bɔ sɛ: “Yɛbɛma dan no mu ada hɔ ama mo.” Wiɛ, bere tiaa bi akyi no, Yehowa Adansefo tɔɔ Towers dan no bo a ɛfata. Couch bisaa n’atiefo a na wɔrepɛ pii atie no sɛ: “Dɛn nti na Onua Knorr kyerɛw saa krataa no? Ebetumi aba sɛ na n’ankasa mpo nnim, nanso ɛno na ɛmaa wɔtɔn Towers Hotel no maa Ɔwɛn Aban Asafo no.”
Afei nso ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛyɛe a Yehowa Adansefo tɔɔ 97 Columbia Heights a na kan no ɛyɛ Margaret Hotel a na agye din yiye a na ɛne Betel Fie a edi kan no di nhwɛanim no nso mu. Na beae no ye efisɛ na wobetumi aka ɛne Betel adwumayɛbea no abom denam kwan a wobetwa afa asase ase no so. Wɔ February 1980 mu bere a na wɔresiesie ɔdan no, ne nyinaa hyewee. Na esiane sɛ na ɛyɛ den ma ne wura no sɛ obesi ɔdan foforo wɔ asase no so nti, ɔtɔn maa Yehowa Adansefo.
Onua Couch kae sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ adan yi mu biara wɔ abakɔsɛm a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ ade biako pɛ—sɛ, Yehowa Nyankopɔn ne onii a ɔkyerɛɛ ahyehyɛde no kwan ma enyaa saa dan ko no.”
Abakɔsɛm a Ɛfa 90 Sands Ho
Ɔdan a ɛyɛ foforo na ɛso sen biara ne 90 Sands Street. Bere a Yehowa Adansefo tɔɔ dan no wɔ December 1986 mu no, na ɛyɛ adwinnan kɛse bi a ɛwɔ 160 Jay Street.c Wobubuu adwinnan no, na wɔ August 30, 1990 mu no, wɔka kyerɛɛ Betel abusua no sɛ wɔde hokwan ama sɛ wonsi abansoro dan a ɛtoa so 30 wɔ asase no so.
Wɔ nsɛm a Sodikuw no muni Theodore Jaracz, bisabisaa Max Larson, Asafo ti no nhoma tintimbea a ɛwɔ Brooklyn no sohwɛfo mu no, ɔkyerɛɛ sɛnea wɔde hokwan mae ma wɔde sii 90 Sands Street dan no. Onua Larson kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea esii wɔ 1965 mu tɔnn no yɛ aniberesɛm.
Saa bere no, na Asafo ti no pɛ sɛ osi adwinnan a ɛtoa so du wɔ asase bi a na ɛtoa ne nhoma tintimbea foforo so no so, nanso na mpɔtam hɔ mmara ma kwan ma wosi abansoro dan a ɛtoa so abien pɛ. Adansi ho ɔbenfo bi penee so sɛ ɔbɛyɛ adansi ho nkrataa ama adwinnan foforo a yɛabɔ yɛn tirim sɛ yebesi no, nanso ɔkae sɛ: “Merenhaw me ho sɛ mede bɛkɔ akɔma baguafo no.” Ná onim sɛ Gyinapɛn ne Adesrɛde Ho Baguafo no rensesa sɛnea wɔahyehyɛ mpɔtam hɔ ho mmara no. Bere a wɔpenee ɔdan no nkrataa so no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn koraa na munyaa eyi!”
Larson toa so sɛ, nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a wɔyɛɛ mpɔtam hɔ adansi ho nsakrae maa yɛn adwinnan abansoro a ɛtoa so du no, wɔsesaa mpɔtam hɔ adan a ɛbɛn no nso de, a na 160 Jay Street dan no nso ka ho. Na anwonwasɛm ne sɛ, mpɔtam hɔ adansi ho mmara foforo no maa ahɔhodan si hokwan. Nanso Larson kae sɛ na ɛyɛ biribi a obiara ansusuw ho da—anyɛ yiye koraa no, mfirihyia 25 akyi ansa, bere a yefii ase sɛ yɛrepɛ baabi foforo asi Betel fie foforo no. Saa bere no na wobehuu mpɔtam hɔ adansi ho mmara no bio!
Onua Larson kyerɛɛ nea esii no mu sɛ: “Bere a yɛyɛɛ abansoro dan a ɛtoa so 30 ho nkrataa na yɛde kɔɔ beae a wɔhwɛ adansi so no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: ‘Morentumi nsi ofie wɔ ha. Adwinnan adwumayɛbea nkutoo na ɛwɔ ha, na wɔrensesa adansi ho mmara no mma mo.’
“Yɛka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ ‘ɛho renhia sɛ wɔsesa, wɔapene so sɛ beae a wobetumi asi ahɔhodan dedaw.’ Bere a wɔhwehwɛɛ wɔn kyerɛwtohɔ mu no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa yiye!” Larson de baa awiei sɛ: “Wiɛ, saa na ɛyɛe a yenyaa yɛn abansoro dan a ɛtoa so 30 yi.”
Yehowa Nhyira Da Adi
Bible mu odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Sɛ Yehowa ansi dan no a, wɔn a wosi no yɛ ho adwumaden kwa.” (Dwom 127:1, NW) Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nhyira wɔ adansi dwumadi a Yehowa Adansefo reyɛ de aboa wiase nyinaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu hyɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ no so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
Wɔn a wonyaa hokwan tiee dwumadi no September 18, 1995, no ani gyei wɔ nhyira a ɛte saa a ɛdaa adi wɔ ntrɛwmu a Yehowa asomfo wiase nyinaa adwumayɛbea ti no anya no ho. Yehowa nkurɔfo betumi anya ahotoso sɛ wɔbɛkɔ so anya ne nhyira bere a wɔkɔ so di n’ahyɛde so no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Engiresi Ɔwɛn-Aban, June 15, 1969, nkratafa 379-82.
[Kratafa 23 mfonini]
90 Sands St. • 1995
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]
Adan foforo a wohyiraa so no bi
97 Columbia Hts. • 1986
Bossert Hotel, 98 Montague St. • 1983
34 Orange St. • 1945
Standish Hotel, 169 Columbia Hts. • 1981
67 Livingston St. • 1989
108 Joralemon St. • 1988
Towers Hotel, 79-99 Willow St. • 1975
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
175 Pearl St. • 1983
69 Adams St. • 1991
360 Furman St. • 1983