Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 5/15 kr. 3
  • Nokware Ahobammɔ Botae a Wontumi Nnu Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware Ahobammɔ Botae a Wontumi Nnu Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Ahobammɔ Nnɛ ne Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Bue W’ani Kɛkɛ na Hwɛ”
    Nyan!—1997
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 5/15 kr. 3

Nokware Ahobammɔ Botae a Wontumi Nnu Ho

NÁ ARNOLD yɛ abofra a n’ani gye ne sebɔ abaduaba ho. Baabiara a ɔkɔ no, na ɔde ka ne ho kɔ—wɔ agodie mu, bere a ɔrekodidi, ne bere a ɔrekɔda. Wɔ ne fam no, ɔsebɔ no maa no awerɛkyekye, ahobammɔ. Da bi, asɛnkɛse bi sii. Ɔsebɔ no yerae!

Bere a Arnold resu no, ne maame, ne papa, ne ne nuanom mmarima mpanyimfo baasa hwehwɛɛ wɔn fie kɛse no mu sɛ wobehu ɔsebɔ no anaa. Awiei koraa no, wɔn mu biako hui wɔ adaka a wɔtwe bue bi mu. Ɛda adi sɛ Arnold na ɔde too hɔ, na ntɛm ara ne werɛ fii baabi a ɔde toe. Wɔde ɔsebɔ no san maa Arnold, na ɔpopaa n’aniwam nusu. Ɔtee anigye ne ahobammɔ nka bio.

Hwɛ anigye a anka ɛbɛyɛ sɛ wobetumi adi ɔhaw ahorow nyinaa ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so saa—ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw te sɛ nea wohu ɔsebɔ abaduaba wɔ adaka a wɔtwe bue mu no! Nanso, wɔ nnipa dodow no ara fam no, ahobammɔ ho asɛm yɛ ade a anibere wom na emu yɛ den sen saa koraa. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ baabiara no, nkurɔfo bisa sɛ, ‘Wobedi me nsɛmmɔne anaa wɔbɛyɛ me basabasa bi? M’adwuma betumi afi me nsa? M’abusua betumi anya aduan a ɛfata? Afoforo bɛpow me esiane me som anaa abusua a mifi mu nti?’

Nnipa dodow a wonni ahobammɔ no dɔɔso. Sɛnea Amanaman Nkabom kyerɛ no, ɛnyɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem abiɛsa nnya nyarewa a abu so ho ayaresa nko, na mmom wonnya nnuru titiriw nso. Nnipa bɛboro ɔpepepem biako na wodi hia buruburoo. Ɛmfa ho sɛ nnipa ɔpepepem biako na wotumi yɛ adwuma no, wonnya adwuma pa nyɛ. Aguanfo dodow renya nkɔanim. Ebeduu 1994 awiei no, na wɔahyɛ nnipa a wɔwɔ asase so bɛyɛ 115 biara mu 1 ma waguan afi ne fie. Esiane nnubɔne ho aguadi a ɛma wonya dɔla ɔpepepem 500 afe biara na ɛde nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a enni ano ba nti, nnipa ɔpepem pii asetra asɛe. Ɔko ma nnipa ɔpepem pii asetra gyigya. Wɔ 1993 nkutoo mu no, aman 42 na wɔde wɔn ho hyɛɛ akodi akɛse mu, na 37 foforo nso hyiaa amammui mu basabasayɛ.

Ɔko, ohia, nsɛmmɔnedi, ne nneɛma foforo a ɛde nnipa ahobammɔ to asiane mu no yɛ nneɛma a ɛbɔ abusua, na ɛrenya nkɔanim. Ɔhaw a ɛtete saa ho dwumadi nyɛ sebɔ abaduaba a ɛda adaka mu asɛm. Nokwarem no, ɛnyɛ nnipa na wobedi ho dwuma.

Onyankopɔn Asɛm Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Ɛnde, hena mu na yebetumi anya ahotoso? Kyerɛwsɛm yi toa so sɛ: “Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da Awurade, ne Nyankopɔn, so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa.”—Dwom 146:3-6.

Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔno na ɔde ahobammɔ bɛba asase yi so? Yebetumi anya asetra a ɛyɛ anigye na ahobammɔ wom mprempren? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛmma nnipa nnya ahobammɔ no afi hɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena