“Bue W’ani Kɛkɛ na Hwɛ”
DƐN na wo mma hu? Ɔko? Nsɛmmɔnedi? Efi? Ohia? Ɔyare? Yiw, eyinom yɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ ankasa daa. Nanso so woakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ daakye a ɛyɛ nwonwa a wɔhyɛɛ ho bɔ wɔ Bible mu no kwan wɔ nneɛma yi akyi? Joel Pierson a wadi mfe akron no awofo ayɛ eyi. Dɛn na afi mu aba?
Susuw nea Joel kyerɛw faa asɛm “Bue W’ani Kɛkɛ na Hwɛ” no ho. Wɔde asɛmti yi maa mmofra a wɔwɔ sukuu kuw bi a ɛwɔ Virginia, U.S.A. mu sɛ wɔnkyerɛw ho asɛm. Hyɛ sɛnea asɛm a Joel kyerɛw a wotintim wɔ atesɛm krataa The Central Virginian mu wɔ August 22, 1996 mu no kyerɛ sɛ n’anidaso gyina nea wasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no so no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Bue w’ani kɛkɛ na hwɛ, sɛnea wɔpɛe sɛ biribiara yɛ fɛ no.
“So ɛrenyɛ nwonwa sɛ wobɛsɔre anɔpa bi na wobɛte sɛ efi nni hɔ bio? Sɛ anka wɔbɛka akunkumakunkum ne nsɛmmɔnedi ho asɛm wɔ amanneɛbɔ nsɛm mu no, asomdwoe ne anigye na ɛwɔ nkurɔfo asetra mu.
“Afipamfo bom yɛ adwuma de boa wɔn adamfo bi ma osi ne fi. Nkyɛn pɛɛ no, yehu sɛ afoforo reyɛ turo. Ɛnyɛ eyi nkutoo na wɔyɛ, na mmom wɔwɔ adwempa. Wɔn nyinaa ka bom boa wɔn ho wɔn ho. Ahiafo nni hɔ bio, na aduan bebu so. Biakoyɛ ne asomdwoe bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa. Obiara renni kɔm da na ɔnyare bio. Nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ hɔ a obiara bɛhwɛ, na abofra bi te ɔsebɔ so! Ɛnyɛ ɔsebɔ no nko na mmom mmoa no nyinaa ne nnipa te asomdwoe mu.
“Mɛpɛ sɛ metra beae a ɛte sɛ eyi. Wopɛ sɛ wo ne me tra hɔ?”
So Onyankopɔn hyɛ nhyira te sɛ nea Joel ka ho asɛm wɔ ha no ho bɔ ampa? Nokwarem no, ɔyɛ! Yɛsrɛ sɛ bue wo Bible na kenkan bɔhyɛ ahorow te sɛ nea ɛwɔ Dwom 46:8, 9; 67:6; 72:16; Yesaia 2:3, 4; 11:6-9; 33:24; 65:17-25; Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4 ho asɛm.