Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/15 kr. 2-3
  • Bɔhyɛ Asase no So Nsrahwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔhyɛ Asase no So Nsrahwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Monkyɛ Asaase No Sɛ Mo Agyapade’
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Bɔhyɛ Asase no So Asuade Ahorow a Mfaso Wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Yehowa Di Hene
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/15 kr. 2-3

Bɔhyɛ Asase no So Nsrahwɛ

FA NO sɛ w’adamfo bi aka akyerɛ wo sɛ watɔ ofie foforo bi a ɛwɔ baabi a ɛhɔ yɛ fɛ na ɛhɔ yɛ dinn ama wo—sɛ akyɛde. Wubebisa wo ho sɛ ‘ɛte dɛn?’ Akyinnye biara nni ho sɛ wo ho bɛpere wo sɛ w’ankasa wubehu fie no, na woakyinkyin mu ahwɛ ɔdan biara mu. Anyɛ yiye koraa no, eyi yɛ wo fie foforo!

Wɔ 1473 A.Y.B. mu no, Yehowa de ofie foforo bi maa tete Israel man no—Bɔhyɛ Asase no, asasesin ketewa bi a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ne tenten fi kusuu fam kosi kesee fam no bɛyɛ kilomita 500, na ne kɛse yɛ kilomita 55.a Ná Bɔhyɛ Asase yi a ɛda baabi a wɔfrɛ hɔ Srade Asase no yɛ beae a ɛyɛ anigye sɛ wɔtra, na na nneɛma pii wɔ so.

Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani gye “ofie” bi a wɔde maa obi foforo, titiriw obi a ɔtraa ase bere tenten a atwam no ho nnɛ? Efisɛ saa abakɔsɛm mu asase yi ho nimdeɛ a wubenya no betumi ama anisɔ a wowɔ ma Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow no atu mpɔn. Ɔbenfo Yohanan Aharoni a waka baabi no kyerɛwee sɛ: “Wɔ Bible mu asase no so no, asase ho nsɛm ne abakɔsɛm wɔ abusuabɔ araa ma wuntumi nte emu biara ase ankasa a foforo mmoa nka ho.” Bio nso, mpɔn a Bɔhyɛ Asase no tui no yɛɛ Paradise a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ase a ɛnkyɛ adesamma nsa bɛka wɔ asase nyinaa so no ho nhwɛso ketewa bi!—Yesaia 11:9.

Wɔ Yesu Kristo asase so som adwuma mu no, ɔde nneɛma a wɔtaa hu wɔ Bɔhyɛ Asase no so dii dwuma de yɛɛ asuade a mfaso wɔ so kyerɛkyerɛe. (Mateo 13:24-32; 25:31-46; Luka 13:6-9) Yɛn nso yebetumi asua pii wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so afi tete Palestina ho nneɛma bi a yebesusuw ho mu. Momma yenkyinkyin n’adan no bi mu, sɛnea yɛbɛka no no, nhwɛ asase yi a ɛyɛɛ ofie maa Onyankopɔn nkurɔfo mfehaha pii no so nneɛma a egu ahorow no bi. Sɛnea yebehu no, pii wɔ hɔ a yebetumi asua afi Bɔhyɛ Asase no so.

[Ase hɔ asɛm]

a “Bɔhyɛ Asase” a wɔde adi dwuma wɔ saa nsɛm yi mu no gyina sɛnea na nneɛma te wɔ tete mmere mu so sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no, na ɛnyɛ sɛnea amammui/nyamesom ho nsɛm te wɔ ɔmantam no mu nnɛ no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Garo Nalbandian

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena