Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/1 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomafo no Kaa sɛ Yesu Mma Wɔn Sɛnkyerɛnne
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Sɛnea Yebetumi Ahu sɛ Harmagedon Abɛn
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho Nokwasɛm
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Mprempren Nhyehyɛe Yi Bɛtra Hɔ Akosi Bere Bɛn?
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/1 kr. 30-31

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So seesei Yesu nim bere a Harmagedon bɛba?

Ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yebegye adi sɛ onim.

Ebia nea ɛyɛe a asɛmmisa yi sɔree no mpo bɛyɛ ebinom nwonwa. Ɛda adi sɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 24:36, NW no ntia: “Ɛdefa ɛda no ne dɔn ko no ho de obiara nnim, ɔsoro abɔfo anaa Ɔba no nnim, gye Agya no nko.” Hyɛ asɛm “anaa Ɔba no” nsow.

Saa nkyekyem yi yɛ asomafo no asɛmmisa no ho mmuae a Yesu de mae no fã: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3) Wɔ ne nkɔmhyɛ a agye din seesei a ɛfa adanse ahorow a ɛka bom yɛ “sɛnkyerɛnne” no ho mu no, ɔka siei sɛ akodi, ɔkɔm, asasewosow, nokware Kristofo a wɔbɛtaa wɔn, ne asase so nneɛma foforo na ɛbɛkyerɛ ne ba a waba no. N’akyidifo nam sɛnkyerɛnne yi so behu sɛ awiei no abɛn. Ɔde bere a borɔdɔma fi ase yi nhaban a na ɛkyerɛ sɛ ahohuru bere abɛn na ɛyɛɛ bɛn a ɛda no abɛn no ho mfatoho. Ɔde kaa ho sɛ: “Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu pon ano!”—Mateo 24:33.

Nanso Yesu anka bere pɔtee a awiei no bɛba. Na mmom ɔkaa nea yɛkenkan wɔ Mateo 24:36 no. Saa na akenkan no te wɔ New World Translation of the Holy Scriptures mu, na saa na nnɛyi Bible pii kenkan. Nanso, “anaa [anaasɛ, ne] Ɔba no” nni tete nkyerɛase ahorow bi mu.

Sɛ nhwɛso no, Katolek Douay Version kenkan sɛ: “Na obiara nnim ɛda no ne dɔn no, ɔsoro abɔfo nnim, gye Agya no nko.” Saa ara na King James Version kenkan. Dɛn nti na wɔayi “anaa Ɔba no” afi mu, ɛmfa ho sɛ wohu wɔ Marko 13:32 no? Efisɛ wɔ afeha a ɛto so 17 mfiase hɔ no, bere a na wɔresiesie saa nkyerɛase abien no, na asɛm no nni nsaano nkyerɛwee a nsɛm asekyerɛfo no de dii dwuma no mu. Nanso, seesei de wɔahu tete Hela nsaano nkyerɛwee pii. Asɛm “anaa Ɔba no” wɔ Mateo 24:36 wɔ nsaano nkyerɛwee a ɛbɛn Mateo mfitiase nkyerɛwee no pɛɛ no mu.

Nea ɛyɛ anigye no, asɛm no wɔ Katolek Jerusalem Bible mu, na asehɔ asɛm de ka ho sɛ “ebia nkyerɛkyerɛ ho asɛm nti” na Latin Vulgate yii asɛm no fii mu. Ɛyɛ nokwasɛm! Ebetumi aba sɛ nsɛm asekyerɛfo ne akyerɛwfo a wogye Baasakoro di na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobeyi asɛm a ɛkyerɛ sɛ na Yesu nni nimdeɛ a N’agya wɔ no afi mu. Ɛbɛyɛ dɛn na Yesu ntumi nhu nokwasɛm bi, sɛ ɔne N’agya ka nnipa baasa a wɔka bom yɛ Onyankopɔn no ho a?

Saa ara na A Textual Commentary on the Greek New Testament, a B. M. Metzger kyerɛwee no ka sɛ: “Nsɛmfua ‘anaa Ɔba no’ nni [nsaano nkyerɛwee] atitiriw a edi Mateo ho adanse no mu dodow no ara mu, a Byzantine nkyerɛwee a wɔyɛe akyiri yi ara no ka ho. Nanso, asɛm no wɔ Alexander, Atɔe fam, ne Caesarean nkyerɛwee atitiriw no ara mu. Ebetumi ayɛ nokware kɛse sɛ nkyerɛkyerɛ ho haw nti na woyii nsɛmfua no fii mu sen sɛ yɛbɛka sɛ wɔde bɛkaa” Marko 13:32 ho.—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Sɛnea saa tete nsaano nkyerɛwee “atitiriw” no kenkan no foa ɛda no ho nimdeɛ a ɛyɛ nnidiso na ntease wom no so. Ná abɔfo nnim dɔn a awiei no bɛba; na Ɔba no nso saa ara; gye Agya no nko. Na eyi ne Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 20:23 hyia, baabi a ɔkae sɛ onni tumi sɛ ɔde gyinabea atitiriw bɛma wɔ Ahenni no mu, na mmom Agya no no.

Enti, Yesu ankasa nsɛm kyerɛ sɛ ɔwɔ asase so no na onnim ɛda a ‘wiase awiei no bɛba.’ So efi saa bere no wahu?

Adiyisɛm 6:2 ka Yesu ho asɛm sɛ ɔte ɔpɔnkɔ fitaa bi so na ofii adi a “ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” Wɔn a wodidi so ba ne apɔnkɔsotefo a wogyina hɔ ma akodi, ɔkɔm, ne ɔyaredɔm, te sɛ nea yɛahu fi bere a Wiase Ko I fii ase wɔ 1914 mu no. Yehowa Adansefo gye di sɛ 1914 na wɔde Yesu sii agua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene, nea obedi ɔko a wɔrebɛko atia asase so nneɛma bɔne no anim. (Adiyisɛm 6:3-8; 19:11-16) Esiane sɛ wɔama Yesu tumi seesei sɛ nea obedi nkonim wɔ Onyankopɔn din mu nti, ɛte sɛ nea ntease wom sɛ N’agya aka bere a awiei no bɛba, bere a ‘obewie ne nkonimdi koraa’ no akyerɛ no.

Wɔnkaa ɛda no nkyerɛɛ yɛn a yɛwɔ asase so no, enti Yesu nsɛm no da so ara fa yɛn ho sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn . . . na munnim da ko a bere no du. . . . Nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!”—Marko 13:33-37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena