Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/15 kr. 22-26
  • “Adanse Kuw” Wɔ “Onyankopɔn Bepɔw” Asase So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adanse Kuw” Wɔ “Onyankopɔn Bepɔw” Asase So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Wɔde Ɔkorow, Trɔtrɔ, Anaa Baesekre na Ɛkɔ?
  • Wɔ Nkuraase Tɔnn
  • Kusuu Fam Nohoa
  • Nkuropɔn Mu Adansedi
  • Woreyɛ Nsrahwɛ Ho Nhyehyɛe?
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/15 kr. 22-26

“Adanse Kuw” Wɔ “Onyankopɔn Bepɔw” Asase So

SƐ WOHWƐ asasepɔn no mfonini na wudi akyi fi Afrika Atɔe fam mpoano, na wode w’ani kyerɛ apuei fam fa Guinea Faka no ho wɔ beae a mpoano asase no akɔntɔn kɔ kesee fam no a, wubehu Cameroon. Sɛ wotoa so fa mpoano hɔ kɔ kesee fam a, wubedu mpoano tɛtrɛɛ bi a ɛhɔ anhwea yɛ tuntum. Anhwea tuntum no fi Bepɔw Cameroon a ɛpaapae no mu.

Wohu bepɔw a n’atifi yɛ srɔnsrɔn a ne tenten yɛ mita 4,070 no wɔ baabiara. Sɛ owia a ɛrekɔtɔ no hann tɔ Bepɔw Cameroon so a, wohu kɔla ahorow a ɛyɛ fɛ—afasebiri, akokɔsrade, sika, ne kɔkɔɔ. Ɛpo no ne ɔwora a ɛbemmɛn hɔ no ma eyinom nyinaa hyerɛn te sɛ ahwehwɛ, na ɛma ɛyɛ den sɛ wubehu nsonsonoe a ɛda wim ne asase ntam. Ɛnyɛ den sɛ wobɛte nea enti a abosonsomfo mmusua a wɔwɔ ɔmantam yi mu too bepɔw no din Mongo Ma Loba a wɔkyerɛ ase sɛ “anyame Teaseɛnam” anaa sɛnea wɔtaa frɛ no no, “Onyankopɔn Bepɔw.”

Wɔ kesee fam nohoa no, wuhu mpoano a ɛtrɛw akwansin pii a ɛhɔ anhwea yɛ fitaa na kube nnua sesa so wɔ hɔ no. Mpoano fɛfɛ no akyi no, ɔman no fã kɛse yɛ kwaebirentuw, na ɛtrɛw kɔ wɔn ne Congo ahye so kosi Central African Republic ne Nigeria kusuu fam ne Chad, a ɛwɔ Sahara anafo fam. Ɔman no atɔe fam yɛ mmepɔwmmepɔw, na ɛma Europa mmeae bi ho adwene ba ɔkwantufo no adwenem. Wim tebea a ɛyɛ hyew no remma wo werɛ mfi sɛ wo ne nkyɛmpɛ no ntam kwan nware. Ne nkuraase tebea a egu ahorow no ama akwankyerɛfo a wɔde nsrahwɛfo kyin no aka sɛ Cameroon yɛ Afrika ho mfonini ketewa. Mmusuakuw ne kasa horow bɛboro 220 a wogye tom no si saa adwene yi so dua.

Sɛ worekɔsra Cameroon a, anka ebia wobɛtra ahɔhodan akɛse a ɛwɔ po so ahyɛn gyinabea a ɛwɔ Douala, anaa n’ahenkurow, Yaoundé no biako mu. Nanso anka wunnya hokwan a wode behu nnipa no asetra, titiriw Yehowa Adansefo bɛboro 24,000 a wɔrehyehyɛ “adanse kuw” a adagyew nnim koraa wɔ “Onyankopɔn Bepɔw” asase no so baabiara no asetra.a Dɛn nti na wuntu kwan mfa ɔman no mu nkohyia wɔn mu bi? Mfaso pii befi Afrika Atɔe fam ɔman yi a wobɛkɔ akɔhwehwɛ hɔ no mu aba.

Wɔde Ɔkorow, Trɔtrɔ, Anaa Baesekre na Ɛkɔ?

Sanaga, asubɔnten a ɛware sen biara wɔ Cameroon no dan asubɔe kɛse wɔ beae a ɛbɔ po mu no. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo nyinaa adu ɔmanfo a wɔte ɔmantam kɛse yi mu nkyɛn no, wɔtaa de akorow na etu kwan. Eyi na Ahenni adawurubɔfo baakron a wɔwɔ kuw ketewaa a ɛwɔ Mbiako no mu no yɛ. Wɔn mu baanu te Yoyo akuraa a ɛwɔ kilomita 25 tɔnn no ase. Ehia sɛ wɔhare denneennen na wɔadu Mbiako, nanso wɔntoto Kristofo nhyiam horow mu. Bere a ɔhwɛfo kwantufo bi kɔsraa saa kuw yi no, ɔpɛe sɛ oyi Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no kyerɛ wɔn. Nanso na ɛnyɛ ade a ɛda fam. Wɔ akuraa a atew ne ho a ɛte sɛɛ ase no, ɛhe na obenya video kasɛt afiri, television, ne anyinam ahoɔden a ɔde beyi?

Wɔ dapɛn a ɔkɔsraa hɔ no mu no, adawurubɔfo no bi kɔɔ asɔre bi a ɛwɔ hɔ no sɔfo nkyɛn. Ɔsɔfo no gyee wɔn fɛw so maa wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔne no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ anigye so. Bere a anuanom hui sɛ ɛnyɛ VCR nko na ɔsɔfo no wɔ, na mmom afiri a ɛma anyinam ahoɔden nso no, wɔde ehu too nkyɛn bisae sɛ ebia ɔde n’afiri no bɛfɛm wɔn anaa. Esiane sɛ ɔsɔfo no ani gyee Bible mu nkɔmmɔ a wodii kan ne no bɔe no ho nti, ɔpenee so sɛ ɔbɛboa. Memeneda anwummere no, nnipa 102, a ɔsɔfo ne n’asɔre mma no mu dodow ara ka ho no, ba bɛhwɛɛ bi. Adansefo baanu a wofi Yoyo no de anigyefo pii faa akorow abien bae. Wɔammu no sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛhare afa nsu a ayiri no ɔhweam mu. Wɔhwɛɛ video no wiei akyi no, ɛkanyan wɔn na ɛhyɛɛ wɔn nkuran, na wɔn ani gyee sɛ wɔka ahyehyɛde kɛse a n’atirimpɔw ne sɛ ebedi Yehowa ni no ho.

Sɛ worekɔ beae a akorow ntumi nkɔ a, wubetumi afa trɔtrɔ. Beae a saa trɔtrɔ no gyina twɛn akwantufo no yɛ bagyabagya bere nyinaa. Ɛnyɛ den sɛ w’ani so bɛtan wo koraa wɔ wɔn a wɔtɔn nsu, kwadu, ne bɔs ho mmarimaa no ntam. Bɔs ho mmarimaa no adwuma ne sɛ wɔbɛboa akwantufo ma wɔaforo trɔtrɔ a ɛretwɛn akwantufo, a sɛnea wɔkyerɛ no “ayɛ krado” sɛ ebetu no. Nanso ɛnsɛ sɛ wofa “krado” a wɔka sɛ ayɛ no aniberesɛm. Ɛsɛ sɛ akwantufo twɛn nnɔnhwerew pii, ɛtɔ mmere bi mpo a nna dodow bi. Bere a wɔapia akwantufo no nyinaa ahyem na ofirikafo no akyekyere nneɛma, nnuan mmɔtɔ, ne ɛtɔ mmere bi a nkokɔ ne mmirekyi wɔ so awie no, trɔtrɔ no te si mfutukwan abonabon a tutuw wɔ so no so.

Ɔhwɛfo kwantuni bi a ɔkwan a wɔfa so tu kwan yi afono no no, pawee sɛ ne nkutoo betu kwan no. Seesei ɔde baesekre na etu n’akwan nyinaa. Ɔka sɛ: “Efi bere a meyɛɛ m’adwene sɛ mede baesekre bɛsrasra asafo no, bere nyinaa midu bere ano wɔ nsrahwɛ no mu. Ɛwom, akwantu no betumi agye nnɔnhwerew pii de, nanso anyɛ yiye koraa no, memfa da koro anaa nnanu ntwɛn trɔtrɔ no. Sɛ edu osutɔ bere a, ɛkame ayɛ sɛ nsu yiri fa akwan no bi koraa. Ɛsɛ sɛ wuyi wo mpaboa ansa na woatumi atwa atɛkyɛ ne nsu a atrɛtrɛw no. Da bi, me mpaboa biako tɔɔ asuten bi mu na manhu kosii adapɛn pii akyi, bere a mpofirim ara ɛne Ɔdansefo biako babea a ɔreyi mpataa hyiae! Ɛyɛ me anigye sɛ mitumi hyɛ mpaboa yi bio, bere a biako ne mpataa kodii nna kakra no. Ɛtɔ mmere bi a, mefa mmeae a Yehowa Adansefo nkaa asɛm wɔ hɔ da. Bere nyinaa nkuraasefo no bisa me nea mede bae. Enti mema nsɛmma nhoma ne nhomawa bɛn me. Bere biara a megyina no, mema eyinom Bible ho nhoma na mede bere tiaa di adanse. Migye di sɛ Yehowa bɛma nokware aba yi anyin.”

Wɔ Nkuraase Tɔnn

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka Ahenni asɛmpa no akyerɛ afoforo a wɔte akyirikyiri wɔ Cameroon mfinimfini mpo, wɔ nkuraa a ɛhyehyɛ kwaem tɔnn no ase. Eyi gye mmɔdenbɔ kɛse, nanso nea efi mu ba no yɛ anigye.

Marie a ɔyɛ bere nyinaa somfo no ne abeawa bi a wɔfrɛ no Arlette, fii Bible adesua ase. Bere a wowiee adesua a edi kan no, Marie srɛɛ Arlette sɛ onkogya no kwan, sɛnea amammerɛ a ɛwɔ Afrika fã ha te no. Nanso, abeawa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane ne nan a ɛyɛ no yaw nti, ontumi nnantew. Ná sommɔre bi a ɔbere no wura honam no mu ma ɛhɔ hon hyehyɛ Arlette nan mu. Marie de akokoduru yiyii sommɔre no mmiako mmiako. Akyiri yi nso obehui sɛ adaemone haw abeawa yi anadwo. Marie too ne bo ase kyerɛkyerɛɛ sɛnea obi betumi anya Yehowa mu ahotoso mu, ne titiriw no denam ne din a ɔbɛbɔ no denneennen so.—Mmebusɛm 18:10.

Arlette nyaa nkɔso ntɛmntɛm. Mfitiase no, n’abusuafo anhu adesua no ho mfomso biara esiane honam ne adwene mu nkɔso a na ɔrenya no nti. Nanso bere a wohui sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, wɔbaraa no sɛ onnyae adesua no. Adapɛn abiɛsa akyi, bere a Arlette maame huu sɛnea ne babea no ahaw no, ɔkɔɔ Marie nkyɛn na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan mmefi adesua no ase bio.

Bere a ɛbae sɛ wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam no, Marie tuaa ofirikafo bi ka sɛ ɔmmɛfa Arlette nkɔ nnanu no nyinaa. Nanso ofirikafo no ankɔ Arlette fie efisɛ na wasi gyinae sɛ lɔre ntumi mfa ɔkwan a efi ne fie ba kar kwan mu no so. Enti Marie bɔɔ mmɔden de abeawa no baa kar kwan ho. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa hyiraa mmɔdenbɔ yi so. Ɛnnɛ, Arlette kɔ asafo nhyiam horow nyinaa. Sɛnea ɛbɛboa no ma wayɛ eyi no, Marie bɛfa no daa a ɔmmrɛ. Wɔbom twa simma 75 kwan no kɔ ba. Esiane sɛ wofi Kwasida nhyiam no ase anɔpa 8:30 nti, ɛsɛ sɛ Marie fi fie 6:30; nanso wotumi du hɔ bere ano. Arlette hwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ koraa ɔde nsu mu asubɔ bɛyɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Marie ka sɛ: “Obi a wanhu bere a ofii adesua no ase no ntumi nhu sɛnea wasakra no. Meda Yehowa ase yiye wɔ ɔkwan a wafa so ahyira no no ho.” Nokwarem, Marie yɛ ɔdɔ a ɛda ho a wɔde bɔ afɔre adi ho nhwɛso fɛfɛ.

Kusuu Fam Nohoa

Nneɛma a ɛda nsow na ɛyɛ nwonwa nyɛ na wɔ Cameroon Kusuu fam. Edu osutɔ bere mu a, ɛhɔ dan turo frɔmfrɔm kɛse. Nanso sɛ owia a ano yɛ den no fi ase bɔ a, sare no guan. Edu owigyinae a owia no ano yɛ den paa a wonnya onwini biara no a, nguanten de wɔn ho fomfam adan fasu kɔkɔɔ no ho. Ade a ɛyɛ ahabammono a wuhu wɔ anhwea ne sare a agunguan no ntam ara ne nufuten nnua nhaban kakraa bi. Ɛwom sɛ eyi nyɛ akɛse te sɛ nnua a ɛte saa ara a ɛwɔ kwaebirentu no mu no de, nanso etumi gyina wim tebea biara ano. Sɛnea etumi gyina tebea a enye koraa ano no yɛ nea wobetumi de ayɛ nsi ne akokoduru a Adansefo kakraa bi a wɔakɔtra ɔmantam yi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma nokware hann no ahyerɛn ho mfatoho.

Bɛyɛ kilomita 500 kosi 800 na ɛda Asafo horow a ɛwɔ hɔ no bi ntam, na ɛda adi sɛ wɔte ankonamyɛ nka ankasa. Nanso wɔn a wɔkyerɛ anigye no dɔɔso. Adansefo a wofi mmeae foforo ba ha bɛboa. Nea ɛbɛyɛ na wɔatu mpɔn wɔ ɔsom adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ wosua ɛhɔ kasa, Foufouldé.

Ɔdansefo bi a ofi Garoua yɛɛ n’adwene sɛ obedi nna kakra de aka asɛm wɔ n’akuraa a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 160 no ase. Onyaa anigyefo bi, nanso aboɔden a na kar gye nti, amma wantumi ankɔ hɔ ntoatoaso. Adapɛn kakraa bi akyi no, Ɔdansefo no nsa kaa krataa bi fii anigyefo no biako hɔ a na ɔresrɛ no sɛ ɔmmɛsra wɔn bio. Sika a ɔde bɛfa kar akɔ a na onnya nnyaa bi nti, wantumi ankɔ. Susuw sɛnea Ɔdansefo no ho dwiriw no, bere a onii no baa ne fie wɔ Garoua bɛka kyerɛɛ no sɛ akuraa no ase nnipa du rehwɛ kwan sɛ ɔbɛba abɛsra wɔn no!

Wɔ akuraa foforo a ɛbɛn wɔne Chadfo hye so no, anigyefo kuw a wɔn ano si 50 ayɛ wɔn ankasa Bible adesua ho nhyehyɛe. Wɔayɛ nhyehyɛe ma wɔn mu baasa kɔ asafo a ɛbɛn hɔ no nhyiam wɔ Chad. Sɛ wɔba a, eyinom ne kuw no mufo nyinaa yɛ Bible adesua. Nokwarem no, Yesu nsɛm yi fata wɔ ha: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!”—Mateo 9:37, 38.

Nkuropɔn Mu Adansedi

Mfe pii a na wonnya Ɔwɛn-Aban ne Nyan! akyi no, bɛyɛ mfe abien ni, ɛho nyɛ den bio wɔ Cameroon. Esiane sɛ eyi ne bere a edi kan koraa a nnipa pii rekenkan nsɛmma nhoma yi nti, wɔkyerɛ ho anisɔ ne anigye kɛse. Akwampaefo titiriw awarefo nkumaa bi a wɔde wɔn kɔɔ nkuropɔn no biako mu no maa nsɛmma nhoma 86 anɔpa a edi kan a wɔkɔɔ asɛnka wɔ wɔn asasesin foforo yi mu no. Adawurubɔfo binom ma nsɛmma nhoma 250 wɔ ɔsram biako pɛ mu! Dɛn na ɛma wotu mpɔn saa? Wɔde nsɛmma nhoma ma obiara.

Ɔdansefo bi a ɔyɛ adwuma wɔ adwumayɛbea bi a ɔmanfo ba hɔ no de nsɛmma nhoma gu beae bi a nkurɔfo behu bere nyinaa. Ɔbea biako hwɛɛ nsɛmma nhoma no nanso wamfa bi. Ɔdansefo no hui sɛ n’ani gye ho ma enti ɔmaa no biako, na ogyei. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ade kyee no ɔsan baa bio. Ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ otua nsɛmma nhoma a ogyee no ka nko, na mmom ɔhwehwɛɛ pii nso. Dɛn ntia? Esiane sɛ na wɔato no mmonnaa pɛn nti, ɔfaa nsɛmma nhoma a ɛka ho asɛm no. Ná wakenkan asan ati mu akenkan afotu a ɛde mae no anadwo mũ no nyinaa. Bere a ne koma atɔ ne yam yiye no, ɔpɛe sɛ ohu Yehowa Adansefo ho nsɛm pii.

Mmofra nkumaa mpo betumi anya Bible mu anidaso asɛm no ka mu kyɛfa. Bere a Ɔdansefo abeawa bi a wadi mfe asia kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnto Katolekfo nnwom no, wanto, na ɔkae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔkyerɛkyerɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɛnde ɔnto ne som mu nnwom no biako sɛnea ɛbɛyɛ a obenya biribi agyina so de akyerɛ ne mmɔdenbɔ wɔ nnwonto mu. Ɔpaw dwom a wɔato din “Onyankopɔn Paradise Ho Bɔhyɛ” na ɔto fii ne tirim. Ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa no sɛ: “Wobɔɔ paradise din wɔ wo dwom no mu. Ɛhe na paradise yi wɔ?” Abeawa no kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɛrenkyɛ ɔde Paradise bɛba asase so bio no mu. Abeawa no mmuae no maa ne ho dwiriw no ma enti ɔka kyerɛɛ n’awofo sɛ wɔmmrɛ no nhoma ko a ɔresua no bi. Ná ɔpɛ sɛ ogyina nea abeawa no asua wɔ saa nhoma no mu so kyerɛ ne mmɔdenbɔ sen sɛ obegyina nea wakyerɛ no wɔ bere a wɔyɛ ɔsom ho adesua no so. Awofo no de nyansahyɛ maa ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ sɛ ɔpɛ sɛ otumi kyerɛ sɛnea abeawa no bɔ mmɔden no yiye de a, ɛnde ɛsɛ sɛ n’ankasa di kan sua ansa. Wɔne no fii Bible adesua ase.

Woreyɛ Nsrahwɛ Ho Nhyehyɛe?

Wɔ wiase no mmeae pii nnɛ no, nnipa yɛ anibiannaso wɔ Ahenni asɛmpa no ho. Wɔn ani nnye Onyankopɔn anaa Bible no ho. Ehu aka afoforo araa ma wontie na wonnye ɔhɔho biara wɔ wɔn pon ano. Eyinom nyinaa yɛ asɛnnennen ankasa ma Yehowa Adansefo wɔ wɔn som adwuma no mu. Nanso hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ Cameroon!

Apon ne apon ano asɛnka yɛ anigye kɛkɛ wɔ ha. Sɛ anka wobɛbɔ pon mu no, wɔn amammerɛ ne sɛ wɔbɛteɛm aka sɛ “Kong, kong, kong.” Afei ɛnne bi fi dan mu bua sɛ, “Ɛyɛ hena?” na ɛno akyi no, yɛda yɛn ho adi sɛ Yehowa Adansefo. Awofo no taa ma mmofra de mmenkyi sisi dua bi nwini mu, ebia mango dua. Yɛde anigye kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni yɛ ne nea ɛbɛyɛ de ayi adesamma tebea bɔne no afi hɔ mu.

Wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ bi akyi no, awuraa bi fi ne komam kae sɛ: “Ɛyɛ me awerɛhow sɛ mahu sɛ nokware a merehwehwɛ no nni ɔsom a wɔwoo me toom na manyin wom no mu. Meda Onyankopɔn ase sɛ wama mahu nokware no. Ná meyɛ ɔsɔfowa kumaa wɔ m’asɔre mu. Ná Ɔbaabun Maria honi di ɔsɔfokumaa biara fie dapɛn biako sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu biara betumi de n’adesrɛde ato n’anim. Me de, daa mibisa Maria sɛ ɔmmoa me mma minhu nokware no. Afei de Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnyɛ Maria na ɔwɔ nokware no. Meda Yehowa ase.”

Enti sɛ ɛba sɛ da bi wopɛ sɛ wunya anigye a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu a, dɛn nti na wonkɔsra Afrika Atɔe fam beae yi? Wɔ ebia ɔkorow, trɔtrɔ, anaa baesekre a wonam so behu “Afrika ho mfonini ketewaa” no akyi no, wobɛboa nso ma “adanse kuw” a wɔrehyehyɛ wɔ “Onyankopɔn Bepɔw” asase so no akɔ so.

[Ase hɔ asɛm]

a “Adanse Kuw” yɛ Hebri asɛmfua “Gilead” no asekyerɛ. Efi 1943 mu no, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no de asɛmpatrɛwfo akɔ akofi asɛnka adwuma ase wɔ wiase nyinaa a Cameroon ka ho.

[Asɛm Fibea wɔ kratafa 22]

Asase mfonini: Mountain High Maps® Copyright © 1995 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena