Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/15 kr. 30-31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛne Mo Bɛkɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Dɛn Na Awurade Anwummeduan No Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • ‘Honhom No Ankasa Di Adanse’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nneɛma A Ɛwɔ Soro Ne Nea Ɛwɔ Asase So A Wɔbɛka Abom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/15 kr. 30-31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Mfe bi amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nnipa a wonyaa Nkaedi abodoo ne bobesa no mu kyɛfa no dodow kɔɔ soro kakraa bi. Eyi kyerɛ sɛ wɔde honhom kronkron resra afoforo pii anaa?

Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ Kristofo 144,000 a wɔasra wɔn no dodow soe mfe du du pii a atwam no.

Wɔ Asomafo no Nnwuma 2:1-4 no, yɛkenkan wɔ saa kuw a wonim wɔn dodow no mufo a wodi kan no ho sɛ: “Na Pentekoste da no tɔe no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ fi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ ofi a wɔte mu no ma. Na tɛkrɛma a wɔapaapae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ebesisii wɔn atifi mmiako mmiako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wofii ase kasaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.”

Ɛno akyi no, Yehowa paw afoforo, na ɔde ne honhom kronkron sraa wɔn. Nnipa ɔpepem pii bɛkaa ho wɔ Kristosom mfe a edi kan pɛɛ no mu. Wɔ yɛn bere yi mu Nkaedi no ase no, mpɛn pii na ɔkasafo no twe adwene si ɔsomafo Paulo nsɛm a ɛwɔ Romafo 8:15-17 a ɛka sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ‘nya abagye honhom sɛ mma’ no so. Paulo de kaa ho sɛ honhom kronkron a wonya no ‘ne wɔn honhom di adanse sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mma, Kristo yɔnkodifo.’ Wɔn a wɔde honhom yi asra wɔn ampa no nim pefee. Ɛnyɛ biribi a obi pɛ sɛ onya anaasɛ nkate ne nsusuwii bi a ɛnteɛ a onya wɔ ne ho kɛkɛ.

Yɛte ase sɛ saa ɔsoro frɛ yi kɔɔ so wɔ mfehaha no nyinaa mu, ɛwom sɛ wɔ nea wɔfrɛ no Esum Mmere no mu no, na bere bi bɛwɔ hɔ a wɔn a wɔasra wɔn no dodow bɛyɛ kakraa bi de.a Bere a wɔsan de Kristosom sii hɔ wɔ afeha a etwaam no awiei no, wɔfrɛɛ nnipa pii paw wɔn. Nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔ 1930 mfe no mfinimfini no, wonyaa 144,000 no nyinaa wiei. Enti Kristofo anokwafo kuw bi a wɔwɔ asase so anidaso fii ase daa adi. Yesu frɛɛ saafo no “nguan foforo,” a wɔne wɔn a wɔasra wɔn no bom som sɛ kuw biako a wɔapene wɔn so.—Yohane 10:14-16.

Nokwasɛm ahorow a asisi wɔ mfe du du a atwam mu no kyerɛ sɛ wɔafrɛ wɔn a wɔasra wɔn no awie, na afei nso Yehowa rehyira “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso a wɔn anidaso ne sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse no” mu no. (Adiyisɛm 7:9, 14) Sɛ nhwɛso no, wɔ 1935 Nkaedi no a nnipa 63,146 na wɔkɔɔ bi no ase no, wɔn a wonyaa abodoo ne bobesa no mu kyɛfa de dii adanse sɛ wɔasra wɔn no dodow sii 52,465. Mfe aduasa akyi, anaasɛ wɔ 1965 mu no, na nnipa a wɔkɔɔ bi no yɛ 1,933,089, na wɔn a wonyaa mu kyɛfa no so tew baa 11,550. Sɛ yɛba yɛn anim mfe 30 a, wɔ 1995 mu no, nnipa a wɔkɔɔ bi no dodow kɔɔ soro koduu 13,147,201, nanso 8,645 pɛ na wonyaa abodoo ne bobesa no mu kyɛfa. (1 Korintofo 11:23-26) Ɛda adi pefee sɛ bere a mfe no kɔɔ n’anim no, nnipa dodow a na wɔkyerɛ sɛ wɔka nkaefo no ho no so tew koraa—bɛyɛ 52,400 wɔ 1935 mu; 11,500 wɔ 1965 mu; 8,600 wɔ 1995 mu. Nanso wɔahyira wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no, na wɔn dodow akɔ soro kɛse.

Amanneɛbɔ a ɛbaa nnansa yi ara ne 1995 afe no de, na ɛkyerɛ sɛ nnipa 28 bɛkaa wɔn a wonyaa mu kyɛfa afe a edii anim no ho, ɛwom sɛ sɛ wɔde wɔn a wonyaa mu kyɛfa no toto wɔn a wɔkɔɔ bi no ho a, dodow no so tewee de. Sɛ yesusuw ne nyinaa ho a, ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ nnipa kakraa bi pawee sɛ wobenya abodoo ne bobesa no mu kyɛfa. Wɔ mfe a atwam mu no, ebinom, a wɔn a na wɔagye asubɔ foforo mpo ka ho, fii ase nyaa mu kyɛfa mpofirim. Wɔ nnipa dodow bi fam no, wogye toom bere bi akyi sɛ ɛyɛ mfomso na wodii. Ebinom ahu sɛ nipadua anaa adwene mu ntoto bi na ebia ɛma wonyaa mu kyɛfa. Nanso wobehui sɛ wɔmfrɛɛ wɔn mmaa ɔsoro asetra ankasa. Wɔsrɛe sɛ Onyankopɔn nhu wɔn mmɔbɔ. Na wogu so som no sɛ Kristofo anokwafo pa a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so.

Sɛ obi fi ase nya abodoo ne bobesa no mu kyɛfa anaasɛ ogyae a, ɛho nhia sɛ ɛhaw yɛn mu biara. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ ebia wɔde honhom kronkron asra obi ampa afrɛ no ama ɔsoro asetra anaasɛ ɛnte saa. Kae Yesu awerɛhyem a emu yɛ den yi: “Mene guanhwɛfo pa no; na minim me de.” Saa ara na awerɛhyem wɔ hɔ sɛ Yehowa nim wɔn a wapaw wɔn sɛ ne honhom mu mma. Ntease pii wom sɛ yebegye adi sɛ wɔn a wɔasra wɔn no dodow so bɛkɔ so ahuan bere a onyin ne akwanhyia de wɔn asase so asetra ba awiei no. Nanso, sɛnea wɔn a wɔasra wɔn ampa yi di nokware kosi wu mu a wɔn ani da nkwa abotiri no so no, saa ara na nguan foforo a wɔahoro wɔn ntade wɔ Oguammaa no mogya mu no betumi ahwɛ kwan sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu.—2 Timoteo 4:6-8; Adiyisɛm 2:10.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ March 15, 1965, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 191-2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena