Nnuruyɛ Mu Abenfo Susuw Nnuru a Wɔde Besi Mogya Ananmu Ho
NNURUYƐ mu abenfo bɛyɛ 200 fi United States nyinaa hyiaam wɔ Cleveland, Ohio, wɔ Memeneda, October 7, 1995, susuw asɛmti bi a nnuruyɛfo ani gye ho kɛse ho: aduruyɛ ne oprehyɛn a mogya nka ho.
Wosusuw tebea horow a ɛhaw adwene pii ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔyarefo bi mogya so atew kɛse nso ɛ? Wɔbɛyɛ dɛn ahwɛ akokoaa a ne bere anso koraa na wɔwoo no, a mogya nka ho? Wobetumi ayɛ komam oprehyɛn a mogya nka ho ma ayɛ yiye? Nea ɛyɛ anigye no, wɔayɛ oprehyɛn a mogya nka ho—mpɛn pii no wɔfa akwan a ɛboa ma nipadua no nya n’ankasa mogya so di dwuma—wɔ tebea ahorow yi nyinaa mu ma asow aba pa dedaw.a
Dɛn nti na ɛho abehia sɛ wonya nnuru a wɔde besi mogya a wɔde ma ananmu? Sharon Vernon, St. Vincent Charity Ayaresabea a ɛwɔ Cleveland no Aduruyɛ ne Oprehyɛn a Mogya Nka Ho Dwumadibea no kwankyerɛfo no ka sɛ: “Yɛahu sɛ mogya a wɔde ma taa de nyarewa ba, titiriw mmerɛbo mu yare.” Ɔtoa so sɛ: “Sɛ mogya amfa yare bi amma mpo a, ebetumi ahaw sɛnea nipadua ko tia yare no.” Ɛwom sɛ wɔnam mogya mu nhwehwɛmu a wɔyɛ so ama AIDS a ɛsan no so atew de, nanso nyarewa pii wɔ hɔ a wontumi nhu wɔ nhwehwɛmu a ɛte saa mu. Na ɛmfa ho sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ ahoboa kɛse no, ayaresabea ahorow no mmɔ ka kɛse wɔ oprehyɛn a mogya nka ho ho, efisɛ eyi mmara mu nsɛnnennen a ebia ɛbɛsɔre bere a wɔde mogya a enye ma ayarefo no.
Wɔ Yehowa Adansefo fam no, ntease a ɛho hia kɛse bi wɔ hɔ a enti wonnye mogya: Onyankopɔn mmara bara. (Asomafo no Nnwuma 15:29) Nanso, wɔpɛ sɛ wonya aduruyɛ a ɛkyɛn so sen biara a wobetumi anya. Enti wɔne nnuruyɛfo a wodi anim reyɛ nhwehwɛmu wɔ ayaresa a mogya nnim mu ayɛ biako. Ɛnyɛ Yehowa Adansefo nko na aduruyɛ a ɛte saa boa wɔn, na mmom afoforo pii a wonim asiane a ɛwɔ mogya a wɔde ma mu no nso.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ January 8, 1994, Nyan! no nkratafa 25-28, ne February 8, 1996, de no kratafa 31.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
WHO mfonini a P. Almasy na otwae