“Yehowa Tiee Me Mpaebɔ!”
WƆ WIASE nyinaa no, Yehowa Adansefo ne nnipa bɛyɛ ɔpepem anum a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn ne atirimpɔw nwonwaso a ɔwɔ ma adesamma no ho nokware nimdeɛ reyɛ ofie Bible adesua. Mmofra a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu mpo renya adwuma yi mu kyɛfa. Sɛ́ nhwɛso no, susuw abarimaa bi a wɔfrɛ no Joel ho. Ɔyɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne ma wɔbɔɔ no asu bere a na wadi mfe akron. Afe biako akyi no, onyaa suahu a edi so yi:
“Bere a mereyɛ asɛnka adwuma no, mihyiaa ɔbea bi a wɔfrɛ no Candy. Mede ‘Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo’ nhomawa no kyerɛɛ no. Ná ɔwɔ bi dedaw, enti mede Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no kyerɛɛ no. Ná ɔwɔ ɛno nso bi dedaw. Afei minyaa adwene sɛ, ‘Mɛkamfo ofie Bible adesua akyerɛ ɔbea yi.’ Ɔpenee so!
“Candy nuabea bi a na kokoram ayɛ no ma ɔreyɛ awu bɛtraa ne nkyɛn. Bio nso na Candy resua ade abɛyɛ ɔyarehwɛfo. Enti Bible adesua no yɛɛ basaa kakra. Nanso me ne m’awofo kɔɔ so sraa no, gyaw ɔno anaa ne kunu, Dick, nsɛmma nhoma. Ɔbarima no ka kyerɛɛ yɛn sɛ na ɔbea no de nsɛmma nhoma no gu ne mpa so kenkan no anadwo.
“Awiei koraa no, Candy nuabea no wui. Me ne me Papa ne me Maame kaa awufo tebea ho asɛm kyerɛɛ Candy. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan afi Bible adesua no ase. Bere foforo a yɛkɔɔ hɔ no, yebisaa Dick sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔne Candy bom sua ade ma ɛbɛyɛ abusua adesua anaa. Ohui sɛ ɛyɛ adwempa. Enti seesei, me ne me Papa ne Dick ne Candy sua ade. Wɔrenya nkɔanim kɛse, na wɔkyerɛ Bible adesua no ho anisɔ.
“Mebɔɔ mpae sɛnea menya Bible adesua, na Yehowa tiee me mpaebɔ!”