“Dawid Fi”—Nokwasɛm Anaa Anansesɛm?
DAWID—aberantewa guanhwɛfo a ɔbɛyɛɛ odwontofo, anwensɛm kyerɛwfo, ɔsraani, odiyifo, ne ɔhene no, da nsow sɛ Bible mu nipa titiriw paa. Wɔbɔ ne din mpɛn 1,138; wɔde asɛm “Dawid Fi”—a ɛtaa twe adwene si Dawid nniso so—no adi dwuma mpɛn 25. (1 Samuel 20:16) So na Ɔhene Dawid ne ne nniso no yɛ anansesɛm ara kwa? Dɛn na fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu ada no adi? Wɔbɔ amanneɛ sɛ ade titiriw bi a nnansa yi wohui bere a wotutuu fam hwehwɛɛ tetefo nneɛma mu wɔ Tel Dan a ɛwɔ Galilea kusuu fam no foa so sɛ Dawid ne ne nniso no yɛ paa ara.
Wɔ 1993 ahohuru bere mu no, kuw bi a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu, a Ɔbenfo Avraham Biran da wɔn ano, yiyii nneɛma mu wɔ tete Dan abɔnten pon no akyi baabi. Wohuu abrannaa bi a wɔakwaw so. Wotuu ɔbotan tuntum bi a na etim fam hɔ a wɔammrɛ ho. Bere a wɔde ɔbo no kyerɛɛ owia so no, wohuu nkyerɛwee no pefee. “Awurade, nkyerɛwee wɔ so!” Saa na Ɔbenfo Biran teɛɛm kae.
Ɔbenfo Biran ne ne yɔnko, Ɔbenfo Joseph Naveh a ɔwɔ Hebri Sukuupɔn a ɛwɔ Yerusalem no, kyerɛw nyansahu ho amanneɛbɔ bi faa nkyerɛwee no ho ntɛm ara. Biblical Archaeology Review nsɛmma nhoma no, March/April 1994 de, no mu asɛm bi a egyina saa amanneɛbɔ yi so kenkan sɛ: “Ɛntaa mma sɛ tetefo nneɛma a wotutu fam hu bepue New York Times anim (na kampɛsɛ Time nsɛmma nhoma mu). Nanso saa na ɛbae wɔ ahohuru bere a etwaam no wɔ tetefo nneɛma a wohui wɔ Tel Dan, esiw fɛfɛ bi a ɛwɔ Galilea kusuu fam, wɔ Bepɔw Hermon ase baabi a ɛbɛn Asubɔnten Yordan nsuti no biako no ho.
“Ɛhɔ na Avraham Biran ne ne kuw a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no huu nkyerɛwee titiriw bi a efi afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu a ɛka ‘Dawid Fi’ ne ‘Israel Hene’ nso ho asɛm. Eyi ne bere a edi kan a wɔahu edin Dawid no wɔ tete nkyerɛwee bi a enni Bible mu mu. Sɛnea nkyerɛwee no nka ‘Dawid’ biara kɛkɛ ho asɛm na mmom ɛka Dawid Fi, Israel henkɛse no nniso, ho asɛm no na ɛma ɛda nsow mpo.
“‘Israel Hene’ yɛ asɛm a wɔtaa hu wɔ Bible mu, titiriw wɔ Ahene Nhoma no mu. Nanso, ebetumi aba sɛ eyi ne Aramfo nkyerɛwee a akyɛ sen biara wɔ Bible no akyi a ɛka Israel ho asɛm. Nea ɛho hia sen biara a saa nkyerɛwee yi di ho adanse ne sɛ, ɛkyerɛ sɛ nea ɛne nsɛm a nhomanimfo a wɔbrɛ Bible adanse ase no ka nhyia no, na Israel ne Yuda nyinaa yɛ ahenni atitiriw saa bere no.”
Nea wogyinaa so huu bere a wɔde yɛe ne nkyerɛwde no su, sɛnea anwenne a wohui wɔ abopon sin no nkyɛn te, ne nsɛm a ɛwɔ so no. Akwan abiɛsa no nyinaa dan adwene kɔ bere koro so, afeha a ɛto so akron A.Y.B., bɛyɛ mfe ɔha ne kakra wɔ Ɔhene Dawid akyi. Nhomanimfo gye di sɛ nkyerɛwee no ka nkonimdi nkaebo a Aramni bi a na ɔyɛ “Israel Hene” ne “Dawid Fi [Hene no]” nyinaa atamfo de sii Dan no ho. Ná Aramfo a wɔsom osuframa nyame a wagye din, Hadad, ne wɔn bɔ hye wɔ apuei fam.
Wɔ 1994 ahohuru bere mu no, wohuu nkaebo yi asinasin abien foforo. Ɔbenfo Biran bɔ amanneɛ sɛ: “Abopon sin abien yi so na wɔakyerɛw Aramfo nyame Hadad din, na afei wɔaka ɔko bi a ɛkɔɔ so wɔ Israelfo no ne Aramfo no ntam ho asɛm.”
Nsensanee 13 a ɛrepopa a wɔde Hebri nkyerɛwee a akyɛ na akyerɛw wɔ abopon no fã kɛse a wohuu no 1993 mu no so. Saa bere no na osiwiei na wɔde kyekyɛ nsɛmfua mu wɔ nkyerɛwee mu. Nanso, wɔde nkyerɛwde “bytdwd” (a ɛyɛ roma nkyerɛwde) akyerɛw “Dawid Fie” abom sɛ asɛmfua biako sen sɛ anka wɔbɛkyerɛw no “byt” (ofie), osiwiei, ne afei “dwd” (Dawid). Wɔ ntease kwan so no, nsɛmmisa bi asɔre wɔ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ “bytdwd” mu no ho.
Ɔkasa ho nimdefo Ɔbenfo Anson Rainey kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Gyama nea enti a Joseph Naveh ne Avraham Biran ankyerɛkyerɛ nkyerɛwee no mu ankɔ akyiri ne sɛ, wɔfaa no sɛ akenkanfo behu sɛ wɔtaa yi nea wɔde kyekyɛ nsɛmfua mu no fi nsɛm a ɛte saa ntam, titiriw bere a nsɛmfua a wɔakyerɛw abom no yɛ nea wɔagye atom koraa sɛ ɛyɛ din pa no. Ɛda adi sɛ na ‘Dawid Fi’ yɛ din pa a ɛte saa a wɔde dii dwuma maa amammui ne asase ho asɛm wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu.”
Tetefo Nneɛma a Wɔatutu Fam Ahu Ho Adanse Foforo
Wohuu saa nneɛma no akyi no, Mesha nkaebo (a wɔsan frɛ no Moabfo Abopon) no ho nimdefo, Ɔbenfo André Lemaire, bɔɔ amanneɛ sɛ ɛno nso ka “Dawid Fi” ho asɛm.a Mesha nkaebo a wohuu no 1868 mu no ne Tel Dan nkaebo no di nsɛ wɔ nneɛma pii mu. Abien no nyinaa bae wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu, nneɛma koro na wɔde yɛe, ne kɛse yɛ pɛ, na Aram nkyerɛwde a wɔde kyerɛwee no di nsɛ yiye.
Ɔbenfo Lemaire kyerɛw faa Mesha nkaebo no nsensanee bi a apopa a wɔasan ayɛ no foforo ho sɛ: “Bɛyɛ mfe abien ansa na wɔrehu Tel Dan abopon sin no, mekae sɛ Mesha nkaebo no ka biribi fa ‘Dawid Fi’ ho. . . . Ebetumi aba sɛ nea enti a adwene mmaa so da sɛ ɛka ‘Dawid Fi’ ho asɛm ne nokwasɛm a ɛne sɛ wonnyaa Mesha nkaebo a wɔahyɛ da atintim no yiye [nea edi kan] da. Ɛno na mereyɛ yi, wɔ bere a wohuu Mesha nkaebo no akyi mfe 125 no.”
Tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu ho nsɛm a ɛte saa no ho hia efisɛ ɔbɔfo bi, Yesu ankasa, n’asuafo, ne nnipa foforo dii adanse sɛ Dawid yɛ obi a ɔtraa ase ankasa. (Mateo 1:1; 12:3; 21:9; Luka 1:32; Asomafo no Nnwuma 2:29) Ɛda adi sɛ tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu foa so sɛ ɔne ne nniso, “Dawid Fi” no, yɛ nokwasɛm, na ɛnyɛ anansesɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔn a wɔkenkan Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow no nim Mesha nkaebo no. (Hwɛ April 15, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 30-1.) Wɔde kyerɛ ma nkurɔfo kɔhwɛ wɔ Louvre Museum, Paris.
[Kratafa 31 mfonini]
Tel Dan abopon sin* a wohuu no 1993 mu wɔ kurow Dan, a ɛwɔ Galilea kusuu fam no
* Wɔhwɛɛ foto bi a ɛwɔ Israel Exploration Journal mu so na ɛyɛɛ mfonini no.