Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 1/1 kr. 26-29
  • Momma Yenkyi Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yenkyi Bɔne
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo no a Yɛbɛma Ho Atew
  • Ɔhaw Ahorow a Wontumi Nkwati
  • Bere a Kristoni a Wahyira Ne Ho So Yɛ Bɔne
  • Obi a Ɔto Mmofra Mmonnaa Nso Ɛ?
  • Nea Yebegyina so Ahu Mmerɛwyɛ, Nsɛmmɔnedi, ne Ahonu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yehowa De Firi Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Mpo Yehowa Nteɛso Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Woayɛ Bɔne Atia Honhom Kronkron?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 1/1 kr. 26-29

Momma Yenkyi Bɔne

YEHOWA yɛ Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron. Ná ɔne “Israel kronkronni” no wɔ tete mmere mu, ma enti ɔhwehwɛe sɛ Israelfo ho tew a nkekae biara nni wɔn ho. (Dwom 89:18) Ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” (Leviticus 11:45) Ná ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ‘ɔforo Yehowa bepɔw’ no yɛ obi a “efĩ nni ne nsam na ne komam tew.” (Dwom 24:3, 4) Na ɛno kyerɛ pii sen bɔne a obi renyɛ kɛkɛ. Na ɛkyerɛ ‘bɔne a obi bɛtan.’—Mmebusɛm 8:13.

Yehowa fi ɔdɔ mu de mmara horow a emu da hɔ mae na ama Israel man atumi ahu bɔne na wɔakwati. (Romafo 7:7, 12) Nea na ɛka saa mmara ahorow yi ho ne abrabɔ ho akwankyerɛ ahorow a emu yɛ den. Wobuu awaresɛe, nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna, mogyafra, ne onipa ne aboa nna sɛ nneɛma a ɛho ntew a egu obi ho fĩ honhom fam. (Leviticus 18:23; 20:10-17) Wotwaa wɔn a wɔyɛɛ nneyɛe a ɛte saa a ɛmfata no fii Israel man mu.

Bere a Kristofo a wɔasra wɔn asafo no bɛyɛɛ “Nyankopɔn Israel” no, wɔde abrabɔ ho gyinapɛn a ɛte saa ara sisii wɔn anim. (Galatifo 6:16) Na ɛsɛ sɛ Kristofo nso ‘kyi bɔne.’ (Romafo 12:9) Na nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Israel no fa wɔn nso ho: “Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:15, 16) Na ɛnsɛ sɛ wɔma nneyɛe a ɛho ntew te sɛ aguamammɔ, awaresɛe, nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna, onipa ne aboa nna, ne mogyafra sɛe Kristofo asafo no. Na wɔn a wɔrennyae nneyɛe a ɛtete saa a wɔde wɔn ho hyehyɛ mu no rennya Onyankopɔn Ahenni. (Romafo 1:26, 27; 2:22; 1 Korintofo 6:9, 10; Hebrifo 13:4) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, nnyinasosɛm a ɛtete saa ara fa “nguan foforo” no ho. (2 Timoteo 3:1; Yohane 10:16) Ne saa nti, nnipa a wɔn ho tew na wodi mũ na wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn ne nguan foforo no, na wotumi de wɔn Nyankopɔn din to wɔn ho so sɛ Yehowa Adansefo.—Yesaia 43:10.

Asafo no a Yɛbɛma Ho Atew

Nea ɛne no bɔ abira no, wiase no ma ɔbrasɛe ahorow nyinaa ho kwan. Ɛwom sɛ nokware Kristofo yɛ soronko de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi sɛ bere bi no na nnipa pii a wɔsom Yehowa seesei no wɔ wiase no mu. Nnipa pii wɔ hɔ a ansa na wɔrebehu yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no, na wonhu nea enti a ɛnsɛ sɛ wodi wɔn honam a ɛyɛ mmerɛw no akɔnnɔ ne nsusuwii hunu ahorow ho dwuma, na wɔnyantam “sakasaka dontori” mu. (1 Petro 4:4) Bere a ɔsomafo Paulo kaa amanaman no mu nnipa a wɔmfata no nneyɛe a ɛyɛ abofono no ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no.” Nanso, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:11.

Hwɛ awerɛkyekyesɛm a ɛno yɛ! Sɛ Kristo ho anuonyam asɛmpa no nya onipa bi koma so tumi a, ɔsesa fi ne kan abrabɔ biara ho. Ɔkyerɛ gyidi hyira ne ho so ma Yehowa Nyankopɔn. Efi saa bere no rekɔ no, ɔde abrabɔ kronkron tra ase, tew ne ho wɔ Onyankopɔn anim. (Hebrifo 9:14) Wɔde ne kan bɔne ahorow a ɔyɛe no firi no, na otumi ‘twe ne mu pɛ anim de.’a—Filipifo 3:13, 14; Romafo 4:7, 8.

Yehowa de Dawid a onuu ne ho no awudi ne n’awaresɛe no firii no, na Ɔde Manase a onuu ne ho no abosonsom ne ne mogyahwiegu no kyɛɛ no. (2 Samuel 12:9, 13; 2 Beresosɛm 33:2-6, 10-13) Yɛn ani betumi agye ankasa sɛ wayɛ krado sɛ ɔde befiri yɛn nso, bere a yenu yɛn ho na yefi nokwaredi ne ahobrɛase mu kɔ n’anim no. Nanso, ɛmfa ho sɛ Yehowa de Dawid ne Manase bɔne firii wɔn no, na ɛsɛ sɛ saa mmarima baanu yi—a Israel ka ho—de nea efii wɔn nneyɛe bɔne mu bae no tra ase. (2 Samuel 12:11, 12; Yeremia 15:3-5) Saa ara na bere a Yehowa de firi nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho no, ebia wontumi nkwati ɔhaw a efi wɔn nneyɛe ahorow mu ba no.

Ɔhaw Ahorow a Wontumi Nkwati

Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ onipa bi a ɔde ne ho hyɛ ahohwibra mu na onya AIDS no begye nokware no na wasesa ne suban ahyira ne nkwa so agye asubɔ. Afei de wabɛyɛ Kristoni a ne ho tew wɔ honhom mu a ɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ na ɔwɔ daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye; nanso ɔda so ara wɔ AIDS. Ebia bere bi akyi no yare no bekum no, ne kan abrabɔ ho haw a ɛyɛ awerɛhow a ontumi nkwati. Wɔ Kristofo bi fam no, ebia wɔn kan brasɛe a anibere wom no mu haw ahorow no bɛkɔ so ada adi wɔ akwan foforo so. Bere a wɔabɔ asu akyi mfe bi no, ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ wɔko tia akɔnnɔ horow a ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ wɔn kan abrabɔ bɔne no ho wɔ wɔn nkwa nna a aka wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa mu. Ɛdenam Yehowa honhom no mmoa so no, wɔn mu pii tumi ko tia. Nanso ɛsɛ sɛ wɔko tia bere nyinaa.—Galatifo 5:16, 17.

Bere dodow a saafo yi kɔ so di wɔn nkate ahorow so no, wɔnyɛ bɔne. Nanso sɛ wɔyɛ mmarima a, ebia wofi nyansam besi gyinae sɛ ‘wɔrenhwehwɛ’ asɛyɛde wɔ asafo no mu bere a wɔda so repere sɛ wobedi honam fam nkate ahorow bi a emu yɛ den so no. (1 Timoteo 3:1) Dɛn ntia? Efisɛ wonim ahotoso a asafo no wɔ wɔ mpanyimfo no mu no. (Yesaia 32:1, 2; Hebrifo 13:17) Wohu sɛ afoforo ka kokoam nsɛm pii kyerɛ mpanyimfo no, na ɛsɛ sɛ wodi tebea ahorow a egye ahwɛyiye ho dwuma. Ɛbɛyɛ nea ɔdɔ, nyansa, anaa ntease nnim sɛ obi a ogu so reko tia honam fam nkate ahorow a ɛmfata no bɛhwehwɛ dibea a ɛte saa a asɛyɛde wom no.—Mmebusɛm 14:16; Yohane 15:12, 13; Romafo 12:1.

Ebia ɔbarima bi a na ɔto mmofra mmonnaa ansa na ɔrebɔ asu behyia ɔhaw foforo. Bere a osua nokware no, onu ne ho sesa, na ɔmfa saa amumɔyɛde no mma asafo no mu. Ebetumi aba sɛ ɛno akyi no, obenya nkɔso pii, adi ne nkate bɔne no so koraa, na ‘wahwehwɛ’ dibea a asɛyɛde wom mpo wɔ asafo no mu. Nanso, sɛ ɔda so ara kura dimmɔne wɔ baabi a ɔte no sɛ obi a kan no na ɔto mmofra mmonnaa nso ɛ? So ɔbɛyɛ obi a “wonnya ne ho asɛm bi nka, . . . wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, . . . asɛm bi nni [ne] ho”? (1 Timoteo 3:1-7, 10; Tito 1:7) Dabi, ɔrenyɛ saa. Enti, ɔremfata mma hokwan ahorow wɔ asafo no mu.

Bere a Kristoni a Wahyira Ne Ho So Yɛ Bɔne

Yehowa te ase sɛ yɛyɛ mmerɛw, na bere a yɛabɔ asu akyi mpo no yebetumi ayɛ bɔne. Ɔsomafo Yohane kyerɛw ne bere so Kristofo sɛ: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Yiw, Yehowa begyina Yesu afɔrebɔ no so de Kristofo a wɔabɔ asu na wɔyɛ bɔne no bɔne afiri wɔn—sɛ wonu wɔn ho nokwarem, na wogyae wɔn nneyɛe bɔne no a.

Yehu eyi ho nhwɛso wɔ afeha a edi kan Korinto asafo no mu. Ɔsomafo Paulo tee aguamammɔ a ɛyɛ mogyafra ho asɛm wɔ saa asafo foforo no mu, na ɔde akwankyerɛ mae sɛ wontu ɔbarima a ɔyɛɛ saa no. Akyiri yi, ɔdebɔneyɛfo no nuu ne ho, na Paulo tuu asafo no fo sɛ wɔnsan nnye no. (1 Korintofo 5:1, 13; 2 Korintofo 2:5-9) Enti, ɛdenam Yehowa adɔe a tumi wom a ɔde sa yare ne Yesu agyede afɔrebɔ a ɛsom bo kɛse so no, wɔhohoroo ɔbarima no bɔne. Nsɛm a ɛte saa betumi asisi nnɛ. Bio nso, sɛ obi a wabɔ asu a ɔyɛ bɔne a anibere wom no nu ne ho na wɔde firi no wɔ Yehowa anim mpo a, obetumi akɔ so asoa ne bɔne no ho haw ahorow.—Mmebusɛm 10:16, 17; Galatifo 6:7.

Sɛ nhwɛso no, sɛ abeawa bi a wahyira ne ho so bɔ aguaman a, ebia obetumi anu ne ho adi yaw wɔ n’adeyɛ no ho, na bere bi akyi no asafo no aboa no ma wasan anya honhom fam ahoɔden. Nanso sɛ onyinsɛn wɔ ne brasɛe no mu ɛ? Ɛnde nea ɔyɛe no de nsakrae bi a ontumi nkwati bɛba ne so ne nkwa nna nyinaa. Ebia ɔbarima bi a ɔsɛe aware benu ne ho na wɔrentu no. Nanso ne hokafo a ne ho nni asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a obetumi agyina so agyae no aware, na ebia ɔbɛyɛ saa. (Mateo 19:9) Sɛ ɔbea no yɛ saa a, ɛwom sɛ Yehowa de ɔbarima no bɔne no afiri no de, nanso ne bɔne ho haw a anibere wom yi bɛtra ne so ne nkwa nna a aka nyinaa.—1 Yohane 1:9.

Na ɔbarima a ofi atirimɔden mu gyae ne yere sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aware ɔbea foforo nso ɛ? Ebia bere bi akyi no, obenu ne ho na wɔagye no aba Kristofo asafo no mu bio. Ebia bere bi akyi no, obenya nkɔso na ‘wapere akɔ onyin mu.’ (Hebrifo 6:1) Nanso bere dodow a ne yere a odi kan no te ase na onni ɔhokafo no, ɔbarima no remfata sɛ onya dibea a asɛyɛde wom wɔ asafo no mu. Ɔnyɛ “ɔyere biako kunu” efisɛ na onni Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm biara sɛ ogyae ne yere a odi kan no.—1 Timoteo 3:2, 12.

So eyinom nyɛ ntease horow a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ Kristoni kyi bɔne?

Obi a Ɔto Mmofra Mmonnaa Nso Ɛ?

Na sɛ Kristoni a wanyin a wabɔ asu to abofra bi mmonnaa nso ɛ? So ɔdebɔneyɛfo no yɛ omumɔyɛfo araa ma Yehowa remfa mfiri no da? Ɛnte saa. Yesu kae sɛ obi a ‘ɔbɛka abususɛm atia honhom kronkron’ na wɔremfa mfiri no. Na Paulo kae sɛ bɔne ho afɔre nni hɔ ma obi a ɔboapa kɔ so yɛ bɔne, ɛmfa ho sɛ onim nokware no. (Luka 12:10; Hebrifo 10:26, 27) Nanso Bible no nka no baabiara sɛ wɔrentumi mfa Kristoni a wanyin a ɔto abofra bi mmonnaa—sɛ ɛyɛ mogyafra anaa nea ɛte saa—bɔne mfiri no. Nokwarem no, sɛ onu ne ho komam na ɔsesa n’abrabɔ a wobetumi ahohoro ne bɔne ahorow. Nanso, ebia ɛho behia sɛ ɔkɔ so ara ne honam fam nkate bɔne a wanya no di ako. (Efesofo 1:7) Na ebia obehyia ɔhaw ahorow bi a ontumi nkwati.

Ɛdenam asase a ɔte so mmara so no, ebia wɔde mmonnaatofo no bɛto afiase anaasɛ Ɔman no bɛma no anohyeto ahorow foforo. Asafo no remmɔ ne ho ban wɔ eyi ho. Afei nso, ɔbarima no ada mmerɛwyɛ bi a anibere wom adi a efi saa bere no rekɔ no ɛsɛ sɛ wosusuw ho. Sɛ ɛte sɛ nea wanu ne ho a, wɔbɛhyɛ no nkuran ma wanya honhom fam nkɔso, anya asɛnka adwuma mu kyɛfa, na wanya Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no afã a ɛmfa ɔkyerɛkyerɛ ho mpo mu kyɛfa. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɔbɛfata sɛ onya dibea a asɛyɛde wom wɔ asafo no mu. Eyi ho Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ne dɛn?

Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ obi a ɔwɔ “ahosodi.” (Tito 1:8, NW) Ɛyɛ nokware sɛ yɛn mu biara nni hɔ a otumi di ne ho so kosi ase. (Romafo 7:21-25) Nanso Kristoni a wanyin a wahyira ne ho so a ɔto abofra mmonnaa da no adi sɛ ɔwɔ honam fam mmerɛwyɛ bi a ɛnyɛ ne kwan so. Osuahu ada no adi sɛ onipa a wanyin a ɔte saa no betumi ato mmofra foforo mmonnaa. Nokwarem no, ɛnyɛ obiara a ɔto abofra mmonnaa na ɔsan yɛ bɔne no bio, nanso pii yɛ. Na asafo no ntumi nhu koma ahorow mu na wɔakyerɛ nea ɔrento mmofra mmonnaa bio ne nea obetumi asan ayɛ saa. (Yeremia 17:9) Enti, Paulo afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no fa obi a wanyin a wabɔ no asu a wato mmofra mmonnaa pɛn ho yiye sɛ: “Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu.” (1 Timoteo 5:22) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabɔ yɛn mmofra ho ban no, ɔbarima bi a yenim no sɛ ɔto mmofra mmonnaa mfata mma dibea a asɛyɛde wom wɔ asafo no mu. Afei nso, ɔrentumi nyɛ ɔkwampaefo anaa ɔnsom wɔ bere nyinaa som adwuma titiriw no fã foforo biara mu.—Fa toto nnyinasosɛm a ɛwɔ Exodus 21:28, 29 no ho.

Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘So ebinom nyɛɛ bɔne afoforo nnaa no adi sɛ wɔanu wɔn ho, ma wɔnsan nkɔyɛɛ bɔne koro no ara bio?’ Yiw, etumi ba saa, nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi da nneyɛe bi a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔne obi foforo a wanyin bɔ bra bɔne adi a, ɛsɛ sɛ onii no tumi ko tia nea ɔreyɛ no. Ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛdaadaa mmofra, wɔama wɔn adwene atu afra, anaasɛ wɔama ehu aka wɔn. Bible ka nyansa a abofra nni ho asɛm. (Mmebusɛm 22:15; 1 Korintofo 13:11) Yesu de mmofra yɛɛ ahobrɛase a nhumu nnim ho nhwɛso. (Mateo 18:4; Luka 18:16, 17) Nea ɛka nhumu a mmofra nni ho ne osuahu a wonni bi koraa. Mmofra dodow no ara nnim sɛnea wɔde biribi kame, na wɔpɛ sɛ wɔsɔ afoforo ani, ma enti ɛyɛ mmerɛw sɛ obi a wanyin a wonim no na wɔwɔ ne mu ahotoso bɛto wɔn mmonnaa. Enti, asafo no wɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ ɛbɔ ne mmofra ho ban.

Mmofra a wɔatete wɔn yiye yɛ osetie de nidi ma wɔn awofo, mpanyimfo, ne afoforo a wɔanyinyin. (Efesofo 6:1, 2; 1 Timoteo 5:1, 2; Hebrifo 13:7) Enti sɛ wɔn a wɔanyinyin a wɔwɔ tumi yi mu bi de abofra ahotoso a nhumu nnim no yɛ hokwan daadaa no anaasɛ ɔhyɛ no ne no da a, ɛbɛyɛ ɔbrasɛe a ɛyɛ ahodwiriw. Mpɛn pii na wɔn a wɔato wɔn mmonnaa wɔ saa kwan yi so di ako mfe pii ansa na wɔatumi adi nkate fam yaw a efii mu bae no so. Enti, ɛsɛ sɛ wɔde asotwe a emu yɛ den ne anohyeto ahorow ma obi a ɔto abofra mmonnaa wɔ asafo no mu. Ɛnsɛ sɛ dibea a ɔwɔ sɛ ɔpanyin no ho hia yɛn, na mmom, asafo no ahotew.—1 Korintofo 5:6; 2 Petro 3:14.

Sɛ obi a ɔto abofra mmonnaa nu ne ho nokwarem a, obehu sɛnea nyansa wom sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma. Sɛ osua sɛ obekyi bɔne ankasa a, nea ɔyɛe no bɛyɛ no abofono, na wayere ne ho sɛ ɔrenyɛ saa bɔne no bio. (Mmebusɛm 8:13; Romafo 12:9) Afei nso, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛda Yehowa ase wɔ Ne dɔ kɛse no a ama ɔdebɔneyɛfo te sɛ ɔno betumi akɔ so asom yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no, na wanya anidaso sɛ ɔbɛka “tẽefo” a wɔbɛtra asase so daa no ho no ho.—Mmebusɛm 2:21.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

Bere a Yehowa de nnebɔneyɛfo a wonu wɔn ho bɔne firi no, ebia wɔrentumi nkwati ɔhaw ahorow a wɔn nneyɛe no de ba no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena