Ɔpepem Pii Bɛkɔ Wobɛkɔ Bi?
Wɔbɛkɔ he? Wɔbɛkɔ Yesu Kristo wu afe afe nkaedi no. Wɔ 1996 mu no, nnipa 12,921,933 na wɔkɔɔ bi wɔ wiase nyinaa.
Dɛn nti na nkurɔfo kɔ? Esiane nea Yesu wu no kyerɛ ma adesamma nti. Ɛkyerɛ wɔn ho a wɔbɛde afi nyarewa, amanehunu, ne owu ho. Wobenyan adɔfo a wɔawuwu mpo aba nkwa mu wɔ asase a wɔadan no Paradise no so.
Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo wu no betumi ama wɔanya nhyira a ɛte saa? Yɛreto nsa afrɛ wo ma woabɛhwɛ. Yehowa Adansefo ma wo akwaaba ba wɔn nhyiam ase wɔ adeyɛ titiriw yi mu.
Kɔ wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo fie sen biara no so. Saa afe yi, ɛda no yɛ Kwasida, March 23, bere a owia akɔtɔ. Ma Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ nkyerɛ wo bere pɔtee a wɔbɛyɛ no.