Dɛn Nti Na Nna Yi Yɛ Nna Bɔne Saa?
SƐ WOTRA ase sɛ worekenkan atesɛm krataa anaasɛ worehwɛ TV anaasɛ woretie radio so amanneɛbɔ bi a, wohwɛ kwan sɛ wobɛte amanneɛbɔ bi a enye, ɛnte saa anaa? Ebia ɛrenyɛ wo nwonwa sɛ wobɛte sɛ ɔko bi a ɛrekɔ so da so gyina mu denneennen, ne sɛ amumɔyɛde da so wɔ baabiara, anaasɛ aduankɔm da so ara tew aman a wonnyaa nkɔso pii no ahoɔden so.
Sɛ wonte mmɛn mmeae a nsɛm yi sisi no a, ebia amanneɛbɔ a ɛtete saa no renhaw wo kɛse. Sɛnea ɛte biara no, hena na obetumi anya tema ama nnipa pii a wɔrehu amane no nyinaa? Sɛ obi tumi yɛ saa mpo a, sɛ yebehu sɛnea amanehunu ka ankorankoro no yiye a, ɛyɛ den yiye sɛ yɛn yam nhyehye yɛn. Yɛbɛka no kwan foforo so a, ɛsono sɛ yɛbɛkenkan akodi bi ho asɛm asusuw emu nnipa dodow a wɔn ho kae ho, ɛna ɛsono koraa sɛ yɛbɛkenkan abofra Adnan, Bosniani abarimaa a wadi mfe akron, a ne maame wui bere a ɔtopae bi sɛee wɔn fie no ho asɛm. Asram kakraa bi akyi no, ɔtɛwfo bi too Adnan papa tuo kum no bere a na wɔn nyinaa nam kwan so no. Adapɛn kakraa bi akyi no, aprɛm a ɛkɔtɔɔ wɔn sukuu mu kaa ne nuabea maa mogya tuu no kosii sɛ owui wɔ n’anim. Nnuruyɛfo a wɔhwɛɛ Adnan a na ehu akita no no behui sɛ na abarimaa no ayɛ sisirii, a ɔnte nka biara—nea ɛrekɔ so biara mpo nka no. Edu bere a n’ani gu so a, na ehu ne nneɛma a asisi a egyinagyina n’ani so ma ɔbotow; na adaeso a ɛyɛ hu mma ontumi nna. Adnan nyɛ obi a wobu no fra nnipa dodow bi a asɛm ato wɔn kɛkɛ. Ɔyɛ abofra a ɔrehu amane; ɛsɛ sɛ yɛte nka ma no.
Saa ara na ɛte wɔ wiase haw afoforo ho. Ɛsono sɛ yɛbɛkenkan aduankɔm ho ade; ɛyɛ ade foforo koraa sɛ yebehu abeawa a wadi mfe anum a n’afuru ayɛ kutuu na ne nan ne ne nsa ayɛ mfeamfeaa, obi a ɔkɔm reyɛ akum no ho mfonini. Ɛsono sɛ wobɛkenkan nsɛmmɔnedi ho akontaabu ahorow; ɛyɛ ade foforo koraa sɛ wobɛte sɛ wɔaboro okunafo bi a ne mfe akɔ anim pasaa, agye ne ho nneɛma ato no mmonnaa. Ɛsono sɛ wobɛkenkan abusua a ɛresɛe ho ade; ɛyɛ ade foforo koraa sɛ wobɛte sɛ ɛna bi hyɛɛ da kyenee n’ankasa yafumma kɔm boroo no pasaa.
Ɛyɛ yaw sɛ wobɛkenkan nsɛm a ɛtete saa. Nanso hwɛ sɛnea asɛm no sɛe koraa bere a wiase mu haw ahorow yi mu bi ka yɛn ankasa no! Sɛ w’ankasa wuhu amane bi a, ɛma sɛnea wiase nsɛm a amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɛkɔ so yɛ kɛse no tumi haw wo yiye. Nokwasɛm a ɛne sɛ amanehunu a nsɛmmɔnedi, akodi, aduankɔm, ne ɔyare de ba no renya nkɔanim sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no ma obi bɔ hu. Nokwarem no, nea nsɛm a asisi wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu de aba no nyɛ asɛm ketewa—abasamtu, ehu, ne adwenemhaw abu so.
Nnipa a wɔwɔ ɔsom pii mu rehwehwɛ mmuae ama nsɛmmisa a ɛkyere adwene te sɛ, Dɛn nti na tebea no asɛe saa? Ɛhe na adesamma ani kyerɛ?
Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnnɛ, ɔsom ahorow no mfa ɛho mmuae a akomatɔyam wom mma. Bere a wuhuu asɛmmisa a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi akyi no foforo no, ebia w’adwenem yɛɛ wo naa—adeyɛ a ntease wom. Mpɛn pii no, ɔsom ahorow a egyina tetefo adwene so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nsɛm bi a emfi Bible mu—da ne dɔn pɔtee a wiase awiei bɛba. (Hwɛ Mateo 24:36.) Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi pɛ sɛ Bible no ankasa kyerɛkyerɛ ne ho mu. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ sɛnea Bible no ka nna a edi akyiri no ho asɛm no yɛ nokware na ntease wom. Na Bible no nkyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma asɛe saa no mu kɛkɛ. Ɛde daakye ho anidaso a ɛma awerɛkyekye ankasa nso ma. Yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw nsɛm a edidi so yi ho hwɛ ɔkwan a eyi te saa no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Jobard/Sipa Press