“Trier Atade Kronkron” No
TRIER a atra hɔ mfe 2,000 no, ne kurow a akyɛ sen biara wɔ Germany.a Trier ne Katolek Asɔre no anya ayɔnkofa a emu yɛ den mfehaha pii. Wɔ 1996 mu no, wɔde nkae ade bi a wɔkyerɛ sɛ ɛne kurow no mfe reyɛ ayɛ pɛ kyerɛe sɛ ahwɛde wɔ Trier asɔredan kɛse no mu. Wɔfrɛ no Trier Atade Kronkron no.
Atade no tenten yɛ mita 1.57, na ne trɛw yɛ mita 1.09, na ne nsa no yɛ tiaa. Wɔde asaawa na ɛnwenee, na Hans-Joachim Kann ka wɔ ne nhoma Wallfahrtsführer Trier und Umgebung (Akwankyerɛ Ma Trier ne Ne Mpɔtam Akwantufo a Wɔkɔhwehwɛ Ɔsom mu Nneɛma), mu sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔhyɛ no sɛ nguguso. Akontaabu horow bi kyerɛ sɛ wɔyɛɛ ataade no—a wɔde ntama foforo atetɛw mu de asiesie no wɔ mfehaha no mu no—wɔ afeha a ɛto so abien anaa nea edi kan Y.B. mu mpo. Sɛ ɛyɛ nokware a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ atade soronko ankasa, tete nneɛma akorae mu ade a ɛho yɛ anika.
Nanso, ebinom kyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ atade no yɛ soronko nko, na mmom ɛyɛ kronkron nso—enti na wɔde din Atade Kronkron no ato so no. Eyi te saa efisɛ enni mpamee, sɛnea na atade a na Yesu Kristo hyɛ no te no. (Yohane 19:23, 24) Ebinom kyerɛ sɛ na “Atade Kronkron” no yɛ Mesia no de ankasa.
Yennim nea ɛyɛe a atade no befii Trier. Nhoma bi kyerɛ sɛ “ɔhempɔn yere Helena, Constantine Ɔkɛseɛ maame, na ɔde bɛkyɛɛ kurow no.” Kann ka sɛ bere a edi kan a wɔde amanneɛbɔ a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ atade no wɔ Trier mae ne 1196 mu.
Efi afeha a ɛto so 16 mu no, ɛwɔ hɔ ara a na wɔde atade a wɔde asie wɔ asɔredan mu no abɛkyerɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔyɛɛ saa wɔ 1655 mu, wɔ Mfe Aduasa Ko a ɛmaa Trier bɔɔ ka pii no akyi pɛɛ. Nkae ade a bere ne bere mu wɔtɔn ma akwantufo a wɔkɔhwehwɛ ɔsom mu nneɛma no ama wɔanya sika pii.
Akwantufo a wɔkɔhwehwɛ ɔsom mu nneɛma akɔhwɛ “Atade Kronkron” no mprɛnsa wɔ afeha yi mu—wɔ 1933, 1959, ne 1996 mu. Wɔ 1933 mu no, wɔbɔɔ ɔsom mu adekyerɛde no ho amanneɛ wɔ da a wɔpaw Hitler sɛ German Reich no sodifo no ara. Kann ka sɛ nneɛma abien yi a ehyiaa da koro no, si nea ɛkɔɔ so ansa na wɔyɛɛ ɔsom mu adekyerɛde no so dua. Nazi asraafo a wɔhyɛ akotade too santen de hyɛɛ akwantufo a wɔrebɛhwɛ ɔsom mu nneɛma no anuonyam wɔ asɔredan no anim. Saa afe no, nnipa ɔpepem abien ne fã na ɛhwɛɛ atade no.
Herbert a watra Trier mfe pii no, de 1959 ɔsom mu adekyerɛde no totoo 1996 de no ho. “Wɔ 1959 mu no, nnipa yeyɛɛ akwan mu ma, a ɛkame ayɛ sɛ ɔkwan biara ntwea so no, na sotɔɔ ahorow tontɔn nkae ade. Afe yi adeyɛ no ayɛ dinn kakra.” Nokwarem no, nnipa 700,000 pɛ na wɔhwɛɛ atade no wɔ 1996 mu, a aka nnipa ɔpepem biako ansa na adu 1959 de no.
Dɛn Nti na Wɔkɔhwɛ Atade No?
Asɔre no si so dua sɛ ɛnsɛ sɛ wobu atade no sɛ ɔsom ade. Wobu atade a enni mpamee no sɛ asɔre biakoyɛ ho nsɛnkyerɛnne. Frankfurter Allgemeine Zeitung no bɔ amanneɛ sɛ bere a ɔrebɔ ɔsom mu adekyerɛde no ho amanneɛ no, Ɔsɔfo Panyin Spital kae sɛ: “Yɛn wiase tebea soronko yi, hyɛ yɛn Kristofo ma yenya mmuae horow a ɛyɛ soronko. Ɛsɛ sɛ yɛko tia nitan, atirimmɔdensɛm, ne basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim no.” Ɔsɔfo panyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ atade no a obi hwɛ no ma n’adwene kɔ biakoyɛ so.
Nanso dɛn nti na obi hia “Atade Kronkron” no ansa na akae no asɔre biakoyɛ? Na sɛ atade no tetew anaasɛ ɛsɛe, anaasɛ sɛ ɛbɛda adi sɛ wɔde adaadaa nkurɔfo nso ɛ? Ɛnde so asɔre biakoyɛ ho bɛba asɛm? Na nnipa a wontumi ntu kwan nkɔhwehwɛ ɔsom mu nneɛma wɔ Trier no nso ɛ? So asɔre no biakoyɛ ho nhia wɔn kɛse?
Kyerɛw Kronkron no nka biribiara mfa nkyerɛ sɛ na tete Kristofo no hia biribi na akae wɔn hia a Kristofo biakoyɛ ho hia. Nokwarem no, ɔsomafo Paulo de nsɛm yi hyɛɛ Kristofo nkuran: “Yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu.” (2 Korintofo 5:7) Enti wɔka biakoyɛ a nokware Kristofo wɔ no ho asɛm sɛ ‘gyidi mu biakoyɛ.’—Efesofo 4:11-13.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ April 22, 1980 Engiresi Nyan!, nkratafa 21-3.