Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 6/15 kr. 26-29
  • Yɛn Kurom Asɛmpatrɛw Asasesin a Yɛkɔsra Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Kurom Asɛmpatrɛw Asasesin a Yɛkɔsra Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Ɔkasa Ho Akwanside a Yedi so Nkonim
  • Yɛn Som Adwuma a Egu Ahorow
  • Amammerɛ a Egu Ahorow
  • Akwanhwɛ a Ɛkyɛn So
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 6/15 kr. 26-29

Yɛn Kurom Asɛmpatrɛw Asasesin a Yɛkɔsra Mu

KRISTOFO asafo ahorow bi a mekɔsrasra de me fi Portugal kɔ China—anaa ɛte sɛ nea saa na ɛte. Nanso, me ne me yere Olive mfi Britain da.

Yɛsrasra Yehowa Adansefo asafo horow a ɛredɔɔso a ahwete ɔman no nyinaa mu a wɔka aman foforo kasa no. Efi Jersey nsupɔw bi a ɛwɔ Normandy mpoano a ɛwɔ France, beae a yɛwɔ kuw a wɔka Portugalfo kasa a ɛbɛyɛ kilomita 20 no, kosi Sunderland kurow a ɛwɔ England atifi fam, beae a yɛkɔsrasra nkurɔfo a wɔka China kasa no, yenya kyɛfa wɔ asasesin a enya nkɔso, ɛkɔ yiye wɔ honhom mu, a wɔka kasa pii wɔ hɔ, no mu. Ɛyɛɛ dɛn na yenyaa dwumadi soronko yi? Na dɛn na ɛrekɔ so wɔ yɛn kurom asɛmpatrɛw asasesin no mu? Ma menkyerɛkyerɛ mu.

Me ne Olive de bɛyɛ mfe 20 asom wɔ akwantu adwuma no mu, de asrasra asafo foforo dapɛn biara. Yɛn akwantu horow no de yɛn afi atifi akɔ anafo, apuei akɔ atɔe wɔ Britain nyinaa, ne nnansa yi yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Meditarranea nsupɔw a ɛne Malta no, baabi a wɔdaa Kristofo ahɔhoyɛ su a ɛda nsow adi kyerɛɛ yɛn no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 28:1, 2 ho.) Wɔ mfe abiɛsa akyi wɔ Malta no, yefii ase susuw yɛn dwumadi foforo ho. Yesusuwii sɛ ebia yɛbɛkɔ England nkuraase, na yefii ase siesiee yɛn adwene maa eyi. Hwɛ nwonwa a ɛyɛe bere a yɛn nsa kaa yɛn dwumadi foforo a ɛne sɛ yɛbɛsom ɔmansin foforo a akuw ne asafo ahorow a wɔka kasa ahorow 23 na ɛwom yi ho asɛm no!

Yedwen sɛnea yebetumi ayɛ yɛn adwuma yi ho. Sɛ yɛde osuahu a yenyae wɔ Malta no to nkyɛn a, yɛne nnipa pii a wɔwɔ ntetee ne amammerɛ soronko mmɔɔ da. So yebetumi ahyɛ wɔn a wɔnte Engiresi kasa pii no nkuran ankasa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ nkɔmmɔ bere a yɛnte kasa afoforo no? Na aduan ne amammerɛ a egu ahorow pii no nso ɛ? So yebetumi ayɛ nsakrae a ehia no? Nsɛmmisa a ɛte sɛ eyinom kɔɔ so wɔ yɛn adwene mu bere a yɛde mpaebɔ susuw Makedonia frɛ yi a yɛbɛgye so no ho no.—Asomafo no Nnwuma 16:9, 10; 1 Korintofo 9:19-22.

Ɔkasa Ho Akwanside a Yedi so Nkonim

Olive kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mfiase no metee nka sɛ memfata efisɛ na minni kasa horow ho nimdeɛ biara. Na minhu ɔkwan a mɛfa so aboa anuanom mmea no. Afei mekaee sɛnea awarefo a wɔne yɛn dii kan suaa Bible no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yɛpo dwumadi bi no. Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ Yehowa nka da sɛ yɛnyɛ biribi a yentumi nyɛ.” Ɛno nti yɛn baanu nyinaa fi yɛn pɛ mu penee dwumadi no so.

Sɛ yesusuw ho a, yehu sɛ kasa foforo a yɛnte no ama yɛabu nnipa nyinaa pɛ. Sɛ nhwɛso no, asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ kasa foforo mu a yɛkɔ dapɛn biara no aboa ma yɛahu sɛnea anuanom te nka bere a ɛsɛ sɛ wɔtra nhyiam a wɔyɛ wɔ Engiresi kasa mu a wɔnte nea wɔka no ase yiye no. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye ankasa ma nhyiam no sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nea wɔka no mu ntease paa. Bere biara Olive ma nsɛmmisa no mu biako ho mmuae wɔ nhyiam no ase. Osiesie mmuae no wɔ Engiresi kasa mu na ɔma onuawa bi kyerɛ ase ma no, a ɔkyerɛw no sɛnea obetumi abɔ asɛmfua no din. Ogye tom sɛ na ne yam hyehye no bere a na ɔma ne nsa so ma mmuae no. Ɛtɔ da na sɛ ɔbɔ mmɔden ka biribi a nkurɔfo serew no. Nanso eyi mmu n’abam. Ɔka sɛ: “Minim sɛ anuanom ani sɔ me mmɔdenbɔ no. Nokwarem no, me mmuaema no hyɛ wɔn a wonim kasa no yiye no nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛ adesua no mu.”

Wɔ me fam no, ɔkasa horow a mema no nso yɛ soronko, efisɛ ɛsɛ sɛ mema asekyerɛfo no bere wɔ ɔkasamu biara akyi. Ɛnyɛ den koraa sɛ na me nsɛm no ntumi nnidi so. Mihu sɛ ɛsɛ sɛ mema adwene kɔ asɛm no so kɛse na metew nsɛm no so koraa. Nanso m’ani gye ho.

Yɛn Som Adwuma a Egu Ahorow

Wɔ Britain nkurow akɛse pii mu no, nnipa a wɔka kasa foforo no abɔ ahwete, ebia wubehu sɛ baanu pɛ na wɔte borɔn bi so, na afei ɛsɛ sɛ wutwa kwan tenten kɔhwehwɛ afoforo. Nanso sɛ wode wɔn kasa kyia wɔn na wuhu nea wɔyɛ wɔ ho a, wuhu sɛ mfaso wɔ so. Sɛ onua a me ne no kɔ no de afiewura no kasa ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn a, sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ ho no yɛ anigye pii.

Nokwarem no, ɔsom adwuma a yɛyɛ wɔ asasesin a wɔka aman foforo kasa wɔ mu no yɛ nea yɛanya anigye wom paa no mu biako wɔ mfe 40 a yɛde ayɛ Ahenni som adwuma no mu. Nkɔso a ebetumi aba no yɛ kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wɔde nkurɔfo kurom kasa kyerɛkyerɛ wɔn a, wɔn mu pii de anisɔ kɛse sua nokware no ho ade ntɛmntɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:8, 14, 41) Ɛka koma paa sɛ wubehu sɛ anigye ma anuanom mmarima ne mmea ani tɛɛtɛɛ nsu bere a nhyiam no ba awiei no, na ebinom fam no ɛno ne bere a edi kan a wɔatie dwumadi no nyinaa ate ase.

Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka a, yɛbɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no yɛde ofiewura no kasa bɛda yɛn ho adi, ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a yɛn ho kyere yɛn kakra de. Sɛ nhwɛso no, nkyia titiriw a wonim wɔ Gujarati fie biara mu ne Kemcho, a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “Wo ho te dɛn?” Asɛm bi a mammɔ din yiye kɔyɛɛ te sɛ nea merebɔ kafe bi a agye din yiye ho dawuru. Nanso wɔ ofie biako mu no, okunu no ne ne yere serewee bere a mede Gujarati kasa kyiaa wɔn no. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn ntɛm ara sɛ yɛmmra mu na wofi ayamye mu maa yɛn kafe—a ɛnyɛ sɛ biribi a yɛammɔ din yiye ntia. Ɛdaa adi sɛ na wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ kuw a na yɛresrasra wɔn no mu bi abusuafo, na wɔkyerɛɛ nokware no ho anigye ankasa.

Na onuawa bi a ɔka Engiresi kasa taa ma awuraa bi a ɔka China kasa nsɛmma nhoma wɔ mfe pii mu. Na waka akyerɛ awuraa no mpɛn pii sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua a wonnye hwee, nanso wampene. Da koro onuawa bi a na ɔresua China kasa ne no kɔe na ɔmaa no Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma a ɛwɔ saa kasa no mu, na ofiewura a ɔwɔ asɛm no ho anigye no gyee nhoma no fɛw so.a Seesei a ɔwɔ nhoma no bi wɔ ɔno ara kasa mu no, ɔpenee Bible adesua no so. Saa nsɛm kakraa bi a ɔkae wɔ awuraa no ankasa kasa mu no na ɛde nsakrae a ɛte saa bae.

Amammerɛ a Egu Ahorow

Na yennim da sɛ wɔ amammerɛ binom mu no mmarima mpɛ sɛ wɔn yerenom nkutoo bepue anadwo. Eyi ma ɛyɛ den ma anuanom mmea pii sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a wɔyɛ no anwummere no. Asia aman bi gye di sɛ mmea a wɔkɔ so tra fie a wɔmpɛ sɛ wɔware no bu abusua no animtiaa. Onuawa biako papa pɛe sɛ ɔnom awuduru bere a wanware ɔbarima a abusua no paw no maa no no. Yiw, nea ɛsɛ sɛ anuanom mmea yi gyina ano no yɛ soronko kɛse! Nanso, sɛ wohwɛ sɛnea nokware no anya tumi wɔ abusua no asetra so ne sɛnea anuanom mmea no nokwaredi ma Yehowa no sɔ awofo ani a, na ɛyɛ nwonwa ankasa.

Bere a yegye dwumadi yi tom no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae bi. Ansa na yefii akwantu adwuma no ase no, na ɛsɛ sɛ aduan a midi no yɛ Engiresifo de nkutoo, nanso seesei de dodow a wɔde nneɛma pii gu aduan no mu ma no yɛ huam no, dodow no ara na eye. Yedi yaw wɔ mfe pii a yɛma etwaam ansa na yefii ase dii nnuan horow yi bi no—nea wɔde apataa mono ayɛ so kosi nea wɔama emu ayɛ huam so—no ho.

Akwanhwɛ a Ɛkyɛn So

Ɛda adi pefee sɛ eyi ne bere a ɛsɛ sɛ nsasesin a wɔka aman foforo kasa wom no nya nkɔso wɔ mmeae pii. Seesei wɔatintim nhoma bebree wɔ kasa horow mu. Wubetumi ahu Yehowa nhyira bere a wɔrehyehyɛ asafo afoforo no. Anuanom a wɔte kasa afoforo no fi akyirikyiri bɛboa.

Nhwɛso titiriw bi ne sɛnea wɔde wɔn ho ama reka Ahenni ho asɛmpa no wɔ France no. Nnansa yi, aguanfo bebree a wofi Zaire ne Afrika aman foforo so a wɔka Franse kasa aba Britain. Bere a wɔtew Franse kasa mu asafo a edi kan wɔ London no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 65 na wɔwom. Afe akyi no wɔn dodow no kɔɔ 117, na na wɔn mu 48 som sɛ daa akwampaefo. Ankyɛ koraa na wɔtew asafo a ɛto so abien na wɔde adi nkɔso a aba no ho dwuma. Seesei yebetumi de adwene asi anigyefo a wɔn mu 345 kɔɔ 1995 nkaedi afahyɛ no bi no so pii. Seesei kan Gilead adesuafo a wɔasom pɛn wɔ Benin, Côte d’Ivoire, Morocco, ne Zaire no de wɔn suahu reboa asasesin a ɛrenya nkɔso yi, na nea afi mu aba no yɛ nwonwa.

Wɔ yɛn nsrahwɛ biako wɔ Franse kasa mu asafo bi mu no, me ne Afrikani ababaa bi kɔyɛɛ Bible adesua. Bere a yɛrefi hɔ no, ababaa no srɛe sɛ: “Mesrɛ mo, monnkɔ. Montwɛn kakra.” Na ɔpɛ sɛ ohu pii. Ɔkaee me Lidia a na ɔwɔ afeha a edi kan no mu no.—Asomafo no Nnwuma 16:14, 15.

Adwuma a edi kan a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛboa akuw nketewa a wɔka aman foforo kasa no ma wɔbɛyɛ asafo horow. Yɛyɛɛ Teokrase Ɔsom Sukuu a wɔatwa no tiawa pɛnkoro dapɛn biara wɔ beae a na anuanom yɛ dapɛn dapɛn Asafo Nhoma Adesua no. Eyi boa wɔn ma wotumi kasa yiye wɔ asɛnka adwuma no mu. Afei wɔde nkakrankakra yɛɛ dapɛn biara asafo nhyiam anum no nyinaa. Yɛwɔ asafo foforo a wɔka China kasa (Cantonese), Franse kasa, Gujarati, Japan kasa, Portugal kasa, Punjabi kasa, Tamil kasa, ne Wales kasa dedaw.

Yɛasan anya hokwan a ɛyɛ anigye de akɔ anuanom a wɔyɛ mum nhyiam. Hwɛ a yɛhwɛ anuanom sɛ wɔde wɔn nsa to dwom no yɛ ade a nkanyan wom. Bere a mihu sɛ wɔn nipadua no na ɛkasa wɔ wɔn som adwuma mu no, minya anisɔ ma wɔn mmɔdenbɔ a ɛfata a wɔde ka Ahenni ho asɛm no. Mum ne anifuraefo nyinaa mpo wɔ wɔn kasa asekyerɛfo. Ɛte sɛ nea Yehowa hwɛ hu sɛ wɔremmu n’ani ngu obiara so.

Sɛ ɛsɛ sɛ yebisa biribi pɔtee a, anka ɛbɛyɛ nea Yesu bisaa no ara pɛ: “Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” (Mateo 9:38) Yɛn nuanom bebree redi mmɔdenbɔ a egye sɛ wobesua kasa a wɔka wɔ wɔn asafo no asasesin mu no ho dwuma. Ɛwom sɛ wɔmfaa kasa foforo a wotumi ka ho dom akyɛde mmaa yɛn de, nanso ɛda adi sɛ Yehowa rebue ɔsom adwuma no ho kwan wɔ yɛn kurom asɛmpatrɛw asasesin yi mu—asasesin a ahoa ama otwa. (Yohane 4:35, 36)—Sɛnea Colin Seymour ka kyerɛe.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena