“Nhwehwɛmu a Wogyina So Bu Atɛn”—So Ɛyɛ Nkyerɛkyerɛ a Egyina Bible So?
NÁ OCTOBER 22, 1844, yɛ akwanhwɛ da kɛse ma nnipa bɛyɛ 50,000 a wɔwɔ United States Apuei fam Mpoano no. Ná wɔn honhom fam kannifo, William Miller, aka sɛ Yesu Kristo bɛsan aba saa da no. Millerfo, sɛnea na wɔfrɛ wɔn no, twɛnee wɔ wɔn nhyiambea ahorow kosii anadwo. Afei ade kyee, nanso na Awurade no mmae. Wɔsan kɔɔ fie a wɔn abam abu, na ɛno akyi no, wɔkaee saa da no sɛ “Abasamtu Kɛse.”
Nanso, ankyɛ na abasamtu no buee kwan maa anidaso. Ababaa bi a wɔfrɛ no Ellen Harmon daadaa Millerfo no kuw ketewa bi sɛ Onyankopɔn ayi akyerɛ no wɔ anisoadehu mu sɛ wɔn bere ho akontaabu no yɛ nea na edi mũ. Ɔkyerɛe sɛ asɛntitiriw bi sii saa da no—saa da no na Kristo wuraa “ɔsoro asɔrefie kronkron mu kronkronbea” hɔ.
Bɛboro mfe du akyi no, Adventistni sɛnkafo James White (a na waware Ellen Harmon) kaa asɛm bi de kaa adwuma a Kristo reyɛ fi October 1844 no ho asɛm. Wɔ Review and Herald a wotintim no January 29, 1857 mu no, White kae sɛ Yesu afi “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” bi ase. Na eyi ayɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem ason a wɔfrɛ wɔn ho Seventh-Day Adventistfo no gyidi titiriw.
Nanso, nhomanimfo bi a wobu wɔn a wɔwɔ Seventh-Day Adventist (SDA) Asɔre no mu no resusuw ho sɛ ebia “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” no yɛ nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so anaa. Dɛn nti na wɔresusuw ho bio? Sɛ woyɛ Seventh-Day Adventistni a, saa asɛmmisa yi bɛfa wo ho. Nanso, nea edi kan no, dɛn ne “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn”?
Ɛyɛ Dɛn?
Kyerɛwsɛm titiriw a wɔde foa saa nkyerɛkyerɛ yi so ne Daniel 8:14. Ɛkenkan sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, Ɛbɛkɔ akosi nnafua mpennu ahasa; ansa na wɔatew asɔrefie hɔ.” (King James Version) Esiane asɛm “ansa na wɔasiesie asɔrefie hɔ” no nti, Adventistfo pii ka sɛ saa nkyekyem yi ne Liviticus ti 16 wɔ abusuabɔ. Ɛka asɔrefie no a na Yudafo sɔfo panyin no tew hɔ Mpata Da no ho asɛm. Wɔsan ka sɛ Daniel nsɛm no ne Hebrifo ti 9 a ɛka Yesu ho asɛm sɛ Ɔsɔfo Panyin Kɛse wɔ soro no wɔ abusuabɔ. SDA nhomanimfo bi ka sɛ saa nsusuwii yi gyina “kyerɛw nsɛm a ɛfoa so” no so. Onipa a ɔfa saa kwan no so no hu “asɛmfua bi te sɛ asɔrefie wɔ Dan. 8:14, asɛmfua koro no ara a ɛwɔ Lev. 16, ne Heb. 7, 8, 9 no,” na ɔka “sɛ ne nyinaa reka ade koro ho asɛm.”
Adventistfo no susuw nneɛma ho saa kwan yi so sɛ: Ná tete Israel asɔfo no som daa wɔ asɔrefie no dan bi a wɔfrɛ no Kronkronbea no mu, ma ɛde bɔne fafiri ba. Wɔ Mpata Da no, na ɔsɔfo panyin no yɛ afe afe ɔsom adwuma bi wɔ Kronkron mu Kronkronbea (asɔrefie no mpiakyiri) hɔ a ɛpopaa bɔne. Wɔka sɛ Kristo asɔfodwuma a ɛwɔ soro no wɔ afã abien. Ɔfã a edi kan no fii ase wɔ ne sorokɔ wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛbaa awiei wɔ 1844 mu, na ɛde bɔne fafiri bae. Ɔfã a ɛto so abien, anaa “atemmu bere no,” fii ase October 22, 1844, na egu so ara, na ebeyi bɔne afi hɔ. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ eyi?
Efi 1844 no, wɔkyerɛ sɛ Yesu rehwehwɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ agyidifo no nyinaa (nea edi kan, awufo, ne afei ateasefo) asetra mu nsɛm mu ahwɛ sɛ ebia wɔfata daa nkwa anaa. Saa nhwehwɛmu yi ne “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” no. Enti sɛ wobu nkurɔfo atɛn wie a, wɔpopa wɔn a wodi saa sɔhwɛ yi mu nkonim no bɔne fi kyerɛwtohɔ nhoma no mu. Nanso, Ellen White kyerɛkyerɛ mu sɛ, ‘wɔbɛpopa’ wɔn a wonni nkonim no ‘din afi nkwa nhoma no mu.’ Enti, “saa bere no na wɔbɛkyerɛ sɛ obi benya nkwa anaa owu.” Saa bere no na wɔatew ɔsoro asɔrefie hɔ ma Daniel 8:14 anya ne mmamu. Saa na Seventh-Day Adventistfo kyerɛkyerɛ. Nanso SDA asɔre no nhoma Adventist Review gye tom sɛ: “Asɛm nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn no nni Bible mu.”
Nsɛmfua a Wɔamfa Anni Dwuma Yiye
Saa nkyerɛkyerɛ yi ahaw Adventistfo binom. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ: “Abakɔsɛm kyerɛ sɛ yɛn kuw ahorow mu akannifo anokwafo no adi yaw bere a wosusuw ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn no mu ho no.” Ɔde ka ho sɛ, wɔ nnansa yi mfe mu no, ɛyawdi no adan adwene mu nnaayɛ bere a nhomanimfo fii ase “kae sɛ wonnye adum atitiriw a yegyina so de yɛn asɔrefie ho nkyerɛkyerɛ ma daa no mu pii nni no.” Afei ma yɛnhwehwɛ emu abien mu.
Odum a edi kan: Wɔka sɛ Daniel ti 8 ne Leviticus ti 16 wɔ abusuabɔ. Ɔhaw atitiriw abien na ɛmma saa adwenkyerɛ yi nni mũ—nsɛmfua a wɔde dii dwuma ne nsɛm a ɛka ho. Nea edi kan no, susuw nsɛmfua a wɔde dii dwuma no ho. Adventistfo gye di sɛ ‘asɔrefie a wɔtew hɔ’ a wɔka ho asɛm wɔ Daniel ti 8 no yɛ ‘asɔrefie a wɔatew hɔ’ a ɛwɔ Leviticus ti 16 no nsusuwso. Ɛte sɛ nea wogyee nsɛdi yi toom kosii sɛ nsɛm asekyerɛfo hui sɛ ‘ahotew’ a ɛwɔ King James Version mu no yɛ Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛne tsa·dhaqʹ, (a ɛkyerɛ “sɛ obi bɛyɛ ɔtreneeni”) a wɔankyerɛ ase yiye na wɔde di dwuma wɔ Daniel 8:14. Nyamekyerɛ ho ɔbenfo Anthony A. Hoekema ka sɛ: “Ɛyɛ awerɛhow sɛ wɔbɛkyerɛɛ asɛmfua no ase ahotew, efisɛ wɔmfa Hebri adeyɛ asɛm a mpɛn pii no wɔkyerɛ ase sɛ wɔatew ho [ta·herʹ] no nni dwuma wɔ ha koraa.”a Wɔde di dwuma wɔ Leviticus ti 16, baabi a King James Version kyerɛ ta·herʹ ase ‘tew ho’ ne ‘mo ho ntew’ no. (Leviticus 16:19, 30) Enti, Ɔbenfo Hoekema ka ma ɛfata sɛ: “Sɛ na Daniel reka ahotew bi a wɔyɛ no Mpata Da no ho asɛm a, anka taheer [ta·herʹ] na ɔde bedi dwuma, na ɛnyɛ tsadaq [tsa·dhaqʹ].” Afei nso, wonhu tsa·dhaqʹ wɔ Leviticus, na wonhu ta·herʹ nso wɔ Daniel nhoma no mu. Wɔamfa nsɛmfua no anni dwuma yiye.
Dɛn na Nsɛm a Ɛka Ho no Da no Adi?
Afei susuw nsɛm a ɛka ho no ho. Adventistfo kyerɛ sɛ Daniel 8:14 yɛ “asɛm bi a atew ne ho” a ɛne nkyekyem ahorow a edi anim no nni biribiara yɛ. Nanso so saa adwene no na wunya bere a wokenkan Daniel 8:9-14 wɔ adaka a edi hɔ a wɔato din “Daniel 8:14 ne Nsɛm a Ɛka Ho” mu no? Nkyekyem 9 no ka otuafo bi, abɛn ketewa bi, ho asɛm. Nkyekyem 10-12 no da no adi sɛ saa otuafo yi bɛto ahyɛ asɔrefie no so. Nkyekyem 13 no bisa sɛ, ‘Saa ntua yi bɛkɔ akosi da bɛn?’ Na nkyekyem 14 bua sɛ: “Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa; ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.” Ɛda adi pefee sɛ nkyekyem 13 no ma asɛmmisa bi a wobua wɔ nkyekyem 14 no sɔre. Nyamekyerɛfo Desmond Ford ka sɛ: “Dan. 8:14 a yebeyi afi saa abooboodi yi [“Da bɛn?” nkyekyem 13] ho no te sɛ hyɛn a ɛnam po so a wɔntoo no sɛkyɛ.”b
Dɛn nti na Adventistfo no yi nkyekyem 14 no fi asɛm a ɛka ho no mu? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnka biribi a ɛhyɛ aniwu. Nsɛm a ɛka ho no ka sɛ abɛn ketewa no dwumadi na egu asɔrefie a wɔbɔ din wɔ nkyekyem 14 no ho fĩ. Nanso, “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” nkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ Kristo dwumadi na egu asɔrefie no ho fĩ. Wɔka sɛ ɔde agyidifo bɔne kɔ ɔsoro asɔrefie hɔ. Enti, sɛ Adventistfo no gye nkyerɛkyerɛ no ne nsɛm a ɛka ho no tom a, dɛn na ɛbɛba? Ɔbenfo Raymond F. Cottrell, Seventh-Day Adventistni ne kan SDA Bible Commentary no samufo no kyerɛwee sɛ: “Mfomso a yebedi aka sɛ nkyerɛkyerɛmu a SDA asɔre no de ma wɔ Daniel 8:14 ne nsɛm a ɛka ho ho no yɛ nokware no bɛkyerɛ sɛ abɛn ketewa no ne Kristo no.” Ɔbenfo Cottrell gye tom nokwarem sɛ: “Yɛrentumi nka sɛ nsɛm a ɛka ho no ne Adventistfo nkyerɛkyerɛmu no nyinaa yɛ ade koro.” Ɛdefa “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” no ho no, ɛsɛ sɛ Adventist Asɔre no paw emu biako—sɛ́ wobegye nkyerɛkyerɛ no atom, anaasɛ wobegye nsɛm a ɛka Daniel 8:14 ho no atom. Awerɛhosɛm ne sɛ, egyee nkyerɛkyerɛ no toom, na ɛpoo nsɛm a ɛka ho no. Ɔbenfo Cottrell ka sɛ, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible asuafo a wɔwɔ nimdeɛ kasa tia Adventistfo sɛ “wɔde” ade a yɛrentumi “nhu wɔ Kyerɛwnsɛm mu reka Kyerɛwnsɛm no ho”!
Wɔ 1967 mu no, Ɔbenfo Cottrell siesiee homeda sukuu adesua bi a egyina Daniel nhoma no so de kɔmaa SDA asɔre ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa. Ɛkyerɛkyerɛe sɛ Daniel 8:14 ne nsɛm a ɛka ho no wɔ abusuabɔ, ne sɛ ‘ahotew’ no mfa agyidifo ho. Nea yɛhyɛ no nsow ne sɛ, adesua no nka “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” biara ho asɛm.
Mmuae Ahorow Bi a Ɛho Hia
Nim a Adventistfo no nim sɛ saa adum yi nni mu koraa sɛ ɛbɛfoa “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” nkyerɛkyerɛ no so no yɛ kɛse dɛn? Ɔbenfo Cottrell bisaa Adventist nyamekyerɛ mpanyimfo 27 sɛ, ‘Asɛmfua anaa nsɛm a ɛka ho bɛn na mubetumi de ama wɔ ka a moka sɛ Daniel ti 8 ne Leviticus ti 16 wɔ abusuabɔ no ho?’ Wobuaa dɛn?
“Nnipa aduonu nson no nyinaa sii so dua sɛ asɛmfua anaa nsɛm a ɛka ho biara nni hɔ a wogyina so de Dan. 8:14 gyina hɔ ma ade a mpata da no yɛɛ ho mfonini ne atemmu a egyina nhwehwɛmu so no.” Obisaa wɔn sɛ, ‘Mowɔ ntease foforo bi a enti ɛsɛ sɛ moyɛ saa ntotoho yi?’ Adventist nhomanimfo no mu dodow no ara kae sɛ wonni ntease foforo biara, baanum buae sɛ wɔyɛɛ saa ntotoho yi efisɛ Ellen White yɛɛ saa, na baanu kae sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ no gyinaa “mfomso pa” a wodii wɔ nsɛm asekyerɛ mu no so. Nyamekyerɛfo Ford ka sɛ: “Saa nsɛm no a yɛn nhomanimfo a wodi mu sen biara kae no kyerɛ koraa sɛ ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ Dan. 8:14 mu no yɛ nea ɛmfata.”
Mmoa Bi Wɔ Hebrifo Nhoma no mu Anaa?
Odum a ɛto so abien: Wɔka sɛ Daniel 8:14 ne Hebrifo ti 9 wɔ abusuabɔ. Nyamekyerɛfo Ford ka sɛ: “Heb. 9 no so na nhoma ahorow a yedii kan kyerɛwee no nyinaa gyina bere a na yɛrekyerɛkyerɛ Dan. 8:14 mu no.” Wɔyɛɛ saa ntotoho yi wɔ “Huammɔdi Kɛse” no akyi wɔ 1844 mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ no, Millerni Hiram Edson de ne Bible hwee pon bi so sɛnea ɛbɛyɛ a emu bebue. Dɛn na efi mu bae? Ná Hebrifo ti 8 ne 9 na abue. Ford ka sɛ: “Ade a ebetumi ayɛ kyerɛ a Adventistfo kyerɛ sɛ saa ti ahorow yi foa nea 1844 ne Dan. 8:14 kyerɛ so ho ade a ɛfata kɛse wɔ sɛnkyerɛnne kwan so!”
Ɔbenfo Ford de ka ho wɔ ne nhoma Daniel 8:14, the Day of Atonement, and the Investigative Judgment mu sɛ: “Saa asɛm no hia Seventh-day Adventistfo yiye. Heb. 9 nkutoo mu . . . na yebetumi ahu asɔrefie nkyerɛkyerɛ a ɛsom bo ma yɛn no ho nkyerɛkyerɛmu . . . a ɛkɔ akyiri.” Yiw, Hebrifo ti 9 ne ti a ɛwɔ “Apam Foforo” no mu a ɛkyerɛkyerɛ nkɔmhyɛsɛm a ɛwɔ Leviticus ti 16 no mu. Nanso Adventistfo kyerɛ nso sɛ Daniel 8:14 ne nkyekyem a ɛwɔ “Apam Dedaw” no mu a ɛyɛ saa. Sɛ nsɛm abien no nyinaa yɛ nokware a, ɛnde na ɛsɛ sɛ abusuabɔ bi ba Hebrifo ti 9 ne afei Daniel ti 8 no mu.
Desmond Ford ka sɛ: “Sɛ obi kenkan Heb. 9 a, obehu nneɛma bi ntɛm ara. Ɛda adi sɛ ɛntwe adwene nsi Daniel nhoma no so, na akyinnye biara nni ho sɛ, nkyekyem no biara ntwe adwene nsi Dan. 8:14 so. . . . Ti no nyinaa fa Lev. 16 ho.” Ɔka sɛ: “Yɛrentumi nhu yɛn asɔrefie ho nkyerɛkyerɛ no wɔ Apam Foforo no mu nhoma a ɛno nkutoo na ɛka nea asɔrefie dwumadi ahorow no kyerɛ ho asɛm no mu. Eyi yɛ ade a Adventist nhoma kyerɛwfo a wonim wɔn yiye wɔ wiase nyinaa agye atom.” Enti, odum a ɛto so abien no nso nni mu koraa sɛ ɛbɛfoa nkyerɛkyerɛ a asɛm wɔ ho no so.
Nanso, saa asɛm yi nyɛ ade foforo. Ɔbenfo Cottrell ka sɛ, mfe pii na “asɔre no Bible nhomanimfo ahu nsɛnnennen a ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ Daniel 8:14 ne Hebrifo 9 mu de ba no yiye.” Bɛyɛ mfe 80 a atwam no, Seventh-Day Adventistni bi a wagye din, E. J. Waggoner, kyerɛwee sɛ: “Adventistfo nkyerɛkyerɛ a ɛfa asɔrefie no ne ‘Ne Nhwehwɛmu a Wogyina So Bu Atɛn’ ho no . . . yɛ nea ɛpo bɔne ho mpata no koraa.” (Confession of Faith) Bɛboro mfe 30 a atwam no, wɔde nsɛnnennen a ɛte saa no kɔɔ Nhyiam Kɛse a SDA Asɔre no mpanyimfo yɛe ase.
Nsɛm ne Adwene a Enhyia
Wɔpaw “Boayikuw a Ɛbɛhwɛ Adi Nsɛnnennen a Ɛwɔ Daniel Nhoma no mu Ho Dwuma” wɔ Nhyiam Kɛse no ase. Ná ɛsɛ sɛ ɛkyerɛw amanneɛbɔ a ɛfa sɛnea wobedi nsɛnnennen a ɛwɔ Daniel 8:14 ho no ho dwuma. Boayikuw a na emu nnipa yɛ 14 no de mfe anum hwehwɛɛ asɛmmisa no mu, nanso wɔantumi annya mmuae a wɔn nyinaa gye tom. Wɔ 1980 mu no, boayikuw no muni Cottrell kae sɛ na boayikuw no mufo dodow no ara te nka sɛ Adventistfo nkyerɛkyerɛmu a ɛfa Daniel 8:14 ho no yɛ nea wobetumi “afoa so ɔkwampa so” denam “ka a wɔbɛka sɛ ɛyɛ nokware kɛkɛ” so, na enti ɛsɛ sɛ “wogyae” nsɛnnennen no “akyi di.” Ɔde kaa ho sɛ: “Monkae sɛ, boayikuw no din ne Boayikuw a Ɛbɛhwɛ Adi Nsɛnnennen a Ɛwɔ Daniel Nhoma no mu Ho Dwuma, nanso dodow no ara rekyerɛ sɛ yennyae nsɛnnennen no akyi di a yɛnka ho hwee.” Anka ɛno bɛkyerɛ sɛ “yɛagye atom sɛ yenni ho mmuae.” Enti nnipa kakra a aka no amfoa nnipa dodow no adwene no so, na wɔanyɛ ho kyerɛwtohɔ biara. Nkyerɛkyerɛ ho nsɛnnennen no da so ara wɔ hɔ a wonnii ho dwuma.
Bere a Ɔbenfo Cottrell reka adwene a enhyia yi ho asɛm no, ɔka sɛ: “Daniel 8:14 ho ɔsɛmpɔw no da so ara wɔ hɔ efisɛ yennyaa ɔpɛ koraa sɛ yebegye nokwasɛm no atom sɛ nsɛmfua asekyerɛ ho asɛnnennen ankasa bi wɔ hɔ. Saa ɔsɛmpɔw no remfi hɔ, bere tenten a yɛboapa yɛ sɛ nea asɛnnennen biara nni hɔ no, bere tenten a yɛkɔ so bu yɛn ani gu so kura yɛn nsusuwii a enni nnyinaso no mu, sɛ́ ankorankoro ne kuw no.”—Spectrum, nsɛmma nhoma bi a Adventistfo Nhyiam Fekuw no tintimii.
Ɔbenfo Cottrell hyɛ Adventistfo nkuran sɛ wɔnyɛ “nsusuwii titiriw ne nsɛmfua asekyerɛ ho nnyinasosɛm a wɔde Kyerɛwnsɛm a—wɔ Adventistfo no fam no—wontumi nkwati gyina so no mu nhwehwɛmu bio.” Yɛhyɛ Adventistfo nkuran sɛ wɔnyɛ “nhwehwɛmu a wogyina so bu atɛn” nkyerɛkyerɛ no mu nhwehwɛmu bio nhwɛ sɛ ebia adum ahorow a egyina so no gyina Bible so pintinn anaasɛ egyina amammerɛ fapem a enni ahoɔden no so.c Ɔsomafo Paulo hyɛɛ nkuran nyansam sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.”—1 Tesalonikafo 5:21.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wilson’s Old Testament Word Studies kyerɛ tsadaq (anaa, tsa·dhaqʹ) ase sɛ “obi bɛyɛ ɔtreneeni, sɛ wobebu obi bem,” na ɛkyerɛ taheer (anaa, ta·herʹ) ase sɛ “biribi mu bɛda hɔ, ɛbɛhyerɛn; ɛbɛyɛ kurennyenn, ani bɛtew, wɔbɛsɔn so; sɛ wobeyi efĩ biara afi mu.”
b Ná Ɔbenfo Ford kyerɛ nyamesom ho ade wɔ Pacific Union College a ɛwɔ U.S.A. a ɛyɛ asɔre no de no. Wɔ 1980 mu no, SDA mpanyimfo no maa no asram asia akwamma sɛ onkosua nkyerɛkyerɛ no ho ade, nanso wɔpoo nea wohui no. Otintim eyi wɔ nhoma Daniel 8:14, the Day of Atonement, and the Investigative Judgment no mu.
c Sɛ wopɛ Daniel ti 8 ho nkyerɛkyerɛmu a ntease wom a, hwɛ “Wopɛ Nyɛ Asase So” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no nkratafa 188-219.
[Kratafa 27 adaka]
Daniel 8:14 ne Nsɛm a Ɛka Ho
DANIEL 8:9 “Na abɛn ketewa biako fi biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei fam ne asase fɛfɛ no; 10 na ɛsõe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so; 11 na ɔmaa ne ho so koduu asafo no safohene so, na oyii daa afɔre no fii n’anim, na wɔtow ne kronkron trabea hwee fam. 12 Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.
“13 Na metee sɛ ɔkronkronni bi rekasa, na ɔkronkronni foforo ka kyerɛɛ obiako a ɔrekasa no sɛ: Da bɛn na daa som ne amamfõyɛ mmarato a wɔde kronkronbea ne asafo no ma sɛ wóntiatia so no ho adehu no bɛkɔ akosi? 14 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛbɛkɔ akosi anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa, ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye.”—Yɛn na yɛasi afã bi so dua no.