Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 8/15 kr. 30
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Mmae Anaasɛ Ba a Yesu Aba—Nea Ɛwɔ He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • A4 Onyankopɔn Din Pue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm No Mu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Dɛn Ne Masoret Nkyerɛwee No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 8/15 kr. 30

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So “Tetragrammaton” (Hebri kasa mu nkyerɛwde anan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din) no pue wɔ Mateo nhoma a ɛwɔ Hebri kasa mu a afeha a ɛto so 14 no mu Yudani duruyɛfo Shem-Tob ben Isaac Ibn Shaprut kyerɛwee no mu?

Dabi, empue wom. Nanso, saa Mateo nhoma yi de hash·Shem’ (a wɔakyerɛw ne nyinaa anaasɛ wɔatwa no tiaa) di dwuma mpɛn 19, sɛnea wɔada no adi wɔ August 15, 1996, Ɔwɛn-Aban mu wɔ kratafa 13 no.

Hebri kasa hash·Shem’ no kyerɛ “Edin no,” a akyinnye biara nni ho sɛ ɛfa Onyankopɔn din ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Shem-Tob nkyerɛwee no mu no, hash·Shem’ a wɔatwa no tiaa no pue wɔ Mateo 3:3, asɛm a Mateo fa fii Yesaia 40:3 mu no. Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ bere a Mateo faa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nkyekyem bi a na Tetragrammaton no wɔ mu asɛm kae no, ɔde Onyankopɔn din no hyɛɛ N’asɛmpa no mu. Enti bere a Hebri nkyerɛwee a Shem-Tob yɛe no mfa Tetragrammaton no nni dwuma no, dwuma a ɛde “Edin no” dii, sɛnea ɛwɔ Mateo 3:3 no foa “Yehowa” a wɔde di dwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no so.

Shem-Tob kyerɛw Mateo nkyerɛwee a ɛwɔ Hebri kasa mu no wɔ ne kasatia nhoma a wɔato din ʼEʹven boʹchan no mu. Ɛnde, na ɛhe na saa Hebri nkyerɛwee no fi? Ɔbenfo George Howard a wayɛ saa asɛm yi mu nhwehwɛmu akɔ akyiri no ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ, “Shem-Tob nyaa ne Mateo a ɛwɔ Hebri kasa mu no wɔ mfeha anan a edi kan wɔ Kristofo mmere mu no mu baabi.”a Ebia afoforo ne no renyɛ adwene wɔ eyi ho.

Howard ka sɛ: “Nsonsonoe pii wɔ Hebri kasa mu Mateo a ɛwɔ nkyerɛwee yi mu ne Hela kasa mu Mateo a wogye tom no mu.” Sɛ nhwɛso no, sɛnea Shem-Tob nkyerɛwee no kyerɛ no, Yesu ka faa Yohane ho sɛ: “Nokware mise mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni.” Egyaw Yesu nsɛm a edi hɔ no: “Nanso nea ɔyɛ aketewa ɔsoro ahenni mu no yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, nsonsonoe pii wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no Hebri nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ ne sɛnea wɔkaa nsɛm koro no ara wɔ Hela Septuagint nkyerɛwee mu no mu. Bere a yegye tom sɛ nsonsonoe ahorow wom no, tete nkyerɛwee a ɛte saa no ye ma ntotoho bi.

Sɛnea yɛkaa ho asɛm no, “Edin no” pue wɔ Shem-Tob Mateo nkyerɛwee no mu mmeae bi a wobetumi anya biribi agyina so agye adi sɛ Mateo de Tetragrammaton no dii dwuma ankasa. Enti, efi 1950 no, wɔde Shem-Tob nkyerɛwee no adi dwuma de afoa Onyankopɔn din no a wɔde hyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no so, na wɔda so ara twe adwene si so wɔ The New World Translation of the Holy Scriptures—With References no mu.b

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ New Testament Studies, Po 43, Nɔma 1, January 1997, nkratafa 58-71 nso.

b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1984 mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena