Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 5/15 kr. 26-28
  • Dɛn Ne Masoret Nkyerɛwee No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Masoret Nkyerɛwee No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Asɛm No
  • Ɔkwan Da Ho Ma Nsɛm a Enni Mũ Bɛhyehyɛ Mu
  • Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobesiw Kwan No
  • Yebetumi Anya Masoret Nkyerɛwee “Kronn”?
  • Ná Masoretfo No Yɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Hebri Bible Nsaano Nkyerɛwee Ho Nhwɛso Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Nhoma No Da So Wɔ Hɔ?
    Amansan Nhoma
  • Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 5/15 kr. 26-28

Dɛn Ne Masoret Nkyerɛwee No?

ƐMFA ho kasa ko a wokenkan Bible no wom no, ebia wɔkyerɛɛ nhoma no fã bi ase fii Masoret nkyerɛwee a ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm anaa “Apam Dedaw” no mu tẽẽ anaa ne nkyerɛase bi mu. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ Masoret nkyerɛwee biako pɛ na na ɛwɔ hɔ. Enti nea ɛwɔ he na wɔpawee, na dɛn ntia? Nokwarem no, dɛn ne Masoret nkyerɛwee no, na yɛyɛ dɛn hu sɛ edi mũ?

Yehowa Asɛm No

Wofii Bible kyerɛw ase afe 1513 A.Y.B. wɔ Sinai Bepɔw so. Exodus 24:3, 4 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mose bae bɛkaa [Yehowa] nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mũ no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a [Yehowa] aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose kyerɛw [Yehowa] nsɛm no nyinaa.”

Wɔde bɛboro mfirihyia apem na ɛkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, efi 1513 A.Y.B. kosi bɛyɛ 443 A.Y.B. Esiane sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkaa akyerɛwfo no nti, ntease wom sɛ ɔbɛkyerɛ nneɛma kwan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde nokwaredi bɛkora n’asɛm so. (2 Samuel 23:2; Yesaia 40:8) Nanso, eyi kyerɛ sɛ Yehowa beyi nnipa mfomso nyinaa afi mu ma bere a wɔrehwɛ bi so kyerɛw foforo no, nkyerɛwde biako pɛ mpo nsesa?

Ɔkwan Da Ho Ma Nsɛm a Enni Mũ Bɛhyehyɛ Mu

Ɛwom sɛ mmarima a wɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm na wɔhwɛɛ bi so kyerɛw foforo wɔ awo ntoatoaso ahorow mu de, nanso nnipa mfomso kakra bɛhyehyɛɛ nsaano nkyerɛwee no mu. Wɔde honhom kaa Bible akyerɛwfo no, nanso Onyankopɔn honhom anka wɔn a wɔhwɛɛ bi so kyerɛw foforo no wɔ wɔn adwuma no mu.

Bere a Yudafo no fi Babilon nnommumfa mu san bae 537 A.Y.B. no, wɔfaa ɔkwan foforo a wosuaa no Babilon no so kyerɛwee, de nkyerɛwde ahinanan dii dwuma. Ɔhaw a saa nsakrae kɛse yi de bae ne sɛ na wobetumi akɔfa nkyerɛwde ahorow bi a edi nsɛ de ayɛ nkyerɛwde foforo. Esiane sɛ Hebri yɛ kasa a egyina anom nkyerɛwde so, na ɔkenkanfo no gyina asɛm no mu ntease a ɔwɔ so de enne nkyerɛwde hyehyɛ mu nti, sɛ anom nkyerɛwde biako sesa a, ɛnyɛ den sɛ ɛbɛsesa asɛmfua bi ntease. Nanso, ná wobehu saa mfomso no asiesie mpɛn pii.

Yudafo no fã kɛse no ara ansan ankɔ Israel wɔ Babilon asehwe no akyi. Enti, hyiadan ahorow no bɛyɛɛ honhom fam nneɛma ho dwumadibea maa Yudafo a na wɔwɔ Mfinimfini Fam Apuei ne Europa nyinaa.a Ná hyiadan biara hia nhoma mmobɔwee a Kyerɛwnsɛm no wom no bi. Dodow a wɔkyerɛw pii no, dodow no ara na na akyerɛwfo no betumi adi mfomso.

Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wobesiw Kwan No

Efi afeha a adi kan Y.B. mu no, Yerusalem akyerɛwfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nkyerɛwde titiriw bi besi hɔ ma wɔagyina so de asiesie Hebri Kyerɛwnsɛm no nhoma mmobɔwee a aka no nyinaa. Nanso wɔannya ɔkwan pɔtee bi a wobetumi de ahu nsonsonoe a ɛda nkyerɛwee dedaw no ne nsaano nkyerɛwee a akyerɛwfo no ayeyɛ a mfomso wom no ntam. Efi afeha a ɛto so abien Y.B. mu no, ɛkame ayɛ sɛ na Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde anom nkyerɛwde akyerɛw no abɛyɛ nea wogye tom kɛse, ɛwom sɛ na wonnya mfa nyɛɛ gyinapɛn no koraa de. Mpɛn pii no na ɛda adi sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a wɔfa ka wɔ Talmud (a wɔkyerɛw no efi afeha a ɛto so abien kosi afeha a ɛto so asia Y.B.) mu no fi baabi foforo, na emfi nea akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Masoret nkyerɛwee no mu.

Asɛmfua “amammerɛ” wɔ Hebri kasa mu ne ma·soh·rahʹ anaa ma·soʹreth. Eduu afeha a ɛto so asia Y.B. mu no, wɔbɛfrɛɛ wɔn a wɔbɔɔ amammerɛ a ɛne Hebri Kyerɛwnsɛm no a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi pɛpɛɛpɛ no ho ban no Masoretfo. Wɔfrɛɛ nea wɔkyerɛwee no sɛ Masoret nkyerɛwee. Dɛn na na ɛyɛ soronko wɔ wɔn adwuma no ne nkyerɛwee a wɔyɛe no ho?

Ná nkurɔfo agyae Hebri ka sɛ ɔman kasa, na na Yudafo bebree nte no yiye bio. Enti, na Bible nkyerɛwee a wɔde anom nkyerɛwde ayɛ no asete mpo ayɛ asɛm. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ ho ban no, Masoretfo no yɛɛ ɛnne nkyerɛwde ho nhyehyɛe bi a na wɔde osiwiei ne nsensanee gyina hɔ ma no. Ná wɔde toto anom nkyerɛwde no atifi anaa ase. Masoretfo no yɛɛ nhyehyɛe nwonwaso bi nso a na ɛyɛ sɛnkyerɛnne a wɔde hu sɛnea ɛsɛ sɛ wogyinagyina wɔ akenkan mu de kyerɛɛ ɔkwampa a wɔfa so bobɔ nsɛmfua din.

Baabi a na Masoretfo no te nka sɛ akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ awo ntoatoaso a edii anim mu no asakra asɛm no anaa wɔankyerɛw no pɛpɛɛpɛ no, sɛ́ anka wɔbɛyɛ nsakrae wɔ asɛm no mu no, na wɔkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ nkyɛnkyɛn. Wɔkyerɛɛ nsɛmfua ne nsɛm a wɔankyerɛw no ne kwan so ne mpɛn dodow a eyinom puei wɔ nhoma biako mu anaa Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu. Wɔkyerɛw nsɛm afoforo a ɛbɛboa wɔn a wɔrekyerɛw no ma wɔayɛ ntotoho nso. Wɔyɛɛ “nsɛnkyerɛnne” ntiantia bi na ama wɔakyerɛw saa nsɛm yi wɔ ɔkwan tiawa koraa so. Ná wɔkyerɛkyerɛw nkyekyem ahorow a edi nsɛ no mu nsɛmfua kakraa bi a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nkyɛnkyɛn no wɔ atifi ne ase.

Nhyehyɛe a agye din sen biara no yɛ nea Masoretfo a na wɔwɔ Tiberia wɔ Galilea Po nkyɛn no na wɔma edii mũ. Ben Asher ne Ben Naphtali mmusua a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so akron ne du Y.B. mu a gyama na wɔyɛ Karaitefo na wobegyee din kɛse.b Ɛwom sɛ na nsonsonoe da nea na wɔde kyerɛ sɛnea wɔbobɔ nsɛmfua din ne nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛɛ mu no ntam de, nanso mmeae a anom nkyerɛwde ahorow no nyɛ ade koro no nnu du wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.

Masoret akuw abien no, Ben Asher ne Ben Naphtali, yɛɛ pii de boaa wɔn bere so nkyerɛwee. Bere a Maimonides (afeha a ɛto so 12 mu Talmud nhomanimfo bi a na ɔyɛ onipa titiriw) kamfoo Ben Asher nkyerɛwee no, afoforo ani begyee ɛno nkutoo ho. Eyi kɔɔ so araa koduu sɛ seesei wonhu Ben Naphtali nsaano nkyerɛwee biara mpo. Nea ɛwɔ hɔ ara ne nsonsonoe a ɛda akuw abien no ntam a wɔakyerɛkyerɛw. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ na asɛm a Maimonides kae no fa ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛɛ emu nsɛm, te sɛ akwan a ɛdeda nkyekyem ahorow ntam no ho, na na ɛmfa sɛnea emu nsɛm no yɛ pɛpɛɛpɛ a ɛno na ɛho hia kɛse no ho.

Yebetumi Anya Masoret Nkyerɛwee “Kronn”?

Nhomanimfo gye akyinnye kɛse wɔ nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛyɛ Ben Asher nkyerɛwee “kronn” no ho te sɛ nea gyama ɛno na ɛbɛma yɛanya Masoret nkyerɛwee no “ankasa.” Nokwarem no, na wonni Masoret nkyerɛwee a ɛda nsow a ɛyɛ “kronn” ankasa. Mmom no, na Masoret nkyerɛwee pii na ɛwɔ hɔ, a emu biara yɛ soronko kakra wɔ afoforo ho. Nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nyinaa yɛ Ben Asher ne Ben Naphtali nyinaa mu nsɛm a adi afra.

Obiara a ɔbɛkyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase nnɛ no wɔ adwuma kɛse. Ɛnyɛ Hebri nkyerɛwee no nkutoo na ɛsɛ sɛ ohu no yiye, na mmom nkyerɛwee afoforo a obetumi de adi dwuma wɔ mmeae a ebia akyerɛwfo no mfomso anaa nea ɛte saa ama nsakrae aba mu a ɛho hia no nyinaa nso. Bere a ɔde Masoret nkyerɛwee ahorow bɛyɛ nnyinaso no, ɛho hia sɛ ɔhwehwɛ mmeae afoforo a ɛda adi sɛ efi anom nkyerɛwde mu nsaano nkyerɛwee a akyɛ anaa edi mũ kɛse mu.

Ernst Würthwein kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma The Text of the Old Testament no nnianim asɛm mu sɛ: “Sɛ yɛkɔto asɛm bi a n’asekyerɛ yɛ den a, yɛrentumi mmoaboa nkyerɛase ahorow no ano ara kwa na yenyi nea ayɛ te sɛ nea emu da hɔ sen biara no, mfa Hebri nkyerɛwee no nni dwuma wɔ baabi, na yɛmfa Septuagint no nni dwuma wɔ mmeae afoforo, na edu baabi nso a yɛde Aramfo Targum no adi dwuma. Nkyerɛwee mu adanse nyinaa nni mu pɛ. Emu biara nko ne sɛnea ɛte ne ɛho abakɔsɛm. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkwati asekyerɛ a ɛtɔ sin anaa ɛyɛ atoro a, ɛsɛ sɛ yehu eyinom.”

Yɛwɔ biribi titiriw a yebetumi agyina so anya ahotoso a edi mũ sɛ Yehowa akora n’Asɛm no so. Ɛdenam komapafo pii a wɔtraa ase mfehaha pii mmɔdenbɔ so no, Bible no yɛbea, emu nsɛm, ne nkyerɛkyerɛmu nketenkete mpo wɔ hɔ a obiara betumi ahu. Nkyerɛwde anaa nsɛmfua mu nsakrae nketenkete no nsiw Kyerɛwnsɛm no mu ntease a yebetumi anya no kwan. Seesei, asemmisa a ɛho hia ne sɛ, Yɛde Onyankopɔn Asɛm Bible no bɛbɔ yɛn bra?

[Ase hɔ nsɛm]

a Esiane sɛ na Yudafo pii a wonni Israel no ntumi nkenkan Hebri yiye bio nti, ankyɛ na Yudafo a na wɔwɔ mmeae bi te sɛ Alexandria, Egypt no, huu hia a ɛho hia sɛ wɔkyerɛ Bible ase kɔ ɛhɔ kasa ahorow mu. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi adi ahiade yi ho dwuma no, wɔyɛɛ Hela Septuagint nkyerɛase no wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. Akyiri yi, saa nkyerɛase yi bɛyɛɛ nea ɛho hia wɔ ntotoho a wɔyɛe wɔ nkyerɛase ahorow mu no mu.

b Bɛyɛ afe 760 Y.B. mu no, Yudafo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Karaitefo hwehwɛe sɛ nkurɔfo di Kyerɛwnsɛm no so yiye. Esiane sɛ wɔpow rabifo no tumi, “Mmara a Wɔde Ano Ka,” ne Talmud no nti, na wɔwɔ ntease kɛse a enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ Bible no mu nsɛm ho ban ma ɛyɛ pɛpɛɛpɛ. Kuw yi mu mmusua bi bɛyɛɛ Masoret akyerɛwfo a wɔaben.

[Kratafa 26 mfonini]

Masoret nkyerɛwee no wɔ Aleppo Codex no mu

[Asɛm Fibea]

Bibelmuseum, Münster

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena