Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 26-29
  • Ná Masoretfo No Yɛ Nnipa Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Masoretfo No Yɛ Nnipa Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ben Asher Abusua No
  • Ná Egye Ade a Wotumi Kae no Yiye Kɛse
  • Dɛn na na Wogye Di?
  • Wɔn Adwuma no so Mfaso a Yebenya
  • Dɛn Ne Masoret Nkyerɛwee No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Hebri Bible Nsaano Nkyerɛwee Ho Nhwɛso Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Asase Ho Anigye a Mewɔ Bɛtra Hɔ Daa
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 26-29

Ná Masoretfo No Yɛ Nnipa Bɛn?

YEHOWA, “nokware Nyankopɔn” no, akora n’Asɛm Bible no so. (Dwom 31:5) Nanso esiane sɛ Satan a ɔyɛ nokware tamfo no abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe no nti, ɛyɛɛ dɛn na yɛn nsa tumi kaa Bible no, a ɛkame ayɛ sɛ ɛte sɛnea wɔkyerɛw no ara no?—Hwɛ Mateo 13:39.

Yebetumi anya mmuae no fã bi afi asɛm bi a Ɔbenfo Robert Gordis kae mu: “Nnipa nnya nhuu mmɔden a Hebrifo akyerɛwfo a wɔfrɛ wɔn masoretfo anaa ‘wɔn a wɔkora amammerɛ so’ no bɔe no yiye. Saa akyerɛwfo a wɔante wɔn din yi fi ɔdɔ mu de ahwɛyiye kɛse hwɛɛ Nhoma Kronkron no so kyerɛw bi.” Ɛwom sɛ wɔntee akyerɛwfo yi dodow no ara din de besi nnɛ de, nanso wɔakyerɛw Masoretfo abusua biako din ato hɔ pefee—Ben Asher. Dɛn na yenim fa wɔne wɔn mfɛfo Masoretfo no ho?

Ben Asher Abusua No

Yudafo akyerɛwfo na wɔde nokwaredi hwɛɛ Bible no fã a wodii kan kyerɛw no Hebri mu a wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no so kyerɛw bi. Efi afeha a ɛto so asia kosi nea ɛto so du Y.B. mu no, wɔfrɛɛ akyerɛwfo yi Masoretfo. Ná wɔn adwuma ne dɛn?

Mfehaha pii mu no, na wɔde anom nkyerɛwde nkutoo na ɛkyerɛw Hebri kasa, na na ɔkenkanfo no na ɔde ɛnne nkyerɛwde no hyehyɛ mu. Nanso, eduu Masoretfo no bere so no, na ɔkwan a wɔfa so bobɔ Hebri nsɛmfua din no reyera efisɛ na Yudafo bebree ntumi nka saa kasa no yiye. Masoretfo akuw a na wɔwɔ Babilon ne Israel yeyɛɛ sɛnkyerɛnne ahorow de hyehyɛɛ anom nkyerɛwde ho de kyerɛɛ ɔkwan a wɔfa so bobɔ nsɛmfua bi din ne ɔkwampa a wɔfa so bobɔ ɛnne nkyerɛwde. Anyɛ yiye koraa no, wɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow abiɛsa, nanso nea egyee din kɛse ne nea Masoretfo a na wɔwɔ Tiberia wɔ Galilea Po no nkyɛn, faako a na Ben Asher abusua te no, yɛe no.

Nhoma akyerɛwfo bobɔ Masoretfo a wofi saa abusua a ɛda nsow yi mu no awo ntoatoaso anum din, efi Asher a na ɔyɛ Abusuapanyin wɔ afeha a ɛto so awotwe Y.B. so. Wɔn a wɔka ho ne Nehemiah Ben Asher, Asher Ben Nehemiah, Moses Ben Asher, ne nea otwa to koraa, Aaron Ben Moses Ben Asher a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so du Y.B. mu no.a Saa mmarima yi na wodii wɔn a na wɔkyerɛkyerɛw sɛnkyerɛnne a ɛbɛma nea wogye di sɛ ɛne ɔkwampa a wɔfa so bobɔ Hebri Bible no mu nsɛmfua din no ada adi yiye no anim. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayeyɛ sɛnkyerɛnne yi no, na ɛsɛ sɛ wonya Hebri kasa mmara no nnyinaso. Ná wɔnkyerɛw Hebri kasa mmara pɔtee biara da. Enti, yebetumi aka sɛ Masoretfo yi ka Hebri kasa mmara ho abenfo a wodi kan no ho.

Aaron, Masoretni a otwa to a ofi Ben Asher abusua no mu, ne obi a odi kan a ɔkyerɛw nsɛm yi siesiee no. Ɔkyerɛw no wɔ nhoma a wɔato din “Sefer Dikdukei ha-Te‘amim,” Hebri kasa mmara ho nhoma a edi kan no mu. Saa nhoma yi bɛyɛɛ nea Hebri kasa mmara ho abenfo foforo gyinaa so de kyerɛw wɔn nhoma wɔ mfehaha a ɛbae mu. Nanso na eyi yɛ biribi a efii adwuma a ɛho hia kɛse a Masoretfo no yɛe no mu bae kɛkɛ. Ɛno ne dɛn?

Ná Egye Ade a Wotumi Kae no Yiye Kɛse

Ade a na ehia Masoretfo no titiriw ne sɛ wɔbɛkyerɛw Bible mu asɛmfua biara, mpo nkyerɛwde biara, pɛpɛɛpɛ. Nea ɛbɛyɛ na Masoretfo no atumi ama adi mu no, wɔkyerɛkyerɛw nsɛm a wɔde kyerɛ nsakrae biara a wɔn a wodii kan hwɛɛ bi so kyerɛwee no yɛe a wɔanhyɛ da anaa nea wɔboapa yɛe wɔ kratafa biara nkyɛnkyɛn. Masoretfo no kyerɛɛ nsɛmfua ne nsɛm a wɔankyerɛw no ne kwan so, kyerɛɛ mpɛn dodow a eyinom puei wɔ nhoma biako anaa Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu, nso wɔ nsɛm a ɛwɔ nkyɛnkyɛn yi mu. Wɔkyerɛw saa nsɛm yi wɔ ɔkwan tiawa koraa so, efisɛ na kwan nni hɔ. Ade foforo a wɔyɛe na ama wɔatumi ayɛ ntotoho ne sɛ wɔhyɛɛ nhoma bi mu asɛmfua ne nkyerɛwde a ɛwɔ mfinimfini no nsow. Wɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri araa ma wɔkanee Bible mu nkyerɛwde nyinaa dodow de hwɛ hui sɛ nea wɔhwɛɛ foforo so kyerɛwee no yɛ pɛpɛɛpɛ.

Ná Masoretfo no kyerɛkyerɛw nsɛm a ɛdɔɔso kakra wɔ kratafa no atifi ne ase de kyerɛkyerɛ nsɛm ntiantia a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no bi mu.b Ná eyinom boa ma wɔyɛ ntotoho wɔ wɔn adwuma no mu. Esiane sɛ saa bere no na wɔmmaa nkyekyem no nɔma, na wonni nhoma a wɔde hwehwɛ Bible mu nsɛmfua nti, ɔkwan bɛn na Masoretfo no faa so hwehwɛɛ Bible afã foforo de yɛɛ ntotoho yi? Ná wɔkyerɛw nkyekyem bi a ɛne foforo di nsɛ no fã bi wɔ atifi ne ase, na ama wɔakae Bible no fã foforo a asɛmfua anaa nsɛmfua no wɔ. Esiane sɛ na kwan nni hɔ nti, na wɔtaa kyerɛw asɛmfua titiriw biako pɛ na akae wɔn nkyekyem biara a ɛne no di nsɛ no. Sɛ saa nsɛm ntiantia a ɛka ho yi so betumi aba mfaso a, gye sɛ gyama akyerɛwfo yi kyere Hebri Bible no mu nsɛm nyinaa gu wɔn tirim.

Ná wɔde nsɛm a ɛdɔɔso dodo sɛ ɛbɛkɔ nkyɛnkyɛn ne atifi ne ase no kɔ nkyerɛwee no fã foforo. Sɛ nhwɛso no, Masoretfo nsɛm a ɛwɔ Genesis 18:3 nkyɛn no kura Hebri nkyerɛwde abiɛsa, קלד. Eyi yɛ Hebri nkyerɛwde a egyina hɔ ma nɔma 134. Wɔ nkyerɛwee no fã foforo no, wɔakyerɛkyerɛw mmeae 134 a akyerɛwfo a wodii Masoretfo no anim hyɛɛ da yii edin Yehowa no fii Hebri nkyerɛwee no mu de “Awurade” sii ananmu no.c Ɛwom sɛ na Masoretfo no nim sɛ wɔayɛ saa nsakrae yi de, nanso wɔamfa anto wɔn ho so sɛ wɔbɛsesa nea wɔbɛtoe no. Mmom no, wɔkaa nsakrae yi ho asɛm wɔ nsɛm a wɔkyerɛkyerɛw wɔ nkyɛnkyɛn no mu. Nanso dɛn nti na Masoretfo no yɛɛ ahwɛyiye kɛse na wɔansesa nsɛm no, ɛmfa ho sɛ na akyerɛwfo a wodii wɔn anim no asesa bi no? Yudafo gyidi a na wokura no yɛ soronko wɔ wɔn a wodii wɔn anim no de ho anaa?

Dɛn na na Wogye Di?

Saa bere yi a na Masoretfo renya nkɔanim no, na adwenkyerɛ ho asidi bi rekɔ so wɔ Yudasom mu denneennen. Efi afeha a edi kan Y.B. mu no, na rabifo Yudasom no tumi reyɛ kɛse. Bere a wɔkyerɛw Talmud no ne rabifo nkyerɛkyerɛmu no, na wɔafi ase rema mmara a wɔde ano ka ho nkyerɛkyerɛmu a rabifo de ma no abehia asen Bible mu nsɛm no. Enti, anka ebetumi aba sɛ ɛho renhia nkurɔfo bio sɛ wɔde ahwɛyiye bɛkora Bible no mu nsɛm so.

Wɔ afeha a ɛto so awotwe no mu no, kuw bi a wɔfrɛ wɔn Karaitefo sɔre tiaa saa tebea yi. Wɔpow rabifo no tumi ne wɔn nkyerɛkyerɛmu ne Talmud no, de sii hia a ankorankoro Bible adesua ho hia so dua. Bible mu nsɛm nkutoo na wogye toom de yɛɛ adwuma. Eyi maa hia a ɛho hia sɛ wɔde saa nkyerɛwee no ma wɔ ɔkwan a edi mu so no yɛɛ kɛse, na Masoretfo nhwehwɛmu san sɔree denneennen.

Rabifo anaa Karaitefo gyidi nyaa Masoretfo no so nkɛntɛnso koduu he? M. H. Goshen-Gottstein, Hebri Bible nkyerɛwee ho ɔbenfo, ka sɛ: “Ná Masoretfo no gye di . . . sɛ wɔrebɔ tete amammerɛ bi ho ban, na wɔn fam no, sɛ wɔsesa no a, anka ɛbɛyɛ bɔne a ɛsen nea wobetumi ayɛ biara.”

Masoretfo no buu Bible nkyerɛwee a wɔbɛhwɛ so akyerɛw foforo yiye no sɛ adwuma kronkron. Ɛwom sɛ ebia na wɔn ankasa wɔ nyamesom adwenhorow bi a wogye tom de, nanso ɛkame ayɛ sɛ adwenkyerɛ anni Masoretfo no adwuma no ankasa so. Ná nsɛm ntiantia a wɔakyerɛw no nkyɛnkyɛn no mpo nkɔ hɔ na wɔanya kwan ama nyamekyerɛ mu akyinnyegye. Ná Bible mu nsɛm no ankasa ne ade a ehia wɔn titiriw wɔ wɔn asetra mu; wɔanni ho agoru.

Wɔn Adwuma no so Mfaso a Yebenya

Ɛwom sɛ na honam fam Israel nyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn bio de, nanso na Yudafo akyerɛwfo yi atu wɔn ho ama koraa sɛ wɔbɛkora Onyankopɔn Asɛm no so pɛpɛɛpɛ. (Mateo 21:42-44; 23:37, 38) Robert Gordis kyerɛw eyi de bɔɔ nea Ben Asher abusua no ne Masoretfo foforo tumi yɛe no mua wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Saa adwumayɛfo ahobrɛasefo a wɔmpa abaw da no . . . yɛɛ wɔn adwumaden a ɛne sɛ wɔbɔɔ Bible Nkyerɛwee no ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm bi renyera anaa ɛnsesa no a wɔanna wɔn ho adi.” (The Biblical Text in the Making) Ne saa nti, bere a afeha a ɛto so 16 mu Asesɛwfo te sɛ Luther ne Tyndale buu asɔre no tumidi so fii ase kyerɛɛ Bible ase kɔɔ kasa a nnipa dodow no ara kan mu na ama obiara atumi akenkan no, na wɔwɔ Hebri nkyerɛwee a wɔakora so yiye a wɔde bɛyɛ wɔn adwuma no.

Yɛda so ara nya Masoretfo no adwuma no so mfaso nnɛ. Wɔn Hebri nkyerɛwee no na wɔde yɛɛ New World Translation of the Holy Scriptures no Hebri Kyerɛwnsɛm no. Wɔde ahofama ne mmɔdenbɔ a ɛma adwuma di mu, a tete Masoretfo no daa no adi no bi gu so rekyerɛ saa nkyerɛase yi ase akɔ kasa horow bebree mu. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛda su a ɛte saa ara adi ayɛ aso ama Yehowa Nyankopɔn Asɛm no.—2 Petro 1:19.

[Footnotes]

a Wɔ Hebri mu no, “ben” kyerɛ “ɔbabarima.” Enti Ben Asher kyerɛ “Asher babarima.”

b Wɔfrɛ Masoretfo nsɛm a ɛwowɔ nkyɛnkyɛn no Masora Nketewa. Wɔfrɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw wɔ atifi ne ase hɔ no Masora Akɛse. Wɔfrɛ nsɛm a wɔakyerɛkyerɛw wɔ nkyerɛwee no afã foforo no Masora a Etwa To.

c Hwɛ Appendix 1B a ɛwɔ New World Translation of the Holy Scriptures—With References mu no.

[Kratafa 28 adaka/mfonini]

Nhyehyɛe ma Hebri Nsɛmfua Din Bobɔ

MASORETFO no kɔɔ so hwehwɛɛ ɔkwan a ɛkyɛn so a wɔbɛfa so akyerɛw ɛnne nkyerɛwde ne nsɛmfua din bobɔ ho nsɛnkyerɛnne mfehaha pii. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu sɛ Ben Asher abusua no awo ntoatoaso biara toaa so yɛɛ ho adwuma. Ben Asher abusua mu Masoretfo no mu baanu a wotwa to, Moses ne Aaron, nkutoo nhyehyɛe no na wɔde yɛɛ nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ seesei no.d Ntotoho a wɔde nkyerɛwee ahorow yi yɛ no da no adi sɛ Aaron yeyɛɛ nneɛma nketenkete ho mmara a ɛfa nsɛmfua din bobɔ ne sɛnkyerɛnne ho, a na ɛne ne papa Moses de no nhyia.

Ben Naphtali traa ase wɔ Aaron Ben Asher bere so. Nsɛm pii wɔ Moses Ben Asher Cairo Codex no mu a wɔkyerɛ sɛ Ben Naphtali na ɔkyerɛwee. Enti, ɛbɛyɛ sɛ Moses Ben Asher na ɔkyerɛɛ Ben Naphtali ade anaasɛ wɔn baanu nyinaa koraa tete amammerɛ koro so. Nhomanimfo bebree ka nsonsonoe a na ɛda Ben Asher ne Ben Naphtali nhyehyɛe no ntam ho asɛm, nanso M. H. Goshen-Gottstein kyerɛwee sɛ: “Ɛrenyɛ mfomso koraa sɛ wobɛka nhyehyɛe nketewa abien a ɛwɔ Ben Asher abusua no nhyehyɛe mu no ho asɛm na woafrɛ abirabɔ no sɛ: Ben Asher ne Ben Asher di asi.” Enti ɛbɛyɛ mfomso sɛ wobɛka sɛ Ben Asher nhyehyɛe no yɛ biako. Ɛnyɛ kyɛn a na Aaron Ben Asher nhyehyɛe no kyɛn so ara kwa nti na ɛbɛyɛɛ nea wogye tom no. Ɛyɛ kamfo a afeha a ɛto so 12 mu Talmud nhomanimfo Moses Maimonides kamfoo Aaron Ben Asher nkyerɛwee bi nti na nkurɔfo ani begyee ho.

[Artwork—Hebrew characters]

Exodus 6:2 fã bi a sɛnkyerɛnne a wɔde hu ɛnne nkyerɛwde ne nsɛmfua din bobɔ ka ho ne nea ebi nka ho

[Ase hɔ asɛm]

d Cairo Codex (895 Y.B.), a adiyifo a wodii kan no ne wɔn a wodii akyiri no nhoma nkutoo na ɛwom, no yɛ Moses nhyehyɛe no ho nhwɛso. Wobu Aleppo nkyerɛwee (bɛyɛ 930 Y.B.) ne Leningrad nkyerɛwee no (1008 Y.B.) sɛ ɛyɛ Aaron Ben Asher nhyehyɛe no ho nhwɛso.

[Kratafa 26 mfonini]

Tiberia, beae a na Masoretfo dwumadi kɔ so wɔ afeha a ɛto so awotwe kosi du mu

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena