Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 20-23
  • Asase Ho Anigye a Mewɔ Bɛtra Hɔ Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asase Ho Anigye a Mewɔ Bɛtra Hɔ Daa
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofraase Ntetee a Mfaso Wɔ So
  • Bible mu Nokware a Misuae
  • Ɔsɛnkafo a Onnim Akenkan ne Akyerɛw
  • Ɔmantam Nhyiam a Midii Kan Kɔe
  • Wɔmaa M’ani Gyei
  • Ɔdansefo Biako Pɛ a Ɔwɔ Kurow Mu
  • Wɔtew Asafo
  • Nkɔso a Aba Wɔ Aboriginefo Mu
  • Sɛnea Amantam Nhyiam Abiɛsa Sesaa M’asetena
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ná Masoretfo No Yɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Onyankopɔn a Ontumi Nni Atoro no Wowaw me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 20-23

Asase Ho Anigye a Mewɔ Bɛtra Hɔ Daa

Sɛnea Dorothy Connelly ka kyerɛe

Bere a meyɛ abeawa no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mɛkɔ hell esiane sɛ meyɛ Aborigineni nti. Mfe bi akyi, wɔ 1936 mu no, mitiee Bible mu ɔkasa bi a wɔakyere agu kasɛt so a ɛkaa hell ho nsɛm pii, na ɛmaa minyaa anidaso. Saa anidaso no ayɛ kɛse nnɛ sen bere biara. Ansa na mɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu no, ma menka me ho asɛm kakra nkyerɛ wo.

WƆWOO me bɛyɛ afe 1911 mu. Meka sɛ “bɛyɛ,” efisɛ saa bere no, na Aboriginefo mfa nna ne awo ho adansedi nkrataa nyɛ hwee. Ná m’awofo yɛ mmɔdenbɔfo, nnipa a wosuro Onyankopɔn. Ná yɛte Springsure kurow ketewa a ɛbɛn Carnarvon Bepɔw mmonkyimmɔnka a ɛwɔ Queensland mfinimfini fam wɔ Australia no mu.

Aborɔfo abusua bi na ɛtetee me papa wɔ Roma Katolek asɔre mu. Nanso, m’awofo a na wɔyɛ Aboriginefo no de wɔn man mu amammerɛ ne asase ho anigye a wɔwɔ no hyɛɛ me mu. Ná yekunkum kangaroo, sohori, osudanna, ne awɔ, na na yɛkyekye nsu mu nam ne akɔkono. Nanso manwe sohori da. Wɔ yɛn abusua mu no, na me nkutoo de mikyi efisɛ na ɛyɛ m’agyiraehyɛde. Sɛnea Aboriginefo amammerɛ anaa “Nananom” kyerɛ no, abusua no muni biara wɔ n’ankasa agyiraehyɛde, na na abusua no na ɛhyɛ sɛ wonkyi saa ade no.

Ɛwom sɛ na agyiraehyɛde ho asɛm no gyina gyidihunu so de, nanso na saa akyiwade yi a wɔbara no yɛ nkae ade a ɛkyerɛ kronkron a nkwa yɛ. Ná Aboriginefo nkum mmoa mfa nnye wɔn ani. Mekae sɛ bere a na meyɛ abeawa no, me papa teɛɛ me maa me ho popoe bere a ohui sɛ meretutu mmɛbɛ srɛ ne wɔn abasa no. Ɔteɛɛm sɛ: “Ɛyɛ hu! Wunnim sɛ Onyankopɔn kyi atirimɔdensɛm? Sɛ obi yɛ wo saa a, w’ani begye ho?”

Ná yegye nneɛma hunu pii di. Sɛ nhwɛso no, sɛ na duedue (anomaa ketewaa bi) bedi agoru wɔ beae a yɛte no a, na ɛkyerɛ asɛmmɔne; anaasɛ sɛ ɔpatu besi dunsin bi a ɛbɛn yɛn so awiabere a, na yegye di sɛ ɛkyerɛ sɛ obi rebewu. Ná yebu dae ahorow bi nso sɛ nsɛnkyerɛnne. Sɛ nhwɛso no, sɛ na obi so dae hu nsu a atɛkyɛ wom a, na ɛkyerɛ sɛ obi yare wɔ abusua no mu. Nanso sɛ na nsu no repuw atɛkyɛ gu a, ɛnde na wosusuw sɛ obi awu. Ampa, na yɛyɛ Katolekfo, nanso eyi amma yɛampo yɛn abusua mu gyidihunu no nyinaa.

M’abusua no kɔɔ so kaa yɛn Aborigine kasa no nso. Nanso, seesei ɛyɛ kasa pii a ase reyɛ atɔre no mu biako. Nanso, mitumi ka bere ne bere mu bere a mereka Bible mu asɛm akyerɛ afoforo no. Nanso, mpɛn pii no, Engiresi kasa anaa kuruu borɔfo na mede di dwuma.

Mmofraase Ntetee a Mfaso Wɔ So

Bere a midii bɛyɛ mfe du no, na m’abusua no te beae bi a wɔyɛn nantwi, wɔ bɛyɛ kilomita 30 fi Springsure. Da biara na menantew kilomita kakra kɔ anantwi yɛmmea hɔ kɔyɛ me fie nnwuma. Ná nufusu kankyee ketewa biako ne paanoo sebɔw biako na ɛyɛ me da koro akatua. Ná yɛn abusua no te asese a wɔde abon akuru so mu, saa na na Aboriginefo adan te. Sɛ osu tɔ a, na yɛda abodan mu anadwo. So na mibu asetra a ɛba fam yi sɛ ahokyere? Dabi. Saa na na Aboriginefo asetra te wɔ mfehaha pii mu, na yɛpenee so.

Nokwarem no, ɛyɛ me anigye sɛ mannya asetra fofoofo, sɛnea mɛka no no, na minyaa awofo a wɔteɛɛ me so, wɔmaa meyɛɛ adwumaden, na wɔkyerɛɛ me sɛnea medidi asase no so. Wɔ 1934 mu, bere a yetu kɔtraa asase bi a ɛbɛn Woorabinda, Queensland, so no, mifii fie bere a edi kan kɔɔ atɔe fam kɔyɛɛ adwuma wɔ mmeae a wɔyɛn nantwi ne nguan sɛ abaawa yɛɛ nnwuma foforo. Awiei koraa no, adwuma de me kɔɔ apuei fam, wɔ mpoano kurow Rockhampton akyi pɛɛ. Ɛhɔ na mihyiaa me kunu a wanya ne baabi kɔ, Martin Connelly, a na ɔyɛ Irelandni bi ba no. Yɛwaree wɔ 1939 mu.

Bible mu Nokware a Misuae

Ná mewɔ obu a emu dɔ ma Bible no bere nyinaa. Bere a na meyɛ abofra no, na ɔbea a ɔhwɛ nantwi yɛmmea hɔ no boaboa yɛn mmofra no ano—Aboriginefo ne aborɔfo—ka Yesu ho nsɛm kyerɛ yɛn. Bere bi, ɔkyerɛkyerɛɛ nea Yesu nsɛm: ‘Munnsiw mmofra no me nkyɛn ba ho kwan’ no kyerɛ mu kyerɛɛ yɛn. (Mateo 19:14) Ɛno ne bere a edi kan a minyaa anidaso bi fi bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ mɛkɔ hell no.

Akyiri yi na mitiee ɔkasa a wɔakyere agu kasɛt so a mekaa ho asɛm mfiase no a ɛkyerɛe sɛ hell nyɛ beae a ɛhɔ yɛ hyew no. Ɛwom sɛ ɛno maa mifii ase susuw nneɛma ho de, nanso manhyia Yehowa Adansefo no bio kosi 1949 mu. Saa bere no, na yɛte Emerald, a ɛwɔ Rockchampton atɔe fam bɛyɛ kilomita 250. Nea ɔbaa yɛn nkyɛn, R. Bennett Brickell,a ne yɛn bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ. Akyiri yi, na yɛn fie hɔ na Ben tra bere biara a na ɔba beae a yɛte no. Ná yɛn nyinaa, a Martin ne yɛn mma baanan no ka ho, wɔ obu kɛse ma no. Ɛwom sɛ na Martin da ayamye ne ahɔhoyɛ adi kyerɛ Adansefo no, titiriw Ben de, nanso na n’ani nnye Bible no ho.

Ben maa me nhoma pii a wɔde sua Bible, nanso na ɔhaw titiriw bi wɔ hɔ—na minnim akenkan. Enti, na Ben de boasetɔ kenkan Bible ne Bible ho nhoma ahorow kyerɛ me ne mmofra no, kyerɛkyerɛ nea ɔrekenkan no mu kyerɛ yɛn bere a ogu so rekenkan no. Sɛ na yɛde no toto asɔfo a bere a wɔaka wɔn nsɛm awie no, wɔmfa simma anum mpo nsi hɔ nkyerɛkyerɛ yɛn akenkan no ho a, na ɔma yenya abotɔyam! Ben fi Bible mu kyerɛɛ yɛn sɛ Satan ne n’adaemone na ɛde gyidihunu pii a adesamma kura, a m’ankasa nkurɔfo de ka ho no, aba. Hwɛ sɛnea minyin begyee Yesu nsɛm yi toom: ‘Nokware no bɛma moayɛ adehye’!—Yohane 8:32.

M’ani gyei sɛ misuaa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde asase so paradise bi bɛma wɔn a wotie no no ho ade. Nea ɛsen ne nyinaa no, mibenyaa awufo a wobenyan wɔn no ho anidaso; na Maame awu wɔ 1939 mu, na Paapa nso wui 1951 mu. Ná metaa hwɛ da a metumi ayɛ wɔn atuu ama wɔn akwaaba aba asase a na wɔwɔ ho anisɔ kɛse so no kwan. Na hwɛ anigye a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa Nyankopɔn ne N’ahenni no ho ade!

Ɔsɛnkafo a Onnim Akenkan ne Akyerɛw

Bere a me Bible mu nimdeɛ nyaa nkɔanim no, na mepɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ afoforo. Mekaa ho asɛm kyerɛɛ m’abusuafo ne me nnamfo, nanso na mepɛ sɛ metrɛw mu. Enti bere foforo a Ben baa Emerald no, meboaboaa mmofra no ano, na yɛn nyinaa ne no kɔɔ asɛnka. Ɔyɛɛ nsɛm ntiantiaa a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ kyerɛɛ me, na ɔkyerɛɛ me sɛ memfa me ho nto Yehowa so denam mpaebɔ so. Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ, na me nsɛm a meka kyerɛ no nyɛ nea etu mpɔn koraa, nanso na efi me komam.

Nea edi kan no, na meka kyerɛ afiewuranom sɛ minnim akenkan; na nea ɛto so abien no, na mefrɛ wɔn ma wɔkenkan Bible mu nsɛm a meka ho asɛm kyerɛ wɔn no. Ná makyere saa nsɛm yi agu me tirim. Na ebinom ho tumi dwiriw wɔn wɔ kurow yi a aborɔfo titiriw na wɔwom yi mu, nanso na nkurɔfo no bu ade. Bere bi akyi no, mihuu akenkan. Hwɛ sɛnea eyi maa m’ahotoso ne me honhom fam yiyedi yɛɛ kɛse!

Ɔmantam Nhyiam a Midii Kan Kɔe

Wɔ March 1951 mu, bere a mihyiraa me nkwa so maa Yehowa akyi no, mehyɛnee m’asetra mu mmere atitiriw abien mu: nsu mu asubɔ ne Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a edi kan a mekɔe. Nanso na ɛno kyerɛ sɛ metu kwan akɔ kurow kɛse Sydney mu—ade a na ɛyɛ hu ma abeawa a ofi akuraa ase. Bio nso, na minni keteke sika. Enti, na dɛn na metumi ayɛ?

Misii gyinae sɛ mɛto kyakya anya sika de atua me keteke ka. Misusuwii sɛ, ‘mereyɛ eyi ama Yehowa, enti akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛboa me ma madi nkonim.’ Bere a metoo kakra no, metee nka sɛ waboa me, efisɛ minyaa sika a mede betua ka no akɔ aba.

Ná Ben nim nhyehyɛe a mayɛ sɛ mɛkɔ Sydney no, enti bere foforo a ɔbɛsraa me no, obisaa me sɛ mewɔ sika a metumi de akɔ anaa. Mibuae sɛ: “Yiw! Mato kyakya anya keteke sika no.” N’anim yɛɛ kɔɔ, na mihui ntɛm ara sɛ maka bɔne. Enti mibisaa no ntɛm de tetew me ho sɛ: “Dɛn na ɛhaw wo? Manwia!”

Bere a Ben dii ne ho so no, ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ nea enti a Kristofo nto kyakya no mu, na ɔde kaa ho awerɛkyekye mu sɛ: “Nanso ɛnyɛ wo mfomso. Manka ankyerɛ wo.”

Wɔmaa M’ani Gyei

Saa nnanan nhyiam a efii ase March 22 kosi 25, 1951, no ne bere a edi kan a me ne Adansefo pii hyiaam. Esiane sɛ na Ben ne afoforo kakraa bi na minim wɔn nti, na minnim sɛnea wobesi agye me. Enti wubetumi asusuw sɛnea m’ani gyei bere a me daakye honhom fam anuanom mmarima ne mmea no de anigye maa me akwaaba a wɔanna adwemmɔne ketewaa bi mpo adi no ho. M’ani gyei ankasa, na me bo tɔɔ me yam.

Meda so ara kae saa nhyiam no, titiriw esiane sɛ na meka nnipa 160 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Botany Bay no ho nti. Ɛda adi sɛ, na meyɛ Australia Aboriginefo a wodii kan bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Me mfonini baa Sunday atesɛm krataa mu, na woyii me ho sini wɔ agohwɛbea ahorow nso.

Ɔdansefo Biako Pɛ a Ɔwɔ Kurow Mu

Mifi Sydney bae akyi ɔsram biako no, yɛn abusua no tu kɔɔ Mount Isa, nkorontu kurow bi a ɛwɔ Queensland kusuu fam atɔe. Yɛtraa ɔsese bi mu mfe asia de hwɛɛ asase kɛse bi a ɛda kurotia so. Yɛde nnua bi a yetwa fii kwae bi a ɛbɛn hɔ mu yɛɛ yɛn sese no afasu. Ná yɛde amã ankora dedaw a yɛpaapae mu teɛteɛɛ no na ekuru dan no. Martin nyaa adwuma wɔ keteke adwumayɛbea, nanso bere kɔɔ so no, n’asanom sɛee n’akwahosan koraa. Enti, na me nkutoo na mehwɛ yɛn abusua no. Owui wɔ 1971 mu.

Mfiase no, na me nkutoo ne Ɔdansefo wɔ Mount Isa. Na Ben bɛsra me asram asia biara anaa nea ɛte saa, efisɛ na Mount Isa yɛ n’adansedi asasesin kɛse no fã. Sɛ na ɔba kurom bere a yɛreyɛ Yesu Kristo wu Nkaedi—a na ɛyɛ afahyɛ titiriw ma Ben, esiane sɛ na ɔwɔ ɔsoro asetra ho anidaso nti—no a, na ɔne m’abusua no na edi, na ɛtɔ mmere bi a, na yedi no abɔnten wɔ dua bi ase.

Ná Ben ntaa nkyɛ, enti na me ne mmofra no ankasa yɛ adansedi adwuma no fã kɛse no ara. Ampa, na aka yɛn nko; nanso Yehowa honhom hyɛɛ yɛn den, na saa ara na n’ahyehyɛde a ɛwɔ dɔ no yɛe. Ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom anokwafo faa akwan a asɛe na ɔhyew kɛse, nwansena, ne mfutuma ayɛ so ma so baa Mount Isa bɛhyɛɛ yɛn nkuran, ɛwom mpo sɛ mfe pii no, na yɛn kuw no yɛ ketewa de. Afei nso, na Adansefo a wofi asafo foforo a wɔatew wɔ Darwin wɔ yɛn mpɔtam hɔ bɛboro kilomita 1,200 no bɛsra yɛn bere ne bere mu.

Wɔtew Asafo

Wɔ December 1953 mu no, wɔtee asafo wɔ Mount Isa. Wɔpaw Ben sɛ ɔhwɛfo, na na me ne me babea Ann nkutoo ne afoforo a wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa saa bere no. Nanso ankyɛ na Adansefo foforo tu baa kurow no mu. Yɛn asasesin no nso fii ase sow aba a wɔne asuafo ntɛmntɛm, a na Aboriginefo dodow bi a wɔbaa bere bi akyi no ka ho.

Asafo no kɔɔ so nyinii, na ankyɛ na ɛbɛdaa adi sɛ yehia Ahenni Asa a yɛbɛyɛ nhyiam ahorow wɔ so. Wɔ May 1960 mu, bere a yɛyɛɛ adwumaden pii akyi no, yesii yɛn ankasa asa foforo wiei. Wɔ mfe 15 a edi hɔ mu no, yɛtrɛw mu mprenu. Nanso, eduu 1970 mfe no mfinimfini no, na yɛwɔ adawurubɔfo 120 a wɔrenya asɛnka adwuma mu kyɛfã, enti na asa no ayɛ ketewa bio. Enti yesii Ahenni Asa fɛfɛ bi a ɛfa nnipa 250, na yehyiraa so 1981 mu. Esiane sɛ etumi fa nnipa pii nti, yɛde yɛ nhyiam akɛse te sɛ ɔmansin nhyiam nso.

Nkɔso a Aba Wɔ Aboriginefo Mu

Anigyesɛm biako ne Aborigine ne Islander kuw a wɔtee no 1996 mu de bataa Mount Isa Asafo no ho no. Islanderfo yɛ Aboriginefo a wofi nsupɔw a ɛbɛn Australia asase so no. Saa kuw yi atirimpɔw titiriw ne sɛ ebedi Aboriginefo a wɔn mu bi wɔ hɔ a sɛ aborɔfo no kɔ wɔn hɔ a wɔn bo ntɔ wɔn yam no adanse.

Aboriginefo akuw foforo a ɛte saa bɛyɛ 20 na ɛwɔ Australia nyinaa. Bio nso, wɔate Aboriginefo asafo ahorow wɔ Adelaide, Cairns, Ipswich, Perth, ne Townsville. Nnipa bɛyɛ 500—a m’ankasa abusuafo bi ka ho—na wɔwɔ saa kuw ne asafo ahorow yi mu. Ɛkame ayɛ sɛ Aboriginefo adawurubɔfo no ɔha biara mu 10 na wɔyɛ akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo!

Mibenyaa asikreyare wɔ 1975 mu, na mfe a abɛsen kɔ mu no, saa yare yi a ɛhaw Aboriginefo pii no ahaw me yiye. Ayɛ den ama me kɛse sɛ mɛkenkan ade. Nanso, Yehowa kɔ so wowaw me ma m’ani gye.

Meda asomfo akokodurufo a wɔasom me ne m’abusua no ase. Wɔn nsiyɛ a enni ano, wɔn dɔ, ne honhom fam apɛgyade a na wɔde gu baesekre so twa kwan koro pɛ a mfutuma wɔ so a ɛkɔ Queensland a atew ne ho no na ɛma yetumi suaa Bible mu nokware no. Seesei mede ahotoso twɛn bere a asase ho anigye a mewɔ bɛtra hɔ daa no.

[Ase hɔ asɛm]

a Ben Brickell asetra ho nsɛm a ɛyɛ anigye puee September 1, 1972, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 533-6.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 23]

Perth

Dorothy nnɛ

Darwin

Cairns

Townsville

Mount Isa

Rockhampton

Emerald

Springsure

Woorabinda

Ipswich

Adelaide

Sydney

[Kratafa 21 mfonini]

Me ne Ben bobɔ nsɛm so wɔ 1950 mfe no mfinimfini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena