Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—India
INDIA! Nnipa 6 biara a wɔte saa okyinnsoromma yi so mu 1 te saa ɔman a ɛte sɛ asasepɔn yi so. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, wɔka kasa horow bɛboro 1,000 wɔ saa asase a ɛso nnipa gu ahorow yi so. Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu dodow no ara yɛ Hindufo, wɔn mu ɔha biara mu 83, na ɔha biara mu 11 yɛ Nkramofo, na wɔn a aka no ne Sikhfo, Buddhafo, Jainfo, ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no.
Yehowa Adansefo renya nkɔanim a ɛyɛ nwonwa wɔ India nnansa yi mfe mu. Wɔanya nnipa a wɔwɔ nguanten su a wɔpɛ sɛ wogyina Yehowa Ahenni no afã pintinn, ɛmfa ho nhyɛso ne ɔsɔretia ahorow nyinaa akyi no.
Sɛ nhwɛso no, mmubui ama abeawa bi a ofi Hindufo abusua bi mu adan obubuafo fi ne mmofraase. Amanehunu a ɔkɔɔ mu no maa osusuw Onyankopɔn ne asetra atirimpɔw ho. Ɔhwehwɛɛ nyamesom bebree mu sɛ ɔrepɛ ho mmuae bi, nanso wannya awerɛkyekye biara. Ne saa nti, ɔhweree nyamesom mu gyidi, nanso ɛnyɛ Onyankopɔn mu gyidi.
Bɛyɛ saa bere yi na Adansefo baanu hyiaa abeawa no wɔ wɔn afie afie som adwuma no mu. Abeawa no ka sɛ: “Bere a wɔkenkanee Adiyisɛm 21:4 kyerɛɛ me no, misui.” Ogyee Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow, na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ ofie Bible adesua, ɛmfa ho sɛ ne maame sɔre tiaa no. Abeawa no yɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetram, de akokoduru gyinaa ɔsɔretia a n’abusuafo de baa ne so no ano, na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Ɔka sɛ: “Manya nkɔso pii, na na ɛyɛ den yiye. Nanso Yehowa Nyankopɔn aka me ho bere nyinaa, na wama me asomdwoe ne anigye kɛse.”
Nokware Som Afã a Wogyina Pintinn Wɔ Sukuu Mu
Onuawa kumaa bi kyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ no sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo nkɔ Katolek asɔre. Onuawa no fi obu mu powee, ɔkae sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɔrensom obi anaa ade foforo biara, gye Yehowa. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ esiane sɛ afoforo nyinaa kɔ asɔre no nti, ɛsɛ sɛ ɔno nso kɔ bi. Nanso onuawa no gyinaa pintinn kae sɛ esiane sɛ wɔn a wɔrekɔ asɔre no remmɔ Yehowa mpae nti, onhu nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkɔ hɔ bi.
Esiane sɛ abeawa no gyinaa pintinn nti, ne kyerɛkyerɛfo no pɛe sɛ ohu pii. Enti ɛda a edi hɔ no, onuawa no maa no Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi a ɛfa Yehowa som ho. Esiane sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no ani gyee nea ɔkenkanee no ho nti, afei oyii no fii nyamesom ho dwumadi nyinaa a wɔyɛ wɔ sukuu mu no mu. Onuawa no tumi maa ɔno ne akyerɛkyerɛfo foforo no nsɛmma nhoma du.
Wonya Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mogya Ho a Wodi So no So Akatua
Atiridii bi a ɛsan baa Kerala mantam no afã bi nnansa yi. Saa yare yi sɛe asaabo kɛse na ɛma obi ho nsu yow. Wɔtaa ma mogya. Saa yare yi kaa nnipa 14 ma wogyee wɔn guu ayaresabea wɔ kurow bi mu. Na ayarefo yi biako yɛ Ɔdansefo, ɛhɔ asafo mu ɔpanyin bi. Wɔka kyerɛɛ no sɛ aduru a wobetumi ayɛ no ara ne sɛ wɔbɛma no mogya. Ɔpanyin no kyerɛkyerɛɛ ne gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu na ogyinaa pintinn pow mogya no. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Bere a wogyee ho akyinnye pii akyi no, nnuruyɛfo no kae sɛ esiane sɛ wannye mogya no nti obewu.
Ayarefo 13 a aka no gyee mogya. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn nyinaa wuwui wɔ nna kakraa bi akyi. Onua no nkutoo na onyaa ne ti didii mu! Ayaresabea mpanyimfo no ho dwiriw wɔn kɛse. Ayaresabea adwumayɛfo no ani gyee sra a asafo no mufo bɛsraa no daa no ho kɛse. Bere a woyii onua no fii ayaresabea no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔda nnuruyɛfo no ase, nanso wɔkae sɛ: “Dɛn nti na woda yɛn ase? Da wo Nyankopɔn, Yehowa, no ase. Ɔno ne Onii a ogyee wo nkwa. Yɛsrɛ wo, bɔ wo Nyankopɔn, Yehowa, no mpae ma yɛn nso.”
[Kratafa 24 adaka]
ƆMAN NO HO AKONTAABU
1994 Ɔsom Afe
DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 14,271
NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ 65,266
DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 38,192
AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 1,780
BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 12,453
DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 1,312
ASAFO DODOW: 410
BAA DWUMADIBEA: LONAVLA
[Kratafa 25 mfonini]
Baa dwumadibea, Lonavla
[Kratafa 25 mfonini]
“Daa Asɛmpa” ɔmantam nhyiam ho adansedi wɔ 1963
[Kratafa 25 mfonini]
Ɔdetɔnfo bi a wɔka asɛm kyerɛ no wɔ Red Fort a ɛwɔ Delhi no akyi