Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 9/15 kr. 20-23
  • Tete Mmusua a Wosuro Onyankopɔn—Nhwɛso Ma Yɛn Nnɛ Bere Yi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Mmusua a Wosuro Onyankopɔn—Nhwɛso Ma Yɛn Nnɛ Bere Yi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tiyɛ—Ɛyɛ Adesoa?
  • Ade a Wɔyɛ No Ntɛm
  • Agyanom Akwankyerɛ Wɔ Mose Mmara Ase
  • Ɛnanom ne Mmofra Wɔ Yudafo Mu
  • Nhwɛso Ma Nnɛ
  • Yehowa Abusua Nhyehyɛe A Ɔdɔ Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yɛ wo Fifo Nkwagye ho Adwuma Denneennen
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Abusua Asetra A Wɔbɛma Ayɛ Yiye
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Sɛnea Wobɛma W’abusua Asetena Ayɛ Anigye
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 9/15 kr. 20-23

Tete Mmusua a Wosuro Onyankopɔn—Nhwɛso Ma Yɛn Nnɛ Bere Yi

ABUSUA no—Amanaman Nkabom no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtwe wiase adwene aba so. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ka a ɛkae sɛ 1994 yɛ “Amanaman Ntam Afe Ma Abusua” no so. Ɛwom sɛ wiase atumfoɔ, nnipa asetram nsɛm ho animdefo ne abusua ho nsɛm ho afotufo de ntɛmpɛ abɔ nneɛma te sɛ mpena mma awo ne awaregyae a adɔɔso no ho abubuw de, nanso wɔatwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde ɔhaw a ɛtete saa no ano aduru a ɛfata na edi mu bɛma.

Ebetumi aba sɛ Bible no wɔ abusua mu haw ahorow ano aduru? Ebinom fam no ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea nyansa nnim sɛ obi bɛka sɛ Bible betumi aboa nnɛyi mmusua. Sɛ yesusuw ho a, wɔkyerɛwee wɔ mfehaha pii a atwam ni wɔ Mfinimfini Apueifo asetra ne wɔn amammerɛ mu. Asetra asesa koraa wɔ wiase no afã pii, efi bere a wɔkyerɛw Bible no. Nanso, Yehowa Nyankopɔn, onii a abusua biara nya ne din fi ne nkyɛn no na ɔma wɔkyerɛw Bible no. (Efesofo 3:14, 15; 2 Timoteo 3:16) Dɛn na Bible ka wɔ abusua mu haw ahorow ho?

Yehowa nim dekode pɔtee a ehia na ama abusua asetra ayɛ nea anigye ne abotɔyam wom. Enti, N’Asɛm Bible no wɔ pii ka wɔ abusua asetra ho, na ebi yɛ afotu. Mmusua a wɔde Onyankopɔn nnyinasosɛm ahorow dii dwuma ho nhwɛso pii nso wɔ Bible mu. Ne saa nti, wɔne wɔn ho wɔn ho nyaa abusuabɔ pa ne abotɔyam ankasa. Ma yɛnhwehwɛ abusua asetra a na ɛwɔ hɔ wɔ Bible mmere mu no mu, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

Tiyɛ—Ɛyɛ Adesoa?

Sɛ́ nhwɛso no, susuw abusua tiyɛ ho hwɛ. Tete agyanom mmere mu no, na mmarima te sɛ Abraham, Isak, ne Yakob yɛ ‘mmusua ti’ a akyinnye biara nni ho. (Asomafo no Nnwuma 7:8, 9; Hebrifo 7:4) The New Manners and Customs of Bible Times, a Ralph Gower kyerɛwee ka sɛ: “Ná abusua . . . yɛ ‘ahemman ketewa’ bi a agya no di so. Odii ɔyere, mma, mmanana, ne asomfo—obiara a ɔwɔ ofie hɔ—so.” Nokwarem no, na tete agyanom wɔ wɔn mmabarima mmusua nso so tumi mpɛn pii.—Fa toto Genesis 42:37 ho.

Eyi amma mmarima annya tumi sɛ wobedi wɔn yerenom ne wɔn mma so ɔhyɛ so? Dabida. Ampa, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Hawa, ɔbea a odi kan no sɛ: “W’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Saa nsɛm no kyerɛɛ tebea a mmea awarefo nyinaa behyia, nanso ankyerɛ sɛnea nneɛma bɛyɛ wɔ Onyankopɔn nokware asomfo mu. Ná ɛsɛ sɛ okununom a wosuro Onyankopɔn kae Yehowa mfitiase atirimpɔw no. Yehowa yɛɛ ɔbea sɛ ɔmmɛyɛ ɔbarima “sɛso boafo,” na ɛnyɛ n’afenaa. (Genesis 2:20) Esiane sɛ mmarima a wosuro Onyankopɔn a wɔtraa ase tete mmere mu no hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn, na wɔwɔ asodi wɔ n’anim nti, wɔamfa wɔn tumi anni dwuma ɔkwammɔne so. Sɛ anka tete agyanom a wosuro Onyankopɔn bɛyɛ wɔn yerenom ne wɔn mma sɛ nkoa bi no, wonyaa nokware dɔ maa wɔn.

Wɔka ɔdɔ a na wɔtaa yi no adi kyerɛ mmofra ho asɛm kakra kyerɛ yɛn wɔ Genesis 50:23. Ɛhɔ ka Yosef nanankansowanom ho asɛm sɛ: “Wɔwoo wɔn guu Yosef srɛ so.” Bere a nea eyi betumi akyerɛ ara ne sɛ Yosef gyee mmofra no toom sɛ n’asefo no, ebetumi akyerɛ nso sɛ ofi ɔdɔ mu ne mmofra no dii agoru, huruhuruw wɔn wɔ ne srɛ so. Eye sɛ nnɛ, agyanom beyi ɔdɔ a ɛte saa ara akyerɛ wɔn mma.

Sɛ mmusua ti no, tete agyanom a wosuro Onyankopɔn no dii wɔn mmusua honhom fam ahiade ho dwuma. Bere a ofii adaka no mu sii wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no akyi no, “Noa sii afɔremuka maa [Yehowa] . . . bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.” (Genesis 8:20; fa toto Hiob 1:5 ho.) Tete agya nokwafo Abraham yɛɛ nhwɛso pa denam akwankyerɛ a ɔno ankasa de maa n’abusuafo no so. ‘Ɔmaa ne mma ne ne fifo dii n’akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfa Yehowa kwan so ayɛ ade trenee na wɔabu atɛntrenee.’ (Genesis 18:19) Enti tiyɛ a ɔdɔ wom boa maa mmusua nyaa nkate ne honhom fam yiyedi.

Ɛnnɛ Kristofo mmarima di saa nhwɛso yi akyi. Wɔnam wɔn mmusua a wɔboa wɔn ma wodi Onyankopɔn ahwehwɛde so ne nhwɛso pa a wɔn ankasa yɛ so de wɔn tiyɛ no di ɔsom mu nneɛma ho dwuma. (Mateo 28:19, 20; Hebrifo 10:24, 25) Te sɛ tete agyanom no, okununom ne agyanom a wɔyɛ Kristofo ankasa nso gye bere de kyerɛkyerɛ wɔn abusuafo.

Ade a Wɔyɛ No Ntɛm

Bere a tete agya Yakob tuaa ɛka kɛse a na ɔde n’ase barima wiei no, obisae sɛ: “Da bɛn na menhwɛ me fi nso?” (Genesis 30:30) Te sɛ agyanom nyinaa no, Yakob tee nhyɛso a ɛwɔ n’abusua honam fam ahiade a obedi ho dwuma mu no nka, na ɔyɛɛ adwumaden de yɛɛ eyi. Genesis 30:43 ka sɛ: “Ɔbarima no yɛɛ kɛse pa ara, na onyaa nguan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum.”

Nanso, mfe bi akyi no, bere a Yakob kɔɔ Kanaan asase so no, ɛda adi sɛ na onnim sɛ ne babea Dina anya suban bi a asiane wom sɛ ɔne Kanaanfo abosonsomfo no bɔ fekuw.a (Genesis 34:1) Wanni nneɛma ho dwuma nso bere a ohui sɛ abosonne wɔ ne fie no. Nanso, bere a Kanaanni bi too Dina mmonnaa wɔ ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so akyi no, Yakob dii ho dwuma ntɛm. Ɔhyɛe sɛ: “Montotow anyame ananafo a wɔwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho.”—Genesis 35:2-4.

Ɛsɛ sɛ Kristofo agyanom ma wɔn ani da hɔ wɔ wɔn mmusua honhom fam yiyedi ho. Sɛ nneɛma bi a ebetumi ayɛ honhom fam asiane te sɛ nguamansɛm nhoma anaa nnwom a ɛmfata wɔ fie hɔ a, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ntɛm.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, mmea gyidifo te sɛ Sara, Rebeka, ne Rahel nso nyaa nkɛntɛnso a ɛfata wɔ abusua no mu. Ɛwom sɛ wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de, nanso wɔansiw wɔn kwan sɛ wobedi kan ayɛ ade bere a ɛfata na ɛho hia no. Sɛ nhwɛso no, Exodus 4:24-26 ka kyerɛ yɛn sɛ bere a Mose ne n’abusua rekɔ Misraim no, “[Yehowa] [“Yehowa bɔfo,” Septuagint] bɛtoaa no ɔkwan so asoɛe pɛe sɛ okum [Mose babarima] no.” Ɛda adi sɛ na Mose babarima no nkwa da asiane mu a wɔrebekum no esiane sɛ Mose antwa no twetia nti. Sipora yɛɛ ade ntɛm twaa ne babarima no twetia. Ɛno nti, ɔbɔfo no gyaee no. Ɔyerenom Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso betumi adi kan ayɛ ade bere a tebea no ma ɛfata sɛ wɔyɛ eyi no.

Agyanom Akwankyerɛ Wɔ Mose Mmara Ase

Tete agyanom mmere no baa awiei wɔ 1513 A.Y.B., bere a Israel bɛyɛɛ ɔman no. (Exodus 24:3-8) Agyanom kɔɔ so yɛɛ mmusua ti. Nanso, abusua mmara bɛhyɛɛ ɔman Mmara a Onyankopɔn de maa Mose, a atemmufo a wɔpaw wɔn de dii dwuma no ase. (Exodus 18:13-26) Lewifo asɔfodi no bedii ɔsom mu afɔrebɔ ho dwuma. Nanso, agya no kɔɔ so dii dwuma a ɛho hia bi. Mose tuu fo sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:6, 7.

Mmara no de mmere te sɛ Twam, a saa bere no na wobetumi de akwankyerɛ a ɛyɛ bɔnnɔ so ne nea ɛnyɛ bɔnnɔ so de ama mae. Sɛ Twam da, Nisan 14, no bɛn a, na Yudafo mmusua fi ase siesie wɔn ho ma Yerusalem kɔ, sɛnea na wɔn amanne te no. (Deuteronomium 16:16; fa toto Luka 2:41 ho.) Abofra bɛn na na ahosiesie a ɛte saa no mma n’ani nnye? Ná akwantu no ankasa yɛ anigye. Saa bere no na osutɔ bere aba awiei, na fefɛw bere mu awia afi ase reyi awɔw bere mu awɔw no afi hɔ. Sɛ Bepɔw Hermon so sukyerɛmma nan a, na Yordan Asubɔnten no yiri bu fa n’asukɔn so.

Bere a wɔnam kwan so no, na ɛnyɛ wɔn asase no ho nsɛm nko na agyanom betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma, na mmom asase no so mmeae a wobetwam no ho abakɔsɛm bebree no nso. Ná Mmepɔw Ebal ne Gerisim, baabi a wɔkenkan Mmara no mu nnome ne nhyira horow no kyerɛe no betumi aka saa mmeae yi ho. Ná wobetumi atwam wɔ Betel, baabi a Yakob nyaa ɔsoro antweri ho anisoadehu no nso. Hwɛ nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye a ɛbɛkɔ so! Bere a wɔkɔ wɔn anim wɔ akwantu no mu na akwantufo a wofi asase no so mmeae foforo bɛka mmusua akuwakuw no ho no, wɔn nyinaa nya fekubɔ a ɛma denhyɛ.

Awiei koraa no abusua no du Yerusalem, “ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ” no. (Dwom 50:2) Nhomanimfo Alfred Edersheim ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ na akwantufo a wɔrekodi ɔsom mu afahyɛ no tra kurow no afasu akyi. Wɔmaa wɔn a na wɔtra kurow no mu dabere a wɔannye wɔn hwee.” Yiw, Hebrifo mmofra nyaa onuadɔ ne ahɔhoyɛ mu asuade. Yehowa Adansefo afe afe ɔmantam nhyiam horow no di atirimpɔw koro no ara ho dwuma nnɛ.

Awiei koraa no, Nisan 14 du hɔ. Wokum Twam aboa no de nnɔnhwerew pii totõ. Aka kakra ma adu ɔdasum no, abusua no we oguammaa no, paanoo a mmɔkaw nnim, ne fan nwenenwene no. Sɛnea amanne te no, na ɔbabarima bi bisa sɛ: “Mo som yi ase ne dɛn?” Afei agyanom kyerɛkyerɛ wɔn, ka sɛ: “Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma [Yehowa] a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misrifo na oyii yɛn afi fii mu no.”—Exodus 12:26, 27; 13:8.

Israel Hene Salomo kae sɛ: ‘Ɔserew wɔ ne bere na asaw wɔ ne bere.’ (Ɔsɛnkafo 3:4) Wɔmaa Israelfo mmofra bere a wɔde gyee wɔn ani. Ɛda adi sɛ Yesu Kristo hwɛɛ mmofra a wɔredi agoru wɔ gua so. (Sakaria 8:5; Mateo 11:16) Na awofo a biribi wɔ wɔn nsam taa yɛ abusua apontow a ɛyɛ anigye ho nhyehyɛe a na wɔtow dwom, saw, na wodidi wɔ ase. (Luka 15:25) Saa ara na Kristofo awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ fi wɔn pɛ mu yɛ anigyede ne fekubɔ a ɛfata ho nhyehyɛe ma wɔn mma.

Ɛnanom ne Mmofra Wɔ Yudafo Mu

Dwuma bɛn na na ɛnanom di wɔ Mose Mmara no ase? Mmebusɛm 1:8 de ahyɛde mae sɛ: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara.” Wɔ Yudani bea kunu tumidi ase no, na ɔyere no de ahwehwɛde a Onyankopɔn de ama no no di dwuma wɔ abusua asetra mu. Ná ɛsɛ sɛ ne mma di no ni, bere a wabɔ aberewa mpo no.—Mmebusɛm 23:22.

Ná ɛna no nso wɔ kyɛfa kɛse wɔ ne mma ntetee mu. Ɛkame ayɛ sɛ ɔno nkutoo na na ɔhwɛ akokoaa kosi sɛ obenyin ma wɔatwa no nufu, na akyinnye biara nni ho sɛ eyi maa ɛna ne ɔba nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. (Yesaia 49:15) Bere a na agyanom kyerɛkyerɛ wɔn mmabarima nsaanodwuma no, ɛnanom kyerɛkyerɛɛ wɔn mmabea ofie nnwuma. Ɛnanom nyaa wɔn mmabarima so nkɛntɛnso kɔɔ akyiri. Sɛ nhwɛso no, ɔhene Lemuel nyaa “ɔkasakyerɛ a ne na de teɛɛ no so” no so mfaso.—Mmebusɛm 31:1.

Yudani ɔyepa nyaa ‘ne fifo kɔree ne bae hwɛ’ mu ahofadi kɛse nso. Sɛnea Mmebusɛm 31:10-31 kyerɛ no, na otumi totɔ ofie nneɛma, tɔ mfuw, tumi di gua kakraa mpo. Wɔ okunu a ɔwɔ anisɔ fam no, na ɔsom bo “sen nhene pa koraa”!

Nhwɛso Ma Nnɛ

Wɔ Bible mmere mu no, abusua nhyehyɛe no dii emufo nyinaa nkate ne honhom fam nyin ho dwuma. Na ɛsɛ sɛ agyanom de wɔn tumi no di dwuma wɔ ɔdɔ mu ma ɛso ba wɔn mmusua mfaso. Ná ɛsɛ sɛ wodi anim wɔ ɔsom mu. Agyanom ne ɛnanom nyinaa kyerɛɛ wɔn mma ho anigye—kyerɛkyerɛɛ wɔn tetee wɔn, ne wɔn boom somee, na wɔyɛɛ anigyede ho nhyehyɛe maa wɔn. Ɛnanom a wosuro Onyankopɔn daa wɔn ho adi sɛ aboafo a wɔsom bo, kyerɛɛ obu maa wɔn kununom tiyɛ bere a wofi wɔn pɛ mu ayɛ ade ama wɔn mmusua no. Mmofra a na wɔyɛ osetie maa wɔn awofo ne Yehowa Nyankopɔn ani gyei. Nokwarem no, mmusua a wosuro Nyankopɔn a wɔtraa ase Bible mmere mu no yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma yɛn bere yi.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ansa na eyi reba no, na Yakob asisi gyinae pintinn de abɔ n’abusua ho ban afi Kanaanfo no nkɛntɛnso ho. Osii afɔremuka a na akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea osii no no ma ɔdaa nsow koraa wɔ Kanaanfo a na ɔne wɔn te mpɔtam hɔ no ho. (Genesis 33:20; Exodus 20:24, 25) Afei nso, osii ne ntamadan wɔ Sekem kurow no kurotia na otuu n’ankasa abura. (Genesis 33:18; Yohane 4:6, 12) Enti na Dina nim yiye sɛ na Yakob mpɛ sɛ ɔne Kanaanfo no bɔ.

[Kratafa 23 mfonini]

W’abusua betumi anya anigye te sɛ mmusua a wɔsom Yehowa wɔ Bible mmere mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena