Mmere a Emu Yɛ Den Ma Nkwakoraa ne Mmerewa
MAMA ONIYAN, a wadi mfe 68 no te Afrika Atɔe fam kuropɔn bi mu. Bere a na ɔyɛ ababaa no, na ɔhwɛ kwan sɛ obegyae adwuma yɛ wɔ ne mmerewa bere mu a ne mma ne ne mmanana atwa ne ho ahyia. Nanso, ɔtɔn nsuonwini wɔ awia mu. Sika kakra a onya no na ɔde hwɛ ne ho. Ne mmabarima baanu te ɔman foforo mu wɔ akyirikyiri. Wɔmenaa no sika akyɛ.
Wɔ mmere a atwam no, na wonsi nkwakoraa ne mmerewa fam wɔ Afrika. Esiane osuahu ne nimdeɛ, nyansa ne atɛmpa, a saafo yi taa wɔ nti, na wobu wɔn. Wɔboa ma wɔtetee wɔn mmanana. Mmerante ne mmabaa hwehwɛɛ wɔn afotu ne wɔn mpeneso. Nkurɔfo de Bible mu afotu yi bɔɔ wɔn bra: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa [anaa, aberewa] anim ni.”—Leviticus 19:32.
Mmere asesa. Ohia, nneɛma bo a ayɛ den, adwuma a wonnya nyɛ, ne nnipadɔm a wotu kɔtra nkuropɔn mu ama aba sɛ ɛsɛ sɛ nkwakoraa ne mmerewa pii hwɛ wɔn ho. Kenya Adɔe Kuw a Ɛhwɛ Nkwakoraa ne Mmerewa no kwankyerɛfo Camillus Were, ka sɛ: “Mmoa a wɔde ma nkwakoraa ne mmerewa ne hwɛ a wɔhwɛ wɔn abɛyɛ ade a ɛreyera koraa.”
Nokwarem no, ɛnyɛ Afrika aman mu nko na abusuabɔ resɛe. Bere a Guardian Weekly reka Japan ho asɛm no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Na anka ahofama a mmofra wɔ ma wɔn awofo no yɛ Japanfo asetra mu gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a Konfisiosom ma wonyae, nanso nkurow akɛse mu asetra ne abusuabɔ a asɛe ama ayera no nnyinaso: ɛnnɛ, Japanfo ɔha biara mu 85 wuwu wɔ ayaresabea anaa nkwakoraa ne mmerewa afie mu.”
Sɛnea tebea no te biara no, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani nokware mu no bɔ mmɔden di wɔn awofo ni. Wotie Bible afotu yi: “Di w’agya ne wo na ni! . . . na awie wo yiye, na wo nna aware asase so.” (Efesofo 6:2, 3) Ɛwom sɛ nidi a wɔde ma awofo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn hwɛ nna fam bere nyinaa de, nanso ebetumi de akatua pii aba.