Paradise Ho Asɛmpa a Wɔka Wɔ Tahita
TAHITI! Ɛte sɛ nea edin no twetwe adwene kɔ biribi soronko bi so. Mfoniniyɛfo ne akyerɛwfo te sɛ Paul Gauguin, Robert Louis Stevenson ne Herman Melville nam nsɛm a wɔka faa sɛnea Kesee fam Po Nsupɔw nhimahobea hɔ yɛ fɛ na ɛhɔ dwo ho so ma ebegyee din na nnipa pii adwene kɔɔ so.
Tahiti so sen French Polynesiafo nsupɔw bɛboro 120 a ɛwɔ Pacific Kesee fam no nyinaa. Ɛwom sɛ saa Kesee fam Po supɔw yi reyɛ ayɛ sɛ paradise wɔ nnipa pii ani so de, nanso ehia sɛ wɔka paradise foforo bi a ɛnkyɛ ɛbɛba nso ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔte Tahiti no. (Luka 23:43) Yehowa Adansefo a wɔn dodow si 1,918 a wɔwɔ Tahiti nnɛ no reka asɛmpa a ɛne sɛ ɛrenkyɛ, ɛnyɛ Tahiti nko na Onyankopɔn Ahenni de paradise tebea ankasa bɛba, na mmom asase so nyinaa, akyerɛ nnipa 220,000.—Mateo 24:14; Adiyisɛm 21:3, 4.
Mfe pii a atwam no, na Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Fiji, bɛyɛ kilomita 3,500, no na ɛhwɛ asɛnka adwuma no so wɔ Tahiti. Ɔkwan tenten a na ɛda wɔn ntam no maa nneɛma mu yɛɛ den, na nkɔso amma ntɛmntɛm. Enti, wɔ April 1, 1975 no, wosii baa dwumadibea wɔ Tahiti, na ɛno de nsakrae titiriw baa nokware Kristofo a wɔwɔ asasesin yi mu dwumadi mu. Nsɛm bɛn na esisii ansa na nsakrae yi reba, na ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no fii ase wɔ Tahiti?
Mfitiase Ketewa
Wodii kan tee Ahenni asɛmpa no wɔ Tahiti wɔ 1930 mfe no mu, na supɔw no sofo pii a na wɔwɔ obu a ɛfata ma Bible no de anigye kɛse tiei. Nanso, esiane bara a aban barae, ne anohyeto afoforo nti, ebeduu 1950 mfe no awiei mu no, na wonnya nnyaa Adansefo biara wɔ supɔw no so. Saa bere no, Agnès Schenck, Tahitini a na ɔte United States, no sii gyinae sɛ ɔne ne kunu ne ne babarima bɛsan aba Tahiti. Ɔkyerɛkyerɛ sɛnea ne nyinaa sii mu.
“Wɔ 1957 ɔmantam nhyiam ase wɔ Los Angeles no, Onua Knorr [a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani] kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Ahenni ho asɛnkafo ho abehia kɛse wɔ Tahiti. Saa bere no, na afe atwam wɔ m’asubɔ akyi, na meteɛɛm sɛ, ‘Ɛnde momma yɛnkɔ Tahiti!’ Mmusua abien, Neill abusua ne Carano abusua a na wɔyɛ yɛn nnamfo paa no tee nea mekae no. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔne yɛn bɛkɔ, nanso na yenni sika pii. Ná me kunu ayare akyɛ, na na me babarima no nso nnyinii koraa. Enti na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebetu. Yɛn nnamfo a wɔwɔ asafo horow a ɛbɛn yɛn mu no tee yɛn botae no ho asɛm, na wɔde sika ne nneɛma pii brɛɛ yɛn. Afei wɔ May 1958 mu no, yɛde yɛn nneɛma a na mpasotam 36 ka ho faa po so hyɛn kɔɔ Tahiti!
“Bere a yeduu Tahiti no, medanee ɔhɔho koraa, efisɛ na ɛyɛ mfe 20 a mifii supɔw no so. Yefii ase kaa asɛm, nanso na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye efisɛ na wɔabara yɛn Kristofo adwuma no. Yɛde nsɛmma nhoma no siei de Bible nkutoo dii dwuma. Mfiase no, yedii nkurɔfo a na wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no dedaw nkutoo adanse.
“Amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ wɔ New York Kuropɔn mu wɔ 1958 no akyi na Clyde Neill ne David Carano ne wɔn mmusua bɛkaa yɛn ho. Yɛboom kaa asɛm no too nsa frɛɛ nkurɔfo ma wobetiee ɔkasa horow a na yɛma wɔ anuanom no afie mu no. Nkakrankakra, nneɛma fii ase totoo yiye, na yɛne nnipa 15 fii Bible adesua kuw bi ase. Asram abiɛsa akyi no, na ɛsɛ sɛ Neill abusua no ne Carano abusua no kɔ efisɛ na wɔn nsrahwɛfo tumi krataa no awu. Enti anuanom no sii gyinae sɛ, ansa na wɔbɛkɔ no, wɔbɛbɔ anigyefo a wɔfata no nyinaa asu. Minyaa hokwan sɛ mɛkyerɛ asubɔ kasa a edi kan no ase. Saa bere yi, supɔw no sofo baawɔtwe de asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Afei, Neill abusua no ne Carano abusua no san kɔɔ United States.
“Asɛnka adwuma no kɔɔ so. Yɛkyekyɛɛ yɛn mu akuw nketewa na yɛkɔɔ nkurɔfo nkyɛn anwummere. Mpɛn pii no, na yɛne anigyefo bɔ nkɔmmɔ kodu ɔdasum. Ɛtɔ mmere bi a, na Protestantfo asɔfo mpo de wɔn ho gye nkɔmmɔbɔ no mu. Ebeduu 1959 mu no, na yɛate asafo a edi kan. Afei nea ɛmaa yɛn ani gyee kɛse no, aban no gyee Yehowa Adansefo fekuw no toom wɔ 1960 mu. Yenyaa anigye ne honhom mu nkɔso wɔ saa mmere a na yɛrefi ase no mu. Nokwarem no, Yehowa hyiraa gyinae a yesii sɛ yebetu akɔ beae a mmoa ho hia kɛse no so.” Mprempren Onuawa Schenck adi mfe 87, na ɔda so ara de nokwaredi resom Yehowa wɔ n’asafo mu.
Adwuma no Kɔɔ Anim
Wɔ 1969 mu no, wɔmaa Adansefo baanu, Jacques ne Paulette Inaudi a wofi France dwumadi wɔ Tahiti sɛ akwampaefo atitiriw. Jacques kae sɛ: “Bere a yeduu Tahiti no, na adawurubɔfo 124 pɛ na wɔwɔ hɔ, asafo biako na na ɛwɔ Papeete, na akwampaefo atitiriw baanu na na wɔwɔ Vairao asase hwene no so.” Asasekɔn bi na ɛka asase hwene no bɔ Tahiti mu. Ná aka kakra ma yɛayɛ “Asomdwoe wɔ Asase So” Amanaman Ntam Nhyiam no. Jacques toa so sɛ: “Ná ɛno ne bere a edi kan koraa a na mereyɛ nhyiam kɛse ho nhyehyɛe. Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ Engiresi dwumadi ho nhyehyɛe ma ahɔho no, hyehyɛ nwontofo kuw a wɔbɛbɔ Ahenni nnwom, na yɛyɛ drama abien hwɛ. Adawurubɔfo 126 pɛ na wɔyɛɛ nnwuma yi nyinaa. Migye di sɛ Yehowa na ɔyɛɛ emu fã kɛse.” Ná nnipa 488 a wɔbae no yɛ anigyesɛm ma supɔw no sofo no. Wɔn mu pii fam no, na ɛno ne bere a edi kan a wɔahyia Adansefo a wofi aman horow so.
Ɛno akyi no, ankyɛ na wɔpaw Jacques Inaudi sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Bere a okyinkyinii supɔw no so no, ohui sɛ anigyefo no dɔɔso, nanso na Ahenni adawurubɔfo a wɔbɛboa no no sua. Jacques kyerɛ mu sɛ: “Ɛno nti na mehyɛɛ mmusua pii nkuran sɛ wontu nkɔ nsupɔw yi so nkɔsom wɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse no. Enti, nkakrankakra, wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nsupɔw no sofo yi.” Onua Inaudi somee sɛ ɔhwɛfo kwantufo fii 1969 kosii 1974, na nnɛ ɔyɛ ɔpanyin wɔ Tahiti asafo horow no biako mu.
Wɔn a wotiee Onua Inaudi nkuranhyɛ no mu biako ne Auguste Temanaha a na ɔka nnipa baawɔtwe a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1958 mu ho no. Ɔkaakae nea esii no. “Wɔ 1972 mu no, ɔmansin sohwɛfo, Jacques Inaudi, hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw kɔ a yɛbɛkɔ akɔsom wɔ Huahine, Leeward Nsupɔw a ɛka Society nsupɔw ho no so no ho. Metwentwɛnee me nan ase efisɛ na Bible akenkan nkutoo na mayɛ wɔ asafo no mu, na na mente nka sɛ mefata sɛ wɔde asɛyɛde a ɛte saa hyɛ me nsa. Nanso, Onua Inaudi kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mma ɛnnhaw wo, wubetumi ayɛ!’ Bere bi akyi no, yɛmaa yɛn adwene sii yɛn pi. Enti, wɔ 1973 mu no, yɛtɔn yɛn biribiara na yɛne yɛn mma nkumaa baasa no tu kɔɔ Huahine.
“Yeduu hɔ no, mihui sɛ ɛsɛ sɛ mifi biribiara ase—Ɔwɛn-Aban Adesua, Teokrase Ɔsom Sukuu, ne nea ɛkeka ho. Na ɛnyɛ mmerɛw, nanso yenyaa Yehowa hɔ ahobammɔ ne mmoa. Ɔboaa yɛn mpɛn pii ma yenyaa baabi a yɛbɛtra. Afei bere a asɔretiafo kuw bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔapam Adansefo no afi supɔw no so no, ɛhɔnom ɔmanyɛfo bi begyinaa yɛn akyi. Nokwarem no, saa bere no nyinaa, Yehowa hwɛɛ yɛn so.” Mprempren, asafo horow abien na ɛwɔ Huahine—Franse kasa mu asafo a emu adawurubɔfo yɛ 23, ne Tahitifo kasa mu de a emu adawurubɔfo yɛ 55.
Wɔ 1969 mu no, wɔmaa Hélène Mapu dwumadi sɛ ɔkwampaefo titiriw sɛ ɔmmɛyɛ asase hwene no so adwuma. Hélène ka sɛ: “Ná anigyefo pii wɔ asase hwene no so, na bere tiaa bi mu no, mifii Bible adesua pii ase.” Ankyɛ na wɔtee asafo ketewa bi wɔ Vairao, nanso na wohia asafo mu mpanyimfo. Bere kɔɔ so no, Colson Deane a na ɔte Papara a ɛwɔ kilomita 35 no, tumi boae. Onua Deane ka sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa na yɛatumi asom wɔ Vairao. Ná meyɛ adwuma wɔ Faaa, a efi Vairao kɔ hɔ yɛ kilomita 70 wɔ supɔw no fã foforo. Sɛ mepɔn adwuma a, na ɛsɛ sɛ meyɛ ntɛm ba fie bɛfa m’abusua na yɛtoa so kɔ Vairao. Akyiri yi, esiane m’adwuma nti, yetu kɔɔ Faaa. So na yebetumi akɔ so aboa Vairao Asafo no? Ná yɛpɛ sɛ yɛboa anuanom a wɔwɔ hɔ no ankasa, enti yesii gyinae sɛ yɛbɛtoa so. Nna a na yɛkɔ asafo nhyiam no, na yɛtaa du fie ɔdasum, efisɛ na yetwa kwan pii de anuanom a wonni kar no kɔ wɔn afie. Yɛde mfe anum na ɛyɛɛ eyi. Ɛnnɛ, ɛyɛ anigye kɛse sɛ yehu asafo horow anan wɔ supɔw no fã ha, na ɛyɛ a yɛn ani gyina saa mmere no.”
Wonya Baa Dwumadibea Wɔ Tahiti
Ebeduu 1974 no, na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Tahiti no dodow akɔ anim akodu 199. Afe a edi hɔ no, bere a N. H. Knorr, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani ne n’abadiakyiri, F. W. Franz, bɛsraa French Polynesia no, wohui sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wobefi Tahiti ahwɛ French Polynesia asɛnka adwuma no so sen sɛ wobefi Fiji a ɛwɔ bɛboro kilomita 3,500 no. Enti, April 1, 1975 no, wobuee Tahiti baa dwumadibea no ano, na wɔpaw ɔmansin sohwɛfo, Alain Jamet sɛ baa dwumadibea sohwɛfo.
Mfe kakraa bi a atwam no, Onua Jamet tumi kaa nhyira horow a ɛyɛ anigye a efi Yehowa hɔ no ho asɛm. “Efi 1975 reba no, yɛabɔ mmɔden kɛse sɛ yɛde asɛmpa no bɛkɔ nsupɔw a ɛwɔ yɛn asasesin no mu a ne kɛse bɛyɛ sɛ Europa Atɔe fam no so baabiara. Aba a asow no yɛ anigye. Ebeduu 1983 no, na adawurubɔfo dodow akɔ anim akodu 538. Saa afe no, wosii dan a wɔde bɛyɛ baa dwumadibea ne Betel Fie wɔ Paea. Mprempren, adawurubɔfo bɛyɛ 1,900 na wɔwɔ asafo horow 30 a abɔ apete Society Nsupɔw no so mu, asafo biako ne kuw a atew ne ho biako wɔ Austral Nsupɔw no so, asafo biako ne akuw a atew ne ho abien wɔ Marquesas, na akuw a atew ne ho pii wɔ Tuamotu ne Gambier Nsupɔw no so. Wɔresisi Ahenni Asa horow pii—abiɛsa wɔ Marquesas, na ason wɔ Tahiti—ama wɔn a wɔyɛ foforo a wɔba asafo nhyiam a wɔredɔɔso no. Wɔ mfe 20 a atwam mu no, Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ so ankasa ma yɛayɛ Tahiti asasesin no mu adwuma.”
Yɛda so Ara Wɔ Pii Yɛ
Yɛwɔ nkɔso ho akwanhwɛ a ɛkyɛn so wɔ French Polynesia. Wɔ March 23, 1997 no, nnipa bɛyɛ 5,376 ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ French Polynesia nyinaa hyiaam yɛɛ Yesu Kristo wu Nkaedi no. Nea ɛbɛyɛ na yɛadi anigyefo yi honhom fam ahiade ho dwuma no, yɛatintim yɛn Bible ho nhoma horow no bi kɔ ɛhɔfo no kasa horow mu. Afei nso, yɛatintim nhoma kɔ Paumotu kasa a wɔka wɔ Tuamotu Nsupɔw so ne Marquesas Kesee fam ne Kusuu fam aka Tahiti kasa ho.
Nkɔanim a ɛba ntoatoaso ne osuahu horow a ɛyɛ anigye no aboa Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Tahiti no ma wɔahu Yehowa “a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu” no dɔ ne ne boasetɔ yiye wɔ nsupɔw a ɛwɔ Kesee fam Po akyirikyiri no mpo so. (1 Timoteo 2:4) Yehowa Adansefo a wɔwɔ Tahiti ne French Polynesia supɔw afoforo so no wɔ Yehowa bɔhyɛ yi mu gyidi kosi ase: “Me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.”—Yesaia 51:5.
[Asase mfonini wɔ kratafa 26]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Tahiti baa dwumadibea no di French Polynesiafo ahiade ho dwuma
AUSTRALIA
[Kratafa 25 mfonini]
Efi benkum kɔ nifa: Alain Jamet, Mary-Ann Jamet, Agnès Schenck, Paulette Inaudi ne Jacques Inaudi
[Kratafa 27 mfonini]
Tahiti baa dwumadibea