Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 12/15 kr. 8-10
  • ‘Wɔtɔɔ Nokware’!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔtɔɔ Nokware’!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Bible Nkyerɛkyerɛ Twetwee Nkurɔfo
  • Nokware no a Obi Ankasa Bɛkari Ahwɛ
  • Atoro Som Ma Wɔhaw
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 12/15 kr. 8-10

‘Wɔtɔɔ Nokware’!

“TƆ NOKWARE, na ntɔn.” (Mmebusɛm 23:23) Saa na onyansafo Salomo tuu fo. Ɛwom sɛ yebetumi aka saa afa nokware nyinaa ho de, nanso ɛte saa wɔ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no ho titiriw. Nokware a ɛte saa betumi akowie daa nkwa mu! (Yohane 17:3, 17) Nanso, hyɛ no nsow sɛ nokware a ɛte saa a obi nsa bɛka no mma kwa. Ɛsɛ sɛ obi nya ɔpɛ sɛ ‘ɔbɛtɔ,’ kyerɛ sɛ, ɔde biribi bɛbɔ afɔre anaa ɔbɛhwere biribi ansa na ne nsa aka. (Fa toto Mateo 13:45, 46 ho.) Nnipa fã kɛse no ara mpɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso, wɔ nsase pii so no, nnipa akokodurufo a wɔredɔɔso retɔ Bible mu nokware—a mpɛn pii no, ɛma wɔhwere ade kɛse.

Fa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Afrika Atɔe fam ɔman Ghana mu sɛ nhwɛso. Ebeduu June 1989 no, na nnipa bɛboro 34,000 na wɔagye Bible mu nokware de nsiyɛ reka ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ saa asase no so. Afei wɔbaraa baguam asɛnka adwuma no. Nanso, komapafo kɔɔ so ‘tɔɔ nokware’—a mmara kwan so akwanside ahorow mfa ho. Woyii anohyeto no October 31, 1991, na eduu 1995 mfinimfini, mfe abiɛsa ne fã pɛ fi bere a woyii anohyeto no, na Yehowa Adansefo dodow a wɔde nsiyɛ reyɛ adwuma wɔ Ghana no akɔ soro akodu 46,104! Na afe yi, wɔn dodow akɔ soro akodu 52,800 ne akyi.

Dɛn na atwetwe nkurɔfo aba Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho? Nneɛma bɛn na ebinom de abɔ afɔre na ama wɔatumi ‘atɔ nokware’? Wɔ ɛho mmuaema mu no, momma yensusuw Ghana Kristofo baasa bi suahu ho.

Bible Nkyerɛkyerɛ Twetwee Nkurɔfo

Momma yenni kan nsusuw ɔbea bi a ɔwɔ ne mfe 20 mu ho. Ná ne papa yɛ ɔsɔfo, nanso, ɔpawee sɛ obefi ne papa som mu. Dɛn ntia? Ná ɔdɔ nokware.

Bere bi ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná Adansefo no taa ba yɛn fie bere a wɔrekɔ afie afie no. Me ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ kakraa bi no, mibehui sɛ nea na wɔrekyerɛkyerɛ no gyina Bible so ankasa. Mibisabisaa nsɛm faa nsɛm bi te sɛ Baasakoro, hellgya, ɔkra a enwu, ne ne titiriw no, gyidi ayaresa ho. Ná migye di yiye sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi fi Bible mu. Nanso Adansefo no boaa me ma mibehui sɛ ɛnte saa.”—Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible no adwene wɔ nsɛm a ɛtete saa ho a, yɛsrɛ wo hwɛ Marko 13:32; Romafo 6:23; Asomafo no Nnwuma 10:40; ne 1 Korintofo 13:8-10.

Ababaa no de kaa ho sɛ: “Nanso, mihyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den fii m’abusuafo hɔ, ɛnkanka me papa. Ɔtee nka sɛ wɔredaadaa me. Nanso, na minim sɛ nea meresua fi Yehowa Adansefo hɔ no ne nokware no. Mebɔɔ mmɔden sɛ mefi Bible no mu akyerɛ me papa saa nsɛm yi, nanso wantie. Nokwarem no, ɔsɔretia no mu yɛɛ den.

“Nanso, mampa abaw. Ná minim sɛ nokware nimdeɛ nkutoo na ɛkɔ daa nkwa wɔ Paradise mu, na na masi me bo sɛ merennyae mu. Bere a mpɔtam hɔ Adansefo no tee ɔhaw a na merehyia no ho asɛm no, wofi ɔdɔ mu boaa me, hyɛɛ me nkuran, na wɔmaa me asetrade ahorow bi. Eyi maa metee Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 13:35 no ase: ‘Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.’ Ahotoso a na mewɔ sɛ Yehowa Adansefo na wɔresom nokware mu no yɛɛ den. Akyiri yi, bere a m’awofo hui sɛ nsakrae pa aba m’abrabɔ mu no, wɔn ani gyee ho, na wɔsakraa sɛnea wɔne me dii no—ma ɛkowiei sɛ, me papa ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔne me nuabarima panyin mmesua Bible!”

Nokware no a Obi Ankasa Bɛkari Ahwɛ

‘Nokware tɔ’ nna fam mma mmofra binom a awofo a wɔyɛ Adansefo na ɛtetee wɔn no nso. Ɛyɛ mmofra binom su sɛ wɔmfa Bible mu nokware aniberesɛm. Sɛ wɔamfa nokware a ɛte saa no ammɔ wɔn bra a, wɔn gyidi yɛ mmerɛw, na ɛyɛ hare. (Fa toto Mateo 13:20, 21 ho.) Nathaniel, Ghanani barima bi a ɔwɔ ne mfe 30 mu, ka sɛnea ‘ɔtɔɔ nokware’ bere a na ɔda so yɛ abofra no ho asɛm.

Ɔka sɛ: “M’awofo kyerɛkyerɛɛ me Bible fi bere a na meyɛ akokoaa no. Bere a merenyin no, midii wɔn akyi wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso na menyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ Ɔdansefo ankasa. Bere kɔɔ so no, mibehui sɛ ehia sɛ m’ankasa mehwehwɛ nneɛma mu.

“Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ migye tom sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm, na ɛnyɛ nyamesom nhoma kronkron foforo biara. Ɛdenam kokoam adesua so no, mibehui sɛ ɛno nkutoo ne nhoma kronkron a ekura nkɔmhyɛ pii a emu da hɔ a enyaa mmamu pɛpɛɛpɛ. Mibehui nso sɛ Bible no kura nyansahu mu nokwasɛm ahorow bi—sɛ nhwɛso no, ese asase “sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Wɔkyerɛw saa nsɛm yi mfe mpempem pii ansa na nyansahufo resua yɛn okyinnsoromma yi ho ade. Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama mmarima akyerɛw nneɛma a ɛte saa ho asɛm!a

“Ɛno akyi no, na mepɛ sɛ mihu nyamesom kuw a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokware, na edi so. Ɔsom dodow no ara kyerɛkyerɛ hellgya, Baasakoro, ne ɔkra a enwu wɔ owu akyi. Nanso na minhu aba a ɛwɔ saa nkyerɛkyerɛ ahorow yi mu. Midwen ho sɛ: Ɛnyɛ agya a ne tirim yɛ den na obeso ne ba nsa de ahyɛ nsu a ɛrehuru mu de atwe n’aso? Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na ɔdɔ Nyankopɔn atumi de ne mma agu hell gya mu ma wɔahu amane? Nanso, Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne Bible kyerɛwsɛm te sɛ Romafo 6:23 hyia, faako a ɛka sɛ: ‘Bɔne so akatua ne owu’—ɛnyɛ hellgya. Ná aba wɔ eyi mu ma me.

“Mehyɛɛ no nsow nso sɛ Yehowa Adansefo hwɛ sɛ wɔn nkurɔfo nyinaa de Bible gyinapɛn ahorow bɛtra ase, na wotu obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne na onnu ne ho no fi wɔn mu. Eyi nyinaa maa mibehui sɛ Yehowa Adansefo na wɔwɔ nokware no, na m’ankasa misii gyinae sɛ mɛyɛ wɔn mu biako. Meyeree me ho sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfata ama asubɔ sɛ Ɔdansefo.”—1 Korintofo 5:11-13.

Nathaniel suahu no kyerɛ pefee sɛ ɛsɛ sɛ mmofra a awofo a wɔyɛ Kristofo tete wɔn mpo “tɔ nokware.” Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ asafo nhyiam horow ase kɛkɛ. Te sɛ tete Beroiafo no, ɛsɛ sɛ ‘daa wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye sɛ nneɛma no te saa anaa.’ (Asomafo no Nnwuma 17:11) Eyi gye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ebetumi ama wɔanya gyidi a emu yɛ den ne ahotoso.—Fa toto Efesofo 3:17-19 ho.

Atoro Som Ma Wɔhaw

Bere a na aka kakra ma Ghanani barima bi a wɔfrɛ no Godwin adi mfirihyia 70 no, ofii Presby Asɔre no ne Lɔɔgyefo Kuw bi mu. Godwin ka sɛ: “Ná nneɛma bi rekɔ so wɔ asɔre no mu a m’ani nnye ho. Sɛ nhwɛso no, na akameakame pii rekɔ so wom, na ɛda so gyina mu. Ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ polisifo bɛpata ma asomdwoe ba! Ná minsusuw sɛ eyi fata Kristo akyidifo. Afei asɛm bi baa me ne me yɔnko Presbyni bi ntam. Ɔmanfo asɛnni bagua bi dii asɛm no buu ɔbarima no fɔ. Nanso, ɔsɔfo no kogyinaa saa ɔbarima yi akyi sɛnea ɛnsɛ, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka m’anim wɔ asafo no nyinaa anim! Mekaa me bo so asɛm kyerɛɛ no, na mifii asɔredan no mu—a mansi hɔ bio.

“Bere kakra twaam, na Yehowa Adansefo baa me fie. Mfiase no, na mempɛ sɛ mepam nnipa a wɔka Onyankopɔn ho asɛm ara kwa nti na mitiei. Nanso mebehui sɛ ɛwom sɛ makɔ Presby mfe bebree de, nanso na nneɛma pii wɔ Bible mu a minnim. Sɛ nhwɛso no, na minnim da sɛ Bible no de asetra a enni awiei wɔ Paradise asase so ho anidaso ma.b Na bere a mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no, wɔn su, ne titiriw no, mmerante ne mmabaa a wɔwɔ wɔn mu no ntadehyɛ ne wɔn ahosiesie no kaa me paa. Ná saafo yi yɛ nnipa a wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow bɔ wɔn bra ankasa!”

Nanso, na ‘nokware no a ɔbɛtɔ’ hwehwɛ sɛ ɔyɛ nsakrae horow bi a ɛyɛ den wɔ n’asetra mu. Godwin ka sɛ: “Ná meyɛ Lɔɔgyefo Kuw bi muni. Na ɛwom sɛ wɔfrɛ no onuayɛ kuw a ɛboa emufo de, nanso na mede me ho hyɛ amanne ahorow bi a wɔde tikora ne nkasae frɛ ahonhom mu. Na wɔkyerɛ sɛ saa ahonhom yi boa wɔn a wɔne wɔn di nkitaho no ma wonya honhom fam nkɔso.

“M’adesua no boaa me ma mihui sɛ Yehowa Nyankopɔn kyi ahonhomsɛmdi biara a obi de ne ho behyem efisɛ ebetumi ama waba Satan ne n’ahonhommɔne dɔm no nkɛntɛnso ase.c So na mɛkɔ so ayɛ Lɔɔgyefo Kuw no muni anya ahonhomsɛm a ɛbata ho no nyinaa mu kyɛfa, anaa megyae na masɔ Yehowa ani? Migyaee. Mesɛee Lɔɔgyefo Kuw no ho nneɛma a mewɔ nyinaa, a atade a na mede kɔ Kuw nhyiam no nso ka ho. Mibehuu nokwasɛm a Yesu bɔhyɛ a ese, ‘Nokware no bɛyɛ mo adehye’ no yɛ! (Yohane 8:32) Seesei mede anigye reka nea masua no kyerɛ afoforo. Minnuu me ho ɔkwan biara so.”

Nnipa komapafo mpempem pii nso de nneɛma pii abobɔ afɔre na ama wɔatumi ‘atɔ nokware.’ Te sɛ Kristofo baasa a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ha no, wonnuu wɔn ho wɔ nsakrae a wɔayɛ no ho. Bible mu nokware ama wɔanya ‘nhyɛase pa ato hɔ ama wɔn ho asie daakye, sɛnea ɛbɛyɛ a wobeso nokware nkwa no mu.’ (1 Timoteo 6:19) Sɛ ‘wotɔ nokware’ a, saa “nokware nkwa” no ne nhyira a ɛbata ho nyinaa betumi ayɛ wo de daa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no mu.

b Sɛ nhwɛso no, hwɛ Dwom 37:9-11, 29.

c Hwɛ Deuteronomium 18:10-12 ne Galatifo 5:19-21.

[Kratafa 9 mfonini]

Nathaniel

[Kratafa 9 mfonini]

Godwin

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena