Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 5/15 kr. 3
  • Ɔhene Bi A Na Ɔwɔ Ahonyade Ne Nyansa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene Bi A Na Ɔwɔ Ahonyade Ne Nyansa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ahonyade Betumi Ama Wo Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • So Ɔhene Salomo Ahonyade no Yɛ Nea Wɔagugu Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yebedi Yiye Ankasa Wɔ Onyankopɔn Wiase Foforo no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 5/15 kr. 3

Ɔhene Bi A Na Ɔwɔ Ahonyade Ne Nyansa

Wususuw sɛ ahonyade betumi ama w’ani agye? Sɛ obi kyɛ wo sika bebree a, anka w’ani rennye? Ɛda adi sɛ anka w’ani begye. Ebia anka wubesusuw ɔkwan a wobɛfa so adi ho.

NOKWASƐM ne sɛ, nneɛma a ɛma asetra yɛ ahomeka ne anigye a wubetumi atɔ nyɛ na. Sika betumi ayɛ “ahobammɔ” wɔ ɔhaw a wɔnhwɛ kwan te sɛ ɔyare ne adwuma a wonnya nyɛ ano.—Ɔsɛnkafo 7:12, NW.

Nanso abusuabɔ bɛn na ɛda sika ne anigye ntam? So wukura adwene a nnipa pii wɔ sɛ ahonya na ɛde anigye ba no bi? Saa nsɛmmisa yi anoyi yɛ den efisɛ sika de, wotumi susuw anaa wotumi kan, na anigye de, ɛnte saa. Wuntumi mfa anigye nsi nsenia so nkari nhwɛ.

Afei nso adefo binom ani gye, bere a afoforo nso ani nnye. Saa ara na ɛte wɔ ahiafo nso fam. Nanso, nnipa dodow no ara—wɔn a wɔyɛ adefo dedaw mpo—gye di sɛ sɛ wonya sika pii a, ɛbɛma wɔn anigye ayɛ kɛse.

Onipa biako a ɔkyerɛw biribi faa nsɛm a ɛtete saa ho ne Ɔhene Salomo a ofi tete Israel. Ná ɔyɛ nnipa a wɔwɔ ahonyade sen biara a wɔatra ase pɛn no biako. Wubetumi akenkan nea wɔka faa n’ahonyade bebrebe no ho wɔ Bible no fã a ɛne Ahene Nhoma a Edi Kan no ti 10. Sɛ nhwɛso no, hyɛ no nsow sɛ nkyekyem 14 ka sɛ: “Sika a ɛba Salomo nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia.” Ɛno yɛ sika kɔkɔɔ nkaribo tɔn 25. Ɛnnɛ, sika kɔkɔɔ a ɛte saa no bɛboro U.S. $200,000,000!—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Nanso, ɛnyɛ sɛ na Salomo yɛ ɔdefo kɛkɛ; Onyankopɔn de nyansa dom no. Bible ka sɛ: “Ɔhene Salomo sõe sen asase so ahene nyinaa, ade dodow ne nyansa fam. Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no.” (1 Ahene 10:23, 24) Yɛn nso yebetumi anya Salomo nyansa no mu mfaso, efisɛ ne nsɛm a ɔkyerɛwee no ka Bible kyerɛwtohɔ ho. Momma yɛnhwɛ nea ɔka faa abusuabɔ a ɛda ahonyade ne anigye ntam ho no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Wɔfa fii Die Heilige Schrift - Übersetzt von Dr. Joseph Franz von Allioli mu. Druck und Verlag von Eduard Hallberger, Stuttgart

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena