So Ɔhene Salomo Ahonyade no Yɛ Nea Wɔagugu Mu?
“Sika a ɛba Salomo nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia.”—1 Ahene 10:14.
SƐNEA saa Bible nkyekyem no kyerɛ no, na Ɔhene Salomo nya sika kɔkɔɔ bɛboro tɔn nkaribo 25 wɔ afe biako pɛ mu! Sɛ wɔde eyi ba ɛnnɛ sika mu a ɛbɛyɛ $240,000,000. Ɛreyɛ ayɛ sika kɔkɔɔ a wotuu no wiase nyinaa wɔ afe 1800 mu no mmɔho abien. Eyi betumi ayɛ yiye? Dɛn na fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma mu no da no adi? Ɛda no adi sɛ akyinnye biara nni ho sɛ Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Salomo ahonyade ho no tɔ asom. Biblical Archaeology Review ka sɛ:
◻ Ɔhene Thutmose III a ofi Misraim (afeha a ɛto so aduonu A.Y.B.) no de nneɛma a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ bɛyɛ tɔn 13.5 kɔmae wɔ Amon-Ra asɔrefie a ɛwɔ Karnak no—na na eyi yɛ akyɛde no fã bi kɛkɛ.
◻ Misraim nkyerɛwee ahorow kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ Ɔhene Osorkon I (afeha a ɛto so du A.Y.B. no mfiase) de akyɛde a sɛ wɔka bom a ɛbɛyɛ sika ne dwetɛ tɔn nkaribo 383 maa anyame no.
Afei nso Great Ages of Man nhoma no a ɛwɔ afã horow no po a ɛne Classical Greece no bɔ amanneɛ sɛ:
◻ Ɔhene Philip II (359-336 A.Y.B.) nyaa sika kɔkɔɔ bɛboro tɔn 37 fii Pangaeum nkorontubea a ɛwɔ Thrace no afe biara.
◻ Bere a Philip babarima Alexander Ɔkɛseɛ (336-323 A.Y.B.) dii Susa a ɛyɛ Persia ahemman no kuropɔn no so nkonim no, wohuu akorade a ɛboro sika kɔkɔɔ tɔn 1,000 wɔ hɔ.—The New Encyclopædia Britannica.
Enti Ɔhene Salomo ahonyade ho asɛm a Bible ka no yɛ nea edi mũ. Kae nso sɛ Salomo “sõe sen asase so ahene nyinaa, ade dodow ne nyansa fam” saa bere no.—1 Ahene 10:23.
Dɛn na Salomo de n’ahonyade no yɛe? Ná n’ahengua yɛ nea wɔde “sika amapa” adura ho, ne nkuruwa a ɔnom mu yɛ “sika”, na na ɔwɔ akyɛm 200 ne akyɛm nkumaa 300 a wɔde “sika a wɔaboro” ayɛ. (1 Ahene 10:16-21) Nea ɛsen biara no, Salomo de ne sika no dii dwuma wɔ Yehowa asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no ho. Wɔde sika ne dwetɛ na ɛyɛɛ asɔrefie akaneadua no ne nnwinne kronkron te sɛ adinam, nkora, nkuruwa, ne nsanka no. Sika na wɔde duraa kerubim a na ɛwɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ a na wɔn tenten yɛ anammɔn 15 no ho, aduhuam afɔremuka no ho, ne dan mũ no nyinaa mpo mu.—1 Ahene 6:20-22; 7:48-50; 1 Beresosɛm 28:17.
Na asɔrefie a wɔde sika adura ho no nso ɛ? Nea ehia sɛ yɛhyɛ no nsow no, na sika a wɔde di dwuma saa no nyɛ ade foforo koraa wɔ tete wiase no mu. Biblical Archaeology Review ka sɛ Amenophis III a ofi Misraim “sii asɔrefie bi wɔ Thebes de dii onyame kɛse Amun ni, na na ‘wɔde sika adura ho nyinaa, ne fam yɛ dwetɛ, [na] na ne kwan ano nyinaa yɛ electrum’”—sika ne dwetɛ a wɔde afra. Bio nso, Esar-haddon a ofi Asiria (afeha a ɛto so ason A.Y.B.) no de sika duraa Ashur abosonnan no apon ne n’afasu ho. Ɛdefa Sin asɔrefie a na ɛwɔ Harran no ho no, Nabonido a ofi Babilon (afeha a ɛto so asia A.Y.B.) kyerɛwee sɛ: “Mede sika ne dwetɛ duraa n’afasu ho, na mema ɛhyerɛn sɛ owia.”
Enti, abakɔsɛm kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ Bible mu asɛm a ɛfa Ɔhene Salomo ahonyade ho no nyɛ nea wɔagugu mu.