Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 44 kr. 108-kr. 109 nky. 3
  • Wɔsii Asɔrefie Maa Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔsii Asɔrefie Maa Yehowa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Salomo Si Asɔredan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔyɛɛ Nhwɛso Pa Anaa Nhwɛso Bɔne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsrahwɛ a Wonyaa so Akatua Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Momma Yennye Yesu Ntom Sɛ Dawid Ɔkɛseɛ Ne Solomon Ɔkɛseɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 44 kr. 108-kr. 109 nky. 3
Ogya a efi Yehowa hɔ bɛhyew afɔre no

ADESUA 44

Wɔsii Asɔrefie Maa Yehowa

Ɔhene Solomon rebɔ mpae

Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel no, Yehowa bisaa no sɛ: ‘Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?’ Solomon kaa sɛ: ‘Meyɛ abofra, na minnim nea mereyɛ mpo. Mesrɛ wo, ma me nyansa na memfa nhwɛ wo nkurɔfo so.’ Yehowa kaa sɛ: ‘Esiane sɛ woabisa nyansa nti, mɛma woayɛ onyansafo akyɛn obiara wɔ asaase so. Afei mɛma woayɛ osikani paa. Na sɛ wutie m’asɛm a, wubenyin akyɛ paa.’

Solomon fii ase sii asɔrefie no. Ɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, nnua, ne abo papa na esii. Mmarima ne mmaa a wɔnim adansi adwuma mpempem pii na wɔyɛɛ dan no ho adwuma. Mfe nson akyi no, wɔwiee asɔrefie no. Afei, na bere aso sɛ wɔhyira so ma Yehowa. Ná afɔremuka wɔ asɔrefie hɔ, na na nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre wɔ so. Solomon buu nkotodwe wɔ afɔremuka no anim na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, asɔrefie yi sua, na ɛnyɛ fɛ biara mma wo. Nanso yɛsrɛ wo, gye yɛn afɔrebɔ yi tom na tie yɛn mpaebɔ.’ Yehowa huu asɔrefie no ne Solomon mpaebɔ no sɛn? Bere a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ na ogya fii soro bɛhyew n’afɔrebɔ no. Yehowa penee asɔrefie no so. Bere a Israelfo no huu wei no, wɔdii ahurusi.

Ogya a efi Yehowa hɔ bɛhyew afɔre no

Ɔhene Solomon nyansa bebrebe nti, ogyee din. Ná Israelfo nyinaa ne aman a ɛwɔ akyirikyiri mpo nim no. Nkurɔfo pii de wɔn haw brɛɛ Solomon sɛ ɔmmoa wɔn. Ɔhemmaa a ofi Saba no mpo de nsɛmmisa bi a ɛyɛ den bɛsɔɔ no hwɛe. Bere a ɔhemmaa no tee mmuae a Solomon de mae no, ɔkaa sɛ: ‘Nea nkurɔfo aka afa wo ho akyerɛ me no, mannye anni. Nanso seesei de, mahu sɛ wunim nyansa mpo sen sɛnea metee no. Wo Nyankopɔn Yehowa ahyira wo.’ Ná nneɛma kɔ yiye ma Israelfo no paa, na na wɔn nyinaa wɔ anigye. Nanso na nneɛma bɛsesa.

“Hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.”—Mateo 12:42

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Yehowa maa Solomon nyansa soronko? Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛɛ sɛ ogye asɔrefie no tom?

1 Ahene 2:12; 3:4-28; 4:29–5:18; 6:37, 38; 7:15–8:66; 10:1-13; 2 Beresosɛm 7:1; 9:22

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena