Adwuma a ‘Wontumi Mmu no Abomfiaa’
ƆSOMAFO Petro tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (1 Petro 2:12) Yehowa Adansefo a wɔwɔ Italy no de mfe pii abɔ saa ɔbra pa yi wɔ baguam. Nea ɛne Yesu ahyɛde a ɛne sɛ “mompae mu nka no adan atifi” no hyia no, wɔyɛ wɔn Kristofo nnwuma nyinaa wɔ petee mu ma obiara hu. (Mateo 10:27; Yohane 18:20) Esiane eyi nti, bere a Italy mmaranimfo bi ne ɔsɔfo bi tintim nsɛm de bɔɔ sobo sɛ, Yehowa Adansefo yɛ “atoro nyamesom fekuw,” na wɔkan wɔn kaa “esum ase akuw a esum nkurɔfo afiri” ho no, Adansefo no de wɔn kɔɔ asɛnnibea esiane nsɛm a wɔkeka de sɛe wɔn din no nti.
Asɛnnibea a edii kan dii asɛm no buae sɛ mmaranimfo no ne ɔsɔfo no mmuu mmara biara so. Nanso, wɔ July 17, 1997 no, Venice Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan wɔn no annye asɛnnibea a edi kan no gyinaesi no antom, na wobuu nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔn sobo no fɔ. Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan wɔn no kae sɛ: “Nea ɛwɔ nsɛm abien a wotintimii no mu no yɛ kasa ne nsɛm a ebetumi asɛe ‘Yehowa Adansefo’ som no mufo din. Ɛda adi sɛ, adwene a wɔde tintim nsɛm no ne sɛ, wɔnam so bɛma ɔmanfo abu emufo no animtia.” Asɛnnibea no kae sɛ nsɛm a wɔkyerɛwee no “nyɛ mmara kwan a wɔfa so bɔ obi sobo anaasɛ wɔkasa tia no.” Asɛnnibea no bɔɔ dinsɛefo baanu no ka, na wɔsan hyɛɛ wɔn sɛ wontua asɛnni no ho ka nyinaa, a Adansefo no ka a wɔbɔɔ no wɔ asɛnni abien no mu nyinaa nso ka ho.
Venice Asɛnnibea a Wɔde Nsɛm Kɔdan wɔn no kae wɔ atemmu a wɔakyerɛw no mu sɛ: “Ɛdenam kari a wɔbɛkari pɛ na wɔabɔ hokwan a [Italiafo] Ɔman Mmara de ma no ho ban nkutoo so na wobetumi asiw ɔtan hunu ne nyamesom mu kateeyɛ ano.” Gyinaesi no kyerɛe sɛ wogye tom sɛ, Yehowa Adansefo dwumadi nyɛ esum ase anaa atoro nyamesom kwan so de. Asɛnnibea no kae sɛ: “Sɛ́ wobebu Adansefo no aka esum ase akuw ho no nkyerɛ obu mpo mma abakɔsɛm mu nokwasɛm, efisɛ ɔsom no wɔ nkurow pii so na asuafoyɛ adwuma a emufo no yɛ wɔ mmaa nyinaa, titiriw Kwasida ne nnapɔnna foforo no yɛ nea wonim no yiye, na wɔrentumi mmu mmɔdenbɔ a ɛte saa no abomfiaa, ɛmfa ho nea obi besusuw wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ a wɔde to gua no ho.” Eyi nti, nsiyɛ a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Italy da no adi wɔ asɛnka adwuma no mu, ne wɔn abrabɔ pa a nkurɔfo nim no, aboa ma adwemmɔne a wɔwɔ wɔ wɔn ho no afi hɔ.—Mateo 5:14-16; 1 Petro 2:15.