So Wokae?
Woasusuw Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no ho yiye? Sɛ ɛte saa a, ebia w’ani begye ho sɛ wobɛkaakae nea edidi so yi:
◻ Dɛn nti na ntease nni nkrabea nkyerɛkyerɛ no mu?
Sɛ na Onyankopɔn ahu asie na ɔhyɛ too hɔ sɛ Adam bɛyɛ bɔne a, ɛnde Yehowa na ɔde bɔne bae bere a ɔbɔɔ onipa no, na nnipa nsɛmmɔnedi ne amanehunu nyinaa ho asodi bɛda no so. Eyi ne nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn na okyi amumɔyɛ no nhyia. (Dwom 33:5; Mmebusɛm 15:9; 1 Yohane 4:8)—4/15, nkratafa 7, 8.
◻ Wɔ Yesaia 2:2-4 mammu mu no, dɛn na nnipa a wofi amanaman pii mu reyɛ?
Bere a wɔkɔ Yehowa asɔrefie no, ‘wonsua akodi’ nso efisɛ wɔde wɔn werɛ ahyɛ Onyankopɔn soro dɔm a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛsɛe asomdwoe atamfo nyinaa no ahobammɔ mu.—4/15, kratafa 30.
◻ Henanom ne Onyankopɔn nnɔmmarima a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yoel 3:10, 11 no?
Wɔfrɛ nokware Nyankopɔn no ‘asafo Yehowa’ mpɛn 280 wɔ Bible mu. (2 Ahene 3:14) Eyinom yɛ ɔsoro abɔfo dɔm a wɔwɔ tumi a wɔayɛ krado sɛ wobedi Yehowa ahyɛde so.—5/1, kratafa 23.
◻ Dɛn na yebetumi asua afi ka a Yehowa ka kyerɛɛ Hiob sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn a wɔayɛ bɔne atia no no mu?
(Hiob 42:8) Ansa na Yehowa rema Hiob ho atɔ no no, Ɔhwehwɛe sɛ ɔbɔ mpae ma wɔn a wɔayɛ bɔne atia no no. Eyi kyerɛ sɛ Yehowa hwehwɛ sɛ yɛde wɔn a wodi mfomso tia yɛn no mfomso firi wɔn ansa na watumi de yɛn ankasa mfomso afiri yɛn. (Mateo 6:12; Efesofo 4:32)—5/1, kratafa 31.
◻ Na Yakobo kyerɛ dɛn bere a ɔkae sɛ: “Momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ” no?
(Yakobo 1:4) Boasetɔ wɔ “adwuma” bi yɛ. N’adwuma ne sɛ ɛbɛma yɛayɛ pɛ wɔ biribiara mu. Ne saa nti, sɔhwɛ ahorow a yɛbɛma awie n’adwuma a yɛremmɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛfa ɔkwan a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia so ama ɛso atwa ntɛm no bɛma yɛn gyidi ayɛ nea wɔasɔ ahwɛ ne nea edi mu.—5/15, kratafa 16.
◻ Dɛn nti na Onyankopɔn atwɛn bere tenteenten na wadi adesamma haw ho dwuma?
Sɛnea Yehowa bu bere ne yɛn de nhyia. Wɔ Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa no fam no, efi bere a ɔbɔɔ Adam de besi nnɛ no nnu dapɛn biako mpo. (2 Petro 3:8) Nanso sɛnea yɛn adwene te wɔ bere ho biara no, da biara a etwam no ma yɛbɛn Yehowa da a ɔde bɛsan nneɛma ho no ho.—6/1, nkratafa 5, 6.
◻ Dɛn na ɛkanyan Yehowa Adansefo?
Yehowa nkyerɛkyerɛ ama yɛanya nnipa a wɔda nsow a wɔatete wɔn sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho ne wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho. (Yesaia 54:13) Ɔdɔ na ɛkanyan Yehowa Adansefo ma wɔkɔ so ka asɛm ɛmfa ho ɔmanfo anibiannaso anaa ɔtaa. (Mateo 22:36-40; 1 Korintofo 13:1-8)—6/15, kratafa 20.
◻ Dɛn na Yesu asɛm: “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu” no kyerɛ?
(Luka 13:24) Yesu asɛm no kyerɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho, yebemia yɛn ani. N’asɛm no kyerɛ nso sɛ ebinom pɛ sɛ ‘wɔhyɛn ɔpon no mu’ bere a eye ma wɔn anaa wɔbɛtɔ wɔn bo ase anantew sɛnea wɔpɛ biara. Enti yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘So meremia m’ani?’—6/15, kratafa 31.
◻ Ɔkwan bɛn so na ‘wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bebu wɔn a wɔanyan wɔn no atɛn denam wɔn nnwuma’ so?
(Adiyisɛm 20:12) Nhoma yi nyɛ nneɛma a wɔayɛ atwam ho kyerɛwtohɔ; bere a wowui no, wobuu wɔn bem fii bɔne ahorow a wɔyɛe bere a na wɔte ase no ho. (Romafo 6:7, 23) Nanso, adesamma a wɔanyan wɔn no bɛkɔ so ara ahyɛ Adam bɔne ase. Enti, saa bere no ansa na nhoma yi de ɔsoro akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ obiara di akyi na ama wanya Yesu Kristo afɔrebɔ no mu mfaso akosi ase no bɛma.—7/1, kratafa 22.
◻ Asuade bɛn na Yesu bɛ a ɛfa Samariani mmɔborohunufo no ho de ma yɛn?
(Luka 10:30-37) Yesu bɛ yi da no adi sɛ obi a ɔteɛ ankasa ne nea ɛnyɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara so nko na mmom, osuasua ne suban nso. (Efesofo 5:1) Ɛkyerɛ nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ɔman a obi fi mu, amammerɛ ne ɔsom siw yɔnkodɔ a yɛbɛda no adi no kwan. (Galatifo 6:10)—7/1, kratafa 31.
◻ Akwan abiɛsa bɛn na wubetumi afa so ahu wo mma na wode akwankyerɛ ama wɔn sɛ ɔwofo?
(1) Boa wo mma ma wɔmpaw honam fam adwuma a ɛfata; (2) boa wɔn ma wonnyina adwennwen a wohyia wɔ sukuu ne adwuma mu ano; (3) kyerɛ wɔn sɛnea wobedi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma.—7/15, kratafa 4.
◻ Atirimpɔw bɛn nti na Onyankopɔn homee “da a ɛto so ason” no?
(Genesis 2:1-3) Ɛnyɛ sɛ na Onyankopɔn abrɛ nti na ɔhomee. Mmom no, ogyaee asase so adwuma yɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa ano adwuma benya nkɔso na anya anuonyam a edi mu, na ɛde ayeyi ne nidi abrɛ no.—7/15, kratafa 18.
◻ Akwan abiɛsa bɛn na yebetumi afa so ada atɛntrenee adi?
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn gyinapɛn a ɛfa abrabɔ ho no so. (Yesaia 1:17) Nea ɛto so abien no, yɛda atɛntrenee adi bere a yɛne afoforo di wɔ ɔkwan a yɛpɛ sɛ Yehowa ne yɛn di so no. (Dwom 130:3, 4) Nea ɛto so abiɛsa no, yɛda ɔsoro atɛntrenee adi bere a yɛde yɛn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu denneenen no. (Mmebusɛm 3:27)—8/1, nkratafa 15, 16.