Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 25-29
  • Bere a Komadenfo Dan Komapafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Komadenfo Dan Komapafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Sɛnea Wofii Adwuma no Ase
  • Nkyerɛkyerɛ Dwumadi a Etu Mpɔn
  • Ɔmansin Nhyiam Titiriw De Anigye Ba
  • Nsakrae Kɛse a Aba
  • Nhyɛso a Efi Kan Nnamfo Hɔ
  • Yɛ a Wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Asomfo a Wɔahyira Wɔn Ho So
  • Afiase So Ahwɛfo Ahu Nea Akɔ So
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 25-29

Bere a Komadenfo Dan Komapafo

WOGYEE YEHOWA ADANSEFO TOOM WƆ POLAND wɔ mmara mu sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ 1989 mu. Wogyaee Adansefo a wɔde wɔn guu afiase wɔ afã biara a na wonni sɛ Kristofo no ho nkakrankakra, na wogyaw nneduafo bebree a na wɔpɛ sɛ wohu Bible ho nsɛm pii fi wɔn hɔ no hɔ. Kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Yehowa Adansefo bɔɔ mmɔden boaa wɔn a bere bi na wɔyɛ komadenfo ma wonyaa Onyankopɔn Asɛm mu tumi ho komapa wɔ afiase a ɛte sɛɛ biako mu no ho ni.

WOŁÓW, kurow a emu nnipa dodow yɛ 12,000 a ɛwɔ Poland kesee fam atɔe no na afiase bi a adi mfe 200 a ɛhɔ na wɔde Poland nsɛmmɔnedifo akɛse no mu binom gu no wɔ. Efi bere a wɔmaa Yehowa Adansefo adwuma no ho kwan wɔ mmara mu no, wɔabɔ mmɔden de anigye aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nneduafo a wɔwɔ hɔ no.

Nea ebuee hokwan ne krataa bi a Atemmu Ho Nsɛm Asoɛe de kɔmaa Poland afiase so ahwɛfo nyinaa wɔ February 1990 mu no. Krataa no kae sɛ ɛnsɛ sɛ ‘wɔhaw’ nneduafo a wɔpɛ sɛ wogye Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow anaa wɔne Yehowa Adansefo hyiam no mu biara. Na Adansefo no a wɔn mu binom de mfe pii daa Wołów afiase no nim nneduafo a wɔn koma yɛ den a wɔwɔ hɔ no mu pii yiye. Nanso, wɔde wɔn ho too Yehowa so sɛ onhyira mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma Bible mu nokware no ama nneduafo foforo a wɔn koma yɛ den no ayɛ mmerɛw no.

Sɛnea Wofii Adwuma no Ase

Onua Czesław a ofi Wrocław kurow a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 40, a wɔama no kwan sɛ ɔnkɔsra Wołów afiase no ka sɛ: “Na ɛyɛ den sɛ yebefi dwumadi no ase. Yɛne afiase so ahwɛfo kaa ho asɛm kyɛe ansa na wɔregye atom sɛ yɛn ‘asɔre’ no so wɔ mfaso ma nneduafo no.”

Czesław hokafo Paweł kae sɛ, nea ɛmaa asɛm no yɛɛ den no ne sɛ “ahwɛfo mpanyimfo paa no mu biako kae sɛ nneduafo no de asɔre repɛ honam fam nneɛma ara kɛkɛ.” Nanso bere a na wɔrebɛbɔ nnipa baasa a na wɔyɛ nsɛmmɔnedifo paa no asu wɔ 1991 mu no, afiase no so ahwɛfo no sesaa wɔn su, na biakoyɛ kɛse baa yɛn ntam.

Czesław kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yefii ase dii nneduafo no, wɔn abusuafo a wɔbɛsra wɔn, ne afiase so ahwɛfo no adanse. Afei wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛnka asɛmpa no wɔ afiase dan biara mu, na na eyi yɛ hokwan soronko koraa. Awiei koraa no, bere a yenyaa onigyeni a odi kan no, wɔmaa yɛn kwan sɛ yɛnyɛ Bible adesua ne Kristofo nhyiam wɔ asa ketewa bi so.” Yiw, Yehowa buee hokwan maa nneduafo a wɔn koma yɛ den no.

Nkyerɛkyerɛ Dwumadi a Etu Mpɔn

Ankyɛ koraa na ɛbɛdaa adi sɛ saa asa ketewa no sua koraa. Esiane sɛ na nneduafo a wɔabɔ wɔn asu ne anuanom a wɔba hɔ no nyinaa yɛ asɛnka adwuma no bi nti, ɛmaa nneduafo 50 fii ase baa asafo nhyiam horow no bi. Wɔn asafo no mu mpanyimfo no mu biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛyɛɛ nhyiam no nyinaa wɔ hɔ bɛboro mfe abiɛsa, na na nneduafo no ba dapɛn biara nhyiam no daa.” Enti wɔ May 1995 mu no, wɔmaa kwan sɛ wonhyiam wɔ asa kɛse so.

Ɔkwan bɛn so na anuanom a dwumadi hyɛ wɔn nsa no tumi hu wɔn a wɔfata sɛ wɔba nhyiam horow a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no? Anuanom Czesław ne Zdzisław kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛakyerɛw nneduafo a wɔwɔ nokware no ho anigye ankasa no din. Sɛ ɔdeduani bi nnya nkɔso anaa ɔtoto nhyiamkɔ mu, a ntease papa biara nnim a ɛkyerɛ sɛ onni nsiesiei a ɛte saa ho anisɔ a, yetwa ne din mu na yɛka kyerɛ afiase so [hwɛfo] panyin no.”

Sɛ anuanom ne nneduafo no reyɛ wɔn Bible adesua horow no a, wɔkyerɛ wɔn sɛnea wobesiesie wɔn ho ama nhyiam no na wɔde yɛn nhoma horow no adi dwuma yiye. Enti, nneduafo no siesie wɔn ho yiye ansa na wɔaba nhyiam, na wofi wɔn pɛ mu nya mu kyɛfa. Wɔma mmuae a ɛhyɛ nkuran, de wɔn Bible no di dwuma yiye, ma afotu no fa wɔn ho, na wɔtaa ka wɔ wɔn mmuaema mu sɛ, ‘Mihu sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ sɛɛ anaa sɛɛ.’

Asafo no kyerɛwfo no ka sɛ: “Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, wɔyɛ Bible adesua 20 wɔ Wołów afiase. Adawurubɔfo baasa a wɔyɛ nneduafo yɛ adesua no mu awotwe.” Nneɛma pa afi asɛnka a wɔkɔ wɔ afiase adan biara mu ne mpase a wotu wɔ adiwo hɔ no mu aba. Sɛ nhwɛso no, wɔ asram du mu, fi September 1993 besi June 1994 no, wɔde nhoma 235, nhomawa bɛyɛ 300, ne nsɛmma nhoma 1,700 memae. Nnansa yi, afiase so ahwɛfo no mu baanu kae sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua.

Ɔmansin Nhyiam Titiriw De Anigye Ba

Bere bi akyi no, wɔde biribi foforo kaa afiase hɔ nkyerɛkyerɛ dwumadi no ho, na ɛne ɔmansin nhyiam atitiriw. Ahwɛfo akwantufo ne anuanom a wɔn ho akokwaw de ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw dwumadi no afã titiriw ma wɔ afiase agodibea hɔ. Wɔyɛɛ da koro nhyiam titiriw a edi kan no wɔ October 1993 mu. Nneduafo aduonum na wɔbae, na atesɛm krataa a wɔfrɛ no Słowo Polskie bɔɔ amanneɛ sɛ “mmusua pii a mmea ne mmofra nkumaa ka ho fi Wrocław bae,” na wɔn dodow yɛ 139. Ahomegyebere a ɛwɔ nhyiam no dwumadi mu no ma wonyaa hokwan dii nnuan a anuanom mmea noae, na wonyaa bere de bɔɔ fekuw sɛ Kristofo.

Efi saa bere no, wɔayɛ nhyiam atitiriw afoforo ason, na nneduafo no ne wɔn a wofi kurom ba nyinaa anya so mfaso. Bere a onuawa Ɔdansefo bi kɔɔ kan Wołów deduani bi a mprempren ɔte kurom no nkyɛn no, wankyerɛ asɛm no ho anigye mfiase no. Nanso bere a onuawa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔdeduani bi abɛyɛ Ɔdansefo no, ɔbarima no de ahodwiriw teɛɛm sɛ: “Mprempren saa owudifo no abɛyɛ Ɔdansefo?” Ɛno nti, ɔbarima no penee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua.

Nsakrae Kɛse a Aba

So nkyerɛkyerɛ dwumadi kɛse yi ama nneduafo koma a ɛyɛ den no ayɛ mmerɛw? Ma wɔn ankasa nka wɔn asɛm.

Zdzisław, ɔbarima badwemma bi gye tom sɛ: “Minnim m’awofo efisɛ wɔpoo me bere a na misua no, na mante nka da sɛ wɔdɔ me. Mede me ho hyɛɛ nsɛmmɔnedi mu wɔ m’asetra mfiase mu, na awiei koraa no midii awu. Afobu nka a metee no ma minyaa adwene sɛ mekum me ho, na na merehwehwɛ nokware anidaso denneennen. Wɔ 1987 mu no, me nsa kaa Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma. Ɛma minyaa owusɔre ne daa nkwa ho anidaso. Bere a mihui sɛ anidaso da so ara wɔ hɔ no, mankum me ho, na mifii ase suaa Bible no. Mprempren mahu nea ɔdɔ kyerɛ afi Yehowa ne anuanom hɔ.” Efi 1993 no, ɔbarima a na ɔyɛ owudifo yi asom sɛ asafo mu somfo ne ɔkwampaefo boafo, na ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo wɔ afe a etwaam no mu.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Tomasz penee so ntɛm ara sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Ɔka sɛ: “Nanso, mamfi komam na ɛyɛɛ saa. Misuaa ade efisɛ na mepɛ sɛ mehoahoa me ho bere a merekyerɛkyerɛ Yehowa Adansefo gyidi mu no. Nanso na memfa Bible mu nokware no nni dwuma pii. Da koro bi, misii gyinae na mekɔɔ Kristofo nhyiam. Nneduafo a wɔabɔ wɔn asu de anigye maa me akwaaba. Mihui sɛ sɛ anka mɛbɔ mmɔden de nimdeɛ a manya no ahoahoa me ho no, ɛsɛ sɛ mema me koma a ɛyɛ den no yɛ mmerɛw na meyɛ m’adwene foforo.” Tomasz fii ase hyɛɛ Kristofo nipasu foforo no. (Efesofo 4:22-24) Ɛnnɛ, ɔyɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so abɔ asu na ɔde anigye ka asɛm wɔ afiasedan biara mu.

Nhyɛso a Efi Kan Nnamfo Hɔ

Wɔn a wosuaa Bible mu nokware no wɔ afiase no kan nnamfo a wɔne wɔn da dan mu ne afiase so ahwɛfo de nhyɛso kɛse baa wɔn so. Wɔn mu biako ka sɛ: “Na wɔserew me di me ho fɛw daa. Nanso mekaee anuanom nkuranhyɛ nsɛm no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔ so bɔ Yehowa mpae. Kenkan wo Bible na wubenya komam asomdwoe.’ Ɛno boaa me ankasa.”

Onua hoɔdenfo Ryszard a wɔabɔ no asu ka sɛ: “Me mfɛfo nneduafo no yeyaw me mpɛn pii. Na wɔbɔ me kɔkɔ sɛ, ‘Wubetumi akɔ wo nhyiam no, nanso nyɛ wo ho sɛ woye sen yɛn, woate?’ Bere a Bible nnyinasosɛm a mede di dwuma ma meyɛɛ nsakrae wɔ m’asetra mu no, mihuu amane wɔ ho. Wɔdan me mpa butuwii, totoo me Bible nhoma guguu basabasa, yɛɛ beae a meda no basaa. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔma me ahoɔden mfa nni me ho so, na afei meyɛɛ komm siesiee nneɛma no yiye. Ankyɛ wogyaee ɔsɔretia no.”

Nneduafo afoforo bi a wɔabɔ wɔn asu ka sɛ: “Bere a yɛn mfɛfo nneduafo hui sɛ yɛasi gyinae pintinn sɛ yɛbɛsom Yehowa no, nhyɛso dan yɛɛ ade foforo. Nea wɔtaa ka ne sɛ, ‘Monkae sɛ, ɛnsɛ sɛ monom nsa ne sigaret, anaasɛ mudi atoro bio.’ Saa nhyɛso no boa ma obi tumi di ne ho so, na ogyae su bɔne anaa nneɛma a ne yɛ aka no hɔ biara ntɛm. Ɛboa ma obi tumi sow honhom aba no nso.”—Galatifo 5:22, 23.

Yɛ a Wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn Asomfo a Wɔahyira Wɔn Ho So

Bere a afiase no so ahwɛfo no maa kwan no, yɛbɔɔ asu a edi kan wɔ agodibea hɔ wɔ 1991 fefɛw bere mu. Na Zdzisław ne nea ɔwɔ anigye a wɔbɔɔ no asu no. Nneduafo dumien ne anuanom 21 na wofi asafo ahorow mu baa dwumadi no ase. Nhyiam no hyɛɛ nneduafo no nkuran. Wɔn mu dodow bi nyaa nkɔso a ɛyɛ nwonwa araa ma wɔbɔɔ nneduafo afoforo baanu asu akyiri yi wɔ saa afe no mu. Mfe abien akyi wɔ 1993 mu no, wɔbɔɔ asu mprenu, na nneduafo afoforo baason yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne!

Bere a ɛhɔnom atesɛm krataa a wɔfrɛ no Wieczór Wrocławia de asu a wɔbɔe wɔ December mu ho amanneɛbɔ rema no, ɛkae sɛ: “Nkurɔfo piaa wɔn ho baa agodibea asa so hɔ kyiakyiaa obiara nsam. Obiara nyɛ ɔhɔho wɔ ha. Wɔyɛ abusua kɛse biako, wokura adwenkoro, wɔyɛ biako wɔ wɔn asetra kwan ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn koro a ɔne Yehowa no mu.” Saa bere no na saa “abusua kɛse biako” no mu nnipa yɛ 135 a nneduafo 50 ka ho. Ma yentie wɔn mu bi asɛm.

Jerzy a wɔbɔɔ no asu wɔ June mu no ka sɛ: “Ɛwom sɛ mfe bi a atwam ni na mihuu Bible mu nokware no de, nanso na me koma yɛ den ankasa. Amimdi, me yere a odi kan a migyaee no, mpena a me ne Krystyna twee, aguaman ba a mewoe, ne afiase a na wɔtaa de me kɔ—sɛɛ na na m’asetra te.” Bere a ohui sɛ nsɛmmɔnedifo paa abɛyɛ Adansefo wɔ afiase no, ofii ase bisaa ne ho sɛ: ‘So me nso mintumi mmɛyɛ onipa pa?’ Ɔkae sɛ yɛne no mmɛyɛ Bible adesua na ofii ase baa nhyiam horow no. Nanso, ɔyɛɛ nsakrae ankasa bere a aban mmaranimfo ka kyerɛɛ no sɛ Krystyna abɛyɛ Yehowa Ɔdansefo mfe abiɛsa ni no. Jerzy ka sɛ: “Me ho dwiriw me ankasa! Mekaa wɔ me tirim sɛ: ‘Na me nso ɛ? Dɛn na mereyɛ?’ Mihui sɛ sɛ metumi asɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ misiesie m’asetra yiye.” Ɛno nti, me ne Krystyna ne yɛn babea Marzena a wadi mfe 11 no de anigye ka boom bio. Ankyɛ koraa wɔde wɔn aware kɔhyɛɛ mmara ase. Ɛwom sɛ Jerzy da so ara da afiase na ɛtɔ da bi a ohyia nsɛnnennen de, nanso nnansa yi osuaa mum kasa na otumi boa mum a wɔwɔ afiase no.

Na Mirosław di nsɛmmɔne dedaw wɔ bere a na ɔkɔ mfiase sukuu no. N’ani gyee nea na ne nnamfo yɛ ho kɛse, na ankyɛ ofii ase yɛɛ bi. Wɔn a owiaa wɔn nneɛma ne wɔn a ɔboroo wɔn no dɔɔso. Afei wɔde no kɔtoo afiase. Mirosław ka sɛ: “Bere a mekɔdaa afiase no, mehwehwɛɛ mmoa fii ɛhɔ sɔfo no hɔ. Nanso odii me huammɔ kɛse. Enti misii gyinae sɛ mɛnom aduru awu.” Da ara a ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obekum ne ho no, woyii no kɔɔ afiase dan foforo mu. Ohuu Ɔwɛn-Aban bi a ɛka asetram atirimpɔw ho asɛm wɔ hɔ. Ɔtoa so sɛ: “Ɛbɛdaa adi sɛ asɛntiaa a emu da hɔ a na ɛka no ne nea na mihia ankasa. Afei de na mepɛ sɛ metra nkwa mu! Enti mebɔɔ Yehowa mpae na meka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔne me mmɛyɛ Bible adesua.” Onyaa ne Bible adesua no mu nkɔso ntɛmntɛm na wɔbɔɔ no asu wɔ 1991 mu. Mprempren ɔsom sɛ ɔkwampaefo boafo wɔ afiase, na wɔama no kwan sɛ ɔnka asɛm wɔ afiase dan biara mu.

Ɛde besi nnɛ no, wɔabɔ nneduafo 15 asu. Sɛ wɔka mfe dodow a ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de da afiase bom a, ɛbɛyɛ sɛ 260. Woyii ebinom ansa na mfe a wɔde maa wɔn no redu. Wɔtew mfe 25 a na wɔde ama wɔn mu biako no so baa mfe 10. Na wɔn mu pii a wɔkyerɛɛ anigye bere a wɔwɔ afiase no bɛyɛɛ Adansefo a wɔabɔ wɔn asu wɔ bere a woyii wɔn no akyi. Nneduafo afoforo baanan nso reboaboa wɔn ho agye asubɔ

Afiase So Ahwɛfo Ahu Nea Akɔ So

Amanneɛbɔ bi a efi afiase hɔ ka sɛ: “Nea wɔahu titiriw ne nneduafo no su a asesa no. Wɔn mu pii gyae sigaretnom, na wodi wɔn dan mu ni. Ɛda adi sɛ nneduafo no pii ayɛ nsakrae a ɛte saa wɔ wɔn abrabɔ mu.”

Atesɛm krataa a wɔfrɛ no Życie Warszawy bɔ amanneɛ sɛ Wołów afiase no so ahwɛfo gye tom sɛ, “wɔn a wɔasakra no bu bra pa; wɔmma afiase hɔ ahwɛfo no nhyia nsɛnnennen biara.” Krataa no ka bio sɛ wɔn a woyi wɔn ansa na bere adu no tumi de wɔn ho bɔ Yehowa Adansefo no yiye na wɔnsan nkodi nsɛmmɔne.

Na dɛn na ɔpanyin a ɔhwɛ afiase hɔ no ka? Ɔka sɛ: “Adwuma a Yehowa Adansefo yɛ wɔ afiase ha no som bo na ɛyɛ mmoa kɛse.” Ɔpanyin no ka sɛ “bere a [Adansefo no] ne nneduafo no yɛ wɔn Bible adesua no, wɔn nnyinasosɛm ne wɔn gyinapɛn ahorow sakra na ɛma wonya asetram akwankyerɛ foforo. Wɔwɔ ntease na wobu ade. Wɔyɛ nsiyɛfo, na wɔnhaw adwene.” Nokwarem no, nsɛmpa a ɛte saa a mpanyimfo no ka no ma Adansefo a wɔboa nneduafo a wɔwɔ Wołów afiase hɔ no ani gye.

Adansefo a wɔkɔ hɔ ani sɔ Yesu nsɛm yi yiye: ‘Minim me nguan, na me nguan nso nim me. Wobetie me nne, na wɔbɛyɛ kuw biako, anya ɔhwɛfo biako.’ (Yohane 10:14, 16) Afiase fasu mpo ntumi nsiw Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, kwan sɛ ɔbɛboaboa ne nguan ano. Adansefo a wɔwɔ Wołów no ani sɔ sɛ wɔanya hokwan reyɛ ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye yi bi. Na wɔhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira wɔn ma wɔaboa nnipa pii a wɔn koma yɛ den no ma wɔatie Ahenni ho asɛmpa no ansa na awiei no aba.—Mateo 24:14.

[Kratafa 27 adaka]

Ɔhaw A Ɛto “Ɔpanyin A Wayɛ Te Sɛ Abofra”

Adansefo a wɔyɛ adwuma wɔ Wołów afiase no ka sɛ: “Bere a ɔdeduani de bere bi ada afiase no, ne werɛ taa fi sɛnea ɔbɛtra ase sɛ obi a wade ne ho, anaa obi a n’ankasa hwɛ ne ho. Nea yehu titiriw ne ‘ɔpanyin a wayɛ te sɛ abofra,’ obi a sɛ woyi no fi afiase a, onhu sɛnea ɔbɛhwɛ ne ho. Ɛno nti na ɛnyɛ Bible nokware nkutoo na ɛsɛ sɛ asafo no kyerɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛboa no ma obu ne ho sɛ ɔka mpɔtam hɔfo ho, na yɛbɔ no kɔkɔ wɔ asiane ne sɔhwɛ foforo a obetumi ahyia ho. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanhyɛ n’asetra so de, nanso ɛsɛ sɛ yɛboa no ma otumi fi asetra ase bio.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena