Nea Enti A Wɔde Wɔn Ho Hyɛ Atirimɔdensɛm Mu
WƆWOO abofra bi a wonyinsɛn no adapɛn 27 wɔ Denver, Colorado, U.S.A. Abarimaa no nyaa nkwa, na bere a odii asram abiɛsa wɔ ayaresabea hɔ akyi no, wɔde no kɔɔ fie kɔmaa n’awofo. Adapɛn abiɛsa akyi no, wɔde abarimaa no san kɔɔ ayaresabea hɔ bio. Dɛn ntia? Na wapira kɛse wɔ n’amemene mu esiane woso a n’agya wosoo no ahoɔden so nti. Agya no antumi anyina abofra no su ano. Abarimaa ketewa no ani furae na ɔsan dii dɛm. Nnɛyi nnuruyɛ gyee no fii n’awo mu asiane mu de, nanso antumi anye no amfi n’agya atirimɔdensɛm mu.
Wɔyɛ mmofra a wɔn dodow nni ano ayayade, bɔ wɔn bɔtorɔ, anaa wokunkum wɔn wɔ mmeae a atirimɔdensɛm ahyɛ hɔ ma wɔ asase so paa no mu biako—ofie! Ebinom bu akontaa sɛ wɔ United States nkutoo no mmofra bɛyɛ 5,000 na afe biara wowuwu wɔ wɔn awofo nsa ano! Na ɛnyɛ mmofra nkutoo na eyi to wɔn. Sɛnea World Health nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ no, “ɔyerenom a wɔyɛ wɔn ayayade ne ade a epira mmabaa sen biara” wɔ United States. Na wɔ nsase foforo so nso ɛ? “Mmea a [wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu] a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu nkyekyem abiɛsa mu biako kosi bɛboro fã na wɔka sɛ wɔn ahokafo boro wɔn.” Yiw, atirimɔdensɛm resɛe ade, titiriw wɔ afie mu.
Okununom ne ɔyerenom pii de atirimɔdensɛm na esiesie nsɛm a ɛsɔre wɔ wɔn ntɛm no. Wɔ aman bi so no, awofo ne akyerɛkyerɛfo de atirimɔdensɛm na ɛda wɔn abufuw adi wɔ mmofra so. Asisifo teetee wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na wɔyɛ wɔn atirimɔdenne de gyigye wɔn ani kɛkɛ. Dɛn nti na nnipa di atirimɔdensɛm saa?
Nea Nti a Nkurɔfo Bɛyɛ Atirimɔdenfo
Ebinom kyerɛ sɛ nnipa yɛ atirimɔdenfo fi awosu mu. Bere a amumɔyɛde dodow so atew wɔ United States no, anya nkɔanim wɔ mmerante ne mmabaa mu. Na atirimɔdensɛm ho anigye anya nkɔanim. Television so dwumadi atitiriw abiɛsa no yii nsɛmmɔnedi ho nsɛm mmɔho abien ne awudi ho nsɛm mmɔho abiɛsa kyerɛe. Yiw, nsɛmmɔnedi abɛyɛ biribi a wɔde pɛ sika! Adwenem ɔyaresafo Karl Menninger kae sɛ: “Ɛnyɛ nsɛmmɔnedi ho kwan nko na yɛma, na mmom yɛbɔ ho dawuru wɔ yɛn atesɛm nkrataa anim pɛɛ nso. Yeyi no wɔ yɛn television so dwumadi no mu nkyekyem abiɛsa mu biako anaa nkyekyem anan mu biako so de gyigye yɛn mmofra ani. Yɛpene so! Me nnamfo pa, yɛn ani gye ho nso.”
Nyansahu ho adesua a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no da no adi sɛ nea ɛkɔ so wɔ adwene no mu ne tebea a yɛwom no nyinaa ka ho bi paa na nnipa yɛ anuɔdensɛm. Ɔbenfo Markus J. Kruesi a ɔwɔ Illinois Sukuupɔn no Mmofra Nhwehwɛmu Suabea no ka sɛ: “Nea yɛn nyinaa afi ase rehu ne sɛ nneɛma bɔne a atwa yɛn ho ahyia a mmofra pii rehu no, ne nea ɛrema atirimɔdensɛm atrɛw. Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no de nsakrae titiriw ba amemene no mu ankasa ma nkurɔfo yɛ ade a wonnwen ho.” Inside the Brain nhoma no ka sɛ nneɛma bi te sɛ “abusua nhyehyɛe a agyigya, awofo a wonni ahokafo a wɔadɔɔso, ohia a wonnya ano aduru, ne nnubɔne a wɔde di dwuma ma ɛka wɔn hɔ no betumi aka adwene no ma nkurɔfo ayɛ wɔn ade abufuhyew so—ade a bere bi na wosusuw sɛ entumi nyɛ yiye.”
Wɔkyerɛ sɛ, nea ɛka nsakrae a ɛba amemene no mu ho ne serotonin, amemene mu nsu bi a wosusuw sɛ esiw anuɔdensɛm ano, a ɛso retew no. Nhwehwɛmu da no adi sɛ mmosa betumi ama serotonin a ɛwɔ amemene mu no so atew, na ɛma nea wonim fi bere tenten sɛ asabow de basabasayɛ ba no ne nyansahu hyia.
Biribi foforo nso ka ho bi na atirimɔdensɛm adɔɔso nnɛ. Nkɔmhyɛ nhoma a wotumi de ho to so, Bible no, bɔ kɔkɔ sɛ: “Kae sɛ mmere a emu yɛ den bɛba wɔ nna a edi akyiri no mu. Nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominyafo, adifudepɛfo, ahohoahoafo, ne wɔn a wɔhoman; . . . wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔn a wonni mmɔborɔhunu, ntwirifo, anuɔdenfo, ne wɔn a wɔyɛ keka; wɔbɛtan papa; wɔbɛyɛ nkontompofo, anibiannasofo, ne wɔn a ahantan ahyɛ wɔn ma . . . Saa nnipa yi twe wo ho fi wɔn ho.” (2 Timoteo 3:1-5, Today’s English Version) Yiw, atirimɔdensɛm a yehu no nnɛ no yɛ Bible nkɔmhyɛ bi a ɛfa “nna a edi akyiri” no mmamu ho.
Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma bere yi yɛ basabasayɛ bere titiriw. Bible no ka sɛ, “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Wɔatu Ɔbonsam ne n’adaemone dɔm no afi soro ma mprempren wɔde wɔn adwene asi ɔkwan a wɔbɛfa so ahaw adesamma so. Sɛ́ “wim tumi no panyin” no, Ɔbonsam bɔ mmɔden de “honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no” di dwuma ma anuɔdensɛm dɔɔso wɔ asase so.—Efesofo 2:2.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi agyina wiase anuɔden ‘tebea’ a edi awu no ano nnɛ? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi nsɛnnennen ho dwuma a basabasayɛ nnim?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]
Wɔyɛ mmofra a wɔn dodow nni ano ayayade, bɔ wɔn bɔtorɔ, anaa wokunkum wɔn wɔ mmeae a atirimɔdensɛm ahyɛ hɔ ma wɔ asase so paa no mu biako—ofie!