Wo Ne Wo Mma Nkenkan Ade
Sɛnea Brazilfo nsɛmma nhoma Veja bɔ amanneɛ no, ɛda adi sɛ awofo a wɔbɔ mmɔden wɔ akenkan ho mma ani betumi agye nhoma ho kɛse asen mmofra a wonnya akenkan ho nhwɛso a ɛte saa wɔ fie no. Mmofra nyin ho ɔbenfo, Martha Hoppe ka sɛ: “Sɛ awofo ne wɔn mma bom kenkan ade a, ɛma wɔn ntam abusuabɔ mu yɛ den, na ɛma abofra no te nhoma no mu nsɛm ase yiye.”
Sɛ wokenkan ade den kyerɛ wo mma a, ɛma wunya hokwan nso de bua nsɛmmisa ahorow. Wubetumi aka mfonini ahorow biara a ɛwɔ baabi a wokenkan no ho asɛm. Hoppe ka sɛ: “Dodow a abofra te nhoma ahorow mu nsɛm ase no, dodow no ara na ɛkanyan no ma ɔhwehwɛ akyi kwan bere a ɔkae mu asɛm bi no.”
Awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo pii ani gye ho sɛ wɔne wɔn mma bɛkenkan ade. Wotumi kenkan nhoma ahorow te sɛ Me nhoma a ɛka Bible mu Nsɛm, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No, ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Ɛnyɛ akenkanfo pa nkutoo na nhoma a ɛte sɛɛ ma mmofra no yɛ, na mmom ɛma wonya nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ wiase—Kyerɛw Kronkron Bible no ho anigye kɛse nso. Enti, sɛ woyɛ ɔwofo a, yɛ nhwɛso ma wo mma denam nsi a wode bɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa no so. (Yosua 1:7, 8) Na sɛnea ɛte biara no, gye bere ne wɔn nkenkan ade!
[Ase hɔ nsɛm]
Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.