Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/1 kr. 26-27
  • Vendafo Asase a Ɛsow Aba No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Vendafo Asase a Ɛsow Aba No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Kasa a Ne Sua Yɛ Den
  • Honhom Fam Aba
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/1 kr. 26-27

Vendafo Asase a Ɛsow Aba No

BƐBORO mfe du a atwam ni no, me ne me yere ayɛ adwuma sɛ bere nyinaa asɛmpakafo wɔ Vendafo mu. Vendafo te South Africa atifi fam wɔ Limpopo Asubɔnten no anafo, na wɔn man no mu mmusua ahorow tu kɔtraa Limpopo agya mfehaha a atwam no. Vendafo binom ka sɛ bɛboro mfirihyia 1,000 a atwam ni no, na wɔn nananom bɛtraa ha.

Nokwarem no, na saa beae yi yɛ Mapungubwe Ahemman dedaw no fã bi. Na ɛno ne South Africa kurow kɛse a edi kan a nnipa traa hɔ, na edii Limpopo Asubɔnten no bon kɛse a, efi Botswana apuei fam kosi Mozambique atɔe fam no so. Efi afe 900 Y.B. kosi afe 1100 Y.B. mu no, Mapungubwefo maa Arabfo aguadifo asonse, bɛnkoro abɛn, aboa nhoma, kɔbere, ne sika kɔkɔɔ mpo. Wɔatu nneɛma a wɔde sika adi ho adwinni a ɛyɛ fɛ wɔ bepɔw bi a wosie adehye wɔ so a wɔfrɛ no Mapungubwe no so. Nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi ka sɛ, eyinom ka “adanse a edi kan koraa a ɛkyerɛ sɛ na wotu sika kɔkɔɔ wɔ Afrika Anafo fam” no ho.

Wontu sika kɔkɔɔ wɔ ha bio. Ɛnnɛ, wonim Venda yiye sɛ ɛyɛ asase pa. Bon frɔmfrɔm bi da Soutpansberg Mmepɔw no anafo fam a, wɔde dua nnuaba te sɛ paya, kwadu, mango, ne oguaa pii. Wɔ nkate akyi no, atosode pii nso wɔ hɔ. Nea ɛka eyinom ho ne muroho a ne dɛ te sɛ nkontommire na nnipa a wɔtete hɔ no pɛ paa no.

Vendafo yɛ nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe ne ahɔhoyɛ. Ɛnyɛ den sɛ abusua ti no bɛka sɛ wonkum akokɔ mma ɔhɔho bi a wɔnhwɛ no kwan. Wɔde aburow aduan a wɔfrɛ no vhuswa, a ɛyɛ ɛhɔnom aduan titiriw, na ɛka eyi ho di. Wɔ nsrahwɛ no akyi no, abusua ti no gyaw ne hɔho no kwan kakra. Eyi ne ɔkwan foforo a ɛhɔfo fa so kyerɛ obu ma ahɔho. Wɔkyerɛkyerɛ mmofra sɛ wonkyia ahɔho nidi mu denam wɔn mu ase a wɔbɛbɔ de wɔn nsa ato wɔn nsayam so. Wɔ kratafa yi mu no wuhu Vendafo mmea abien bi a wɔrekyia wɔn ho wɔn ho wɔ amane kwan a ɛte saa so.

Kasa a Ne Sua Yɛ Den

Nnipa a wofi Europa no ntumi nsua Venda kasa no ntɛm so. Asɛnnennen biako ne sɛ, wɔde nkyerɛwde koro no ara na ɛkyerɛw nsɛmfua no mu pii nanso wɔbɔ din akwan soronko so. Da bi a na merema Bible mu kasa wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu wɔ Venda no, na merebɔ mmɔden ahyɛ atiefo no nkuran ma wɔakasa akyerɛ onipa biara. Obi a ɔwɔ atiefo no mu antumi anhyɛ ne ho so ma ɔserewee, efisɛ sɛ́ anka mɛka sɛ “onipa ne onipa” no, mekae sɛ “nsateaa ne nsateaa.”

Bere a midii kan bɔɔ mmɔden sɛ mɛka Venda kasa wɔ asɛnka mu no, Vendani bea bi kae sɛ: “Mente Borɔfo.” Na misusuw sɛ maka Venda kasa paa nanso na ɔno susuw sɛ ɛyɛ Borɔfo! Bere a miduu ofie bi mu wɔ bere foforo no, meka kyerɛɛ aberantewaa bi sɛ ɔmfrɛ abusua ti no mmra. Venda asɛmfua a wobɔ din abusua ti ne thoʹho. Midii mfomso kae sɛ thohoʹ, kyerɛ sɛ mepɛ sɛ me ne asoroboa a ɔwɔ fie hɔ kasa! Mfomso ahorow a ɛtete saa no buu m’abam, nanso me ne me yere baanu nyinaa miaa yɛn ani na mprempren yetumi de Venda kasa di nkɔmmɔ yiye.

Honhom Fam Aba

Venda asase no resow aba wɔ honhom fam. Wɔ 1950 mfe no mu no, wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo bi maa ahɔho a wofi aman a ɛbemmɛn hɔ a wɔaba rebɛyɛ adwuma wɔ Messina kurow a wotu kɔbere wom no. Nsi a wɔde yɛɛ adwuma no maa Vendafo pii huu Bible mu nokware no. Mfe du bi akyi no, na Adansefo kuw bi a wofi Venda yɛ nhyiam ahorow wɔ obi fie wɔ Sibasa kurow no mu.

Nea ɛbɛyɛ na nkɔso aba ntɛmntɛm no, Ɔwɛn-Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ South Africa no de bere nyinaa asɛmpakafo kɔɔ asase a ɛsow aba yi so. Ankyɛ Sibasa kuw no bɛyɛɛ asafo kɛse. Saa bere no na wɔyɛ Kristofo nhyiam ahorow no wɔ sukuu dan bi mu. Nanso, ɛdenam Yehowa Adansefo a wɔwɔ Pietersburg mpɔtam a ɛbɛyɛ kilomita 160 wɔ anafo fam no mmoa so no, yesii Ahenni Asa wɔ Thohoyandou, kurow bi a ɛbɛn hɔ no mu.

Nnipa a wɔka Venda kasa a wɔwɔ South Africa atifi fam no dodow bɛboro 500,000. Ná Vendani biara nyɛ Ɔdansefo bere a Ahenni asɛnka adwuma no fii ase wɔ 1950 mu wɔ ha no. Seesei wɔn dodow boro 150. Nanso mmeae pii da so ara wɔ hɔ a wɔnyɛɛ hɔ adwuma na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔ 1989 mu no, yefii ase sraa Venda akuraa bi a wɔfrɛ no Hamutsha. Na Ɔdansefo biako pɛ na ɔwɔ hɔ saa bere no. Seesei Ahenni adawurubɔfo bɛboro 40 na wɔte saa akuraa no ase. Ɛdenam Adansefo a wofi Pietersburg asafo no mu mmoa ne ntoboa a anuanom a wɔwɔ nsase a edi yiye so de bɛboaa yɛn so no, yɛn ani abere rewie yɛn Ahenni Asa.

Yɛte kar a wɔakuru so mu (kar ketewa bi a wɔde fa nneɛma) wɔ afuw mu. Esiane sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ nti, yenya bere pii de asɛmpa no kɔ ɛhɔfo no nkyɛn. (Marko 13:10) Ne saa nti, yɛanya nhyira pii wɔ hokwan a yɛde boa nnipa pii ma wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa Nyankopɔn no so. Emu biako ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Michael, a ohuu Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no wɔ n’adamfo bi fie no.a Ofii ase kenkanee na ohuu nokware no ntɛm ara. Enti ɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no hwehwɛɛ Bible ho nhoma ahorow pii. Michael kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa no mu sɛ nnansa yi ara na wɔbɔɔ no asu wɔ ɛhɔnom Apostolik asɔre mu. Ɔtoaa so sɛ: “Mahu sɛ menam ɔkwan a enye so rekɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. Masi gyinae sɛ mepɛ sɛ mebɛyɛ mo nkurɔfo no mu biako, nanso minhu ɔkwan a mɛfa so.” Afei ɔde ne din ne n’address mae sɛ wɔmma Yehowa Ɔdansefo bi mmɛboa no. Mebɔɔ mmɔden kɔhwehwɛɛ Michael na me ne no fii Bible adesua ase. Ɛnnɛ, ɔyɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu na ɔresom Yehowa nokware mu.

Wɔ December 1997 mu no, yɛkɔɔ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ Thohoyandou agumadibea no ase. Nnipa 634 na wɔbae, na wɔbɔɔ nnipa 12 foforo asu. Minyaa hokwan maa kasa abien wɔ Venda kasa mu. Ɛno yɛ bere titiriw ankasa wɔ mfe dudu a anigye wom a yɛde atra asase a ɛsow aba yi so mu!—Obi na ɔkyerɛw mae.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena