Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 5/15 kr. 7-9
  • Supɔw Bi Ani Gye Ɔsom Mu Ahofadi Kɛse Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Supɔw Bi Ani Gye Ɔsom Mu Ahofadi Kɛse Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nhyiam a Ɛyɛ Anigye
  • Ɔmantam Nhyiam no Ho Nsɛntitiriw
  • “Nneɛma a Yɛn Werɛ Remfi Da”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 5/15 kr. 7-9

Supɔw Bi Ani Gye Ɔsom Mu Ahofadi Kɛse Ho

Cuba, supɔw fɛfɛ bi a ɛwɔ Caribbean no, nyaa honhom fam ahotɔ bere bi a ɛso bi mmae da nnansa yi. Yehowa Adansefo a wɔte India Atɔe fam man no mu nsa kaa nhyira a na wɔahwɛ kwan bere tenten wɔ 1998 afe no awiei. Bɛboro mfe 30 ni no, eyi ne bere a edi kan a Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo kɔɔ hɔ, na na nhyiamfo 15 foforo ka wɔn ho. Na ahɔho no fi Australia, Austria, Belgium, Great Britain, Italy, New Zealand, ne Puerto Rico.

NA EYI yɛ ade titiriw wɔ Ahenni adawurubɔfo 82,258 a wɔwɔ hɔ no, ne nnipa 87,890 a wɔbɛkaa wɔn ho ne wɔn hyɛɛ Awurade Anwummeduan no ho fã wɔ 1998 fɛfɛw bere mu no asetra mu.

Efi December 1 kosi 7, 1998 no, Lloyd Barry, John Barr, ne Gerrit Lösch kɔsraa Betel Fie a ɛwɔ Havana no, na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam ahorow a wɔyɛe wɔ Cuba no bi. Wɔn ani gyei sɛ wonyaa hokwan ne ahwɛfo akwantufo hyiae, na wɔkohuu Cuba ɔman mpanyimfo no yiye.

John Barr kae sɛ: “Na eyi yɛ me ne me yere asetra mu teokrase dwumadi titiriw. Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ Cuba no wɔ nokware no ho nnamyɛ soronko ankasa! Mifii hɔ beduu fie a na mete nka sɛ yɛn wiase nyinaa nuayɛ kuw no som bo ankasa!” Lloyd Barry de kaa ho sɛ: “Saa dapɛn titiriw yi boaa me maa metee tebea a na yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no wom no ase yiye.”

Wɔ mfe anum a atwam no, Yehowa Adansefo anya ɔsom mu ahofadi kɛse wɔ Cuba, na nsɛm a Cuba ɔman atumfoɔ no kae no kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ nsakrae yi kɔ so.

Wɔ September 1994 mu no, wɔyɛɛ nhoma tintim ho nhyehyɛe wɔ Betel a ɛwɔ Havana no. Ebio, na Yehowa Adansefo tumi hyiam wɔ baguam na wodi adanse wɔ afie afie. Akyiri yi, wɔ 1998 mu no, atumfoɔ no maa Yehowa Adansefo amanaman ntam ananmusifo 18 a Sodikuw no mufo baasa ka ho no kwan ma wɔbaa saa nsrahwɛ no.

Nhyiam a Ɛyɛ Anigye

Bere a ananmusifo no duu José Martí wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ Havana no, ɔman no mu mpanyimfo ne nnipa kuw bi a wofi Betel de santen behyiaa wɔn fɛw so, a na onua bi a ɔkae bere a etwa to a Sodikuw no muni—Milton Henschel—bɛsraa Cuba wɔ 1961 mu no ka wɔn ho. Saa bere no na onua no adi mfe 12; na mprempren ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo.

Bere a ananmusifo no duu Betel Fie hɔ no, wɔde nhwiren ahorow a ɛyɛ fɛ a wɔakyekyere, a ebi yɛ akokɔsrade ne kɔkɔɔ, a onua bi hyɛɛ da dua maa saa bere yi no behyiaa wɔn. Bere a Betel abusua no mufo ma ananmusifo no akwaaba no, wosui. Akyiri yi, wɔn nyinaa dii Cubafo prakonam a wɔakyew, ɛmo ne adua, salad, yucca ne mojo (abom a wɔde aanwo ne ngo ayɛ), ne nnuaba. Adidi no akyi no Sodikuw no muni biara maa ɔkasa a ɛma denhyɛ faa Betel som ho anisɔ ho. Na Onua Lösch nsɛm no ka koma ankasa efisɛ ɔkasa kyerɛɛ anuanom no wɔ Spania kasa mu. Adwumayɛfo 48 a wɔatu wɔn ho ama daa, ne bere tiaa mu aboafo 18 na wɔbom yɛ Betel abusua no.

Ɛwom sɛ wotintim nhoma ne Bible a wɔde kɔma anuanom a wɔwɔ Cuba no nyinaa wɔ Italy de, nanso wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a ne kɔla yɛ tuntum ne fitaa no wɔ ɔman no ara mu wɔ nhoma tintim afiri abien so. Adwuma a wɔde nsa yɛ bere tenten, na wɔtaa yɛ wɔ asram abiɛsa ntam no hwehwɛ sɛ wɔyɛ nsɛmma nhoma a ɛho hia no nyinaa. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama no bu anisɔ mu a wofi som Yehowa no sɛ ɛsom bo wɔ ɔkwan soronko so.—2 Korintofo 4:7.

Ɔmantam Nhyiam no Ho Nsɛntitiriw

Ananmusifo 18 no kyekyɛɛ wɔn mu akuw abiɛsa sɛnea ɛbɛma wɔatumi akɔ ɔmantam nhyiam a na wɔreyɛ wɔ mmeae abiɛsa no—Havana, Camagüey, ne Holguín. Wɔ nnansa no mu biara mu no, wɔtoo nsa frɛɛ anuanom kuw kɛse bi, a asafo mu mpanyimfo ne akwampaefo pii ka ho, ma wɔkɔɔ nhyiam no wɔ beae yi mu biara ase. Na wɔaka akyerɛ Adansefo a wɔwɔ hɔ no sɛ ɛbɛyɛ bere titiriw, nanso na wonnim sɛ Sodikuw no mufo bɛba nhyiam no. Hwɛ sɛnea wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wohuu anuanom adɔfo yi ne wɔn yerenom sɛ wɔasisi afi bɔs ahorow a wɔfa tuaa ho ka mu wɔ Fida no anɔpa no!

Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ apata ahorow a atumfo no maa anuanom kwan maa wɔbɔe no ase. Wɔ Havana nhyiambea no, na wɔakurukyerɛw “Dwom 133:1” agu abo a ɛwɔ kwan no mu biako so. Eyi maa anuanom no kaee saa kyerɛwsɛm no mu nsɛm: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako!” Nokwarem no, bere a nhyiam no rekɔ so no, na wohu Kristofo fekubɔ a eye na ɛyɛ fɛ wɔ saa beae hɔ.

Nsrahwɛfo no kamfoo ɔkasa a etu mpɔn a wɔmae ne osuahu ahorow no, na drama a na egyina Bible mu asɛm a ɛwɔ Daniel ti 3 so a wɔhyehyɛɛ tete Babilon ntade wom no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Onuawa bi kae sɛ: “Wɔn a wodii dwuma no nyinaa bɔɔ mmɔden yiye, na na ɛnne a ɛtoatoam no yɛ kama araa ma na wunhu mpo sɛ wɔakyere kasa no agu ahama so. . . . na Babilonni otirimɔdenfo no yɛ n’ade sɛ otirimɔdenfo ankasa, na Hebrifo baasa no gyinaa pintinn a na wɔasi wɔn bo.”

Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Nyamesom Nsɛm So ananmusifo ne nsrahwɛfo ne aban mpanyimfo a wɔkɔɔ nhyiam no ase no kamfoo anuanom wɔ wɔn nhyehyɛe pa ne wɔn suban pa ho. Onua Barry daa anisɔ kɛse adi wɔ ɔkwan pa a Cuba atumfoɔ no faa so ne ananmusifo a wɔkɔsraa hɔ no dii no ho. Anuanom nam wɔn nsam a wɔbɔe denneennen, na mpɛn pii no wɔyɛɛ saa simma pii no so kyerɛɛ ɔkasa ahorow ne afei atumfoɔ a wɔmaa kwan maa wɔyɛɛ nhyiam no ho anisɔ. Kristofo abusua bi kae sɛ: “Na yɛnhwɛ kwan—amanaman ntam nhyiam ketewa! Na ɛyɛ anigye, efisɛ ama yɛanya tumi kɛse a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ ahorow abam no ho adanse.”

Nhyiam ahorow no san maa yenyaa hokwan de maa afoforo huu Adansefo no yiye. Bɔs ahyɛnkafo no mu biako baa nhyiam no Memeneda ne afei Kwasida. Ɔkae sɛ, na wate Yehowa Adansefo ho nsɛm pii, nanso afei de wahu sɛ wɔyɛ nnipa pa, nnipa a wɔpɛ asomdwoe.

“Nneɛma a Yɛn Werɛ Remfi Da”

Nnipa a wɔwɔ Cuba no nam ɔdɔ ne adamfofa su a wɔwɔ so maa ananmusifo no ho dwiriw wɔn. Nnipa a wɔwɔ Cuba no yɛ adwumaden, wɔnyɛ basabasa, na wɔn yam ye. Ananmusifo no mu biako kae sɛ: “Bɛboro pɛnkoro, na nnipa a yennim wɔn koraa fi wɔn pɛ mu pɛe sɛ wɔboa yɛn.”

Gyidi, anigye, ne ɔdɔ a wɔn mfɛfo Adansefo a wɔwɔ Cuba daa no adi no maa ananmusifo no ho dwiriw wɔn. Ɛmfa ho akwanside ahorow a ɛyɛ hu no, wɔde Yehowa ayɛ wɔn abankɛse. (Dwom 91:2) John Barr kae sɛ: “Nneɛma pii na ɛyɛ me nwonwa wɔ bere a edi kan a mabɛsra Cuba yi mu—ɔman no fɛ, nnipa a mihyiaa wɔn no su, ne nea ɛsen ne nyinaa no, anigye nwonwaso ne honhom mu ahoɔden a Cuba Adansefo wɔ no. Wɔ m’asetra mu nyinaa no mentee komam a wofi to yɛn Ahenni nnwom no wɔ ɔkwan a ɛte saa ne sɛnea honhom mu nsɛm ka obi koma ma ɔbɔ ne nsam bere tenten saa pɛn! Eyinom yɛ nneɛma a yɛn werɛ remfi da. Yɛbɛkɔ so akae bere nyinaa.”

Dwom 97:1 ka sɛ: “Supɔw bebree no ani gye.” Ampa, Yehowa Adansefo a wɔte Cuba supɔw so no ani gye wɔ Nyankopɔn som mu ahofadi kɛse a wɔanya, ne saa amanaman ntam ananmusifo nsrahwɛ a ɛyɛ wɔn asetra mu ade titiriw no ho.

[Kratafa 8 mfonini ahorow]

Mmusua pii baa “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam titiriw a wɔyɛe wɔ Cuba no ase

[Kratafa 8 mfonini]

Wɔsan buee Betel Fie a ɛwɔ Havana no ano wɔ 1994 mu

[Kratafa 8 mfonini]

Sodikuw no mufo de wɔn nsa hyɛ Bible a wɔde kyɛ ɔman mpanyimfo no ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena