Wɔabɔ Onyankopɔn Din Wɔ Israel
MFEHAHA pii na tete Yudasom abara asɔremma no denneennen sɛ wɔmmmɔ Onyankopɔn din, Yehowa, no. Sɛnea Mishnah no kyerɛ no, obiara a ɔbɔ Onyankopɔn din no rennya “kyɛfa biara wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Sanhedrin 10:1.a
Wɔ January 30, 1995 no, kan Yudafo rabi panyin a na ɔwɔ Israel no boapa bɔɔ Onyankopɔn din no. Ɔyɛɛ eyi bere a na ɔretĩ tikkun, Cabalfo mpae a wɔbɔ de siesie nneɛma mu no. Wɔbɔ saa mpae yi sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛma biakoyɛ bi aba amansan a sɛnea asomfo no kyerɛ no, ahonhommɔne asɛe no no mu. Yedioth Aharonoth atesɛm krataa a ɛbaa February 6, 1995, no kae sɛ: “Eyi yɛ amanne a tumi a ɛboro so wom araa ma nhomawa titiriw bi a wɔntɔn mma ɔmamfo no nkutoo mu na emu nsɛm pue.” Wosusuw sɛ Onyankopɔn din a wɔbɛbɔ wɔ saa kwan yi so no ma wɔn adesrɛ yɛ nea tumi titiriw bi wom.
Ɛfata sɛ Bible hyɛ Onyankopɔn asomfo sɛ wɔmfa Onyankopɔn din, Yehowa, nni dwuma no. (Exodus 3:15; Mmebusɛm 18:10; Yesaia 12:4; Sefania 3:9) Wɔ mfitiase Hebri Bible nkyerɛwee no mu no, saa din no pue bɛyɛ mpɛn 7,000. Nanso, Bible no de kɔkɔbɔ ma wɔ Onyankopɔn din no a wɔde bedi dwuma ɔkwan a ɛmfata so no ho. Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so abiɛsa no ka sɛ: “Mmɔ Yehowa wo Nyankopɔn din ɔkwan a ɛmfata so, na Yehowa remma nea ɔbɔ ne din ɔkwan a ɛmfata so no ho nyɛ no tɔtorɔtɔɔ.” (Exodus 20:7, NW) Ɔkwan bɛn so na wobetumi abɔ Onyankopɔn din wɔ ɔkwan a ɛmfata so? Nkyerɛkyerɛmu bi a Yudafo Nhoma Tintim Kuw de bae no kyerɛ sɛ Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase “ɔkwan a ɛmfata so” no nkyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn din no “bedi dwuma sɛ ade hunu” bi nko, na mmom “sɛ́ wɔbɛbɔ de ahwehwɛ nhyira bi a ɛho nhia” nso.
Ɛnde, ɛsɛ sɛ yebu Cabalfo tikkun mpae a wɔbɔ de siesie nneɛma no dɛn? Efi he? Wɔ afeha a ɛto so 12 ne 13 Y.B. mu no, nnipa pii fii ase kyerɛɛ Yudasom nwonwaso bi, a wɔfrɛ no Cabala no, ho anigye. Wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, Isaac Luria, a na ɔyɛ rabi no, de “tikkun ahorow” bɛkaa Cabalfo amanne ho. Wɔde Onyankopɔn din dii dwuma sɛ anwonwade a ɛwɔ tumi soronko, na ɛbɛyɛɛ Cabalfo amanne fã. So wususuw sɛ eyi yɛ ɔkwampa a wɔfa so de Onyankopɔn din no di dwuma?—Deuteronomium 18:10-12.
Nanso sɛ wubua saa asɛm no a, wubegye atom sɛ ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ Onyankopɔn din wɔ baguam wɔ nnɛyi Israel no nyɛ adeyɛ a ɛho hia ahe biara. Nanso, Onyankopɔn ankasa ka siei sɛ: “Da no mobɛka sɛ: Monkamfo [Yehowa, NW], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto dwom mma [Yehowa, NW], na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so.”—Yesaia 12:4, 5.
Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Israel, te sɛ nea ɛte wɔ nsase bɛboro 230 so wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboa wɔn afipamfo ma wɔanya Yehowa ho nokware nimdeɛ. Wɔn anidaso ne sɛ nnipa pii bɛba abegye kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 91:14 no atom sɛ: “Na sɛ ɔfam me [Yehowa] ho yi, megye no, mɛma no so, na onim me din.”
[Ase hɔ asɛm]
a Mishnah no yɛ mmara a egyina Kyerɛwnsɛm so no ho nkyerɛkyerɛmu a wɔaboaboa ano, a egyina rabifo nkyerɛkyerɛmu a wɔfrɛ no Tannaim (akyerɛkyerɛfo) no so. Wɔyɛɛ no nhoma wɔ afeha a ɛto so abien no mfe a etwa to ne afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu no mfiase.
[Kratafa 28 mfonini]
Ɛha yi, wɔ Negeb no, Yehowa nkurɔfo da ne din ne N’asɛm adi
[Kratafa 29 mfonini]
Mfonini a Onyankopɔn din wɔ so