Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 7/15 kr. 29-31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nhyira Ne Wɔn A Onyankopɔn Teɛ Wɔn So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • “Mommmrɛ Papayɛ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Sɛnea Yɛbɛma Asomdwoe Atena Asafo No Mu Na Ɛho Atew
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 7/15 kr. 29-31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So ‘ahyɛnsow’ a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Tesalonikafo 3:14 no yɛ asafo no mu adeyɛ, anaa biribi a Kristofo ankorankoro yɛ de twe wɔn ho fi wɔn a wɔnam basabasa no ho?

Nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no kyerɛ sɛ asafo mu mpanyimfo wɔ asɛyɛde pɔtee bi wɔ saa ‘ahyɛnsow’ no mu. Nanso, Kristofo ankorankoro di nhwɛso a ɛte saa no akyi, bere a wɔma honhom mu botae ahorow tra wɔn adwene mu no. Sɛ yesusuw sɛnea Paulo de afotu no mae ankasa ho a, yebetumi akyerɛ ɛho anisɔ ma afata.

Paulo ka ho na wɔhyehyɛɛ Tesalonika asafo no, na ɔboaa mmarima ne mmea ma wɔbɛyɛɛ agyidifo. (Asomafo no Nnwuma 17:1-4) Akyiri yi, ɔkyerɛw krataa fi Korinto de kamfoo wɔn hyɛɛ wɔn nkuran. Paulo de afotu a ɛho hia nso mae. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔnyɛ komm, nyɛ wɔn ankasa ade, na wɔmfa wɔn ankasa nsa nyɛ adwuma.’ Ná ebinom nyɛ saa, enti Paulo de kaa ho sɛ: “Yetu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu.” Nokwarem no, na ebinom nam “basabasa”a a na ehia sɛ wotu wɔn fo.—1 Tesalonikafo 1:2-10; 4:11; 5:14.

Asram bi akyi no, Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Tesalonikafo no, a nsɛm afoforo a ɛfa Yesu ba a na ɔbɛba daakye ho no ka ho. Paulo san de sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne wɔn a na wɔnenam basabasa a ‘wɔnyɛ adwuma na mmom wɔyɛ tɛretɛre’ no di ho akwankyerɛ afoforo mae. Na wɔn nneyɛe no ne sɛnea Paulo yɛɛ adwumaden ne akwankyerɛ a emu da hɔ a ɔde mae sɛ wɔnyɛ adwuma mfa nhwɛ wɔn ho no bɔ abira. (2 Tesalonikafo 3:7-12) Paulo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi. Na nea wɔbɛyɛ no bɛba bere a mpanyimfo no atu nea ɔnam basabasa no fo awie no akyi. Paulo kyerɛwee sɛ:

“Na anuanom, yɛhyɛ mo, . . . sɛ montwe mo ho mfi onua biara a ɔnam basabasa na onni atetesɛm a onyae yɛn nkyɛn no so no ho. Na mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu. Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nhoma yi mu a, monhyɛ no nsow, mo ne no mmmɔ fekuw, na n’ani nwu; nanso mummmu no sɛ ɔtamfo, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.”—2 Tesalonikafo 3:6, 13-15.

Enti nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn a wɔnenam basabasa no ho, ahyɛ wɔn nsow, ne wɔn agyae fekubɔ, na afei yɛakasa akyerɛ wɔn sɛ anuanom. Tebea bɛn na na ɛbɛma asafo no mufo de nyansahyɛ yi adi dwuma? Nea ɛbɛma eyi mu ada hɔ no, momma yɛnhyɛ tebea ahorow abiɛsa a ɛnyɛ ɛso na Paulo de n’asɛm no gyinae no nsow wɔ ha.

1. Yenim sɛ Kristofo nyɛ pɛ na wɔwɔ sintɔ ahorow. Nanso, ɔdɔ da so ara yɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde, na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnte afoforo ase na yɛmfa wɔn mfomso mfiri wɔn. Sɛ nhwɛso no, Kristoni bi bo befuw yiye bere bi, sɛnea ɛbae wɔ Barnaba ne Paulo ntam no. (Asomafo no Nnwuma 15:36-40) Anaasɛ esiane ɔbrɛ nti, ebia obi bɛka nsɛm bi a ano yɛ den na epira. Wɔ tebea ahorow a ɛtete saa mu no, sɛ yɛda ɔdɔ adi na yɛde Bible afotu di dwuma a, yebetumi akata mfomso no so, na yɛakɔ so ne yɛn mfɛfo Kristofo atra, abɔ fekuw, na yɛabom ayɛ adwuma. (Mateo 5:23-25; 6:14; 7:1-5; 1 Petro 4:8) Nokwarem no, ɛnyɛ mfomso a ɛte sɛɛ na na Paulo reka ho asɛm wɔ 2 Tesalonikafo no.

2. Nea na Paulo reka ho asɛm no nyɛ tebea bi a ɛbɛma Kristoni bi atew sɛnea ɔne wɔn a wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe nye bɛbɔ so—te sɛ, obi a ɔde n’adwene si anigyede anaa honam fam nneɛma so dodow no. Anaasɛ ebia ɔwofo bi bɛma ne ba ne mmofra foforo a wommu wɔn awofo, na wodi apiripiragorɔ, anaa wɔmfa Kristosom aniberesɛm agyae agodie. Eyinom yɛ ankorankoro gyinaesi a egyina nea yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 13:20 no so: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Fa toto 1 Korintofo 15:33 ho.

3. Wɔ ɔkwan a emu dɔ so no, Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no wɔ obi a na ɔyɛ bɔne a anibere wom, na onnu ne ho ho. Abɔnefo a wɔte saa a wonnu wɔn ho no na ɛsɛ sɛ wotu wɔn fi asafo no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde “ɔbɔnefo” no hyɛ Satan nsa, sɛnea yɛbɛka no no. Ɛno akyi no, na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo ne abɔnefo a wɔte saa no bɔ; ɔsomafo Yohane hyɛɛ Kristofo sɛ wonnkyia wɔn. (1 Korintofo 5:1-13; 2 Yohane 9-11) Nanso eyi ne afotu a ɛwɔ 2 Tesalonikafo 3:14 no nhyia wɔ ɔkwan biara so.

Nea ɛyɛ soronko wɔ tebea ahorow abiɛsa a ɛwɔ atifi hɔ no ho ne asɛm a ɛfa wɔn a wɔnam “basabasa” no ho a yɛasusuw ho wɔ 2 Tesalonikafo no. Paulo kyerɛwee sɛ na eyinom da so ara yɛ ‘anuanom’ a ɛsɛ sɛ wotu wɔn fo na wɔne wɔn di sɛ anuanom. Enti, anuanom a wɔnam “basabasa” ho asɛm no nyɛ Kristofo ankorankoro ntam asɛm, anaasɛ asɛm a anibere wom a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ba mu na wotu wɔn, sɛnea Paulo yɛe wɔ ɔbrasɛe a na ɛwɔ Korinto ho no. Na wɔn a wɔnam “basabasa” no nyɛɛ bɔne a anibere wom te sɛ ɔbarima a wotuu no wɔ Korinto no.

Na wɔn a wɔnam “basabasa” wɔ Tesalonika no abu wɔn ani agu Kristosom mu nneɛma titiriw so. Na wɔnyɛ adwuma, ebia esiane sɛ wosusuwii sɛ Kristo mmae no abɛn anaasɛ wɔyɛ akwadwofo nti. Bio nso, na wɔhaw adwene ankasa na na ‘wɔyɛ tɛretɛre.’ Na asafo mu mpanyimfo no atu wɔn fo mpɛn pii sɛnea Paulo krataa a edi kan no mu afotu ne ɔsoro afotu foforo kyerɛ no. (Mmebusɛm 6:6-11; 10:4, 5; 12:11, 24; 24:30-34) Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma a enye wɔ asafo no mu a na ebetumi anya Kristofo afoforo so nkɛntɛnso. Enti Paulo a ɔyɛ Kristofo asafo no mu ɔpanyin no, twee adwene sii wɔn basabasayɛ, ne ɔkwammɔne a wɔnam so no so a wammobɔ wɔn din.

Ɔmaa asafo no mufo nso hui sɛ ɛfata sɛ Kristoni biara hyɛ nea ɔnam basabasa no ‘nsow.’ Na eyi hwehwɛ sɛ ankorankoro biara hu wɔn a wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea wɔde ho kɔkɔbɔ ama asafo no. Paulo tuu wɔn fo sɛ “wɔntwe wɔn ho mfi onua biara a ɔnam basabasa no ho.” Ɛno nkyerɛ ankasa sɛ na ɛsɛ sɛ wɔpo onii no koraa, efisɛ “ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kasa kyerɛ no sɛ onua.” Wobetumi ne no abɔ sɛ Kristoni wɔ asafo nhyiam ase ne ebia ɔsom adwuma no mu. Wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔn nua no betie wɔn afotu no na wagyaw n’akwammɔne no.

Ɔkwan bɛn so na wobetumi “atwe wɔn ho” afi ne ho? Ɛda adi sɛ, na eyi fa honam fam fekubɔ ho. (Fa toto Galatifo 2:12 ho.) Sɛ wɔkwati sɛ wɔne no benya honam fam fekubɔ ne ahomegye a, ɛbɛma wahu sɛ nnipa a wɔde nnyinasosɛm di dwuma no ani nnye ne nneyɛe no ho. Sɛ wamfɛre na wansakra mpo a, ɛremma afoforo nsuasua n’akwan no ɔkwan biara so. Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ Kristofo ankorankoro de wɔn adwene si nneɛma a ɛho hia so. Paulo tuu wɔn fo sɛ: “Mo de, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.”—2 Tesalonikafo 3:13.

Ɛda adi sɛ, asomafo no afotu yi nyɛ nea ɛsɛ sɛ yegyina so bu yɛn nuanom a wɔyɛ mfomso nketenkete no animtiaa anaa atɛn. Mmom no, adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ ɛbɛboa nea ɔreyɛ nneɛma a ɛnteɛ a ɛne Kristosom nhyia koraa no.

Paulo anhyɛ mmara pɔtee bi te sɛ nea ebia ɔde akwankyerɛ a emu yɛ den bi rema. Mmom no emu da hɔ fann sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo di kan tu nea ɔnam basabasa no fo na wɔbɔ mmɔden boa no. Sɛ ɛno anyɛ yiye, na onii no kɔ so yɛ nneɛma a ɛmfata a ebetumi aka afoforo a, ɛnde wobetumi ama asafo no ahwɛ wɔn ho yiye wɔ ne ho. Wobetumi ama ɔkasa de akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkwati basabasayɛ a ɛte saa no mu. Wɔmmobɔ din, mmom wɔn kɔkɔbɔ no bɛbɔ asafo no ho ban efisɛ wɔn a wɔn ani da hɔ no bɛhwɛ yiye sɛ wɔbɛtew sɛnea wɔne nnipa a wɔnam basabasa no bɛbɔ no so.

Yɛwɔ anidaso sɛ, bere rekɔ so no nea ɔnam basabasa no ani bewu wɔ n’akwan ho na ama wayɛ nsakrae. Bere a mpanyimfo no ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu no hu nsakrae no, wobetumi ayi anohyeto no afi ne so na wɔne no abɔ.

Enti, sɛ yɛbɛbɔ no mua a: Asafo no mu mpanyimfo di kan de mmoa ne afotu ma bere a obi nenam basabasa no. Sɛ wanhu ne mfomso na ɔkɔ so ma nneyɛe a ɛmfata no nya nkɛntɛnso a enye a, mpanyimfo no betumi abɔ asafo no kɔkɔ denam ɔkasa a ɛda adwene a Bible no kura adi pefee so—sɛ ɔne obi a onnye nni de wɔn ho ahyɛ nantew a edi aware anim mu, anaa nneyɛe biara a ɛnteɛ mu no. (1 Korintofo 7:39; 2 Korintofo 6:14) Enti, Kristofo a wɔwɔ asafo no mu a wɔatwe wɔn adwene asi so no betumi asi gyinae sɛ wɔbɛtew wɔne wɔn a wɔda so yɛ anuanom a wɔnam basabasa no nantew so.

[Ase hɔ asɛm]

a Na wɔde Hela asɛmfua no ka asraafo a wɔnyɛ wɔn ade wɔano wɔano, anaasɛ wɔmfa akwankyerɛ nni dwuma no, ne afei sukuufo akobɔfo a wɔtoto sukuu mu no ho asɛm.

[Kratafa 31 mfonini ahorow]

Kristofo mpanyimfo de afotu ma wɔn a wɔnam basabasa no na wobu wɔn sɛ yɔnko gyidifo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena