Akwankyerɛ a Wode Bɛpaw W’ayɔnkofo
SƐNEA Reader’s Digest mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, mmofra tie wɔn atipɛnfo akwankyerɛ wɔ wɔn ntade ne nnwom a wɔpaw ho mmom sen wɔn awofo. Enti ɛho hia sɛ awofo hu nipa ko ne faako a wɔn mma paw wɔn nnamfo.
Esmé van Rensburg, South Afrika sukuupɔn no fã a ɛhwɛ adwene ne nneyɛe so no kyerɛkyerɛfo panyin no ka sɛ: “Ɛyɛ mo asɛyɛde sɛ mohwehwɛ mu.” Ɔde ka ho sɛ: “Ebetumi aba sɛ mo mma no bo befuw mo, nanso wɔn bo bedwo.” Afei ɔde nyansahyɛ ahorow yi ma awofo. Ɛsɛ sɛ momma mo mmara ahorow yɛ nea ntease wom na ɛyɛ nea nnyinasosɛm ahorow pɔtee bi wom; tie wo ba no; mpere wo ho, na mmom yɛ komm, na hu nea wopɛ sɛ woka. Sɛ wo ba no de ne ho ahyɛ fekubɔ bi a ɛmfata mu dedaw a, ma w’ani nku nneyɛe a ɛnteɛ a wanya afi saa fekubɔ no mu ho sen sɛ wobɛbara no sɛ ɔmfa adamfo koraa bio.
Onyankopɔn Asɛm, Bible de afotu a emu da hɔ ama awofo bere tenteenten. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ: ‘Monyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na monyɛ nyaa mfa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Kyerɛwnsɛm no nso de nnamfo a yɛbɛpaw ho afotu pa yi ma sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Saa nhwɛso ahorow yi kyerɛkyerɛ nyansa a wɔn a wɔde anisɔ kenkan Bible, na wɔde nea ɛka no di dwuma wɔ wɔn da biara da asetra mu no benya no mu.