Nnipa Mu Nyiyim Ne Nyamesom
MARK Mathabane, nhomakyerɛwfo bi a wɔwoo no South Africa no, kae wɔ nsɛm bi a Time nsɛmma nhoma bisabisaa no mu sɛ: “Bere a mebaa U.S. wɔ 1978 mu no, na migye di sɛ Amerika adi nnipa mu nyiyim ho haw ho dwuma bere tenten, ma enti abibifo ne aborɔfo nyinaa yɛ pɛ. Akwan pii so na mihui sɛ ɛno yɛ nokware. Ná ɛte sɛ nea U.S. di South Africa anim mfe ɔha. Nanso nea ɛyɛ ahodwiriw no, mihui sɛ na nkurɔfo koma nsakrae ahe biara.” Dɛn na ɛmaa ohuu saa ahodwiriwde no?
Mathabane kae sɛ: “Nnɔnhwerew a yehu mpaapaemu kɛse wɔ Amerika no biako ne Kwasida anɔpa 11.” Ɔkae sɛ wɔ asɔre mu mpo no, nkurɔfo nnya ɔpɛ sɛ wɔne abusua foforo mufo bɛbom asom. Obisae sɛ: “Ɛnde wɔbɛte nka dɛn wɔ dapɛn no mu nna foforo mu?” Bere a Mathabane retwe adwene asi nhomasua so sɛ ade titiriw a ɛde nsakrae ba so no, ɔkae sɛ: “Nhomasua bɛma woagye atom sɛ nnipa nyinaa yɛ biako.”
Yehowa Adansefo gye tom sɛ nhomasua ne ano aduru, nanso nhomasua a egyina Onyankopɔn Asɛm so titiriw na wɔkamfo kyerɛ. Yiw, Bible boa wɔn ma wodi nneɛma a ɛde nnipa mu nyiyim ba no so—wɔ nsase a mmusua mu nitan abu so mpo mu. Dapɛn biara, wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so no, nnipa a ɛsono wɔn mmusua ne ɔman a wofi mu hyiam ma wɔde Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu mmara ne nnyinasosɛm kyerɛkyerɛ wɔn. Wonnyigye sika wɔ nhyiam ahorow yi ase. Yɛto nsa frɛ wo sɛ bra bi!