Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 8/1 kr. 26-31
  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsakrae a Meyɛe Wɔ M’asetram Botae Ho
  • Ntetee a Mfaso Wɔ So a Yenyae sɛ Akwampaefo
  • Yɛn Ho a Yetu Kɔsom Wɔ Amannɔne
  • Mesomee Wɔ Washington ne Gilead
  • Ɔsom Adwuma a Yɛyɛ Wɔ Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti
  • Gilead Adwuma a Meyɛ no Daa
  • Adesuafo a Mene Wɔn Yɛ Adwuma
  • Yɛhwɛ Daakye Kwan
  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!
    Nyan!—1984
  • Gilead—Adi Mfirihyia Aduanan Na Ɛrekɔ So Ara Ahoɔden Mu!
    Nyan!—1983
  • Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 8/1 kr. 26-31

Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So

SƐNEA ULYSSES V. GLASS KA KYERƐE

Na ɛyɛ da soronko koraa. Na adesuafo a wɔrewie no yɛ 127 pɛ, nanso atiefo 126,387 a wɔn ani agye a wofi aman horow so bae. Na ɛyɛ Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 21 no adesua awiei, a wɔyɛe wɔ Yankee Stadium, wɔ New York City, wɔ July 19, 1953 mu no. Dɛn nti na na ɛno yɛ adeyɛ titiriw wɔ m’asetra mu? Ma me nka ho asɛm kakra.

WƆWOO me wɔ Vincennes, Indiana, U.S.A., wɔ February 17, 1912 mu, aka bɛyɛ mfe abien ma wɔawo Mesia Ahenni no, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:1-5 no. Wɔ afe a edi ɛno anim no, na m’awofo afi ase resua Bible ne Studies in the Scriptures po ahorow no. Kwasida anɔpa biara, na Papa kenkan saa nhoma no biako mu nsɛm kyerɛ abusua no, na afei yesusuw ho.

Maame de nea na ɔresua no boaa ne mma no de tetee wɔn. Na ɔyɛ nipa pa ankasa—ne yam ye pii, ma na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa afoforo. Na yɛyɛ mmofra baanan, nanso na Maame dɔ yɛn nyinaa ma ebi so mmofra afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no so. Onyaa bere maa yɛn. Na n’ani gye sɛ ɔbɛka Bible mu nsɛm na wato dwom akyerɛ yɛn.

Na ɔto nsa frɛ bere nyinaa asomfo nso ma wɔba yɛn fie. Na wodi da koro anaa nnanu wɔ hɔ, na mpɛn pii no wɔyɛ nhyiam ahorow, na wɔma ɔkasa ahorow wɔ yɛn fie hɔ. Na yɛpɛ wɔn a wɔde mfatoho di dwuma na wɔka Bible mu nsɛm kyerɛ yɛn no asɛm yiye. Da koro wɔ 1919 mu no, bɛyɛ afe biako wɔ wiase ko a edi kan no akyi no, onua a ɔbɛsraa yɛn no maa ne kasa no faa yɛn mmofra ho titiriw. Ɔkaa ahopakyi ho asɛm—nea yɛtaa frɛ no ahosohyira nnɛ no—na ɔboaa yɛn ma yehuu sɛnea ɛfa yɛn ho. Bere a mekɔdae saa da no anwummere no, mebɔɔ me soro Agya mpae ka kyerɛɛ no sɛ, mepɛ sɛ mesom no bere nyinaa.

Nanso, wɔ 1922 akyi no, asetra mu nsɛm afoforo a ɛtwetwe adwene kaa saa gyinaesi no hyɛe. Yetu fii nea yɛte no kɔɔ baabi foforo a na Yehowa nkurɔfo nni hɔ a yɛne wɔn bɛbɔ. Na Papa afi fie esiane n’adwuma a na ɔyɛ wɔ keteke mu no nti. Na yɛn Bible adesua no nkɔso yiye. Wɔ me sukuu adesua mu no, mede yɛɛ me botae sɛ mɛyɛ aguade ho dawurubɔfo, na na mereyɛ m’adwene sɛ mɛkɔ sukuupɔn bi a agye din.

Nsakrae a Meyɛe Wɔ M’asetram Botae Ho

Wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu hɔ no, na wiase no resiesie wɔn ho bio ama wiase nyinaa ko. Na yɛte Cleveland, Ohio, bere a Yehowa Dansefo bi bɛbɔɔ yɛn pon mu no. Yefii ase sɛ yɛde yɛn adwene bɛkɔ nea yesuae bere a na yɛyɛ mmofra no so kɛse. Na me nua panyin, Russell, ani abere yiye, na ɔno na odii kan bɔɔ asu. Na memfa nsɛm anibere so koraa, nanso wɔ February 3, 1936 mu no, me nso mebɔɔ asu. Nea ahosohyira ma Yehowa kyerɛ ho anisɔ a na mewɔ no yɛɛ kɛse, na na meresua sɛ medi Yehowa akwankyerɛ akyi. Saa afe no ara mu no, me nuabeanom baanu, Kathryn ne Gertrude, nso bɔɔ asu. Yɛn nyinaa de yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ akwampaefo.

Nanso, ɛno nkyerɛ sɛ yɛansusuw biribi foforo biara ho. Bere a me nua panyin yere kaa ɔbea hoɔfɛfo bi a wɔfrɛ no Ann, a na nokware no a wahu ama wanya anigye ho asɛm kyerɛɛ me sɛ ɔbɛba nhyiam ahorow wɔ yɛn fie hɔ no, m’ani gyee yiye. Saa bere no, na Ann yɛ ɔkyerɛwfo wɔ mmarahyɛ adwumayɛbea bi, na wɔ afe ntam no wɔbɔɔ no asu. Na minni adwene biara sɛ mɛware, nanso na ɛda adi sɛ Ann agye nokware no atom koraa. Ɔpɛe sɛ ɔde ne ho ma Yehowa som koraa. Wammisa da sɛ, ‘So metumi ayɛ?’ Mmom no, na obisa sɛ, “Dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mefa so di ho dwuma?” Na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bedi dwuma. M’ani gyee su pa a ɛte saa no ho. Sɛ ɛno da nkyɛn a, na ne ho yɛ fɛ yiye, na ɔda so ara te saa. Mewaree no, na ankyɛ na ɔbɛkaa me ho wɔ akwampae adwuma no mu.

Ntetee a Mfaso Wɔ So a Yenyae sɛ Akwampaefo

Sɛ akwampaefo no, yesuaa sɛnea yɛbɛpene nea yɛwɔ so sɛ́ esua anaasɛ ɛdɔɔso. (Filipifo 4:11-13) Da koro a onwini redwo no, na yenni nea yebedi. Na yɛwɔ sɛnt anum pɛ. Yɛkɔɔ faako a wɔtɔn nantwinam, na mibisae sɛ, “Wubetumi ama yɛn nantwinam a wɔahow sɛnt anum?” Ɔhwɛɛ yɛn anim na otwitwaa asinasin anan. Migye di sɛ na ɛboro sɛnt anum, na ɛmaa yenyaa biribi dii.

Na yɛtaa hyia ɔtaa a emu yɛ den wɔ yɛn som adwuma no mu. Wɔ kurow bi a ɛbɛn Syracuse, New York no, na yɛrekyekyɛ nsaano krataa, na na ntama a wɔakyerɛwkyerɛw mu a yɛde rebɔ baguam nhyiam titiriw bi ho dawuru no sensɛn yɛn ho. Nnipa baanu a wɔn ho yɛ den bi susoo me mu na wɔbobɔɔ me. Na wɔn mu biako yɛ polisini, nanso na ɔnhyɛ polisi atade, mibisaa no ne baagye nanso wammua me. Ankyɛ na Grant Suiter fi Brooklyn Betel bae na ɔkae sɛ yɛbɛkɔ polisifo adwumam akodi asɛm no ho dwuma. Enti ɔne Asafo ti a ɛwɔ Brooklyn no kasae wɔ telefon so, na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn baanu mfa nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so nsensɛn yɛn ho na yɛmfa nsaano krataa nkura nkɔ abɔnten so bio saa da no, na wonnya biribi nnyina so mfa nka asɛm no. Sɛnea na yɛhwɛ kwan no, wɔkyeree yɛn. Nanso, bere a yɛka kyerɛɛ polisifo no sɛ yɛde wɔn bɛkɔ asennibea akɔbɔ wɔn ka sɛ wɔafa kwammɔne so akyere yɛn no, wogyaee yɛn.

Ade kyee no, ɔsɔfo bi piapiaa mmerante ne mmabaa anuɔdenfo pii atikɔ ma wɔbaa yɛn nhyiam no ase, na polisifo amma hɔ. Nsɛmmɔnedifo no de mmaa a wɔde bɔ baseball pempem fam wɔ ɔdan a wɔde ntaboo ayɛ no mu, piapiaa atiefo no fii ntaboo a wɔtete so no so, na wɔforoo kɔɔ asɛnka agua no so, na wɔmaa Amerika frankaa so teɛteɛɛm sɛ “Munkyia! Munkyia!” Afei wofii ase too nnwom sɛ “Beer Barrel Polka.” (Nnwom bi a na agye din wɔ Amerika.) Wɔsɛee nhyiam no koraa. Na yɛrete nea Yesu kae sɛ: “Na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo” no ase.—Yohane 15:19.

Na baguam ɔkasa no yɛ J. F. Rutherford, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no kasa a wɔakyere agu hama so. Me ne Ann traa saa kurow no mu nna kakra, na yɛkɔɔ nkurɔfo afie sɛnea ɛbɛma wɔanya hokwan atie ɔkasa no wɔ wɔn afie mu. Wɔn mu kakraa bi penee so.

Yɛn Ho a Yetu Kɔsom Wɔ Amannɔne

Ankyɛ na, ɔsom hokwan foforo buei. Wɔtoo nsa frɛɛ me nua Russell, ne ne yere Dorothy, sɛ wɔnkɔka Gilead Sukuu adesuakuw a edi kan no ho wɔ 1943 mu, na afei wɔma wɔkɔsomee sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Cuba. Na me nuabea Kathryn ka adesuakuw a ɛto so anan no ho. Wɔmaa ɔno nso dwumadi wɔ Cuba. Akyiri yi wɔsan maa no dwumadi wɔ Dominican Republic ne afei Puerto Rico. Na me ne Ann nso ɛ?

Bere a yɛtee Gilead Sukuu ho asɛm ne nokware a ɛyɛ sɛ Asafo ti no pɛ sɛ ɔma asɛmpatrɛwfo bi kɔsom wɔ nsase afoforo so no, na yɛte nka sɛ yebetumi atu yɛn ho ama akɔsom wɔ amannɔne. Mfiase no, yesusuw ho sɛ yɛn ankasa bɛkɔ Mexico. Nanso afei yesii gyinae sɛ ebia ɛbɛyɛ papa sɛ yɛtwɛn wie Gilead Sukuu no ma Asafo ti no ma yɛn dwumadi. Yehui sɛ eyi ne nhyehyɛe a Yehowa de redi dwuma.

Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so anan no bi. Nanso aka kakraa ma adesua no afi ase no, N. H. Knorr, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, behui sɛ esiane sɛ Ann yaree mmubui wɔ ne mmofraase nti, nneɛma ahorow bi bɛma sukuu no kɔ ayɛ den ama no yiye. Ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ me na osii gyinae sɛ ɛrenyɛ papa sɛ wɔbɛma yɛakɔsom wɔ ɔman foforo so.

Bɛyɛ mfe abien akyi no, Onua Knorr san huu me, bere a na mereyɛ adwuma wɔ nhyiam ase, na obisaa me hwɛe sɛ ebia yɛn ani da so ara gye ho sɛ yɛbɛkɔ Gilead. Ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔremma yɛnkɔyɛ adwuma wɔ amannɔne; na wasusuw biribi foforo ho. Enti bere a na wɔrekyerɛw adesuakuw a ɛto so akron no din wɔ February 26, 1947 mu no, wɔde yɛn din kaa adesuafo no ho.

Yɛn werɛ remfi mmere a na yɛwɔ Gilead no da. Na adesua no tu mpɔn wɔ honhom mu. Yenyaa nnamfo a yɛne wɔn bɛbɔ daa. Nanso kyɛfa a minyae wɔ sukuu no mu no kɔɔ akyiri sen saa.

Mesomee Wɔ Washington ne Gilead

Na Gilead Sukuu no da so ara yɛ foforo. Na United State aban no nnim sukuu no ho nsɛm pii, enti ɛmaa nsɛmmisa pii sɔree. Asafo ti no pɛe sɛ onya obi a obesi n’ananmu wɔ Washington, D.C. Bere a yewiee Gilead akyi asram kakraa bi no wɔde yɛn kɔɔ hɔ. Na ɛsɛ sɛ meboa ma wonya akwantu tumi nkrataa ma wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn afi aman afoforo so sɛ wɔmmra Gilead no ne mmara kwan so nkrataa a yebetumi de ama wɔn a wɔawie wɔn adesua no akɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne. Na aban mpanyimfo no bi te asɛm ase yiye na na wɔboa yɛn. Na ebinom kura Adansefo ho adwemmɔne a emu yɛ den. Na wɔn mu kakraa bi na wɔwɔ amammui adwene a emu yɛ den sɛ yɛne ekuw ahorow a wobu no sɛ ɛmfata wɔ biribi yɛ.

Ɔbarima bi a mekɔɔ n’adwumam sɔre tiaa yɛn denneennen sɛ yenkyia frankaa na yɛnkɔ ɔko. Bere a ɔyɛɛ ho ntoatoa wiei no, afei mekae sɛ: “Mepɛ sɛ wuhu, sɛnea wunim no sɛ, Yehowa Adansefo ntu wiase no mu nipa biara so sa. Yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ wiase no nsɛm mu. Yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ wɔn akodi ahorow, ne wɔn amammuisɛm ahorow mu. Yenni afã biara wɔ wiase nsɛm mu. Yɛadi ɔhaw a morehyia no so nkonim dedaw; yɛayɛ biako wɔ yɛn ahyehyɛde no mu. . . . Afei dɛn na wopɛ sɛ yɛyɛ? So wopɛ sɛ yɛsan yɛn akyi yɛ yɛn ade te sɛ mo na yegyae yɛn de no anaa?” Ɛno akyi no wanka hwee.

Yeyii nnanu sii hɔ yɛɛ adwuma wɔ aban adwumayɛbea ahorow mu dapɛn biara. Nea ɛka ho no, na yɛsom sɛ akwampaefo titiriw. Saa bere no, na ɛhwehwɛ sɛ yɛde nnɔnhwerew 175 yɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara (akyiri yi wɔtee so baa 140), enti mpɛn pii no na yɛpɔn fi asɛnka mu anwummere paa. Yɛn ani gyei. Yɛne mmusua ahorow hyehyɛɛ Bible adesua a etu mpɔn pii, na wonyaa nkɔso fɛfɛɛfɛ. Na me ne Ann ayɛ adwene sɛ yɛnwo, nanso honhom mu no, na ɛnyɛ mma nkutoo na yɛwɔ, na mmom mmanana nso. Hwɛ akomatɔyam ara a wɔma yɛnya!

Ɛde rekɔ 1948 awiei no, minyaa asɛyɛde foforo. Onua Knorr kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onua Schroeder, a ɔyɛ dinkyerɛwfo ne Gilead Sukuu no kyerɛkyerɛfo mu biako no, rekɔyɛ adwuma titiriw bi, enti sɛ ɛbɛyɛ yiye a menkɔkyerɛ Gilead adesuafo no ade. Na ehu aka me de, nanso me ne Ann san kɔɔ Gilead, wɔ South Lansing, New York, wɔ December 18 mu. Mfiase no, na yekodi adapɛn kakraa bi wɔ Gilead, na afei yɛasan akɔ Washington. Nanso bere bi akyi no, na yɛkyɛ wɔ Gilead sen Washington.

Sɛnea mekaa no mfiase no, saa bere yi na Gilead adesuakuw a ɛto so 21 no wiee wɔn adesua wɔ Yankee Stadium wɔ New York. Enti sɛ akyerɛkyerɛfo no mu biako no, minyaa dwumadi no mu kyɛfa.

Ɔsom Adwuma a Yɛyɛ Wɔ Wiase Nyinaa Adwumayɛbea Ti

Wɔ February 12, 1955 mu no, yenyaa ɔsom adwuma mu asɛyɛde foforo. Yɛbɛyɛɛ Betel abusua a ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no wiase nyinaa adwumayɛbea ti no mufo. Nanso na dɛn na ɛno bɛkyerɛ ama yɛn? Titiriw no, sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea wɔde bɛhyɛ yɛn nsa biara, na yɛne afoforo ayɛ nnwuma abom wɔ biakoyɛ mu. Nokwarem no, na yɛayɛ saa dedaw, nanso saa bere yi de na yɛrebɛka abusua kɛse bi ho—Betel abusua a ɛwɔ adwumayɛbea ti no. Yɛde anigye gyee saa asɛyɛde no toom sɛ ɛyɛ Yehowa akwankyerɛ.

Na m’adwuma a meyɛ no fã titiriw no fa nsɛm ho amanneɛbɔ ho. Esiane sɛ na nsɛm ho amanneɛbɔfo ani gye nsɛm a ɛtwetwe nkurɔfo adwene ho, na wonya nsɛm fi nkurɔfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo ho adwemmɔne nkyɛn nti, na wɔakyerɛwkyerɛw nsɛm a enye pii afa yɛn ho. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yebedi tebea no ho dwuma yiye.

Na Onua Knorr pɛ sɛ ɔma obiara nya adwuma pii yɛ, enti na dwumadi afoforo nso wɔ hɔ. Sɛ obi a mewɔ aguade ho dawurubɔ ho nimdeɛ no, na me ho behia wɔ eyinom bi mu. Na afoforo nso yɛ adwuma wɔ Asafo ti no radio dwumadibea, WBBR hɔ. Na ɛsɛ sɛ wodi mfonini ahorow a ɛkeka ne ho a Asafo ti no ayɛ no ho dwuma. Nokwarem no, na teokrase abakɔsɛm ka Gilead adesua no ho, nanso saa bere yi na wɔredi dwuma ahorow na wɔnam so ama Yehowa nkurɔfo pii ahu nnɛ mmere yi mu teokrase ahyehyɛde no abakɔsɛm pii na wɔama ɔmanfo nso ahu eyi. Gilead ntetee no fã foforo nso ne baguam ɔkasa, ne adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama anuanom a wɔwɔ asafo ahorow mu anya baguam ɔkasa ho ntetee nkakrankakra. Enti na yɛwɔ pii yɛ.

Gilead Adwuma a Meyɛ no Daa

Wɔ 1961 mu, bere a na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtete ahwɛfo akwantufo ne baa dwumadibea adwumayɛfo daakye no, wɔde Gilead Sukuu no kɔɔ Brooklyn, faako a na Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea adan ahorow no wɔ no. Wɔsan de me kɔɔ sukuudan mu bio—saa bere yi de, ɛnyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo nanmusini, na mmom sɛ akyerɛkyerɛfo no mu biako. Hokwan bɛn ara ni! Migye tom koraa sɛ Gilead Sukuu no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, akyɛde a ɛso aba n’ahyehyɛde a aniwa hu no mfaso.

Wɔ Brooklyn no, Gilead adesuafo no nyaa hokwan ahorow a adesuafo a wɔawie dedaw no annya. Na wɔhyɛ da to nsa frɛ akyerɛkyerɛfo pii na wɔne Sodikuw no mufo bɔ, na wɔne Betel abusua a ɛwɔ adwumayɛbea ti hɔ no nya fekubɔ a emu yɛ den. Na adesuafo no nso nya ntetee wɔ adwumayɛbea hɔ, wɔ Betel fie nnwuma, ne nhoma tintimbea hɔ nnwuma bi mu.

Wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, na adesuafo no dodow nnyina faako, na saa ara na na ɛte wɔ akyerɛkyerɛfo no fam. Saa ara nso na wɔsesa beae a wɔyɛ sukuu no nso mpɛn pii. Mprempren ɛwɔ beae a ɛfata wɔ Patterson, New York.

Adesuafo a Mene Wɔn Yɛ Adwuma

Ade a makyerɛ saa adesuakuw ahorow yi ayɛ anigye! Hwɛ mmerante ne mmabaa a wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛyɛ nneɛma wɔ wiase dedaw yi mu. Wɔagyaw wɔn abusua, wɔn nnamfo, wɔn afie, ne nnipa a wɔne wɔn ka kasa koro hɔ. Wim tebea, aduan—biribiara bɛsesa. Wonnim ɔman pɔtee mpo a wɔde wɔn bɛkɔ mu, nanso wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo. Enhia sɛ wohyɛ nnipa a wɔte saa.

Sɛ na mekɔ sukuudan mu a, na mede yɛ me botae bere nyinaa sɛ mɛma adesuafo no bo atɔ wɔn yam. Obiara nni hɔ a obetumi asua ade yiye bere a n’adwene atu afra na wɔahaw no. Nokwarem no, na meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo, nanso na minim nea osuani a obi bɛyɛ no kyerɛ. Matra saa nkongua no bi so pɛn. Nokwarem no, na wɔyere wɔn ho sua ade, na wosuaa nneɛma pii wɔ Gilead, nanso na mepɛ sɛ wɔn ani gye nso.

Minim sɛ sɛ wɔkɔ wɔn dwumadi ahorow no so a, wobehia nneɛma ahorow bi na ama wɔatumi ayɛ adwuma no. Ná wohia gyidi a emu yɛ den. Ná wohia ahobrɛase—wohia pii. Ná ehia sɛ wosua sɛnea wɔne nnipa foforo bɛbɔ, wogye tebea ahorow tom, na wɔde bɔne firi koraa. Na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya honhom aba. Na wobehia nso sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ nkurɔfo na wonya ɔdɔ ma adwuma a wɔasoma wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no. Eyinom ne nneɛma a na mede hyɛ adesuafo no adwenem bere a wɔwɔ Gilead no.

Minnim adesuafo dodow a makyerɛ wɔn ade ankasa. Nanso minim sɛnea misusuw wɔn ho no. Bere a me ne wɔn atra sukuudan mu asram anum akyi no, me ne wɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den. Afei bere a mihu sɛ wɔkɔ asɛnka agua no so kogye wɔn adesua ho adansedi krataa wɔ adesua no awiei no, mihu sɛ wɔawie wɔn adesua no ankasa na ɛnkyɛ na wɔakɔ. Na ɛte sɛnea m’abusua no fã rekɔ. Ɛbɛyɛ dɛn na wonnɔ nnipa a wofi wɔn pɛ mu atu wɔn ho ama adwuma a mfɛfo nkumaa yi bɛyɛ no?

Mfe bi akyi no, sɛ wɔbɛsra yɛn a, mete sɛ wɔka anigye a wonya wɔ ɔsom adwuma no mu no ho asɛm, na mihu sɛ wogu so reyɛ wɔn adwuma sɛnea wɔatete wɔn sɛ wɔnyɛ no ara. Ɛno ma me te nka dɛn? Mise wo sɛ, m’ani gye yiye.

Yɛhwɛ Daakye Kwan

Mprempren m’ani ayɛ wusiwusi, na mihu sɛnea tebea yi bu abam. Mintumi nkyerɛ ade wɔ Gilead sukuudan mu bio. Mfiase no, na ɛyɛ nsakrae a emu yɛ den, nanso wɔ m’asetra nyinaa mu no, masua sɛ megye tebea ahorow atom na magyina ano. Mpɛn pii no misusuw ɔsomafo Paulo ne ne “honam mu nsɔe” no ho. Mpɛn abiɛsa na Paulo bɔɔ mpae sɛ wonyi no mfi saa amanehunu no mu, nanso Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so; na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” (2 Korintofo 12:7-10) Paulo kɔɔ so gyinaa mu. Na sɛ otumi yɛɛ saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden. Ɛwom sɛ menkyerɛ ade bio de, nanso m’ani sɔ sɛ mihu adesuafo no dabiara da. Ɛtɔ mmere bi a me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ, na ɛma m’ani gye me koma mu bere a misusuw su pa a wɔda no adi no ho no.

Ɛyɛ anigye sɛ yebesusuw nneɛma a ɛbɛba daakye ho. Wɔreto fapem mprempren. Gilead renya kyɛfa kɛse wom. Wɔ ahohiahia kɛse no akyi no, sɛ wobue nhoma mmobɔwee a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:12 no mu a, yebenya Yehowa akwan ho nkyerɛkyerɛ a emu dɔ mfirihyia apem. (Yesaia 11:9) Nanso ɛnyɛ ɛno ara ne no. Nokwarem no, ɛyɛ mfiase ara kwa. Wɔ mmeresanten no nyinaa mu no, yebesua Yehowa ho ade pii na sɛ yehu sɛ n’atirimpɔw ahorow reba mu a yebesua pii aka ho. Mewɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ akɛseakɛse no nyinaa abam, na mepɛ sɛ mekɔ hɔ na migye Yehowa akwankyerɛ ahorow a ɔde bɛma yɛn saa bere no tom.

[Kratafa 26 mfonini]

Gilead adesua awiei wɔ New York Yankee Stadium wɔ 1953 mu

[Kratafa 26 mfonini]

Gertrude, me, Kathryn, ne Russell

[Kratafa 26 mfonini]

Me ne N. H. Knorr (benkum so nohoa) ne M. G. Henschel yɛ adwuma wɔ nhyiam ase

[Kratafa 26 mfonini]

Wɔ WBBR dawurubɔ adwumayɛbea

[Kratafa 29 mfonini]

Wɔ Gilead adesuadan mu

[Kratafa 31 mfonini]

Me ne Ann, nnansa yi ara

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena