Gilead—Adi Mfirihyia Aduanan Na Ɛrekɔ So Ara Ahoɔden Mu!
MFIRIHYIA anum. Saa na na efi mfiase no wosusuwii sɛ Gilead Sukuu no de bɛtra hɔ. Na sika nni hɔ, na sukuu no so hwɛfo no susuwii sɛ ebia wɔrennya asuafo a wobefi wɔn pɛ mu de wɔn ho ama. Ɛnnɛ, asuafo 6,000 na wɔanya hokwan a ɛyɛ soronko ayɛ wɔn a wɔasua ade awie wɔ Gilead. Nanso ɛyɛ sukuu bɛn? Na nkonim a adi no fi dɛn?
Wɔhyehyɛɛ Gilead Sukuu no wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien ɔhaw no mu. Na Yehowa Adansefo na wɔtaa wɔn wɔ wiase nyinaa. Wɔtotoo Ɔwɛn Aban Asafo no Baa Dwumadibea ahorow mu wɔ aman horow pii so. Saa bere no Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, J. F. Rutherford suroe sɛ ebia wɔbɛto Asafo no ti a ɛwɔ Brooklyn no nso mu. Enti afe 1941 mu na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde ntayaa besi ɔdan bi wɔ akuraa ase wɔ New York man no fa baabi na adwumayɛfo a wɔwɔ Asafo no ti no atu akɔ hɔ bere a ehia. Rutherford frɛɛ saa ɔdan no Gilead (a ase ne “adanse kuw”) , a onya fii beae bi a wɔabɔ din wɔ Bible mu wɔ Genesis 31:48, 49. Saa din no a wɔkyerɛw guu ɔdan no kwan ano no bɛyɛɛ nkɔmhyɛ.
John Booth traa Gilead na ɔkaee sɛ: “Yɛn baasa pɛ na wɔde yɛn kɔtraa hɔ September, 1941. Wɔmaa me ɔdan bi a metraa mu mfirihyia 28 . . . Nanso bere a Nathan Knorr bɛyɛɛ otitrani [wɔ afe 1942] pɛ na afuw no mu adwumayɛfo afoforo bɛkaa ho.” Nanso Knorr susuw biribi foforo a ɛkorɔn yiye a wɔde ɔdan no bɛyɛ ho.
Mfe pii na Asafo no titrani no de ayɛ Yehowa Adansefo kasamafo. Nanso Knorr pɛ sɛ Adansefo no nyinaa tumi ka nokware no kyerɛ afoforo, a obiara ka bi kyerɛ ɔfoforo. Enti ɔyɛɛ ntetee nhyehyɛe kɛse bi ho adwuma, ɔhyehyɛɛ sukuu a wɔbɛfa so atete na wɔasoma asɛmpatrɛwfo akɔ wiase nyinaa. Na Gilead ɔdan no a na fa pɛ mu na wɔte no bɛyɛɛ nea eye koraa sɛ wɔde sukuu no kɔ hɔ! Enti Knorr bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma din, Gilead, agyina hɔ ama sukuu no ankasa. Efisɛ wɔbɛboaboa adanse kuw kɛse ano wɔ eyi nti.
December, 1942, na wɔde nsɛmmisa a wɔbɛma ho mmuae wɔ kokoam menaa asomfo a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma a wohu ahwehwɛde ahorow no wɔ wɔn ho no. Wɔpaw wɔn mu ɔha maa kuw a edi kan no—na wɔde nna kakraa bi na ɛmaa wɔn sɛ wɔmfa mmedu hɔ! Enti wofi United States, Amerika mmeae ahorow nyinaa faa kar, oketeke ne bɔs bae, na wɔn nyinaa bedui ansa na adesua no refi ase wɔ February 1, 1943.
Sukuu no yɛ nkonimdi kɛse! Asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead boa hyehyɛɛ Kristosom ma etim denneennen wɔ wiase no afa ahorow a na Bible mu asɛm nkɔɔ hɔ. Ntoboa ahorow a wofii wɔn yam yii boae, ɛnyɛ sɛ ɛmaa sukuu no twaa ne mfirihyia anum a wɔahyɛ no ho nko, na mmom ɛma wɔde too nsa frɛɛ asuafo a wofi wiase afanan nyinaa nso. De besi nnɛ, asuafo a wofi nsase horow bɛboro 50 so aba Gilead ma wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa ma wɔkɔ a wɔresom wɔ amannɔne nsase horow ɔha so.
Sɛnea Sukuu no Te Nnɛ
Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛn adwumayɛfo a wɔwɔ Asafo no ti no ho yiye nti, wɔde sukuu no kɔɔ Brooklyn wɔ 1961 mu. Nhoma a sukuu no gyina so sua ade ne Bible no. Wɔnam amanneɛbɔ, nsɛm ho a wosusuw so ma asuafo no sua Bible ti biara. Adesua afoforo nso ma wohu Bible mu nkyerɛkyerɛ ne Bible abakɔsɛm. Wɔma wɔn hokwan ma wɔn ho kokwaw wɔ ɔkwan a wɔfa so kyerɛ afoforo ade no mu denam wɔn ho a wɔde hyɛ asɛnka adwuma no mu no so.
Wɔn a wɔawie saa asram anum adesua no de nea wɔasua no di dwuma titiriw bi. Bere a kuw a wodi kan no wiee adesua no, Nathan Knorr kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo adwuma titiriw ne sɛ mobɛka ahenni no ho asɛmpa no afie afie sɛnea Yesu ne n’asuafo no yɛe no.” Asuafo 38 a wɔyɛ kuw a ɛto so 74 a wowiee nansa yi no nso ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ eyi wɔ nsase horow 16 so! Sɛnea Yesu ka siei no, wɔretrɛw asɛmpa no mu “de akosi asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:8.
Dɛn na ɛkanyan saa asɛmpatrɛwfo yi ma wɔfa asetra kwan a ɛte saa so? Asuafo no mu biako a ofi Asia kaee ɔsɛmpatrɛwfo bi a ofi kuw a ɛto so awotwe no mu. Na “ɔpɛ sɛ ɔtra ntontom no ne wim a ayɛ fɔkyee no mu . . . Ade a ɛyɛ nwonwa nso ne sɛnea otumi di adanse wɔ Chinese ne Malay kasa horow no mu nanso ofi Engiresi Aburokyiri. . . . Sɛnea odwo na ɔwɔ ahotoso fa no hyɛɛ me nkuran ma mepɛe sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo bere a manyin.”
Felix Okpalefe nso ka sɛnea Peter Obarah a ɔyɛ Gilead asuafo kuw a ɛto so 38 no muni no nso boaa no ho asɛm. Wɔde Felix kɔɔ Nigeria man no fa bi a asetra yɛ den wɔ hɔ no mu saa bere no, sɛ ɔnkɔsom sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo. Enti ɔka kyerɛɛ Peter sɛ, “Sɛ metra saa beae yi a, mewu!” Nanso ɔsɛmpatrɛwfo no hyɛɛ Felix nkuran sɛ ɔntra hɔ, na ɔyɛɛ saa. Ɛnyɛ sɛ wu na Felix anwu nko, na mmom, ɛhyɛɛ no nkuran ma otumi de ne ho hyɛɛ ɔsom adwuma a emu yɛ den kyɛn saa mu—sɛ ɔsɛmpatrɛwfo.
Nanso so ebesi mprempren Gilead asuafo kuw yi yiye sɛ asɛmpatrɛwfo? Ade biako a ɛkyerɛ saa ne sɛnea wosii pi de gyee ɔfrɛ no so baa sukuu no sɛ wɔntete wɔn no. Osuani biako kae sɛ: “Ɛyɛ hokwan kɛse a manya sɛ wɔntete me wɔ Gilead. . . . Atwetwe yɛn abɛn Yehowa ho yiye.” Ɔfoforo nso kae sɛ, “Ayɛ anigye bere a ɛsen biara wɔ yɛn asetra mu.” Na ɔfoforo nso kae sɛ: “Yɛwɔ ha a wɔde yɛn ahyɛ Yehowa honhom mu na yɛn ho reyɛ den bere biara. Na ɛwom sɛ efi mfiase de yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible mu mfitiase nokware no de, nanso yehu sɛnea kokoam adesua ho hia yiye fa, efisɛ eyi na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi atra adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu.”
Ɛwom sɛ Gilead Sukuu no adi mfirihyia 40, fi bere a efii ase ketewaa no de, nanso ɛkɔ so di nkonim wɔ akwan horow a ɛkyɛn nea onipa bɛhwɛ kwan so. Na eyi nyinaa yɛ nea efi Yehowa nhyira. Asuafo a wofi kuw a ɛto so 74 no mu no wɔ awerɛhyem sɛ obegyina wɔn akyi wɔ baabiara a wɔde wɔn bɛkɔ. Nanso, wɔbɛyɛ nea wobetumi biara ama adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no awie yiye. Wɔ ne nyinaa akyi no, wɔwɔ mfirihyia 40 ho kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn a wɔawie adesua a wɔadi wɔn anim kan wɔ hɔ a wobedi akyi.
[Kratafa 21 mfoni]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Kuw a Ɛto So March 1983
Wɔahyehyɛ din no afi anim akosi akyi na wɔkan fi benkum so kɔ nifa so
(1) Bailey, P.; Guerreiro, F.; Blankenship, R.; Mumma, C.; Larson, J.; Agnew, C. (2) Briggs, A.; Okpalefe, F.; Anderson, C.; Woolston, M.; Jorge, B.; Ascenção, L. (3) Underwood, S.; Ward, B.; Blankenship, L.; Frisbee, G.; Jorge, F.; Petruzzi, G.; Petit, M. (4) Ward, B.; Ascenção, R.; Mumma, Jr., J.; Woolston, Jr., R.; Blythe, P.; Ashoff, M.; Guerreiro, R.; Nwogwugwu, G. (5) Frisbee, B.; Ashoff, D.; Anderson, G.; Donna, K.; Blythe, A.; Underwood, D.; Weller, A.; Petit, C.; Crespo, J.