Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 5/8 kr. 15-17
  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Gilead Yɛ
  • Kan ne Mprempren Adesuafo Ani Gye Ho
  • Gilead—Adi Mfirihyia Aduanan Na Ɛrekɔ So Ara Ahoɔden Mu!
    Nyan!—1983
  • Yehowa Akwankyerɛ a Migye Toom Anigye So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 5/8 kr. 15-17

Gilead​—Sukuu A Adesuafo Ani Gye Ho!

“NA MEMPƐ sukuu ahe biara,” saa na Curtis kae bere a na ɔrekaakae bere a ɔkɔ ntoaso sukuu no. Ɔtoaa so sɛ: “Na mempɛ kɔlege nso. Nanso ɛno akyi ansa na merebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” Ɔrekyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu no, ne yere Kathy de kaa ho sɛ: “Wɔ ntoaso sukuu mu no wɔka nneɛma ahorow a ɛho nni mfaso saa bere no mu ho asɛm na ɛkyerɛ mo. Na wogyaw onipa a ɔfɛre ade te sɛ me sɛ ɔno ankasa mmɔ ne ho mmɔden. Metee nka sɛ na wɔresisi me ankasa sɛ mekɔɔ sukuu mfirihyia 12.”

Nanso mprempren ara na Curtis a wadi 31 ne Kathy a wadi 32 no awie sukuu foforo​—Ɔwɛn-Aban Bible Gilead Sukuu. Kathy se: “Gilead yɛ soronko. Akyerɛkyerɛfo no susuw wo ho ankasa na wonya osuani biara ho anigye. Aboa me kɛse ma mahu me botae wɔ asetra mu.”

Saa ara na ɛte wɔ Gilead adesuafo baanu foforo a wɔne Michael ne Sheryl a wɔn baanu no nyinaa adi 27 no fam. Michael se: “Akansi wɔ ntoaso sukuu mu dodo, na ɛnyɛ nea eye ankasa ma adesua. Na ɛyɛ den ma me dodo wɔ sukuu, na bere a miwiei no m’ani gyei.” Sheryl se: “Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔn a wɔkɔ sukuu nnɛ no mu pii yɛ wɔn a biribiara mfa wɔn ho. Mpɛn pii akyerɛkyerɛfo no pɛ sɛ wɔyɛ sɛ adesuafo no, na obiara a ɔyɛ soronko no ne wɔn ntumi mmɔ.” Michael de kaa ho sɛ: “Ɛdefa Gilead ho de, afei de wowɔ atirimpɔw. Wɔahyɛ da asiesie na aboa wo ma woayɛ adwuma a wo ani gye ho. Wusua ɔkwan a wobɛfa so aboa afoforo yiye​—sɛnea wubedi wɔn ho dwuma. Ná ɛyɛ ade a mepɛ bere nyinaa sɛ mede me ho bɛhyɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no mu, na Gilead adesua no si ɔkwan a wobɛfa so asom yiye a nea afoforo yɛ mfa ho no so dua.”

Wɔ awarefo baanu yi fam no, Gilead sukuu no yɛ nea nnansa yi ara na wɔkɔe. Ná wɔka adesuafo 38 a wowiei Kwasida, September 11, a nnipa 2,023 bɔɔ gua wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ Queens, New York no so saa da no ho. Wɔyɛɛ ho nhyehyɛe ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa ɔhaha afoforo pii a wɔwɔ Brooklyn Betel no nso betumi atie dwumadi no na wɔahwɛ wɔ television so.

Nanso dɛn ne Gilead? Na dɛn nti na ɛyɛ sukuu a adesuafo ani gye ho saa?

Nea Gilead Yɛ

Sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo Jack Bedford kyerɛ no, “Gilead yɛ sukuu a Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York na ɛyɛ ho nhyehyɛe na wɔhwɛ so, na wɔde tete wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛmpatrɛw adwuma mu wɔ amanɔnne no. Nhoma titiriw a wɔde di dwuma wɔ asram anum adesua yi mu ne Bible, na adesuafo a wɔyɛ asomfo a wɔn ho akokwaw dedaw na wonim Bible no yiye yi nya ntetee a emu dɔ, na ɛma wɔte Bible no ase yiye kɛse ne sɛnea wɔde Kyerɛwnsɛm no bɛkyerɛkyerɛ, ne afei nso nsɛm afoforo a ɛfa da biara da asetra wɔ amanɔnne nsase so ho.” Wɔde ntetee yi ma adesuafo yi kwa a wontua ho hwee a aduan ne dabere nso ka ho.

Nneɛma atitiriw anum na ɛwɔ hɔ a wosua ho ade: Hebri Kyerɛwnsɛm, Hela Kyerɛwnsɛm, Teokrase Ahyehyɛde, Bible Abakɔsɛm Nhyɛase Ahorow, ne Asɛmpatrɛw Adwuma. Redford se: “Adesua horow a ɛfa Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no ho no de nkyerɛkyerɛmu titiriw ma wɔ Bible mu nhoma no mu biara ho. Bible Abakɔsɛm Nhyɛase Ahorow no ka abakɔsɛm a ɛfa nyamesom ne wiase nyinaa abakɔsɛm ho asɛm a ɛbɛboa adesuafo no ma wɔate Bible nkɔmhyɛ ase. Teokrase Ahyehyɛde ho adesua no yɛ nea wɔde hwehwɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no abakɔsɛm mu, efi ne mfiase wɔ tete mmere no mu de besi nnɛ. Asɛmpatrɛw Adwuma ho adesua no yɛ nea wɔde ka nsɛnnennen ahorow a asɛmpatrɛwfo hyia wɔ amanɔnne nsase so no ho asɛm.”

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a adesuafo a wɔn dodow yɛ 6,607 na wɔawie akuw ahorow 75 a wɔayɛ fi bere a wofii Gilead Sukuu ase wɔ February 1943 mu no. Wɔfrɛ adesuafo no fi nsase ahorow pii so na wɔde wɔn kɔ aman ahorow a asɛmpatrɛwfo afoforo ho hia wɔ hɔ no so. Saa asɛmpatrɛwfo yi atie Yesu Kristo ahyɛde no sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”​—Mateo 28:19, 20.

Wɔfrɛɛ adesuafo a wɔawie nnansa yi ara a wɔne kuw a ɛto so 75 no fii Canada, Finland, France, Ghana, New Zealand, Sweden, United States ne Venezuela. Adesuafo no baanu bɛsan akɔ wɔn nsase a wofi so no so, na wɔde afoforo a wɔaka no rekɔ aman ahorow 15 so ma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma titiriw no wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, Curtis ne Kathy nsa aka krataa sɛ wɔnkɔ Caribbean nsupɔw a wɔfrɛ no Dominica no so. Michael ne Sheryl de ahopere rehwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ Taiwan, faako a wɔde bere tiaa bi besua Mandarin Chinese kasa no.

Kan ne Mprempren Adesuafo Ani Gye Ho

Gilead ho anigye no yɛ kɛse araa ma osuani Leena a ofi Finland no bisae sɛ: “So morentumi ntoa sukuu no so adapɛn karaa bi bio anaa?” Ade biako a n’ani gyee ho titiriw ne sɛ ohyiaa nnipa a wɔakɔ sukuu yi bi pɛn awie pii na otumi ne wɔn kasae, bere a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam nnansa yi ara na wɔfaa Brooklyn no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ anigye kɛse! Asɛmpatrɛwfo a wɔreba no nyinaa a yɛne wɔn kasae no boaa yɛn ma yesiesiee yɛn ho kɛse maa amanɔnne adwuma a yɛrekɔyɛ no.” Ná nnipa a wɔakɔ Gilead pɛn yi a wɔn mu bebree de mfe pii asom wɔ mmeae a wɔde wɔn kɔe no da so ara kae sukuu a wɔn ani gye ho kɛse no.

“Meda so ara kae bere a na yɛwɔ Gilead wɔ 1945 mu no,” saa na Dora ka. Ɔne ne hokafo wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu a wɔfrɛ no Dorothea ka kuw a ɛto so anan a na wɔyɛ adesuafo 104 a wowiei wɔ February saa afe no ara mu no ho. Dora kae sɛ: “Ná adesua no ho nhyehyɛe no yɛ soronko kakra saa bere no. Nanso na akyerɛkyerɛfo no bɔ mmɔden saa ara! Ná wɔn ani gye yɛn mu biara ho.” So na adesua no yɛ nea eye ankasa a aboa wɔn wɔ nea ɛreyɛ adu mfirihyia 40 a wɔde asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Chile no mu anaa? Dorothea se, “Oo, yiw. Yesuaa sɛnea yebetumi ne nnipa abɔ yiye. Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛkasa, sɛnea yebesua ade ne sɛnea yɛn ankasa betumi ayɛ saa. Na yɛafa saa kwan koro yi ara so akyerɛkyerɛ afoforo Bible no.”

“Gilead yɛ nhyehyɛe a ɛyɛ nwonwa,” saa na Jessica a ofi Netherlands a ɔresom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Ecuador no ka. “Biribiara a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Gilead yɛ nea na mfaso wɔ so. Gilead siesie wo yiye kɛse ma wusiesie wo ho sɛ wubegye tebea biara a ɛyɛ soronko atom na woadi ɔhaw biara a wubehyia ho dwuma.” Ollie a ɔresom wɔ Upper Volta no gye tom saa ara sɛ: “Ɛyɛ adesua a eye ankasa. Ɛma wunya mmoa ne nkuranhyɛ pii. Ɛwom sɛ wufi fie akwansin mpempem pii de, nanso Asafo no da so ara susuw wo ho yiye na wofi ɔdɔ mu boa wo ma wotra adwuma no mu wɔ faako a wowɔ.”

Wɔ ahiade a ɛma wɔhwehwɛ pii wɔ obi hɔ ansa na wafata ama akyi no, nnipa ɔhaha pii da so ara retwɛn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔakɔ Gilead Sukuu no bi. Wɔn a wɔawie sukuu no mu pii wɔ hɔ a wobisaa ho kwan mpɛn pii wɔ mfe pii mu ansa na wɔregye wɔn atom. Nanso, ɛno ne nea obi bɛhwɛ kwan wɔ sukuu a adesuafo ani gye ho no ho.

[Kratafa 17 mfoni]

Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu kuw a Ɛto so 75​—September 1983

Wɔahyehyɛ din no fi anim de kɔ akyi na wɔkan fi benkum so kɔ nifa so

(1) Schavers, L.; McLeod, G.; McLenithan, S.; Kardell, K.; Eaton, T.; Shewkenek, S. (2) Sebenik, E.; Nelson, J.; Hobby, M.; Maves, V.; Van Doorn, A.; Aho, L.; Burnett, B. (3) Saakwa, K.; Longa, R.; Johansson, T.; Speegle, J.; Mulford, D.; Johansson, E.; McCray, K.; Dawson, P. (4) Curiel, J.; McLenithan, M.; Aho, H.; Shewkenek, G.; Eaton, W.; Young, B.; Schavers, I.; Burnett, M. (5) DiGregorio, M.; Sebenik, T.; Speegle, C.; McLeod, J.; Maves, G.; Reed, G.; McCray, C.; Van Doorn, H.; Tagliabue, D.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena