So Wopɛ Nkwa?
“MOMMA minhu hann.” Wɔkyerɛ sɛ, aka bere tiaa bi ma Italiani anwensɛm kyerɛwfo Giacomo Leopardi awu no na ɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn a wɔkɔhwɛɛ no no. Nsɛm no kyerɛ sɛ, sɛnea nnipa fi awosu mu pɛ nkwa denneennen no na ɔfrɛɛ no hann no.
Sɛnea nnipa pii ani gye nkwa ho no yɛ nkate a ɛfata a ɛma nnipa dodow no ara kwati sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu, na wɔyɛ nea wobetumi nyinaa sɛnea wɔbɛkɔ so atra ase. Wɔ eyi mu no, nnipa nyɛ soronko wɔ mmoa a wofi nkate mu pɛ nkwa no ho ahe biara.
Nanso nkwa bɛn na ɛfata ankasa sɛ yɛtra mu na yɛma yɛn ani gye ho? Ɛnyɛ tra a yɛbɛtra ase kɛkɛ—sɛ yɛbɛhome na yɛakeka yɛn ho ara kwa. Na ɛnyɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya nneɛma pii wɔ asetra mu no na ɛbɛma yɛanya akomatɔyam ankasa. Epikurofo nyansapɛ a ese “momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawuwu,” no mfaa anigye mmrɛɛ nnipa wɔ ɔkwan biara so. (1 Korintofo 15:32) Bere a onipa wɔ asetra mu ahiade ahorow no, ɔsan nso wɔ amammerɛ ne asetram nneɛma a n’ani gye ho, sɛ yɛrenka ne honhom fam ahiade a ɔde bata Ɔteasefo Pumpuni bi mu gyidi a ɔwɔ ho asɛm mpo a. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa ɔpehaha pii anaa ɔpepepem pii mpo na esiane asetra ne tebea ahorow a wɔwom wɔ wiase mmeae pii nti wonni anigye ahe biara. Wɔn a nea esi wɔn ani so titiriw ne sɛ wobenya wɔn honam fam ahiade—adidi, ɔnom, ahonyade, anaasɛ nna ho akɔnnɔ ano a wobedwudwo—no asetra reyɛ ayɛ sɛ mmoa de wɔ ɔkwan bi so a abotɔyam ketewaa bi pɛ na wonya. Ɛdenam saayɛ so no, wɔmfa adwene ne nkate mu nneɛma pa a adesamma nya fi asetra mu no nni dwuma. Bio nso, ɛnyɛ huammɔ nko na wɔn a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka asetra mu nnepa no di, na mmom wɔsɛe ɔman a wɔte mu no, na wɔmma afoforo nnya nea wɔpɛ.
Ɔresi eyi so dua no, ɔtemmufo bi a ɔhwɛ mmofrabɔnesɛm so kae sɛ “abrabɔ pa ho nsɛnnennen, ahuhude ho ahohoahoa, ne ɔkwantiaa a wɔfa so nya wɔn ho de akansi honhom a ano yɛ den ba.” Eyi de su a ɛsɛe ɔman ne mmofra ba, ne titiriw no bere a wɔde wɔn ho hyɛ nnubɔnenom mu no.
Wunim sɛ yenya nneɛma a ɛyɛ anigye pii wɔ asetra mu—mmeae a ɛhɔ yɛ anigye a yekodi akwamma, akenkan anaa nhwehwɛmu a ɛyɛ anigye, ayɔnkofa a ɛyɛ anigye, nnwom a ɛyɛ dɛ. Na nneɛma foforo bi wɔ hɔ a ɛma yenya anigye akɛse ne nketewa. Wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den, ne titiriw no, wɔ Bible no Nyankopɔn, Yehowa, mu no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔpɛ nkwa. Nokware gyidi ma yenya ahoɔden ne asomdwoe a ebetumi aboa nkurɔfo ma wɔagyina mmere a emu yɛ den ano. Wɔn a wogye nokware Nyankopɔn no di no betumi de ahotoso aka sɛ: “[Yehowa, NW] ne me boafo, merensuro.” (Hebrifo 13:6) Nnipa a wonim ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ no te nka sɛ ɔdɔ wɔn. Wogye ne dɔ no tom, na wonya mu anigye pii. (1 Yohane 4:7, 8, 16) Wotumi nya asetra a ɛfata na eye a akomatɔyam wom. Ɛte sɛ nea Yesu Kristo kae no: “Anigye wɔ ɔma mu sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35, NW.
Awerɛhosɛm ne sɛ, mprempren asetra no ani adan. Amanehunu, ntɛnkyea, ohia, ɔyare, ne owu abu so wɔ baabiara—sɛ yɛbɛbobɔ nneɛma a ɛhaw adwene a ɛtaa ma asetra yɛ awerɛhow no mu kakraa bi pɛ din a. Na Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel man mu, a na ɔwɔ sika, tumi ne nyansa no wɔ biribiara a ebetumi ama nnipa anya anigye. Nanso, na biribi wɔ hɔ a ɛhaw n’adwene—ohui sɛ ɛsɛ sɛ onya obi a sɛ owu a, obegyaw ne nneɛma a ɔde ‘nyansa ne nimdeɛ ne ahokokwaw brɛ nyae’ no nyinaa ama no.—Ɔsɛnkafo 2:17-21.
Te sɛ Salomo no, nnipa pii nim sɛ nkwa yɛ tiawa, na etwam kɔ ntɛm so. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Onyankopɔn ‘de daa nkwa ahyɛ yɛn adwene mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:11, Byington) Saa daa nkwa ho adwene a onipa kura no ma osusuw tiawa a asetra yɛ no ho anibere so. Awiei koraa no, sɛ obi annya nea nkwa ne owu kyerɛ no ho mmuae a ɛfata a, ebetumi ama nneɛma bɔne ne nneɛma a mfaso nni so ho dadwen ahyɛ ne so. Eyi betumi ama asetra ayɛ awerɛhow.
So nsɛm a ɛhaw onipa no ano aduru wɔ hɔ? So tebea ahorow bi bɛba a ɛbɛma asetra ayɛ anigye na atra hɔ daa?